Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa, Onyankopɔn Nokwaredifo No

Yehowa, Onyankopɔn Nokwaredifo No

Yehowa, Onyankopɔn Nokwaredifo No

‘Yehowa, Onyankopɔn nokwaredifo, woagye me.’—DWOM 31:5.

1. Bere a na atoro biara nni hɔ no, na tebea no te dɛn wɔ soro ne asase so?

BERE bi bae a na atoro nni hɔ. Ná honhom abɔde a wɔyɛ pɛ a wɔsom wɔn Bɔfo, ‘Onyankopɔn nokwaredifo’ no na na wɔwɔ honhom atrae wɔ soro. (Dwom 31:5) Ná atoro ne nnaadaa biara nni hɔ. Yehowa kaa nokware kyerɛɛ ne honhom mu mma no. Ɔyɛɛ saa efisɛ na ɔdɔ wɔn na na odwen wɔn yiyedi ho ankasa. Ná tebea no te saa ara wɔ asase so. Yehowa bɔɔ ɔbarima ne ɔbea a wodi kan no, na ɛdenam ɔkwan bi a ɔpawee so no, ɔne wɔn dii nkitaho wɔ ɔkwan a emu da hɔ, ɛyɛ tẽẽ, na ɛyɛ nokware so. Hwɛ anigye ara a na ɛno bɛyɛ!

2. Hena na ofii atorodi ase, na dɛn ntia?

2 Nanso, awiei koraa no, Onyankopɔn honhom mu ba bi nam aniammɔnho so yɛɛ ne ho onyame sɔre tiaa Yehowa. Honhom fam abɔde yi a wɔbɛfrɛɛ no Satan Ɔbonsam no pɛe sɛ afoforo som no. Nea ɛbɛyɛ na wadu saa botae yi ho no, ofii atorodi ase sɛ ɔkwan a ɔnam so de afoforo bɛba ne nkɛntɛnso ase. Ɔnam saayɛ so bɛyɛɛ “ɔtorofo ne atoro agya.”—Yohane 8:44.

3. Adam ne Hawa yɛɛ wɔn ade dɛn wɔ Satan atosɛm no ho, na dɛn na efi mu bae?

3 Satan nam ɔwɔ so ka kyerɛɛ ɔbea a odi kan, Hawa, sɛ sɛ obu Onyankopɔn mmara so na odi aduaba a wɔabara no a, ɔrenwu. Ná ɛno yɛ atoro. Ɔsan ka kyerɛɛ no sɛ sɛ odi aduaba no a ɔbɛyɛ sɛ Onyankopɔn, ahu papa ne bɔne. Ná ɛno nso yɛ atoro. Ɛwom sɛ na wonnii atoro nkyerɛɛ Hawa da de, nanso anka ɛsɛ sɛ ohu sɛ nea ɔwɔ no ka kyerɛɛ no no ne nea na Onyankopɔn aka akyerɛ ne kunu, Adam, no bɔ abira. Nanso, ɔpawee sɛ obegye Satan adi, ɛnyɛ Yehowa. Esiane sɛ ogyee nnaadaasɛm no dii koraa nti, ɔtew aba no bi dii. Akyiri yi, Adam nso dii aduaba no bi. (Genesis 3:1-6) Te sɛ Hawa no, na Adam ntee atosɛm da, nanso ɛnyɛ ɔno na wɔdaadaa no. (1 Timoteo 2:14) Ɔnam ne nneyɛe so kyerɛe sɛ wapo ne Yɛfo no. Ɔhaw na ɛde brɛɛ adesamma. Esiane Adam asoɔden nti, bɔne ne owu—ne dwowtwa ne ahohia a enni ano—trɛw kaa n’asefo nyinaa.—Romafo 5:12.

4. (a) Ná atorodi a ɛkɔɔ so wɔ Eden no te dɛn? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na Satan annaadaa yɛn?

