Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sua a Yebesua sɛ Yɛbɛyɛ Anifere

Sua a Yebesua sɛ Yɛbɛyɛ Anifere

Sua a Yebesua sɛ Yɛbɛyɛ Anifere

PEGGY hui sɛ ne babarima no rekasa abufuw so akyerɛ ne nua kumaa no. Obisae sɛ: “So wususuw sɛ eyi ne ɔkwampa a ɛsɛ sɛ wofa so ne wo nua kasa? Hwɛ sɛnea wayɛ basaa afa!” Dɛn nti na ɔkaa saa? Ná ɔrekyerɛkyerɛ ne ba no sɛnea ɔbɛda anifere adi na wasusuw afoforo nkate ho.

Ɔsomafo Paulo hyɛɛ ne yɔnko kumaa Timoteo nkuran sɛ ‘ɔnna odwo adi anaa ɔnyɛ anifere wɔ nnipa nyinaa ho.’ Sɛ Timoteo yɛ saa a, ɛremma ommu n’ani ngu afoforo nkate so. (2 Timoteo 2:24) Dɛn ne anifere? Wobɛyɛ dɛn atu mpɔn wɔ eyi yɛ mu? Na ɔkwan bɛn so na wubetumi aboa afoforo ma wɔasua?

Dɛn Ne Anifere?

Nsɛm asekyerɛ nhoma bi kyerɛ anifere ase sɛ “hu a wotumi hu sɛnea tebea bi ho asɛm yɛ ka na, na wofi ayamye mu yɛ ho ade anaasɛ wɔka ho asɛm wɔ ɔkwan a ɛfata koraa so.” Onipa a ɔyɛ anifere betumi ahu nnipa foforo nkate ne sɛnea ne nsɛm anaa ne nneyɛe betumi aka wɔn afa. Nanso eyi nyɛ nimdeɛ kɛkɛ; ɛyɛ ɔpɛ pa a obi wɔ sɛ ɔrenhyɛ afoforo awerɛhow.

Bible kyerɛwtohɔ a ɛfa Elisa abofra Gehasi ho no ma yenya obi a ɔnna anifere adi ho nhwɛso. Na Sunemni bea bi a ne ba awu wɔ ne basa so aba Elisa nkyɛn rebɛhwehwɛ awerɛkyekye. Bere a obisaa no sɛ obiara ho ye anaa no, obuae sɛ: “Wɔn ho ye.” Nanso bere a oduu odiyifo no nkyɛn no, “Gehasi twiw bɛnee sɛ obesum no.” Nanso Elisa kae sɛ: “Gyaa no, na ne kra werɛ ahow wɔ no mu.”—2 Ahene 4:17-20, 25-27.

Ɛyɛɛ dɛn na Gehasi de ahopere yɛɛ ade saa na wanna anifere adi yi? Ɛyɛ nokware sɛ bere a obisaa ɔbea no, wanna ne nkate adi. Sɛnea ɛte no, nnipa pii ntaa nna wɔn nkate adi nkyerɛ obiara kɛkɛ. Nanso, na anka ɛsɛ sɛ ohu ne nkate no wɔ ɔkwan bi so. Ɛda adi sɛ Elisa hui, nanso Gehasi anhu anaasɛ obuu n’ani guu so. Eyi kyerɛkyerɛ nea mpɛn pii ɛmma obi nna anifere adi mu pefee. Sɛ obi ma n’adwuma ho hia no dodo a, ɛnyɛ den sɛ obebu n’ani agu afoforo a ɔne wɔn di no ahiade so. Ɔte sɛ abebusɛm mu hyɛnkafo bi a esiane sɛ ɔrepɛ ntɛm dodo nti wannyina amfa akwantufo.

Esiane sɛ yennim sɛnea nnipa bi te nka ankasa nti, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden da ayamye adi kyerɛ wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a yɛmmɛyɛ sɛ Gehasi a wanna anifere adi no. Ɛsɛ sɛ bere nyinaa yɛyɛ krado hwɛ nsɛnkyerɛnne a ɛda onipa bi nkate adi na ama yɛatumi afi ayamye mu ayɛ ho biribi. Wobɛyɛ dɛn atumi atu mpɔn wɔ eyi yɛ mu?

