Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nokware Kristofo Gyidi Biako—Ɛwɔ Hɔ Ankasa

Nokware Kristofo Gyidi Biako—Ɛwɔ Hɔ Ankasa

Nokware Kristofo Gyidi Biako—Ɛwɔ Hɔ Ankasa

YESU KRISTO de asɔre anaa asafo biako pɛ na esii hɔ. Ná saa asafo no yɛ honhom fam kuw, honhom fam abusua. Nea yɛrepɛ akyerɛ ne sɛ na ɛyɛ hyia a nnipa a Onyankopɔn honhom kronkron apaw wɔn—a Onyankopɔn gye wɔn nyinaa tom sɛ ne “mma” no hyiam.—Romafo 8:16, 17; Galatifo 3:26.

Yesu kyerɛkyerɛe sɛ ɔkwan biako pɛ na Onyankopɔn de dii dwuma kyerɛɛ nnipa kwan kɔɔ nokware no ho ne nkwa mu. Yesu de ɔkwan a ɛkɔ daa nkwa mu no totoo ɔkwan ankasa ho de kyerɛkyerɛɛ nokware titiriw no mu. Ɔkae sɛ: “Monhyɛn ɔpon teateaa no mu; na ɔpon a ɛso ne ɔkwan a ɛtrɛw no ne nea ɛkɔ ɔsɛe mu no, na wɔn a wɔhyɛn mu no yɛ pii. Na ɔpon teateaa ne ɔkwan hihiaa no ne nea ɛkɔ nkwa mu, na wɔn a wohu no sua.”—Mateo 7:13, 14; Yohane 14:6; Asomafo no Nnwuma 4:11, 12.

Asafo a Wɔayɛ Biako

The New Dictionary of Theology ka sɛ, ɛnsɛ sɛ yesusuw sɛ na saa afeha a edi kan mu asafo no yɛ “wiase ne amansan nyinaa abusua bi a wɔahyehyɛ te sɛ nea yɛkyerɛ nnansa yi bere a yɛka katolek asɔre ho asɛm no.” Dɛn ntia? Ɛka sɛ: “Ntease tiawa ne sɛ na amansan nyinaa ahyehyɛde a wɔayɛ biako biara nni hɔ.”

Obiara ntumi mpo nokwasɛm a ɛyɛ sɛ tete Kristofo asafo no ne asɔre nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ nnɛ a wɔahyehyɛ mu biribiara pɛpɛɛpɛ no nni nsɛdi biara no. Nanso, na wɔahyehyɛ wɔn pɛpɛɛpɛ. Asafo ahorow no biara anyɛ nea n’ankasa pɛ. Wɔn nyinaa gyee sodikuw a na ɛwɔ Yerusalem no tumidi toom. Saa kuw no—a na asomafo ne Yerusalem asafo no mu mpanyimfo na wɔwom no—boa maa biakoyɛ traa asafo no mu sɛ Kristo “nipadua biako.”—Efesofo 4:4, 11-16; Asomafo no Nnwuma 15:22-31; 16:4, 5.

Dɛn na ɛbaa saa nokware asafo biako pɛ no so? So ɛno na ɛbɛyɛɛ Katolek Asɔre a ɛkorɔn no? So ɛno na emu kyekyɛ bɛyɛɛ Protestant asɔre nhyehyɛe pii a yehu nnɛ no? Anaasɛ biribi foforo na esii?

“Awi” ne “Wura”

Nea ɛbɛyɛ na yɛanya mmuae no, momma yensusuw nea Yesu Kristo ankasa kae sɛ ɛbɛba no ho yiye. Ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ wubehu sɛ Yesu hwɛɛ kwan sɛ n’asafo no bɛyera ne sɛ na ɔbɛma awerɛhow tebea a ɛte saa no akɔ so mfehaha pii.

Bere a ɔde n’asafo no retoto “ɔsoro ahenni” ho no, ɔkae sɛ: “Ɔsoro ahenni te sɛ onipa bi a oguu aba pa n’afuw mu. Na nnipa dae no, ne tamfo beguu wura bɔne bi awi no mu, na ofii hɔ kɔe. Na eyii ahaban na ɛsow aba no, ɛnna wura bɔne no nso daa adi. Na ofiwura no nkoa baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Owura, ɛnyɛ aba pa na wogui w’afuw no mu? Na wura bɔne yi de, efi he? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɔtamfo bi na ɔbɛyɛɛ saa. Na nkoa no ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnde wopɛ sɛ yɛkɔ kɔboaboa ano anaa? Ɛnna ose: Dabi, anyɛ a, moreboaboa wura bɔne no ano no, na moatu awi no bi afra mu. Momma n’abien no nyinaa nnyin nkosi twa bere, na twa bere no mu na mɛka makyerɛ twafo no sɛ: Mommoaboa wura bɔne no ano kan, na monkyekyere no afiafi mma wɔnkɔhyew, na awi no de, mommoaboa ano nkogu me san so!”—Mateo 13:24-30.

Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɔno ne ‘ogufo’ no. “Aba pa no” yɛɛ ne nokware asuafo no ho mfonini. Ne “tamfo” no ne Satan Ɔbonsam. “Wura” no ne atoro Kristofo a wɔbɛhyɛn tete Kristofo asafo no mu no. Ɔkae sɛ ɔbɛma “awi” ne “wura” no nyinaa abom anyin akosi “twa bere,” a na ɛbɛba wɔ “wiase awiei” no. (Mateo 13:37-43) Ná eyinom nyinaa kyerɛ dɛn?

Kristofo Asafo no Sɛee

Wɔ asomafo no wu akyi bere tiaa bi no, akyerɛkyerɛfo bi wae fii asafo no ho na wofii ase dii so. Wɔkekaa ‘nkontomposɛm de twee asuafo no dii wɔn akyi.’ (Asomafo no Nnwuma 20:29, 30) Ne saa nti, Kristofo pii ‘twee wɔn ho fii gyidi no ho.’ ‘Wɔdan kotiee anansesɛm.’—1 Timoteo 4:1-3; 2 Timoteo 4:3, 4.

The New Dictionary of Theology ka sɛ eduu afeha a ɛto so anan Y.B. mu no, “na Katolek Kristosom abɛyɛ ɔsom . . . a wogye tom wɔ Roma Ahemman no mu.” Wɔkaa “asɔre no ne ɔmanfo boom”—maa biakoyɛ bɛdaa Asɔre no ne Ɔman a na wɔsɔre tia tete Kristofo gyidi ahorow denneennen no ntam. (Yohane 17:16; Yakobo 4:4) Nhoma koro no ara ka sɛ bere kɔɔ so no, asɔre no nnyinaso ne ne nhyehyɛe nyinaa ne ne gyidi atitiriw no pii sesae koraa “wɔ wɔn a wɔnam anifere kwan a ɛmfata koraa so kuraa A[pam] D[edaw] ne plato nkyerɛkyerɛ foforo no nyinaa mu no nkɛntɛnso ase.” Sɛnea Yesu Kristo hyɛɛ ho nkɔm no, ne nokware asuafo no so katae bere a atoro Kristofo sɔree no.

Ná Yesu atiefo nim sɛnea ɛyɛ den ma obi sɛ obehu awi ankasa afi wura, te sɛ nkyɛnkyɛmma, a sɛ ɛrenyin a, ɛte sɛ awi pɛpɛɛpɛ no ho. Enti na Yesu rekyerɛkyerɛ mu sɛ bere bi bɛba a ɛbɛyɛ den sɛ wobehu nokware Kristofo afi atoro Kristofo a wogu ahorow no ho. Eyi nkyerɛ sɛ na Kristofo asafo no nni hɔ bio, efisɛ Yesu hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛkɔ so akyerɛ ne honhom fam nuanom no kwan “nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei.” (Mateo 28:20) Yesu kae sɛ awi no bɛkɔ so anyin. Ne saa mpo no, mfe a abɛsen kɔ mu no, akyinnye biara nni ho sɛ nokware Kristofo—ankorankoro anaa kuw ahorow—yɛɛ nea wobetumi nyinaa de dii Kristo nkyerɛkyerɛ akyi. Nanso, na wɔnna so nyɛ kuw anaa ahyehyɛde a wɔda adi ntɛm a ɛyɛ mmerɛw sɛ wobehu wɔn. Nokwarem no na wɔnna adi te sɛ nyamesom nhyehyɛe a aniwa tua a awae a abakɔsɛm nyinaa mu no wɔmfaa biribiara mmaa Yesu Kristo din so sɛ animguase ne nsopa nko no.—2 Petro 2:1, 2.

