Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nya Yehowa Mu Ahotoso Koraa Wɔ Ahohia Bere Mu

Nya Yehowa Mu Ahotoso Koraa Wɔ Ahohia Bere Mu

Nya Yehowa Mu Ahotoso Koraa Wɔ Ahohia Bere Mu

“Onyankopɔn yɛ yɛn guankɔbea ne ahoɔden, ahohia mu boafo pa a wɔanya no nhui.”—DWOM 46:1.

1, 2. (a) Nhwɛso bɛn na ɛkyerɛ sɛ ɛnnɔɔso sɛ yɛbɛka sɛ yɛwɔ Onyankopɔn mu ahotoso? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ pii sen sɛ yɛbɛka ara kwa sɛ yɛwɔ Yehowa mu ahotoso?

ƐSONO sɛ yɛbɛka sɛ yɛwɔ Onyankopɔn mu ahotoso. Ɛnna ɛsono sɛ yɛde yɛn nneyɛe bɛkyerɛ saa. Sɛ nhwɛso no, bere tenten ni na wɔakyerɛw kasasin “Onyankopɔn na Yɛde Yɛn Ho To No So” agu U.S. sika so. * Wɔ afe 1956 mu no, U.S. Mmarahyɛ Bagua no hyɛɛ mmara bi de kyerɛe sɛ saa asɛm no yɛ United States man no nnyinasosɛm. Nanso, nnipa pii—a ɛnyɛ saa ɔman no mu nko na mmom wiase nyinaa—de wɔn ho ato sika ne ahonyade so kɛse sen Onyankopɔn.—Luka 12:16-21.

2 Sɛ́ nokware Kristofo no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ pii sen ka a yɛbɛka ara kwa sɛ yɛwɔ Yehowa mu ahotoso. Sɛnea “gyidi a nnwuma nni mu awu” no, saa ara na ka a yɛbɛka sɛ yɛwɔ Onyankopɔn mu ahotoso no bɛyɛ ɔkwa gye sɛ yɛde yɛn nneyɛe di ho adanse. (Yakobo 2:26) Wɔ asɛm a edi eyi anim mu no, yesuae sɛ ahotoso a yɛwɔ wɔ Yehowa mu no da adi bere a yɛkɔ n’anim wɔ mpaebɔ mu, bere a yɛhwehwɛ akwankyerɛ fi N’asɛm mu, ne bere a yɛma n’ahyehyɛde no kyerɛ yɛn kwan no. Ɛnde afei, ma yensusuw sɛnea yebetumi de akwan abiɛsa no adi dwuma bere a yɛakɔ ahohia mu no ho nhwɛ.

Bere a Yɛn Adwuma Asɛe Anaa Yɛn Akatua Sua

3. Sikasɛm mu ahokyere bɛn na Yehowa asomfo hyia wɔ “mmere a emu yɛ den” yi mu, na yɛyɛ dɛn hu sɛ Onyankopɔn ayɛ krado sɛ ɔbɛboa yɛn?

3 Sɛ́ Kristofo no, yehyia sikasɛm mu ahokyere a nnipa foforo hyia no ara bi wɔ “mmere a emu yɛ den” yi mu. (2 Timoteo 3:1) Ne saa nti, wobetumi ayi yɛn adi afi adwumam mpofirim. Anaasɛ esiane sɛ yennya adwuma foforo biara nyɛ nti, yɛde nnɔnhwerew pii bɛyɛ adwuma agye akatua kakraa bi. Wɔ tebea horow a ɛte saa mu no, ebetumi ayɛ den ama yɛn sɛ ‘yɛbɛhwɛ yɛn ankasa fiefo.’ (1 Timoteo 5:8) So Ɔsorosoroni Nyankopɔn no ayɛ krado sɛ ɔbɛboa yɛn bere a yɛakɔ tebea horow a ɛte saa mu no? Yiw, ɛte saa! Nokwarem no, Yehowa nyi yɛn mfi asetra mu ahokyere a ɛrekɔ so wɔ nneɛma nhyehyɛe yi mu no nyinaa mu. Nanso, sɛ yenya ne mu ahotoso a, nsɛm a ɛwɔ Dwom 46:1 no bɛbam wɔ yɛn so sɛ: “Onyankopɔn yɛ yɛn guankɔbea ne ahoɔden, ahohia mu boafo pa a wɔanya no nhui.” Nanso, ɔkwan bɛn so na yebetumi akyerɛ sɛ yɛwɔ Yehowa mu ahotoso koraa bere a yehyia sikasɛm mu ahokyere no?