Afoforo Nkate Ase a Yɛbɛte

Ná Yesu da nsow wɔ nnipa nkate a obehu ne ɔkwampa a ɔbɛfa so ada ayamye adi akyerɛ wɔn ho. Bere bi na ɔte adidii wɔ Farisini Simon fie, na ɔbea “debɔneyɛfo bi a ɔwɔ kurow no mu” toaa no. Ɛha nso, ɔbea yi ankasa, nanso ɔnam ne nneyɛe so daa ne nkate adi. “Ɔde ngo huamhuam toaa ma bae, na obegyinaa n’akyi [Yesu] . . . . nan ho, na ɔresu, na ofii ase de nusu no fɔw ne nan ho, na ɔde ne ti nhwi popaa ho, na ofew ne nan ho, na ɔde ngo huamhuam no sraa ho.” Yesu huu nea na eyinom nyinaa kyerɛ. Na ɛwom sɛ Simon anka hwee de, nanso Yesu tumi huu nea na ɔreka wɔ ne tirim: “Onipa yi, sɛ ɔyɛ odiyifo a, anka obehu onii ne ɔbea ko a ɔde ne nsa ka no yi; na ɔyɛ ɔdebɔneyɛfo.”—Luka 7:37-39.

So wubetumi de w’adwene abu ɔhaw a anka ebefi mu aba sɛ Yesu piapiaa ɔbea no, anaasɛ ɔka kyerɛɛ Simon sɛ: “Onipa hunu! Wunhu sɛ wanu ne ho?” Mmom no, Yesu fi anifere mu maa Simon mfatoho bi a ɛfa ɔbarima bi a ɔde adefirifo baanu a obiako de no ka bebree na obiako nso de no ka ketewaa bi ka kyɛɛ wɔn nyinaa ho. Yesu bisaa no sɛ: ‘Wɔn mu nea ɔwɔ he na ɔbɛdɔ no bebrebe?’ Enti, sɛ anka Yesu bɛka Simon anim no, ɔkamfoo no wɔ ne mmuae a ɛfata no ho. Afei ofi ayamye mu boaa Simon ma ohuu nsɛnkyerɛnne a ɛdaa ɔbea no nkate ne n’adwensakra ankasa adi no. Yesu dan n’ani kyerɛɛ ɔbea no na ofi ayamye mu ma ɔtee ase sɛ osusuw ne tebea no ho. Ɔka kyerɛɛ no sɛ wɔde ne bɔne afiri no na ɛno akyi no ɔkae sɛ: “Wo gyidi agye wo, kɔ asomdwoe mu.” Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ anifere nsɛm a ɛte saa hyɛɛ ne tirim a na wabɔ sɛ ɔbɛyɛ adetrenee no mu den! (Luka 7:40-50) Yesu tumi daa anifere adi esiane sɛ ɔhwɛɛ nnipa nkate na ofi mmɔborohunu mu yɛɛ ho biribi nti.

Sɛnea Yesu boaa Simon no, yɛn nso yebetumi asua na yɛaboa afoforo ma wɔate sɛnea wɔde nneyɛe da nkate adi ase. Ɛtɔ mmere bi a, asomfo a wɔn ho akokwaw betumi akyerɛ wɔn a wɔyɛ afoforo saa adeyɛ yi wɔ Kristofo som adwuma no mu. Wɔ wɔn asɛnka akyi no, wobetumi asusuw nsɛnkyerɛnne a ɛdaa wɔn a wɔkɔɔ wɔn nkyɛn no nkate adi ho. So na onipa no yɛ ohufo, na n’adwene mu yɛ no naa, anaasɛ na onni adagyew? Ɔkwan a ayamye wom bɛn na wɔbɛfa so aboa no? Mpanyimfo betumi aboa anuanom mmarima ne mmea a esiane anifere a woanyɛ nti woafom afoforo no nso. Boa obiara ma onsusuw ɔfoforo nkate ho. So ɔte nka sɛ wɔayaw no, wɔabu ani agu ne so, anaa wɔante no ase? Ɔkwan bɛn so na ayamye bɛma ne ho atɔ no?

Ɛyɛ papa sɛ awofo bɛboa wɔn mma ma wɔasua mmɔborohunu esiane sɛ ɛno na ɛbɛka wɔn ma wɔde anifere ayɛ ade nti. Bere a Peggy babarima a yɛkaa ne ho asɛm wɔ asɛm no mfiase no hui sɛ ne nua kumaa no anim ayɛ hyɛnn na wasɔm n’ano na n’ani ataatae nusu no, ohui sɛ ne nua no redi yaw. Sɛnea na ne na hwɛ kwan no, onuu ne ho na ɔbɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛsesa. Peggy mmarimaa baanu no nyinaa de wɔn mmofraase ntetee no dii dwuma ɔkwampa so, na wɔ mfe bi akyi no, wɔbɛyɛɛ wɔn a wɔsow aba wɔ asuafoyɛ adwuma no mu ne ahwɛfo wɔ Kristofo asafo no mu.

