Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Munyi Yehowa Ayɛ ‘Wɔ Asafo no Mu’

Munyi Yehowa Ayɛ ‘Wɔ Asafo no Mu’

Munyi Yehowa Ayɛ ‘Wɔ Asafo no Mu’

KRISTOFO nhyiam ahorow yɛ nsiesiei a Yehowa ayɛ ama ne nkurɔfo na ama wɔakɔ so ayɛ den wɔ honhom fam. Yɛda yɛn anisɔ a yɛwɔ ma Yehowa nsiesiei adi denam nhyiam a yɛkɔ no daa so. Bio nso, ɛboa yɛn ma ‘yɛtwetwe yɛn nuanom kɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu,’ a ɛyɛ ɔkwan titiriw a yɛfa so da yɛn dɔ a yɛwɔ ma yɛn ho yɛn ho no adi. (Hebrifo 10:24; Yohane 13:35) Nanso, ɔkwan bɛn so na yebetumi akanyan yɛn nuanom wɔ nhyiam ase?

Kasa Wɔ Baguam

Ɔhene Dawid kyerɛw faa n’ankasa ho sɛ: “Mɛbɔ wo din makyerɛ me nuanom, mɛkamfo wo asafo mu.” “Mɛda wo ase, gua kɛse mu, meyi wo ayɛ, ɔman dodow mu.” “Maka trenee ho asɛmpa asafo kɛse mu, hwɛ, meremmua m’ano.”—Dwom 22:22, 25; 35:18; 40:9.

Wɔ ɔsomafo Paulo nna mu no, saa ara na sɛ Kristofo hyiam sɛ wɔrebɛsom a, wɔka gyidi a wɔwɔ wɔ Yehowa mu ne n’anuonyam ho nsɛm. Wɔ saa kwan yi so no wɔhyɛɛ wɔn ho wɔn ho nkuran na wɔtwetwee wɔn ho kɔɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu. Wɔ yɛn bere yi mu wɔ Dawid ne Paulo akyi mfehaha pii no, ‘yehu sɛ Yehowa da no rebɛn’ ankasa. (Hebrifo 10:24, 25) Satan nneɛma nhyehyɛe no rekɔ n’awiei nkakrankakra, na ɔhaw ahorow kɔ so dɔɔso. ‘Yehia boasetɔ’ sen bere biara. (Hebrifo 10:36) Sɛ ɛnyɛ yɛn nuanom a, hena bio na obetumi ahyɛ yɛn nkuran ma yɛada boasetɔ adi?

Sɛnea na ɛte tete mmere mu no, wɔyɛ nsiesiei ma ankorankoro gyidifo ma wɔda wɔn gyidi adi ‘wɔ asafo no mu’ ɛnnɛ. Hokwan biako a ɛwɔ hɔ ma obiara ne nsɛm a wobisa atiefo ho mmuae a wɔde ma wɔ asafo nhyiam ahorow ase no. Mmu mfaso horow a eyi betumi de aba no adewa da. Sɛ nhwɛso no, mmuae a ɛda ɔkwan a yɛbɛfa so adi ɔhaw ahorow so anaa yɛakwati no hyɛ yɛn nuanom bo a wɔasi sɛ wobedi Bible nnyinasosɛm ahorow akyi no mu den. Mmuae a ɛkyerɛkyerɛ Bible kyerɛwnsɛm a wɔatwe adwene asi so mu nanso wɔamfa mu asɛm anka anaa yɛn ankasa nhwehwɛmu a yɛyɛe mu nsusuwii betumi ahyɛ afoforo nkuran ma wɔanya adesua ho su pa.

Ɛsɛ sɛ nim a yenim sɛ yɛne afoforo benya mmuae a yɛma wɔ nhyiam ase no so mfaso no ka Yehowa Adansefo nyinaa ma wodi ehu a ɛka wɔn no so. Ɛho hia titiriw sɛ mpanyimfo ne asafo mu asomfo ma mmuae wɔ nhyiam ahorow ase, esiane sɛ wɔhwɛ kwan sɛ wobedi anim wɔ mmuae a wɔma wɔ nhyiam ase mu, ne afei nhyiamkɔ mu. Nanso, ɔkwan bɛn so na obi betumi atu mpɔn bere a ohu sɛ Kristofo dwumadi pɔtee yi yɛ den ma no no?