4 Atorodi nso trɛwee. Ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ saa atorodi a ɛkɔɔ so wɔ Eden turom hɔ no yɛ ntua a wɔde baa Yehowa ankasa nokwaredi so. Satan kyerɛe sɛ Onyankopɔn nam atorodi so de biribi pa bi rekame nnipa baanu a wodi kan no. Nanso nokwarem no, na ɛnte saa. Adam ne Hawa annya wɔn asoɔden no so mfaso. Wowuwui, sɛnea Yehowa kae sɛ wobewu no ara. Nanso, Satan ntwiri a ɔde baa Yehowa so no kɔɔ so araa ma mfehaha pii akyi no, honhom kaa ɔsomafo Yohane ma ɔkyerɛwee sɛ Satan ‘redaadaa amanaman nyinaa.’ (Adiyisɛm 12:9) Nea ɛbɛyɛ na Satan Ɔbonsam rennaadaa yɛn no, ɛsɛ sɛ yenya Yehowa nokwaredi ne N’asɛm mu ahotoso koraa. Ɔkwan bɛn so na wubetumi anya Yehowa mu ahotoso na woahyɛ mu den de ako atia atoro ne nnɛɛdɛe a Ɔtamfo no hyɛ ho nkuran no?

Yehowa Nim Nokware No

5, 6. (a) Nimdeɛ bɛn na Yehowa wɔ? (b) Sɛ yɛde nnipa nimdeɛ toto Yehowa de ho a, ɛte dɛn?

5 Bible no da Yehowa adi bere nyinaa sɛ nea “ɔbɔɔ ade nyinaa.” (Efesofo 3:9) Ɔno na ‘Ɔyɛɛ ɔsoro ne asase ne ɛpo ne nea ɛwɔ mu nyinaa.’ (Asomafo no Nnwuma 4:24) Esiane sɛ Yehowa ne Ɔbɔadeɛ nti, onim biribiara ho nokwasɛm. Sɛ yɛbɛyɛ mfatoho a: Susuw ɔbarima bi a ɔyɛ ne fie ho nsusuwso na n’ankasa si fie no, de nnua gu so de nnadewa bobɔ mu no ho hwɛ. Obehu ofie no ho nneɛma yiye na obenya ho nimdeɛ kɛse asen obi foforo biara. Nkurɔfo nim nneɛma a wɔyɛ ho nsusuwso na wɔyɛ no ho ade yiye. Saa ara na Ɔbɔadeɛ no nim nneɛma a wabɔ no ho nsɛm nyinaa.

6 Odiyifo Yesaia kaa sɛnea Yehowa nimdeɛ te ho asɛm fɛfɛɛfɛ. Yɛkenkan sɛ: “Hena na ɔde ne nsayam susuw nsu, na ɔto ɔsoro nsaama, na ɔde susukora hyɛ asase so mfutuma, na ɔkari mmepɔw nsenia mu ne nkoko nsenia nkora mu? Hena na ɔteɛ [Yehowa, NW] honhom so, na ɔfotufo bɛn na ɔma ohu ade? Ɔne hena na atu agyina, na wama wahu biribi, na wakyerɛ no nimdeɛ, na wama wahu nhumu kwan?” (Yesaia 40:12-14) Nokwarem no, Yehowa ne “Nyankopɔn a ohu ade nyinaa” na “odi mu nimdeɛ mu” no. (1 Samuel 2:3; Hiob 36:4; 37:16) Sɛ yɛde yɛn nimdeɛ toto ne de ho a, hwɛ sɛnea esua koraa! Ɛmfa ho nimdeɛ bebrebe a nnipa anya no, adebɔ ho ntease a yɛwɔ no nnu ‘Onyankopɔn akwan ho ketekete’ mpo. Sɛ yɛde toto ‘aprannaa a ɛbom’ ho a, ɛte sɛ ‘hwirema.’—Hiob 26:14.