Ma Wonhu sɛ Wote Wɔn Ase

Bere a anifere ho hia titiriw ne bere a wo ne obi anya asɛm no. Ɛrenyɛ den sɛ wubebu no animtiaa. Ɛfata yiye sɛ wubedi kan de nkamfo pɔtee bi ama no. Sɛ́ anka wobɛkasa atia no no, fa w’adwene si sɛnea wubedi ɔhaw no ho dwuma so. Ma onhu sɛnea ne nneyɛe no ka wo na ma onhu dekode pɔtee a wopɛ sɛ ɛsakra. Afei nya ɔpɛ sɛ wubetie no. Ebia na woante no ase.

Nkurɔfo pɛ sɛ wohu sɛ sɛ wo ne wɔn nyɛ adwene mpo a, wote wɔn adwenkyerɛ ase. Yesu de anifere na ɛkasae na ɔkyerɛe sɛ ɔte Marta ahometew no ase. Ɔkae sɛ: “Marta, wudwinnwen na wohaw wo ho nneɛma pii ho.” (Luka 10:41) Saa ara na sɛ obi ka ɔhaw bi ho asɛm kyerɛ wo a, sɛ anka wode ahopere de ano aduru bɛma no, anifere kwan a wobɛfa so ama wahu sɛ wote no ase ne sɛ wode w’ankasa nsɛm betĩ asɛm no mu. Eyi ne ayamye kwan a wobɛfa so ada no adi sɛ wote no ase.

Hu Nea Ɛnsɛ sɛ Woka

Bere a Ɔhemmaa Ester pɛe sɛ ne kunu sɛe Haman pɔw a ɔbɔe sɛ ɔde bɛsɛe Yudafo no, ɔyɛɛ nneɛma ho nhyehyɛe na ama ne kunu ani agye. Ɛno ansa na ɔreka asɛm a ne ka yɛ ka na yi. Na asuade wom nso sɛ yebehu nea wanka. Ofi anifere mu kwatii sɛ ɔbɛka kyɛfa a na ne kunu wɔ wɔ saa pɔw bɔne no mu ho asɛm.—Ester 5:1-8; 7:1, 2; 8:5.

Saa ara na sɛ anka yebefiti prɛko pɛ de Bible akyerɛ onuawa Kristoni bi kunu a onnye nni wɔ nsrahwɛ mu no, dɛn nti na yemfi anifere mu mmisa no nneɛma a n’ani gye ho ho nsɛm? Sɛ ɔhɔho a ɔnhyɛ atade a ɛfata ba Ahenni Asa so anaa obi a wagyae asafo nhyiam bere tenten san ba a, fi ɔdɔ mu ma no akwaaba sen sɛ wobɛka n’atade anaa gyae a wagyae asafo nhyiam ba no ho asɛm. Na sɛ wuhu sɛ onigyefo foforo bi wɔ adwene a ɛnteɛ a, ɛbɛyɛ papa sɛ wonteɛ ne so ntɛm ara. (Yohane 16:12) Nea ɛka anifere ho ne sɛ wubefi ayamye mu ahu nea ɛnsɛ sɛ woka.

Kasa a Ɛsa Yare

Sua a wubesua sɛ wobɛyɛ anifere wɔ kasa mu no bɛboa wo ma wo ne afoforo, a obi a wante w’asɛm ase na ne bo afuw wo a wanya wo ho menasepɔw mpo ka ho anya abusuabɔ a anigye wom. Sɛ nhwɛso no, bere a Efraim mmarima ne Gideon “hamee dennen pa” no, ɔde anifere ne nokwaredi kyerɛkyerɛɛ wɔn nea esii ne nea na Efraim mmarima ankasa atumi ayɛ mu. Na eyi yɛ anifere esiane sɛ ohuu nea enti a wɔn bo afuw no na n’ahobrɛase no ma wonyaa ahotɔ.—Atemmufo 8:1-3; Mmebusɛm 16:24.

Bɔ mmɔden sɛ wubesusuw sɛnea wo nsɛm bɛka afoforo no ho bere nyinaa. Mmɔden a wobɛbɔ ayɛ anifere no bɛboa wo ma woanya anigye a wɔka ho asɛm wɔ Mmebusɛm 15:23 no: “Onipa anom mmuae yɛ anigye ma no, na asɛm a wɔka ne bere mu, eye dɛn ara!”

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Awofo betumi akyerɛkyerɛ wɔn mma ma wɔasusuw afoforo nkate ho

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Kristofo asomfo a wɔn ho akokwaw betumi akyerɛkyerɛ wɔn a wɔyɛ foforo no ma wɔayɛ anifere