Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Fa Wo Ho To Yehowa so

Fa Wo Ho To Yehowa so

Fa Wo Ho To Yehowa so

“Wo, [Yehowa, “NW”] ne m’anidaso, nea mifi me mmofraase mede me ho metoo no so.”—DWOM 71:5.

1. Mpoatwa bɛn na oguanhwɛfo aberantewaa Dawid hyiae?

NÁ ƆBARIMA no tenten boro mita abiɛsa. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ na Israel asraafo dɔm no suro sɛ wɔbɛkɔ n’anim! Filistini ɔbran Goliat sopaa Israel asraafo no anɔpa ne anwummere biara adapɛn pii, twaa wɔn mpoa sɛ wɔmfa nea ɔyɛ ɔbarima wɔ wɔn mu mmehyia no. Awiei koraa no, aberantewaa bi a ɔnyɛ sraani na ogyee pene sɛ obehyia no. Na oguanhwɛfo aberantewaa Dawid yɛ ketekete wɔ ne tamfo no anim. Hwɛ, ebetumi aba sɛ na Goliat akode mpo mu yɛ duru sen no! Nanso, aberantewaa no kohyiaa ɔbran no, na ɔbɛyɛɛ akokoduru ho sɛnnahɔ.—1 Samuel 17:1-51.

2, 3. (a) Dɛn nti na Dawid tumi nyaa akokoduru hyiaa Goliat? (b) Akwan abien a yebetumi afa so anya Yehowa mu ahotoso bɛn na yebesusuw ho?

2 Dɛn na ɛmaa Dawid nyaa akokoduru a ɛte saa? Susuw nsɛm bi a ɛda adi sɛ Dawid na ɔkyerɛwee bere a na ne mfe akɔ anim no ho hwɛ: “Wo, [Yehowa, NW], ne m’anidaso, nea mifi me mmofraase mede me ho metoo no so.” (Dwom 71:5) Yiw, bere a na Dawid yɛ abofra no, ɔde ne ho too Yehowa so koraa. Otumi gyinaa Goliat anim kae sɛ: “Wo de, wode nkrante ne peaw ne pɛmɛ na ɛreba me nkyɛn, na me de, mede asafo [Yehowa, NW], Israel mpasua a woabɔ wɔn ahohora no Nyankopɔn din na mereba wo nkyɛn.” (1 Samuel 17:45) Bere a na Goliat de ne ho ato n’ahoɔden ne n’akode so no, Dawid de ne ho too Yehowa so. Bere a na Amansan Hene no wɔ Dawid afã no, dɛn nti na na ɛsɛ sɛ ɔma onipa hunahuna no, ɛmfa ho sɛnea ebia ɔyɛ kɛse fa, anaa akode a ekura no no?

3 Sɛ wokenkan Dawid ho nsɛm a, so wuhu sɛ wo yam a anka ahotoso a wowɔ wɔ Yehowa mu no yɛ den saa? Ɛda adi sɛ yɛn mu pii wɔ ɔpɛ a ɛte saa. Enti momma yensusuw akwan abien bi a yebetumi afa so de yɛn ho ato Yehowa so no ho. Nea edi kan no, ehia sɛ yetumi di akwanside titiriw bi a ɛko tia akokoduru a ɛte saa no so. Nea ɛto so abien no, ehia sɛ yesua nea Yehowa mu ahotoso a yebenya no kyerɛ ankasa.

Yehowa Mu Ahotoso Ho Akwanside Titiriw So a Yebedi

4, 5. Dɛn nti na ɛyɛ den ma nnipa pii sɛ wɔde wɔn ho bɛto Onyankopɔn so?

