Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Wɔ wiase mmeae pii no, ɛyɛ amammerɛ sɛ wɔde akyɛde bɛma wɔn a wohyia ayeforo. Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yesusuw ho bere a yɛde akyɛde a ɛte saa ma anaasɛ yegye no?

Bible no pene akyɛde a wɔde ma so bere a wɔde adwempa ma, na wɔyɛ saa wɔ bere a ɛfata mu no. Ɛdefa adema ho no, Bible no hyɛ nokware Kristofo nkuran sɛ wonsuasua wɔn Demafo yamyefo a ɔne Yehowa no. (Yakobo 1:17) Ɔsomafo Paulo hyɛɛ mfɛfo Kristofo nkuran sɛ: “Yiyeyɛ ne adekyɛ na mommma mo ani mpa so, efisɛ saa afɔrebɔ no sɔ Onyankopɔn ani.” Enti, wɔhyɛ Kristofo nkuran sɛ wɔnna ayamye adi.—Hebrifo 13:16; Luka 6:38.

Na akyɛde nhoma a wɔde di dwuma, a ɛyɛ ade a wɔtaa yɛ wɔ United States no nso ɛ? Wɔ England no, wɔfrɛ no ayeforohyia nhoma. Nea wɔtaa yɛ ne sɛ nnipa baanu a wɔrebehyia ayeforo no de wɔn din kɔma aguadidan bi a wɔahwɛ emu nneɛma nyinaa na wɔakyerɛw nea wɔpɛ sɛ wobegye sɛ akyɛde. Nnipa baanu no kyerɛ wɔn abusuafo ne wɔn nnamfo kwan kɔ aguadidan no mu ma wɔkɔtɔ biribi a awarefo no akyerɛw wɔ ayeforohyia nhoma no mu no. Mfaso a ɛwɔ so ne sɛ akyɛde nhoma no mma ɔdekyɛfo no mfa nnɔnhwerew pii nkɔhwehwɛ akyɛde bi, na ɛmma wɔn a wɔde akyɛde no bɛma wɔn no nhaw wɔn ho sɛ wɔde akyɛde ahorow a wɔmpɛ bɛsan akɔ aguadidan no mu.

Sɛ ebia nnipa baanu a wɔrebɛware no bɛpɛ sɛ wɔde akyɛde nhoma bedi dwuma anaa wɔremfa nni dwuma no yɛ wɔn ankasa gyinaesi. Nanso, Kristoni bɛpɛ sɛ ɔhwɛ yiye sɛ ɔbɛkwati nneyɛe biara a ebetumi abu Bible nnyinasosɛm so. Sɛ nhwɛso no, sɛ ɔbarima ne ɔbea a wɔayɛ aware nhyehyɛe no kyerɛw nneɛma a ne bo yɛ den paa nso ɛ? Wɔ asɛm a ɛte saa mu no, ebia wɔn a wonni sika pii no ntumi mma wɔn akyɛde, anaasɛ wɔbɛte nka sɛ ɛbɛyɛ papa sɛ wɔrenkɔ ayeforohyia no ase na ama wɔakwati aniwu a anka biribi a ne bo nyɛ den a wɔde bɛkɔ no bɛma ato wɔn no. Kristoni bea bi kyerɛwee sɛ: “Ɛreyɛ adan adesoa kɛse paa. Mabɔ mmɔden sɛ mɛda ayamye adi, nanso nnansa yi mahwere anigye a adekyɛ ma minya no nyinaa.” Sɛ ayeforohyia bi dan ade a ebu afoforo abam a, hwɛ awerɛhow ara a ɛbɛyɛ!

Nokwarem no, ɛnsɛ sɛ wɔma wɔn a wɔbɛkyɛ ade no te nka sɛ, sɛ wobegye wɔn akyɛde atom a, ɛsɛ sɛ wɔkɔtɔ wɔ aguadidan pɔtee bi mu anaasɛ wɔtɔ no bo pɔtee bi. Anyɛ yiye koraa no, Yesu Kristo kyerɛe sɛ nea ɛsom bo paa wɔ Onyankopɔn anim ne ɔdemafo no komam tebea na ɛnyɛ bo a akyɛde no som wɔ honam fam. (Luka 21:1-4) Saa ara nso na ɔsomafo Paulo kyerɛw akyɛde a wɔde ma ahiafo ho asɛm sɛ: “Sɛnea obiara asusuw ne komam no, ɔmma, ɛnyɛ amemmenemfe anaa ɔhyɛ mu; efisɛ nea ɔtew n’anim ma no na Onyankopɔn dɔ no.”—2 Korintofo 9:7.

Sɛnea Bible ka no, mfomso biara nni ho sɛ obi bɛma wɔahu sɛ ɔno na ɔde akyɛde bi mae, ebia denam krataa bi a ɔbɛkyerɛw aka akyɛde no ho so. Nanso, wɔ mmeae bi no, ɛyɛ hɔnom amammerɛ sɛ wɔbɛma wɔn a wɔwɔ hɔ nyinaa ahu ɔdemafo no. Saa amammerɛ yi betumi de ɔhaw ahorow aba. Ebia wɔn a wɔde akyɛde rema no rempɛ sɛ wɔbɛbɔ wɔn din na amma wɔantwe adwene amma wɔn ho so. Saafo no yɛ wɔn ade ma ɛne nnyinasosɛm a ɛwɔ Mateo 6:3 no hyia, faako a Yesu kae sɛ: “Sɛ woreyɛ adɔe a, mma wo nsa benkum nhu nea wo nifa reyɛ” no. Ebia afoforo bɛte nka sɛ akyɛde a wɔde ma yɛ obi ankasa asɛm a ɛsɛ sɛ ɛtra ɔdemafo no ne nea ogye akyɛde no ntam. Afei nso, ademafo a wɔbɛda wɔn adi no betumi ama wɔde akyɛde no atoto ho na ‘akanyan akansi.’ (Galatifo 5:26) Akyinnye biara nni ho sɛ Kristofo bɛkwati sɛ wɔbɛma afoforo ani awu wɔ baguam denam ademafo no din a wɔbɛbobɔ wɔ baguam no so.—1 Petro 3:8.

Yiw, bere a yɛyɛ ade ma ɛne Onyankopɔn Asɛm mu nnyinasosɛm hyia no, akyɛde a yɛde ma no bɛkɔ so ayɛ ade a ɛde anigye ba.—Asomafo no Nnwuma 20:35.