“Wɔayi Onipa a Onni Mmara no Adi”

Ɔsomafo Paulo hyɛɛ biribi foforo a na ɛbɛhyɛ atoro nyamesom nhyehyɛe yi agyirae ho nkɔm. Ɔkyerɛwee sɛ: ‘Mommma obiara nnnaadaa mo biribiara fam, efisɛ Yehowa da no remma, gye sɛ ɔwae a wɔbɛwae no aba ansa, na wɔayi onipa a onni mmara no adi.’ (2 Tesalonikafo 2:2-4) Saa “onipa a onni mmara” yi nyɛ obiara sɛ asɔfokuw a wɔmaa wɔn ho so benyaa gyinabea bi a tumi wom wɔ “Kristofo” asafo no so no. *

Ɔwae no fii ase wɔ ɔsomafo Paulo bere so. Enyaa nkɔanim bere a asomafo no wuwui na wɔn nkɛntɛnso a na ɛne awaefo no di asi yerae no. Paulo kae sɛ, nea na ɛbɛhyɛ ɔwae no agyirae ne ‘Satan adwuma a wɔbɛyɛ ne tumi a wɔde bɛyɛ atoro sɛnkyerɛnne ne ahodwiride nyinaa ne nneɛma a ɛnteɛ ne nnaadaa biara’ a wobekura mu no. (2 Tesalonikafo 2:6-12) Hwɛ sɛnea ɛno fa nyamesom akannifo pii a wɔatra ase wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no dwumadi ho ma ɛfata!

Katolek akannifo ka sɛ wɔn asɔfo mpanyin no nyaa “wɔn asomafoyɛ no fii Yesu asomafo no ankasa hɔ denam toa a wɔtoatoaa wɔn ho so bae fi Kristosom mfiase no so” de gyina kyerɛ a wɔkyerɛ sɛ Roma Katolek Asɔre ne nokware asɔre biako pɛ no akyi. Nokwarem no, ka a wɔka sɛ asomafo no toatoaa wɔn ho so besi saa bere yi no nni abakɔsɛm anaa Kyerɛwnsɛm mu nnyinaso biara. Adanse a edi mũ biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn honhom kronkron na ɛmaa asɔre nhyehyɛe a ɛsɔree wɔ Yesu asomafo no wu akyi no bae.—Romafo 8:9; Galatifo 5:19-21.

Na asɔre ahorow a ɛsɔree wɔ nea wɔfrɛ no Ɔsesɛw no akyi nso ɛ? So wodii tete Kristofo asafo no nhwɛso akyi? So wɔmaa di a na Kristofo asafo a edi kan no di mũ no traa hɔ? Ɛyɛ nokware sɛ wɔ Ɔsesɛw no akyi no, nnipa pii nyaa Bible no bi wɔ wɔn ankasa kasa mu. Nanso, abakɔsɛm kyerɛ sɛ asɔre ahorow yi kɔɔ so kyerɛkyerɛɛ nkyerɛkyerɛ a mfomso wɔ ho. *Mateo 15:7-9.

Nanso, hyɛ eyi nsow. Yesu Kristo sii no pi sɛ wɔbɛsan de ne nokware asafo koro pɛ no asi hɔ wɔ nea ɔfrɛɛ no nneɛma nhyehyɛe awiei no mu. (Mateo 13:30, 39) Bible nkɔmhyɛ ahorow a ɛrenya mmamu no kyerɛ sɛ yɛte saa bere no mu mprempren. (Mateo 24:3-35) Sɛ saa a, ɛnde ɛsɛ sɛ yɛn mu biara bisa sɛ, ‘Ɛhe na saa nokware asɔre biako pɛ no wɔ?’ Ɛsɛ sɛ ɛkɔ so da adi pefee ma yehu.

Ebia wote nka sɛ woahu saa asɔre, anaa asafo no dedaw. Ɛho hia sɛ wobɛhwɛ ahu sɛ ɛte saa. Dɛn ntia? Efisɛ te sɛ afeha a edi kan mu no, nokware asɔre biako pɛ na ebetumi atra hɔ. So woagye bere de ahwɛ ahu sɛ ebia w’asɔre di anammɔn a afeha a edi kan mu Kristofo asafo no twa too hɔ no akyi pɛpɛɛpɛ na edi Yesu Kristo nkyerɛkyerɛ akyi koraa? Dɛn nti na wonhwehwɛ eyi mu seesei? Yehowa Adansefo ani begye ho sɛ wɔbɛboa wo ma woayɛ saa.—Asomafo no Nnwuma 17:11.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 17 Wubetumi anya nsɛm foforo a ɛfa “onipa a onni mmara” no a yebehu no ho wɔ February 1, 1990, Ɔwɛn-Aban, kratafa 2-6.

^ nky. 20 Hwɛ ti a ɛne “Ɔsesɛw No—Ɔkwan a Wɔfa So Hwehwɛ no Sakra” wɔ Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ, a Yehowa Adansefo tintimii no, kratafa 306-28.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 5]

Dɛn na Yesu bɛ a ɛfa awi ne wura ho no kyerɛkyerɛ yɛn fa nokware asafo no ho?

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 7]

So w’asɔre di nhwɛso a afeha a edi kan mu Kristofo no yɛe wɔ asɛnka ne adesua mu no akyi?