4 Dɛn na ɛmma nkurɔfo ntumi mfa wɔn ho nto Onyankopɔn so? Mpɛn pii na nea enti a nneɛma bɔne esisi no ma nkurɔfo adwene tu fra. Wɔakyerɛkyerɛ nnipa pii sɛ Onyankopɔn na ɔma amanehunu ba. Sɛ asiane bi si a, asɔfo ka sɛ Onyankopɔn “afa” wɔn a wɔn ho aka mu no kɔ ne nkyɛn wɔ soro. Bio nso, nyamesom akannifo pii kyerɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn fi bere tenten ahyehyɛ biribiara a ebesi wɔ wiase yi mu—a asiane biara a ebesi ne adebɔne biara a ɛbɛkɔ so ka ho—ato hɔ. Ɛbɛyɛ den sɛ wode wo ho bɛto Onyankopɔn tirimɔdenfo a ɔte saa no so. Satan, a ofura wɔn a wonnye nni adwene ani no ani gye ho sɛ ɔbɛhyɛ “ahonhommɔne kyerɛkyerɛ” a ɛte saa nyinaa ho nkuran.—1 Timoteo 4:1; 2 Korintofo 4:4.

5 Satan pɛ sɛ nnipa hwere Yehowa mu ahotoso a wɔwɔ no. Onyankopɔn tamfo no mpɛ sɛ yehu nea ɛde nnipa amanehunu ba ankasa. Na sɛ yefi Kyerɛwnsɛm no mu ahu nea enti a yehu amane a, Satan bɛpɛ sɛ yɛn werɛ befi. Enti, eye ma yɛn sɛ bere ne bere mu no, yɛsan susuw nneɛma titiriw abiɛsa a enti yehu amane wɔ wiase no ho. Ɛdenam saayɛ so no, yebetumi anya awerɛhyem sɛ ɛnyɛ Yehowa na ɔma yehyia ɔhaw ahorow a yehyia wɔ asetra mu no.—Filipifo 1:9, 10.

6. Ɔkwan bɛn so na 1 Petro 5:8 twe adwene si ade biako a enti adesamma hu amane no so?

6 Ade biako a ɛma nnipa hu amane ne sɛ Satan pɛ sɛ ɔma Yehowa nkurɔfo a wodi no nokware no gyae wɔn mudi mu. Ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma Hiob agyae ne mudi mu. Satan dii nkogu saa bere no, nanso onnyaee. Sɛ́ wiase yi sodifo no, ɔpɛ sɛ “ɔmene” Yehowa asomfo anokwafo. (1 Petro 5:8) Yɛn mu biara ka saafo yi ho! Satan pɛ sɛ ɔma yegyae Yehowa som. Ne saa nti na ɔma wɔtaa yɛn mpɛn pii no. Ɛwom sɛ ɔtaa a ɛte saa no yɛ yaw de, nanso yɛwɔ nnyinaso pa a enti ɛsɛ sɛ yegyina ano. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛboa ma Satan yɛ ɔtorofo, na yɛnam saayɛ so ma Yehowa ani gye. (Hiob 2:4; Mmebusɛm 27:11) Bere a Yehowa hyɛ yɛn den ma yegyina ɔtaa ano no, ahotoso a yɛwɔ wɔ ne mu no mu yɛ den.—Dwom 9:9, 10.

7. Ade a ɛma amanehunu ba bɛn na Galatifo 6:7 boa yɛn ma yehu?

7 Yehu ade a ɛto so abien a ɛma amanehunu ba no wɔ nnyinasosɛm yi mu: “Nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa.” (Galatifo 6:7) Ɛtɔ mmere bi a, nkurɔfo gu aba denam gyinae ahorow a nyansa nnim a wosisi so, na wotwa so aba a ɛyɛ amanehunu. Ebia wɔbɛpaw sɛ wɔbɛka kar sɛnea wɔpɛ biara, na wɔnam so anya akwanhyia. Nnipa pii paw sɛ wɔbɛnom sigaret, na ɛma wonya komayare ne ahurututu mu kokoram. Wɔn a wɔpaw sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ nna mu ɔbrasɛe mu no abusua tumi gyigya, wɔbɛyɛ nkurɔfo a wommu wɔn, wonya nna mu nyarewa, ne nyinsɛn a wɔmpɛ. Nnipa pii betumi de amanehunu a ɛte saa ho asodi ato Onyankopɔn so, nanso nokwasɛm no ne sɛ, wɔn ankasa nneyɛe so aba na wɔatwa.—Mmebusɛm 19:3.