7. Dɛn na Dawid hu faa Yehowa nimdeɛ ho, ma ne saa nti dɛn na ɛsɛ sɛ yegye tom?

7 Esiane sɛ Yehowa na ɔbɔɔ yɛn nti, ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ onim yɛn yiye. Ɔhene Dawid huu eyi. Ɔkyerɛwee sɛ: “[Yehowa, NW], wohwehwɛ me mu, na wuhu me. Wo na wunim m’asetra ne me sɔre, wuhu m’adwenem akyirikyiri. Wopɛɛ me nantew ne me nna mu, na wunim m’akwan nyinaa mu yiye. Na asɛm biara nni me tɛkrɛma so gye nea wo, [Yehowa, NW], wunim ne nyinaa.” (Dwom 139:1-4) Nokwarem no, Dawid hui sɛ nnipa tumi fi wɔn pɛ mu yɛ ade—Onyankopɔn ama yɛn tumi sɛ yebetie no anaasɛ yɛbɛyɛ ne so asoɔden. (Deuteronomium 30:19, 20; Yosua 24:15) Nanso, Yehowa nim yɛn sen sɛnea yenim yɛn ho no. Yɛn yiyedi nkutoo na ɔhwehwɛ, na obetumi akyerɛ yɛn sɛnea yebetutu yɛn anammɔn. (Yeremia 10:23) Nokwarem no, ɔkyerɛkyerɛfo, onimdefo, anaa ɔfotufo biara nni hɔ a wasiesie ne ho sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ yɛn nokware no na wama yɛanya nyansa ne anigye.

Yehowa Yɛ Nokwaredifo

8. Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yehowa yɛ nokwaredifo?

8 Ɛsono sɛ yebehu nokware no, ɛnna ɛyɛ ade foforo koraa nso sɛ yɛbɛka nokware, sɛ yɛbɛyɛ nokwaredifo. Sɛ nhwɛso no, Ɔbonsam pawee sɛ ‘ɔrennyina nokware no so.’ (Yohane 8:44) Nea ɛne no bɔ abira no, Yehowa “nokware dɔɔso pii.” (Exodus 34:6) Kyerɛwnsɛm no di Yehowa nokwaredi ho adanse bere nyinaa. Ɔsomafo Paulo kae sɛ ‘Onyankopɔn nni atoro,’ ne sɛ Onyankopɔn ‘ntumi nni atoro.’ (Hebrifo 6:18; Tito 1:2) Nokwaredi yɛ Onyankopɔn su fã titiriw. Yebetumi de yɛn ho ato Yehowa so na yɛanya ne mu ahotoso efisɛ ɔyɛ nokwaredifo; onni wɔn a wodi no nokware no huammɔ da.

9. Ɔkwan bɛn so na Yehowa din ne nokwaredi wɔ abusuabɔ?

9 Yehowa din no ankasa di ne nokwaredi ho adanse. Onyankopɔn din no kyerɛ “Nea Ɔma Ɛyɛ Hɔ.” Eyi da Yehowa adi sɛ obi a ɔkɔ so ma Ne bɔhyɛ nyinaa bam. Obiara nni hɔ a obetumi ayɛ saa. Esiane sɛ Yehowa yɛ Opumpuni nti, biribiara nni hɔ a ebetumi asiw no kwan sɛ ɔremma n’atirimpɔw mma mu. Ɛnyɛ sɛ Yehowa yɛ nokwaredifo nko, na mmom ɔno nkutoo na ɔwɔ tumi ne nyansa sɛ ɔbɛma nea ɔka nyinaa abam.

10. (a) Ɔkwan bɛn so na Yosua huu Yehowa nokwaredi? (b) Yehowa bɔhyɛ ahorow bɛn na woahu sɛ abam?