Nyansahyɛ Ahorow a Ɛbɛma Woatu Mpɔn

Kae sɛ ɛka ɔsom a yɛde ma Yehowa no ho. Onuawa Kristoni bi a ɔte Germany kyerɛkyerɛ sɛnea obu ne mmuae a ɔma no mu. “Ɛyɛ m’ankasa mmuae a mede ma Satan wɔ mmɔden a ɔbɔ sɛ ɔremma Onyankopɔn nkurɔfo nna wɔn gyidi adi no ho.” Onuabarima bi a wabɔ asu foforo a ɔwɔ saa asafo koro no mu no ka sɛ: “Ɛdefa mmuaema ho no, mebɔ mpae pii.”

Siesie wo ho yiye. Sɛ woanni kan ansua asɛm no a, ɛbɛyɛ den ama wo sɛ wobɛma mmuae na wo mmuae no nso rentu mpɔn koraa. Wɔde sɛnea wɔma mmuae wɔ asafo nhyiam ahorow ase ama wɔ Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua So Mfaso nhoma no mu wɔ kratafa 70. *

Fa botae a ɛne sɛ anyɛ yiye koraa no wobɛma mmuae biako wɔ nhyiam biara ase si w’anim. Eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wusiesie mmuae pii, efisɛ mpɛn dodow a wokɔ so ma wo nsa so no, dodow no ara na onua a ɔrehwɛ adesua no so no bɛfrɛ wo. Wubetumi adi kan aka nsɛmmisa a woasiesie wo ho sɛ wobɛma ho mmuae no akyerɛ no. Sɛ woyɛ obi a woafi ase foforo a, eyi titiriw bɛboa wo. Esiane sɛ ebia wobɛtwentwɛn sɛ wobɛma wo nsa so wɔ “asafo kɛse mu,” nanso wunim sɛ ɛyɛ wo nkyekyɛm a wasiesie wo ho wɔ ho na nea ɔrehwɛ adesua no so no bɛhwehwɛ wo nsa nti, ɛbɛhyɛ wo nkuran ma woama mmuae.

Ma mmuae ntɛm. Adwuma a ɛyɛ den a wotu hyɛ da no mma ɛnyɛ mmerɛw. Sɛ woma mmuae ntɛm wɔ nhyiam no ase a, ebetumi aboa wo. Sɛ wutumi ma mmuae a edi kan no wie a, ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ wobɛma mmuae a ɛto so abien anaa abiɛsa a woremmrɛ ho koraa.

Tra akongua a ɛfata so. Sɛ ebinom tra Ahenni Asa no anim a ɛyɛ mmerɛw ma wɔn sɛ wɔbɛma mmuae. Nneɛma pii ntwetwe adwene wɔ anim hɔ, na ɛremma sɛ nea ɔrehwɛ adesua no so no ani bɛpa wo nsa so. Sɛ wosɔ eyi hwɛ a, kae sɛ wobɛkasa den ma obiara ate, titiriw no sɛ asafo no nni akasam afiri a wɔde kyinkyin a.

Tie asɛm yiye. Eyi bɛboa wo ma worensan ntĩ mmuae a obi ama dedaw no mu. Afei nso, mmuae a afoforo ama no betumi ama woakae kyerɛwsɛm bi anaa asɛm bi a ebetumi akyerɛkyerɛ nsusuwii a wɔada no adi no mu. Ɛtɔ mmere bi a, ebia osuahu tiawa bi bɛma asɛm a wɔresusuw ho no mu ada hɔ. Mfaso pii wɔ mmuae a ɛte saa so.

Sua sɛ wode w’ankasa nsɛm bɛma mmuae. Mmuae a wobɛkenkan afi adesua nhoma no mu betumi akyerɛ sɛ wahu mmuae a ɛteɛ no, na ebetumi ayɛ ɔkwampa a wɔde befi mmuaema ase. Nanso nkɔso a wubenya de w’ankasa nsɛm abua nsɛm no kyerɛ sɛ wote asɛm no ase. Ɛho nhia sɛ wobɛfa yɛn nhoma no mu nsɛm pɛpɛɛpɛ aka. Yehowa Adansefo ntĩ nsɛm a ɛwɔ wɔn nhoma ahorow no mu no ara kɛkɛ.