8. Sɛnea Ɔsɛnkafo 9:11 kyerɛ no, dɛn nti na nnipa hu amane?

8 Wɔaka ade a ɛto so abiɛsa a ɛde amanehunu ba ho asɛm wɔ Ɔsɛnkafo 9:11: “Mesan mihui owia ase sɛ ɛnyɛ ahoɔharefo de ne ammirikatu, na ɛnyɛ nnɔmmarima de ne ɔko, na ɛnyɛ anyansafo de ne aduan, na ɛnyɛ nhumufo de ne ahonya, nanso ɛnyɛ animdefo de ne anuonyam, na ɛbere ne [asiane, NW] to wɔn nyinaa.” Ɛtɔ mmere bi a, asɛm ne asɛm na ehyia ara kwa. Ɛmfa ho yɛn ahoɔden anaa yɛn mmerɛwyɛ no, owu betumi afa yɛn mu biara mpofirim bere biara. Sɛ nhwɛso no, wɔ Yesu bere so no, Yerusalem ɔfasu bi dwiriw gui ma nnipa 18 wuwui. Yesu kyerɛe sɛ na ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔretwe wɔn aso wɔ bɔne bi a wɔayɛ ho. (Luka 13:4) Dabi, ɛnyɛ Yehowa na ɔma wohuu amane a ɛte saa.

9. Dɛn na nnipa pii nte ase wɔ amanehunu ho?

9 Nneɛma bi a ɛde amanehunu ba a yɛbɛte ase no ho hia. Nanso, asɛm no fã bi wɔ hɔ a ɛyɛ den ma nnipa pii sɛ wɔbɛte ase. Ɛne sɛ: Dɛn nti na Yehowa Nyankopɔn ma amanehunu ho kwan?

Dɛn Nti na Yehowa Ma Amanehunu Ho Kwan?

10, 11. (a) Sɛnea Romafo 8:19-22 kyerɛ no, dɛn na ɛtoo “abɔde nyinaa”? (b) Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu nea ɔde abɔde no hyɛɛ ade hunu ase no?

10 Asɛm bi a ɛwɔ Paulo krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Romafo no mu no kyerɛkyerɛ ɔsɛmpɔw a ɛho hia yi mu. Paulo kyerɛwee sɛ: “Abɔde no ani gyina retwɛn Onyankopɔn mma ahoyi. Na wɔde abɔde no ahyɛ ade hunu ase, ɛnyɛ n’ankasa na ɛpɛ, na mmom nea ɔde hyɛɛ ase no ntia, anidaso mu, sɛ abɔde no ankasa nso bɛfa ne ho adi afi ɔsom a ɛsom porɔwee no mu akɔ Onyankopɔn mma anuonyam adehyedi mu. Na yenim sɛ abɔde nyinaa penepene, na ɛko awo bedu nnɛ yi.”—Romafo 8:19-22.

11 Nea ɛbɛyɛ na yɛate nkyekyɛm yi ase no, ehia sɛ yedi kan kyerɛkyerɛ nsɛmmisa titiriw bi mu. Sɛ nhwɛso no, Hena na ɔde abɔde no hyɛɛ ade hunu ase? Ebinom ka sɛ ɛyɛ Satan; na afoforo ka sɛ ɛyɛ Adam. Nanso wɔn mu biara ntumi mfa abɔde nhyɛ biribi ase. Dɛn ntia? Efisɛ nea ɔde abɔde no hyɛɛ ade hunu ase no yɛɛ saa “anidaso mu.” Yiw, ɔde anidaso ma sɛ awiei koraa no wɔn a wobedi nokware no ‘bɛfa wɔn ho adi afi ɔsom a ɛsom porɔwee no mu.’ Na Adam anaa Satan ntumi mfa anidaso a ɛte saa mma. Yehowa nkutoo na obetumi ayɛ saa. Ɛnde na ɛda adi pefee sɛ, ɔno na ɔde abɔde no hyɛɛ ade hunu ase no.