10 Yosua ka nnipa pii a wohuu nneɛma atitiriw a esisii a edii Yehowa nokwaredi ho adanse no ho. Ná Yosua wɔ Misraim bere a Yehowa de ɔhaw du baa saa man no so, na Yehowa dii kan kaa emu biara ho asɛm no. Nneɛma ahorow a Yosua hui no bi ne Yehowa bɔhyɛ a ɛne sɛ obegye Israelfo afi Misraim de wɔn akɔ Bɔhyɛ Asase no so, ne Kaanan asraafo a wɔyɛ den a wɔsɔre tiaa wɔn a odii wɔn so nkonim no. Aka kakra ma Yosua awu no, ɔka kyerɛɛ Israel man no mpanyimfo sɛ: “Munhu mo koma nyinaa mu ne mo kra nyinaa mu sɛ, asɛm biako pɛ ntɔɔ fam, nsɛmpa a [Yehowa, NW] mo Nyankopɔn kae wɔ mo ho no nyinaa mu: ne nyinaa aba mu ama mo, emu asɛm biako pɛ antɔ fam.” (Yosua 23:14) Ɛwom sɛ wunhuu anwonwade a Yosua hui no bi de, nanso so woahu nokware a Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow yɛ no wɔ wo nkwa nna mu?

Yehowa Da Nokware no Adi

11. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa pɛ sɛ ɔka nokware no ho asɛm kyerɛ adesamma?

11 Susuw ɔwofo bi a ɔwɔ nimdeɛ pii nanso ɔntaa ne ne mma mmɔ nkɔmmɔ no ho hwɛ. So ɛnyɛ wo anigye sɛ Yehowa nte saa? Yehowa fi ɔdɔ mu ne adesamma di nkitaho, na ofi ayamye mu na ɔyɛ saa. Kyerɛwnsɛm no frɛ no “Ɔkyerɛkyerɛfo Kunini.” (Yesaia 30:20, NW) Ofi n’adɔeyɛ mu kasa kyerɛ wɔn a wɔnyɛɛ wɔn adwene sɛ wobetie no mpo no. Sɛ nhwɛso no, Yehowa hyɛɛ Hesekiel nkuran sɛ ɔnkɔka asɛm nkyerɛ wɔn a na Yehowa nim sɛ wɔrentie no. Yehowa kae sɛ: “Onipa ba, sim kɔ Israel fi nkyɛn, na fa me nsɛm kɔka kyerɛ wɔn.” Afei ɔbɔɔ kɔkɔ sɛ: “Wɔmpɛ sɛ wotie me; na Israel fi nyinaa momaso ayɛ den, na wɔn koma apirim.” Ná ɛyɛ adwumaden, nanso Hesekiel de nokwaredi yɛe, na ɔnam saayɛ so daa Yehowa ayamhyehye adi. Sɛ wuhyia nsɛnnennen wɔ asɛnka adwuma no mu na wode wo ho to Onyankopɔn so a, wubetumi anya awerɛhyem sɛ ɔbɛhyɛ wo den sɛnea ɔhyɛɛ odiyifo Hesekiel den no.—Hesekiel 3:4, 7-9.

12, 13. Akwan bɛn so na Onyankopɔn ne nnipa adi nkitaho?

12 Yehowa pɛ sɛ ‘wogye nnipa ahorow nyinaa nkwa na wɔba nokware nimdeɛ mu.’ (1 Timoteo 2:4) Ɔnam adiyifo, abɔfo, ne ne Dɔba, Yesu Kristo, mpo so akasa. (Hebrifo 1:1, 2; 2:2) Yesu ka kyerɛɛ Pilato sɛ: “Eyi nti na wɔwoo me, na mebaa wi yi ase, sɛ merebedi nokware no ho adanse; obiara a ofi nokware no mu no tie me nne.” Pilato nyaa hokwan a ɛso bi nni sɛ obesua nokware a ɛfa Yehowa nkwagye nsiesiei ho no afi Onyankopɔn Ba no hɔ tẽẽ. Nanso, na Pilato nni nokware no afã, na na ɔmpɛ sɛ obesua biribi afi Yesu hɔ. Mmom no, Pilato bisaa no animtiaabu mu sɛ: “Dɛn ne nokware?” (Yohane 18:37, 38) Awerɛhosɛm bɛn ara ni! Nanso, nnipa pii tiee nokware a Yesu bɔɔ ho dawuru no. Ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Nhyira ne mo ani sɛ ehu, ne mo aso sɛ ɛte.”—Mateo 13:16.