4. Sɛ yehyia sikasɛm mu ahokyere a, dɛn na yebetumi abɔ ho mpae, na ɔkwan bɛn so na Yehowa tie mpae a ɛte saa?

4 Ɔkwan biako a yebetumi afa so ada ahotoso a yɛwɔ wɔ Yehowa mu adi ne sɛ yɛbɛkɔ ne nkyɛn wɔ mpaebɔ mu. Nanso dɛn na yebetumi abɔ ho mpae? Wiɛ, bere a yehyia sikasɛm mu ahokyere no, ebia ebehia sɛ yɛda nyansa adi mprempren sen bere biara. Enti akyinnye biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ yɛbɔ ho mpae! Yehowa Asɛm ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Sɛ ɛka mo mu bi nyansa a, ommisa Onyankopɔn a ɔma nnipa nyinaa ade kwa na ahohora nnim no, na wɔde bɛma no.” (Yakobo 1:5) Yiw, bisa nyansa—nea ɛma yetumi de nimdeɛ, ntease, ne nhumu di dwuma yiye no—fi Yehowa hɔ, sɛnea ɛbɛyɛ a wubesisi gyinae pa na woapaw nneɛma a ɛteɛ. Yɛn soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ no ma yɛn awerɛhyem sɛ obetie mpae a ɛte saa no. Wayɛ krado bere nyinaa sɛ ɔbɛteɛ wɔn a wofi koma nyinaa mu de wɔn ho to no so no akwan.—Dwom 65:2; Mmebusɛm 3:5, 6.

5, 6. (a) Dɛn nti na yebetumi ama Onyankopɔn Asɛm aboa yɛn ma yɛagyina sikasɛm mu ahokyere ano? (b) Dɛn na yebetumi ayɛ de atew dadwen so bere a yɛn adwuma afi yɛn nsa no?

5 Onyankopɔn Asɛm mu a yɛbɛhwehwɛ akwankyerɛ afi no yɛ ɔkwan foforo a ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ Yehowa mu ahotoso. Ne nkaesɛm a ɛwɔ Bible mu no yɛ “nokware pii.” (Dwom 93:5) Ɛwom sɛ wɔkyerɛw wiei bɛyɛ 1,900 ni de, nanso afotusɛm a wotumi de ho to so ne nhumu a edi mu a ebetumi aboa yɛn ma yɛagyina sikasɛm mu ahokyere ano wɔ saa nhoma a efi honhom mu no mu. Susuw nyansa a ɛwɔ Bible mu no nhwɛso horow bi ho hwɛ.

6 Ɔhene Nyansafo Salomo kae bere tenten bi a atwam ni sɛ: “Odwumayɛfo didi kakraa oo, pii oo, ne nna yɛ no dɛ, na ɔmee a ɔdefo mee no mma onnya adaye.” (Ɔsɛnkafo 5:12) Egye bere ne sika na ama yɛatumi asiesie yɛn honam fam nneɛma, atew ho, ahwɛ so, na yɛabɔ ho ban. Enti sɛ yɛn adwuma fi yɛn nsa a, yebetumi de hokwan no ahwehwɛ yɛn asetram, abɔ mmɔden ahu yɛn ahiade ankasa ne nea yɛpɛ. Nea ɛbɛyɛ na yɛatew dadwen so no, ebia ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ yɛbɛyɛ nsakrae ahorow bi. Sɛ nhwɛso no, so yebetumi ayɛ yɛn ho awiɛmfoɔ, na ebia yɛatu akɔtra dan a ne bo ba fam mu anaa yɛayiyi honam fam nneɛma a ɛho nhia afi yɛn ho?—Mateo 6:22.

7, 8. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesu daa no adi sɛ onim sɛ nnipa a wɔnyɛ pɛ de honam fam nneɛma ho dadwen bɛhaw wɔn ho? (Hwɛ ase hɔ asɛm no nso.) (b) Afotu a nyansa wom bɛn na Yesu de mae faa sɛnea yɛbɛkwati dadwen hunu ho?

7 Yesu de afotu mae wɔ Bepɔw so Asɛnka no mu sɛ: “Munnwinnwen mo kra ho sɛ dɛn na mubedi anaasɛ dɛn na mobɛnom, anaasɛ mo nipadua ho sɛ dɛn na mubefura.” * (Mateo 6:25) Na Yesu nim sɛ ɔkwan biara so no, nnipa a wɔnyɛ pɛ bedwennwen asetra mu ahiade atitiriw a wobenya ho. Nanso ɔkwan bɛn so na yebetumi agyae nneɛma a ɛtete saa ho ‘adwennwen’? Yesu kae sɛ: “Monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan.” Ɛmfa ho ɔhaw ahorow a yehyia no, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so de Yehowa som di kan wɔ yɛn asetra mu. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛnde yɛn soro Agya no de yɛn da biara da ahiade nyinaa “bɛka” yɛn ho. Sɛnea ɛte biara no, ɔbɛma yɛanya nea yɛde betwitwa yɛn ho.—Mateo 6:33.