12. Dɛn ne adwene a enyhia wɔ nea “abɔde nyinaa” no kyerɛ no ho, na ɔkwan bɛn so na yebetumi abua asɛm yi?

12 Nanso, dɛn ne “abɔde nyinaa” a wɔkaa ho asɛm wɔ asɛm yi mu no? Ebinom ka sɛ “abɔde nyinaa” no kyerɛ wiase ne nneɛma a ɛwom nyinaa, a mmoa ne nnua nyinaa ka ho. Nanso, so mmoa ne nnua wɔ anidaso sɛ wobenya “Onyankopɔn mma anuonyam adehyedi”? Dabi. (2 Petro 2:12) Enti na “abɔde nyinaa” no betumi afa adesamma nkutoo ho. Eyi ne abɔde a esiane Eden atuatew no nti, bɔne ne owu aka no ma enti ehia anidaso denneennen no.—Romafo 5:12.

13. Dɛn na Eden atuatew no de brɛɛ adesamma?

13 Dɛn pɔtee na saa atuatew no de brɛɛ adesamma? Paulo de asɛmfua biako: ade hunu, na ɛkaa nea efi mu ba no ho asɛm. * Sɛnea nhoma bi kyerɛ no, asɛmfua yi kyerɛkyerɛ “sɛnea biribi yɛ ade hunu esiane sɛ wɔantumi amfa anni dwuma a ɛno nti na wɔyɛe no nti.” Wɔbɔɔ nnipa sɛ wɔntra ase daa, na wɔmmom nyɛ adwuma sɛ abusua a wɔyɛ pɛ a wɔde biakoyɛ bɛhwɛ paradise asase no so. Mmom no, wɔn nkwa nna bɛyɛɛ tiaa, a yawdi ne abasamtu ahyɛ mu ma. Sɛnea Hiob kae no, “onipa a ɔbea awo no, ne nna yɛ tiaa bi, na ɔhaw mee no.” (Hiob 14:1) Ɛyɛ ade hunu ampa!

14, 15. (a) Atɛntrenee ho adanse bɛn na yehu wɔ atɛn a Yehowa buu adesamma no mu? (b) Dɛn nti na Paulo kae sɛ wɔde abɔde no hyɛɛ ade hunu ase a ‘ɛnyɛ n’ankasa na ɛpɛ’?

14 Afei, yɛadu asɛmmisa titiriw no ankasa so: Dɛn nti na “nea obu asase nyinaa atɛn no” ma adesamma di yaw na wohu amane saa? (Genesis 18:25) So ɛteɛ sɛ ɔyɛɛ saa? Wiɛ, kae nea yɛn awofo a wodi kan no yɛe no. Wɔnam atua a wɔtew tiaa Onyankopɔn no so kogyinaa Satan a otwaa Yehowa amansan tumidi mpoa kɛse no afã. Wɔnam nea wɔyɛe no so penee sobo a ɛne sɛ sɛ onipa twe ne ho fi Yehowa ho a, ebesi no yiye, na wɔnam ɔbɔfo tuatewfo no akwankyerɛ so adi wɔn ho so. Yehowa nam atɛn a obuu atuatewfo no so maa wɔn nsa kaa nea na wɔrehwehwɛ no. Ɔmaa nnipa dii wɔn ho so wɔ Satan nkɛntɛnso ase. Wɔ tebea a ɛte saa mu no, gyinaesi bɛn na anka ɛbɛyɛ papa asen sɛ ɔde adesamma bɛhyɛ ade hunu ase wɔ anidaso mu?

