Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔdɔɔ Ayamye

Ɔdɔɔ Ayamye

Ɔdɔɔ Ayamye

MILTON G. HENSCHEL, a ɔde bere tenten somee sɛ Yehowa Adansefo Sodikuw no muni, no wiee n’asase so asetra wɔ Memeneda, March 22, 2003. Odii mfirihyia 82.

Milton Henschel bɛkaa Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwumayɛbea ti adwumayɛfo no ho bere a na ɔyɛ aberantewaa, na ɔde nokwaredi somee bɛboro mfirihyia 60. Wobehuu no ntɛm sɛ obi a ɔwɔ atɛmpa a ɔkyerɛ Ahenni asɛnka adwuma no ho anigye kɛse. Wɔ 1939 mu no, ɔbɛyɛɛ N. H. Knorr, a na ɔhwɛ Yehowa Adansefo nhomatintimbea a ɛwɔ Brooklyn no so saa bere no kyerɛwfo. Bere a Onua Knorr bedii Adansefo no dwumadi anim wɔ wiase nyinaa wɔ 1942 mu no, ɔmaa Onua Henschel kɔɔ so yɛɛ ne boafo. Onua Henschel waree Lucille Bennett wɔ 1956 mu, na wɔn baanu nyinaa boom nyaa anigye ne nsɛnnennen a wohyiae wɔ asetram no mu kyɛfa.

Onua Henschel ne Onua Knorr boom yɛɛ adwuma kosii sɛ Knorr wui wɔ 1977 mu. Esiane sɛ bere nyinaa na Onua Henschel ka Onua Knorr ho nti, otutuu akwan kɔɔ aman bɛboro 150 mu, kɔsrasraa Yehowa Adansefo wɔ wiase nyinaa hyɛɛ wɔn den, titiriw asɛmpatrɛwfo ne wɔn a wɔwɔ baa dwumadibea ahorow no. Ná akwantu a ɛte saa no yɛ den, na ɛtɔ mmere bi mpo a, na ɛyɛ hu. Wɔ 1963 mu, bere a Onua Henschel rekɔ nhyiam bi wɔ Liberia no, obehyiaa ɔtaa kɛse esiane sɛ wamfa ne ho anhyɛ ɔmampɛ guasodeyɛ bi mu nti. * Onua Henschel ammɔ hu, na ɔsan baa Liberia asram kakraa bi akyi ne ɔmampanyin no behyiae de hwehwɛɛ ɔsom mu ahofadi kɛse maa Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ no.

Onua Henschel gyee din sɛ obi a ne nsɛm si pi, ɔyɛ fakaa, na ɔda ntease adi bere a ɔredi nsɛnnennen ho dwuma no. Ne mfɛfo adwumayɛfo titiriw ani gyee sɛnea na ɔyɛ nneɛma wɔanowɔano, n’ahobrɛase, ne sɛnea ne ho yɛ anika no ho. Ná otumi kae ade yiye, na ɔmaa asɛmpatrɛwfo a wɔwɔ wiase nyinaa no ani gyei denam wɔn din a na ohu no ntɛm, asɛm biako anaa abien bi a na ɔka no hɔnom kasa mu, ne asɛmfua biako a na ɔde gyina hɔ ma nneɛma pii—a bere biara na ɔde animtew na ɛyɛ saa—no so.

Mika 6:8 kae sɛ Yehowa Nyankopɔn pɛ sɛ ‘yɛdɔ ayamye.’ Yɛbɛkae Milton Henschel wɔ nhwɛso a ɔyɛe wɔ saa asɛm yi mu no ho. Ɛmfa ho sɛ na asɛyɛde pii gu ne so no, na wotumi bɛn no, na odwo, na na ɔwɔ ayamye. Ná ɔtaa ka sɛ, “Sɛ woresusuw sɛnea wobɛyɛ nneɛma bi ho a, kae sɛ ade a ɛkyerɛ ayamye ne sɛ wobɛyɛ nea ɛteɛ.” Bere a yedi yɛn nua dɔfo no wu ho awerɛhow no, yɛn ani gye sɛ odii nokware kosii awiei, na yɛwɔ awerɛhyem sɛ ne nsa aka n’akatua, “nkwa abotiri,” no.—Adiyisɛm 2:10.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 4 Hwɛ 1977 Yearbook of Jehovah’s Witnesses, kratafa 171-7.

[Mfonini wɔ kratafa 31]

M. G. Henschel ne N. H. Knorr

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Ɔne ne yere, Lucille