Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nokware Som Ka Abusua Bi Bom

Nokware Som Ka Abusua Bi Bom

Nokware Som Ka Abusua Bi Bom

NA Maria adi mfe 13 bere a ɔne ne nuabea kumaa Lucy, tee Yehowa ho asɛm fii wɔn busuani bi hɔ no. Ɔkyerɛkyerɛɛ asase so Paradise ho asɛm mu kyerɛɛ wɔn. Ɛkanyan wɔn, na wɔne no kɔɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa so. Akwankyerɛ a emu da hɔ a wɔde mae wɔ hɔ no maa Maria ho dwiriw no. Ná ɛyɛ soronko wɔ wɔn asɔre no a wɔnyɛ hwee wom sɛ nnwom nko ara na wɔtow no ho koraa! Ankyɛ koraa na mmofra no fii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible no.

Ná wɔn nuabarima, Hugo, ani gye nyansapɛ ne adannandi ho. Na onnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Nanso bere a na ɔwɔ sraadi mu no, ɔkenkan Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation?  * nhoma no. Onyaa nsɛmmisa a ɔsom biara ntumi mma ho mmuae no ho mmuae wɔ nhoma no mu. Bere a owiee ne sraadi no, ofii ase hyɛɛ ne gyidi foforo a wanya wɔ Onyankopɔn mu no mu den denam Bible no a osuae ne nhyiam a ɔne ne nuabeanom kɔe no so. Wɔbɔɔ Maria ne Lucy asu wɔ afe 1992 mu, wɔ bere a wohuu nokware no akyi mfe abien, na mfe abien akyi no wɔbɔɔ wɔn nuabarima no asu.

Saa bere yi nyinaa, na wɔn awofo, a Katolekfo amammerɛ adi wɔn ti no ani nnye Bible mu nokware no ho. Na wobu Yehowa Adansefo sɛ wɔhaw adwene, ɛwom sɛ na wɔn ani gye Adansefo nkumaa a wɔn mma no to nsa frɛ wɔn ba wɔn fie no suban pa ne wɔn ahosiesie a ɛfata no ho de. Afei nso, sɛ edu adidi bere na sɛ mmofra no ka nneɛma a wosua wɔ nhyiam ase no ho nsɛm a, ɛma awofo no ani gye.

Nanso, na awofo baanu no nyinaa ani gye abayisɛm ho. Ná wɔn papa yɛ ɔsabofo a ɔboro wɔn maame. Na abusua no mu reyɛ apaapae. Afei, wɔn papa no kɔdaa afiase adapɛn abien esiane sɛ ɔbow yɛɛ nkwaseade bi nti. Bere a na ɔwɔ afiase no, ofii ase kenkan Bible no. Bere a ogu so rekenkan no, ohuu asɛm bi a Yesu kae a ɛfa nna a edi akyiri ho nsɛnkyerɛnne ho no. Eyi maa nsɛmmisa pii baa maame no ne papa no nyinaa adwenem, na wɔkɔɔ Ahenni Asa so, na wɔpenee so ma wɔne wɔn yɛɛ ofie Bible adesua. Bere a wohuu nokware no, wɔsɛee nhoma a wɔde di abayisɛm no na wɔdee wɔn ho fii ahonhommɔne ntua ase denam Yehowa din a wɔbɔ no so. Wofii ase yɛɛ nsakrae ahorow a ehia wɔ wɔn nipasu ho.

So wubetumi asusuw sɛnea Maria ne Lucy tee nka bere a wɔrehwɛ wɔn nuabarima Hugo a ɔrebɔ wɔn awofo no asu wɔ ɔmantam nhyiam bi a wɔyɛe wɔ Bolivia wɔ afe 1999 ase no ho? Ná bɛyɛ mfe akron atwam fi bere a Maria ne Lucy tee Yehowa ne ne bɔhyɛ ahorow ho asɛm nea edi kan no. Mprempren wɔne Hugo nyinaa wɔ bere nyinaa som adwuma no mu. Hwɛ sɛnea wɔn ani gye sɛ nokware som aka wɔn abusua no abom!

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 3 Yehowa Adansefo na wotintimii.