15 Nokwarem no, eyi mfi abɔde no ankasa ‘pɛ mu.’ Wɔwoo yɛn sɛ nkoa guu bɔne ne porɔwee mu a yentumi nyɛ yɛn tebea no ho hwee. Nanso Yehowa nam ne mmɔborohunu so maa Adam ne Hawa traa ase woo mma. Ɛwom sɛ yɛn a yɛyɛ wɔn asefo no hyɛ ade hunu a ɛne bɔne ne owu ase de, nanso yɛwɔ hokwan a yɛde bɛyɛ nea Adam ne Hawa antumi anyɛ no. Yebetumi atie Yehowa na yɛahu sɛ n’amansan tumidi no teɛ na eye, na adesamma nniso a atwe ne ho afi Yehowa ho no de yaw, abasamtu, ne ade hunu nko na ɛba. (Yeremia 10:23; Adiyisɛm 4:11) Na Satan nkɛntɛnso ma asɛm no sɛe koraa. Nnipa abakɔsɛm di nokwasɛm ahorow yi ho adanse.—Ɔsɛnkafo 8:9.

16. (a) Dɛn nti na yebetumi anya ahotoso sɛ ɛnyɛ Yehowa na ɔde amanehunu a ɛwɔ wiase nnɛ no aba? (b) Anidaso bɛn na Yehowa fi ɔdɔ mu ama nnipa anokwafo anya?

16 Ɛda adi pefee sɛ na ɛfata sɛ Yehowa de adesamma hyɛ ade hunu ase. Nanso, so ɛno kyerɛ sɛ Yehowa na ɔde ɔbrɛgu ne amanehunu a yɛn mu biara hyia nnɛ no bae? Wiɛ, susuw ɔtemmufo bi a obu ɔsɛmmɔnedifo atɛn trenee mu no ho hwɛ. Ɔsɛmmɔnedifo no betumi ahu amane yiye bere a ɔda afiase no de, nanso, so obetumi abɔ ɔtemmufo no sobo sɛ ɔno na wama ɔrehu amane? Dabida! Bio nso, abɔnefosɛm mfi Yehowa. Yakobo 1:13 ka sɛ: “Bɔne bi nsɔ Onyankopɔn nhwɛ, na ɔno nso nsɔ obiara nhwɛ.” Afei nso momma yɛnkae sɛ Yehowa ‘nam anidaso so’ na obuu saa atɛn yi. Ofi ɔdɔ mu yɛɛ nhyehyɛe maa Adam ne Hawa asefo anokwafo na ama wɔahu nea ade hunu no bɛkɔ akowie, na wɔanya “Onyankopɔn mma adehyedi” mu anigye. Adesamma anokwafo renhaw wɔn ho bio sɛ abɔde nyinaa bɛsan akɔ ade hunu tebea a ɛyɛ yaw mu bio wɔ mmeresanten nyinaa mu. Ɔkwan a ɛteɛ a Yehowa faa so dii nsɛm ho dwuma no bɛma fata a n’amansan tumidi fata no ada adi bere nyinaa.—Yesaia 25:8.

17. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ nneɛma a ama amanehunu aba wiase nnɛ no a yɛasusuw ho no ka yɛn?

17 Bere a yesusuw nea enti a nnipa hu amane ho yi, so yɛahu biribi a yebetumi agyina so de abɔnefosɛm ho asodi ato Yehowa so anaasɛ ɛbɛma yɛahwere ne mu ahotoso a yɛwɔ no? Nea ɛne no bɔ abira no, adesua a ɛte saa no ma yenya biribi gyina so ka Mose nsɛm yi bi: “Ɔbotan no, n’adeyɛ yɛ pɛ, na n’akwan nyinaa yɛ trenee; ɔyɛ nokware Nyankopɔn na nkontompo nni no mu; ɔtreneeni ne teefo ne no.” (Deuteronomium 32:4) Bere a yɛredwennwen nsɛm yi ho no, momma yɛnsan nsusuw ɛho ntease a yɛwɔ no ho bere ne bere mu. Saa kwan no so no, sɛ yehyia sɔhwɛ ahorow a, yɛbɛko atia mmɔden a Satan bɔ sɛ ɔbɛma yɛn adwenem ayɛ yɛn naa no. Na ade a ɛto so abien a yɛkaa ho asɛm wɔ asɛm yi mfiase no nso ɛ? Dɛn na Yehowa mu ahotoso a yebenya no kyerɛ?