Ma mmuae a ɛfa ɔsɛmpɔw no ho. Mmuae a ɛmfa ɔsɛmpɔw no ho anaa eyi adwene fi nsɛntitiriw a wɔresusuw ho so no mfata. Eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wo mmuae no fa asɛm a wɔresusuw ho no ho. Ɛno ansa na ɛbɛboa ma honhom fam nkɔmmɔbɔ a ɛma denhyɛ no atu mpɔn.

Fa yɛ wo botae sɛ wobɛhyɛ nkuran. Esiane sɛ ade titiriw a enti yɛma mmuae ne sɛ yɛbɛhyɛ afoforo nkuran nti, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛrenka nsɛm a ebia ebebu afoforo abam. Bio nso, mma mmuae a ɛwɔ nkyekyɛm no mu nyinaa fefeefe sɛnea ɛbɛyɛ a afoforo benya bi ama. Mmuae atenten anaa nea emu nna hɔ taa ma ntease a ɛwɔ asɛm no mu yera. Mmuae ntiantia a emu nsɛm nnɔɔso tumi tu mpɔn ankasa, na ɛbɛhyɛ wɔn a wɔyɛ foforo no nkuran ma wɔama mmuae ntiantia a wɔasiesie no.

Afã a Wɔn a Wɔhwɛ Nhyiam Ahorow So no Wɔ

Ɛdefa nkuranhyɛ a wɔde ma ho no, asɛyɛde kɛse da nea ɔhwɛ nhyiam no so no so. Ofi komam kyerɛ mmuae biara a wɔma ho anigye denam nea ɔrema mmuae no anim a ɔbɛhwɛ na watie no yiye sen sɛ ɔbɛyɛ biribi foforo biara so. Hwɛ fata ara a ɛremfata sɛ esiane sɛ wantie mmuae a obi mae yiye nti ɔsan tĩ asɛm a wɔaka anaa obisa asɛm bi a wɔama ho mmuae dedaw bio no!

Ɛbɛyɛ abasamtu nso sɛ nea ɔrehwɛ adesua no so no bɛkɔ so de nsɛmfua a ɛyɛ soronko kakraa betĩ mmuae bi a wɔama dedaw mu, ma ɔkwan bi so no, ayɛ sɛ mmuae a wɔmae no nni mũ. Nea ɛne eyi bɔ abira no, hwɛ nkuranhyɛ ara a ɛyɛ bere a mmuae horow ma wosusuw asɛntitiriw bi ho kɔ akyiri no. Nsɛmmisa a ɛhyɛ afoforo nkuran ma wɔma mmuae a mfaso wɔ so no bi ne, ‘Yɛbɛyɛ dɛn de eyi adi dwuma wɔ yɛn asafo mu?’ anaa, ‘Kyerɛwsɛm bɛn na ɛwɔ nkyekyɛm yi mu a ɛfoa nea wɔaka ho asɛm seesei ara no so?’

Nokwarem no, sɛ wɔn a wɔyɛ foforo anaa wɔfɛre ade no titiriw ma mmuae a, ɛsɛ sɛ wɔkamfo wɔn. Nea ɔhwɛ adesua no so no betumi akɔ wɔn nkyɛn wɔ adesua no akyi sɛnea ɛbɛyɛ a ɛremma wɔn mfɛre na ama adesua sohwɛfo no anya hokwan de nyansahyɛ ahorow ama bere a ɛfata sɛ ɔyɛ saa no.

Wɔ da biara da nkɔmmɔbɔ mu no, obi a ogye nsɛm bɔ so nkɔmmɔbɔ nyɛ dɛ. N’atiefo nte nka sɛ ɛho hia sɛ wɔda wɔn nsusuwii adi. Sɛ wotie no mpo a, wɔde amemenemfe na ɛyɛ saa. Biribi a ɛte saa betumi asi wɔ bere a adesua sohwɛfo no ma adesua no yɛ ne nkutoo de denam kasa a ɔkasa mpɛn pii no so. Nanso, ɛtɔ mmere bi a, adesua sohwɛfo no betumi akanyan atiefo no adwene denam nsɛmmisa a wɔde hu afoforo adwene a obebisa atiefo no so. Ɛnsɛ sɛ obisa saa nsɛm no pii.

