Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyankopɔn Adwene Wɔ Awufo ho

Onyankopɔn Adwene Wɔ Awufo ho

Onyankopɔn Adwene Wɔ Awufo ho

ƆDƆFO bi wu yɛ ahometew ankasa. Adehwere, huammɔdi, ne ankonamyɛ nka a wɔbɛte no yɛ ade a wontumi nte ase. Awerɛhodi betumi ama obi ate nka sɛ onni boafo biara, efisɛ ɛmfa ho ahonyade dodow, tumi, anaa nkɛntɛnso biara a ɔwɔ no, obiara nni asase so a obetumi ama nea wawu no asan aba nkwa mu.

Nanso, yɛn Bɔfo no hwɛ ade wɔ ɔkwan foforo so. Sɛnea ɔde fam dɔte nwenee nnipa a wodi kan no, saa ara na obetumi nso abɔ onipa a wawu no foforo. Ne saa nti, Onyankopɔn betumi ahu awufo sɛ nea wɔte nkwa mu. Ɛdefa tete asomfo a wɔawuwu ho no, Yesu kae sɛ: “Wɔn nyinaa te ase ma [Onyankopɔn].”—Luka 20:38.

Bere a Yesu wɔ asase so no, wɔmaa no tumi a ɔde benyan awufo. (Yohane 5:21) Enti, na ɔwɔ adwene a N’agya wɔ wɔ wɔn a wowuu nokwaredi mu ho no bi. Sɛ nhwɛso no, bere a n’adamfo Lasaro wui no, Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Merekɔ makonyan no.” (Yohane 11:11) Wɔ nnipa ani so no, na Lasaro awu, nanso wɔ Yehowa ne Yesu ani so no, na Lasaro ada.

Wɔ Yesu Ahenni nniso ase no, “owusɔre a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre” bɛba. (Asomafo no Nnwuma 24:15) Bere kɔ so no, wɔn a wobenyan wɔn no benya nkyerɛkyerɛ a efi Onyankopɔn nkyɛn na wɔanya daa nkwa wɔ asase so ho anidaso.—Yohane 5:28, 29.

Yiw, ɔdɔfo bi wu betumi de ahohia ne yawdi pii a ebetumi atra hɔ mfe pii aba. Nanso, sɛ yɛma adwene a Onyankopɔn wɔ wɔ awufo ho no tra yɛn adwenem a, ebetumi ama yɛn awerɛkyekye pii na ama yɛanya anidaso.—2 Korintofo 1:3, 4.