Nea Yehowa Mu Ahotoso a Yebenya no Kyerɛ

18, 19. Nsɛm bɛn na Bible no de hyɛ yɛn nkuran sɛ yennya Yehowa mu ahotoso, nanso wɔ ne saayɛ mu no, adwene a ɛnteɛ bɛn na nnipa binom kura?

18 Onyankopɔn Asɛm hyɛ yɛn nkuran sɛ: “Fa wo koma nyinaa bata [Yehowa, NW] ho, na mfa wo ho ntweri wo nhumu. Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛteɛ w’akwan.” (Mmebusɛm 3:5, 6) Eyi yɛ awerɛkyekyesɛm a ɛyɛ dɛ paa. Akyinnye biara nni ho sɛ obiara nni amansan yi nyinaa mu a yebetumi de yɛn ho ato no so asen yɛn soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ no. Nanso, ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛkenkan nsɛm a ɛwɔ Mmebusɛm no sen sɛ yɛde bɛyɛ adwuma.

19 Nnipa pii kura adwene a ɛnteɛ wɔ nea Yehowa mu ahotoso a yebenya no kyerɛ ho. Ebinom susuw sɛ ahotoso a ɛte saa no yɛ nkate bi ara kwa, anigye bi a ɛsɛ sɛ ɛba koma no mu. Ɛte sɛ nea afoforo nso gye di sɛ Onyankopɔn mu ahotoso kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ ɔbɛbɔ yɛn ho ban afi nsɛnnennen biara ho, odi yɛn haw nyinaa ho dwuma ma yɛn, na ɔma nsɛm a yehyia da biara da no wie sɛnea yɛhwɛ kwan no—na ɛbam ntɛm ara! Nanso ntease nni adwene a ɛte saa mu. Ahotoso kyerɛ pii sen nkate ara kwa, na ɛnyɛ ade a ntease nnim. Wɔ mpanyimfo fam no, ahotoso hwehwɛ sɛ wofi ahonim mu sisi gyinae ahorow a ntease wom.

20, 21. Yehowa mu ahotoso a yebenya no kyerɛ dɛn? Kyerɛkyerɛ mu.

20 Bio nso, hyɛ nea Mmebusɛm 3:5 ka no nsow. Ɛde Yehowa mu ahotoso a yebenya no bɔ yɛn ankasa nhumu a yɛbɛtweri abira, na ɛka sɛ yɛrentumi nyɛ abien no nyinaa. So ɛno kyerɛ sɛ wɔmma yɛmfa yɛn adwene tumi nni dwuma? Ɛnte saa, efisɛ Yehowa na ɔmaa yɛn saa tumi no, na ɔhwɛ kwan sɛ yɛde bedi dwuma de asom no. (Romafo 12:1) Nanso dɛn na yɛde yɛn ho tweri, anaa yɛde yɛn ho to so no? Sɛ yɛn nsusuwii ne Yehowa de anhyia a, so yegye ne nyansa tom sɛnea ɛte—sɛ ade a ɛkorɔn sen yɛn de koraa? (Yesaia 55:8, 9) Yehowa mu ahotoso a yebenya no kyerɛ sɛ yɛbɛma ne nsusuwii akyerɛ yɛn de kwan.