Ɛnyɛ nea odi kan ara ma ne nsa so no na nea ɔhwɛ adesua so no bɛfrɛ no. Saa a ɔbɛyɛ no bebu wɔn a wohia bere kakra de asusuw wɔn nsɛm a wɔbɛka ho no abam. Sɛ ɔtwɛn kakra a, ɛbɛma obi a ɔmmaa mmuae dedaw no hokwan ma wayɛ saa. Ɔbɛda nhumu nso adi denam mmofra nketewa a ɔremfrɛ wɔn mma wɔmma nsɛmmisa a ɛboro wɔn adwene so ho mmuae.

Na sɛ obi ma mmuae bi a ɛnteɛ nso ɛ? Ɛnsɛ sɛ nea ɔhwɛ adesua no so no hyɛ no aniwu. Mpɛn pii no, nokwasɛm ahorow bi wɔ mmuae a ɛnteɛ mpo mu. Nea ɔhwɛ adesua no so no betumi ateɛ nsɛm no a ɛho nhia sɛ ɔhyɛ aniwu denam nokwasɛm bi a ɛwɔ mmuae no mu a ɔbɛfa, asan adan asɛmmisa no, anaa wabisa asɛm foforo aka ho no so.

Nea ɛbɛyɛ na nea ɔhwɛ adesua no so no ahyɛ mmuaema ho nkuran no, ɛbɛyɛ papa sɛ ɔrentow nsɛm mma atiefo no nyinaa te sɛ, ‘So obi foforo wɔ mmuae bi?’ Asɛmmisa te sɛ, ‘Hena na ɔmmaa mmuae? Eyi ne hokwan a etwa to!’ betumi ayɛ asɛm a adwemmɔne biara nni akyi, nanso ɛrentumi nhyɛ obi nkuran mma ɔnka ne komam nsɛm wɔ baguam. Ɛnsɛ sɛ wɔma anuanom ahonim bu wɔn fɔ sɛ wɔamma mmuae wɔ adesua no mfiase no. Mmom no, ɛsɛ sɛ wɔhyɛ wɔn nkuran ma wɔka nea wonim no kyerɛ afoforo efisɛ ɛkyerɛ ɔdɔ a wɔda no adi. Bio nso, sɛ nea ɔrehwɛ adesua no so frɛ obi sɛ ɔmma mmuae a, ɛrenyɛ papa sɛ ɔbɛka sɛ, “Sɛ owie a, yebetie Onua Asomasi ne afei Onuawa Asomasi nso.” Ɛsɛ sɛ nea ɔhwɛ adesua no so no di kan tie mmuae no na afei ɔhwɛ sɛ mmuae foforo ho behia anaa.

Ɛyɛ Hokwan sɛ Wobɛma Mmuae

Kristofo nhyiam ahorow a yɛbɛkɔ yɛ honhom fam ahiade; mmuae a yɛbɛma wɔ ase no yɛ hokwan. Sɛnea yɛde yɛn ho hyɛ hokwan soronko a yɛnam so yi Yehowa ayɛ “wɔ asafo no mu” mu, na ɛkyerɛ sɛ yɛredi Dawid nhwɛso no akyi na yɛrefa Paulo afotu no aniberesɛm. Yɛn ho a yɛde bɛhyɛ nhyiam ahorow mu no da no adi sɛ yɛdɔ yɛn nuanom na yɛka Yehowa asafo kɛse no ho bi. Ɛhefa bio na wobɛpɛ sɛ wotra ‘dodow a wuhu sɛ ɛda no rebɛn no’?—Hebrifo 10:25.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 10 Yehowa Adansefo na wotintimii.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 20]

Tie a wotie asɛm ne mmuae a wɔma yɛ ade titiriw wɔ Kristofo nhyiam ase

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Nea ɔrehwɛ adesua no so no fi komam kyerɛ mmuae biara ho anigye