8 Yesu de afotu yi mae sɛ: “Munnnwinnwen ɔkyena ho; na ɔkyena ankasa bedwinnwen ne ho.” (Mateo 6:34) Nyansa nnim sɛ yɛbɛdwennwen nea ebetumi aba ɔkyena ho. Nhomanimfo bi kae sɛ: “Nneɛma a yedwennwen ho no ntaa mma mu.” Bible afotu a ɛka sɛ yɛmma yɛn ani nku nneɛma a ɛho hia paa ho na yɛmma yɛn ani nsɔ nea yenya da biara da, a yɛde ahobrɛase begye atom no bɛboa yɛn ma yɛakwati dadwen hunu.—1 Petro 5:6, 7.

9. Sɛ yɛrehyia sikasɛm mu ahokyere a, mmoa bɛn na yebetumi anya afi “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no nhoma horow mu?

9 Sɛ yehyia sikasɛm mu ahokyere a, yebetumi ada Yehowa mu ahotoso adi denam nhoma a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no atintim a yɛbɛhwehwɛ mmoa afi mu no so. (Mateo 24:45) Bere ne bere mu no, nsɛm a epue Nyan! nsɛmma nhoma mu no de nyansahyɛ ahorow a mfaso wɔ so ma wɔ sɛnea yebetumi agyina sikasɛm mu ahokyere ano ho. Asɛm a epuei wɔ December 8, 1991 de no mu a ekura asɛmti “Obi a N’adwuma Afi Ne Nsa—Dɛn Ne Ano Aduru?” no de ɛho akwankyerɛ awotwe a mfaso wɔ so, a aboa nnipa pii ma wɔatumi ahwɛ wɔn sikasɛm ne wɔn nkate so yiye bere a wɔn adwuma fii wɔn nsa no, ma. * Ɛwom, ɛsɛ sɛ akwankyerɛ ahorow a ɛte saa no ne adwene a yɛwɔ wɔ mfaso a ɛwɔ sika so no kari pɛ. Wosusuw eyi ho wɔ asɛm a ɛne “Biribi a Ɛho Hia Sen Sika,” a epuei wɔ saa nsɛmma nhoma koro no ara mu no mu.—Ɔsɛnkafo 7:12.

Bere a Yare Haw Wo

10. Ɔkwan bɛn so na Ɔhene Dawid nhwɛso no kyerɛ sɛ ɛfata sɛ yenya Yehowa mu ahotoso bere a yare a emu yɛ den abɔ yɛn no?

10 Sɛ yare a emu yɛ den bɔ wo a, so ɛfata sɛ wunya Yehowa mu ahotoso? Yiw, ɛfata! Yehowa te nka ma ayarefo a wɔwɔ ne nkurɔfo mu no. Nea ɛsen saa no, wayɛ krado sɛ ɔbɛboa wɔn. Sɛ nhwɛso no, susuw Ɔhene Dawid ho hwɛ. Ɛbɛyɛ sɛ na n’ankasa yare paa bere a ɔkyerɛw sɛnea Onyankopɔn ne treneefo a wɔyare di nsɛm fa no. Ɔkae sɛ: “[Yehowa, NW] bɛwaw no ɔyarepa so; ne yare a ɔyare da hɔ nyinaa, wodan ma esi no yiye.” (Dwom 41:1, 3, 7, 8) Ahotoso a na Dawid wɔ wɔ Onyankopɔn mu no kɔɔ so yɛɛ den, na akyiri yi ɔhene no ho tɔɔ no. Ɛnde, ɔkwan bɛn so na yebetumi ada Onyankopɔn mu ahotoso adi bere a yare ama yɛahaw no?