21 Sɛ́ mfatoho no: Susuw abofra kumaa bi a ɔte kar akyi na n’awofo te anim no ho hwɛ. Ne papa na ɔreka kar no. Sɛ wohyia asɛnnennen bi wɔ kwan so—biribi a ɛfa ɔkwampa a ɛsɛ sɛ wɔfa so anaasɛ ebia wim nsakrae ho nsɛnnennen anaa kar kwan no tebea—ho a, ɔkwan bɛn so na abofra a otie n’awofo na ɔwɔ wɔn mu ahotoso no bɛyɛ n’ade? So ofi kar no akyi hɔ teɛteɛm gu ne papa so kyerɛ no sɛnea ɔnka kar no? So ogye n’awofo gyinaesi ahorow ho kyim, anaasɛ ɔko tia wɔn bere a wɔka kyerɛ no sɛ ɔmmɔ ne kar akongua bɛlt na ɔntra ase dinn no? Dabi, sɛnea ɛte no, ɔwɔ n’awofo mu ahotoso sɛ wobedi nsɛm a ɛte saa ho dwuma ɛmfa ho sɛ wɔnyɛ pɛ no. Yehowa, yɛ yɛn Agya a ɔyɛ pɛ. So ɛnsɛ sɛ yenya ne mu ahotoso koraa, ne titiriw bere a yehyia nsɛnnennen no?—Yesaia 30:21.

22, 23. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so bere a yehyia ɔhaw ahorow no, na ɔkwan bɛn na yebetumi afa so ayɛ saa? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu?

22 Nanso, Mmebusɛm 3:6 kyerɛ sɛ ɛnyɛ bere a yehyia tebea horow a ɛyɛ den nko na ɛsɛ sɛ ‘yehu Yehowa yɛn akwan nyinaa mu.’ Enti ɛsɛ sɛ yɛn da biara da gyinaesi ahorow da no adi sɛ yɛwɔ Yehowa mu ahotoso. Sɛ nsɛnnennen sɔre a, ɛnsɛ sɛ yɛn abam bu, yɛbɔ hu, anaasɛ yɛko tia Yehowa akwankyerɛ wɔ ɔkwampa a ɛsɛ sɛ yɛfa so di nsɛm ho dwuma ho. Ehia sɛ yebu sɔhwɛ ahorow sɛ hokwan a yɛde begyina Yehowa amansan tumidi no akyi, na yɛboa ma Satan yɛ ɔtorofo, na yɛda asoɔmmerɛw ne su afoforo a Yehowa ani gye ho adi.—Hebrifo 5:7, 8.

23 Yebetumi ada ahotoso a yɛwɔ wɔ Yehowa mu adi ɛmfa ho akwanside biara a yebehyia no. Yɛyɛ saa wɔ yɛn mpaebɔ mu ne sɛnea yɛde yɛn ho to Yehowa Asɛm ne n’ahyehyɛde no so hwehwɛ akwankyerɛ no mu. Nanso, ɔkwan titiriw bɛn so na yebetumi afa ada ahotoso a yɛwɔ wɔ Yehowa mu no adi bere a yehyia wiase yi mu nsɛnnennen nnɛ no? Yɛn asɛm a edi hɔ no besusuw saa asɛm no ho.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 13 Hela asɛmfua a Paulo de dii dwuma maa “ade hunu” no ara na wɔde dii dwuma wɔ Hela Septuagint no mu de kyerɛɛ asɛm a Salomo de dii dwuma mpɛn pii wɔ Ɔsɛnkafo nhoma no mu, te sɛ asɛm a ɛka sɛ ‘ade nyinaa yɛ ahuhude no!’—Ɔsɛnkafo 1:2, 14; 2:11, 17; 3:19; 12:8.

Wubebua Dɛn?

• Ɔkwan bɛn so na Dawid daa no adi sɛ na ɔde Yehowa ayɛ n’ahotoso?

• Nneɛma abiɛsa bɛn na ɛde nnipa amanehunu ba nnɛ, na dɛn nti na eye sɛ yebesusuw ho bere ne bere mu?

• Atɛn bɛn na Yehowa buu adesamma, na dɛn nti na ɛyɛ atɛn a ɛteɛ?

• Yehowa mu ahotoso a yebenya no kyerɛ dɛn?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 8]

Dawid de Yehowa yɛɛ n’ahotoso

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Yesu kyerɛe sɛ bere a ɔfasu dwiriw gui wɔ Yerusalem no, na emfi Yehowa