13 Yehowa nam Bible no so akora nokware no so, na wama nnipa nsa aka bi wɔ mmaa nyinaa. Bible no da nneɛma adi sɛnea ɛte ankasa. Ɛka Onyankopɔn su horow, n’atirimpɔw, n’ahyɛde, ne sɛnea ɔne adesamma di nsɛm ankasa no ho asɛm. Yesu ka kyerɛɛ Yehowa wɔ mpaebɔ mu sɛ: “W’asɛm yɛ nokware.” (Yohane 17:17) Ne saa nti, Bible no yɛ nhoma a ɛda nsow. Ɛno nkutoo na wɔnam Onyankopɔn a onim nneɛma nyinaa no honhom so kyerɛwee. (2 Timoteo 3:16) Ɛyɛ akyɛde a edi mu a wɔde ama adesamma, ade a ɛsom bo ma Onyankopɔn asomfo. Ɛyɛ nea nyansa wom sɛ yɛbɛkenkan daa.

Kura Nokware no Mu Denneennen

14. Nneɛma bɛn na Yehowa ka sɛ ɔbɛyɛ, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ yegye no di?

14 Ɛsɛ sɛ yebu nea Yehowa ka kyerɛ yɛn wɔ N’asɛm mu no aniberesɛm. Ɔma nea ɔka fa ne ho nyinaa bam pɛpɛɛpɛ, na ɔbɛyɛ biribiara a ɔka sɛ ɔbɛyɛ no. Yɛwɔ ntease a edi mu a enti ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to Onyankopɔn so. Sɛ Yehowa ka sɛ ‘obedi wɔn a wonnim Nyankopɔn ne wɔn a wɔantie yɛn Awurade Yesu asɛmpa no were’ a, yebetumi agye adi. (2 Tesalonikafo 1:8) Sɛ Yehowa ka sɛ ɔdɔ wɔn a wodi trenee akyi, ɔde daa nkwa bɛma wɔn a wɔkyerɛ gyidi, na obeyi ɛyaw, osu, ne owu mpo afi hɔ a, yebetumi agye no adi. Yehowa nam ahyɛde a ɔde maa ɔsomafo Yohane yi so sii nokware a bɔhyɛ a etwa to yi yɛ so dua sɛ: “Kyerɛw, efisɛ nsɛm yi wom na ɛyɛ nokware.”—Adiyisɛm 21:4, 5; Mmebusɛm 15:9; Yohane 3:36.

15. Atosɛm a Satan hyɛ ho nkuran no bi ne dɛn?

15 Satan ne Yehowa nsɛ koraa. Sɛ́ anka ɔbɛma nnipa anya nimdeɛ no, ɔdaadaa wɔn mmom. Nea ɛbɛyɛ na Satan adu ne botae a ɛne sɛ ɔbɛdan nkurɔfo afi nokware som ho ho no, ɔhyɛ atosɛm ahorow pii ho nkuran. Sɛ nhwɛso no, Satan betumi ama yɛagye adi sɛ Onyankopɔn mmɛn yɛn koraa na amanehunu a ɛkɔ so wɔ asase so no mfa ne ho koraa. Nanso, Bible da no adi sɛ Yehowa dwen n’abɔde ho ankasa na bɔne ne amanehunu a ɛrekɔ so no haw no. (Asomafo no Nnwuma 17:24-30) Satan pɛ sɛ nnipa gye di nso sɛ mfaso biara nni honhom fam nneɛma akyidi so. Nea ɛne no bɔ abira no, Kyerɛwnsɛm no ma yɛn awerɛhyem sɛ “Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ a ne werɛ befi mo adwuma ne mo dɔ mmɔden a mobɔe ne din ho” no. Bio nso, ɛka pefee sɛ “ɔyɛ wɔn a wɔhwehwɛ n’akyi kwan no katuafo.”—Hebrifo 6:10; 11:6.

16. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo kɔ so ma wɔn ani da hɔ na wokura nokware no mu?

16 Ɛdefa Satan ho no, ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Wi yi ase nyame afura wɔn a wonnye nni no adwene ani, na Kristo a ɔyɛ Onyankopɔn suban no anuonyam asɛmpa no hann anharan amma wɔn.” (2 Korintofo 4:4) Satan Ɔbonsam adaadaa ebinom koraa sɛnea ɔdaadaa Hawa no. Afoforo di Adam a wɔannaadaa no nanso ɔboapa yɛɛ asoɔden no nhwɛso akyi. (Yuda 5, 11) Enti, ɛho hia sɛ Kristofo kɔ so ma wɔn ani da hɔ na wokura nokware no mu.

Yehowa Hwehwɛ “Gyidi a Nkontompo Nnim”

17. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛanya Yehowa anim dom?

17 Esiane sɛ Yehowa di nokware wɔ n’akwan nyinaa mu nti, ɔhwɛ kwan sɛ wɔn a wɔsom no nso bedi nokware. Odwontofo no kyerɛwee sɛ: “[Yehowa, NW], hena na ɔbɛsoɛ wo ntamadan mu atra mu? Hena na ɔbɛtra wo bepɔw kronkron no so? Nea ɔnantew pɛpɛɛpɛ, na odi asɛntrenee, na ɔka ne komam nokware.” (Dwom 15:1, 2) Wɔ Yudafo a wɔtoo saa nnwom no fam no, akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa bepɔw kronkron a wɔbɔɔ din no ma wɔkaee Bepɔw Sion, baabi a Ɔhene Dawid de apam adaka no besii ntamadan a na wɔasi wɔ hɔ mu no. (2 Samuel 6:12, 17) Bepɔw ne ntamadan no ma wɔkaee baabi a na sɛnkyerɛnne kwan so no, na Yehowa te. Ná nkurɔfo tumi kɔ Onyankopɔn nkyɛn wɔ hɔ kɔhwehwɛ n’anim dom.

18. (a) Dɛn na Onyankopɔn adamfofa hwehwɛ? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu?

18 Ɛsɛ sɛ obiara a ɔpɛ sɛ ɔne Yehowa nya adamfofa no ka nokware “wɔ ne koma mu,” ɛnyɛ n’ano kɛkɛ. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn nnamfo ampa no di nokware wɔ wɔn komam na wɔkyerɛ sɛ wɔwɔ “gyidi a nkontompo nnim,” efisɛ koma mu na nokwaredi fi ba. (1 Timoteo 1:5; Mateo 12:34, 35) Obi a ɔyɛ Onyankopɔn adamfo no nyɛ nkontompo anaa ɔdaadaafo, efisɛ ‘Yehowa kyi nea ɔka atosɛm.’ (Dwom 5:6) Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa bɔ wɔn ho mmɔden paa sɛ wobedi nokware de asuasua wɔn Nyankopɔn. Asɛm a edi hɔ no bɛpɛɛpɛɛ saa asɛm yi mu.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn nti na Yehowa nim nneɛma nyinaa ho nokwasɛm?

• Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa yɛ nokwaredifo?

• Ɔkwan bɛn so na Yehowa ada nokware no adi?

• Ɛdefa nokware ho no, dɛn na wɔhwehwɛ fi yɛn hɔ?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 10]

Onyankopɔn nokwaredifo no nim nneɛma a wabɔ no ho biribiara

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 12, 13]

Yehowa bɔhyɛ ahorow bɛbam