11. Sɛ yare bɔ yɛn a, dɛn na yebetumi abisa afi yɛn soro Agya no hɔ?

11 Sɛ yare bɔ yɛn a, ɔkwan biako a yɛnam so betumi ada yɛn ahotoso wɔ Yehowa mu adi ne sɛ yɛbɛkɔ n’anim wɔ mpaebɔ mu de ahwehwɛ mmoa a yɛde begyina ano. Yebetumi asrɛ sɛ ɔmmoa yɛn mma yɛnyɛ ade ‘nyansam,’ sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛhwehwɛ ayaresa a yɛn nsɛm tebea bɛma ho kwan. (Mmebusɛm 3:21) Afei nso yebetumi abisa no ma waboa yɛn ma yɛanya abodwokyɛre ne boasetɔ na ama yɛatumi agyina yare no ano. Nea ɛsen ne nyinaa no, ɛsɛ sɛ yɛsrɛ Yehowa ma ɔwowaw yɛn, na ɔma yɛn ahoɔden a ɛbɛma yɛakura gyidi a yɛwɔ wɔ ne mu no mu na yɛakari pɛ ɛmfa ho nea ebesi biara. (Filipifo 4:13) Yɛn mudi mu a yebekura ama Onyankopɔn no ho hia koraa sen sɛ yɛbɛkora nkwa a yɛwɔ mprempren no so. Sɛ yekura yɛn mudi mu a, Ɔkatuafo Kɛse no bɛma yɛn asetra ne akwahosan a ɛyɛ pɛ a enni awiei.—Hebrifo 11:6.

12. Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm ahorow bɛn na ebetumi aboa yɛn bere a yɛresa yɛn ho yare no?

12 Yehowa mu ahotoso a yɛwɔ no nso ka yɛn ma yɛhwehwɛ akwankyerɛ a mfaso wɔ so fi N’asɛm, Bible no mu. Nnyinasosɛm ahorow a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm mu no betumi aboa yɛn ma yɛasisi gyinae a nyansa wom wɔ ayaresa ho. Sɛ nhwɛso no, bere a yenim sɛ Bible kasa tia ‘ahonhonsɛmdi’ no, yɛbɛkwati nhwehwɛmu anaa ayaresa biara a ahonhonsɛmdi wom. (Galatifo 5:19-21; Deuteronomium 18:10-12) Bible mu nyansa a yebetumi de yɛn ho ato so no ho nhwɛso bi ni: “Atetekwaa gye nsɛm nyinaa di, na onitefo hwɛ ne nantew mu yiye.” (Mmebusɛm 14:15) Ne saa nti, sɛ yɛresusuw ayaresa ho a, nyansa wom sɛ yɛbɛhwehwɛ nokwasɛm sen sɛ ‘yebegye asɛm biara adi.’ “Adwenemtew” a ɛte saa betumi aboa yɛn ma yɛasusuw nea yɛpɛ ho yiye na yɛasi ho gyinae pa.—Tito 2:12.

13, 14. (a) Akwahosan ho nsɛm a mfaso wɔ so bɛn na wɔatintim wɔ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no mu? (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 17 no.) (b) Yare a enni sabea ho afotu bɛn na wɔde mae wɔ February 8, 2001 Nyan! no mu?

13 Yebetumi ada ahotoso a yɛwɔ wɔ Yehowa mu no adi denam akoa nokwafo no nhoma horow a yɛbɛyɛ mu nhwehwɛmu no so. Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no atintim nsɛm a ɛfa yare ahorow ho bere ne bere mu. * Ɛtɔ mmere bi a nsɛmma nhoma yi ka ankorankoro bi a wɔatumi agyina ahoɔmmerɛw, nyarewa, ne dɛmdi ahorow ano ho asɛm. Bio nso, nsɛm no bi de Kyerɛwnsɛm mu nyansahyɛ ahorow ne afotu a mfaso wɔ so nso ama wɔ sɛnea yebetumi agyina nyarewa bi a enni sabea ano.

14 Sɛ nhwɛso no, February 8, 2001, Nyan! no susuw asɛm a ɛtoatoa so “Awerɛkyekye Ma Wɔn a Wɔyare” ho. Asɛm no de Bible nnyinasosɛm a mfaso wɔ so ne nsɛm a wobisabisaa nkurɔfo a wɔwɔ nimdeɛ a wɔagyina yare a ama wɔayɛ mmerɛw ano mfe pii no anom nsɛm mae. Asɛm a ese “Wo Yare Ano a Wubegyina—Ɔkwan Bɛn So?” no de afotusɛm a edi so yi mae: Sua wo yare no ho ade pii sɛnea wubetumi. (Mmebusɛm 24:5) Fa botae a ntease wom na wubetumi adu ho, ne nea wode bɛboa afoforo sisi w’ani so, nanso hu sɛ ebia wuntumi nnu botae koro no ara a afoforo tumi du ho no ho. (Asomafo no Nnwuma 20:35; Galatifo 6:4) Kwati sɛ wobɛtew wo ho afi afoforo ho. (Mmebusɛm 18:1) Ma ɛnyɛ afoforo anigye sɛ wɔbɛsra wo. (Mmebusɛm 17:22) Nea ɛsen ne nyinaa no, ma wo ne Yehowa ne asafo no ntam abusuabɔ mu nyɛ den. (Nahum 1:7; Romafo 1:11, 12) So yɛn ani nsɔ akwankyerɛ a edi mũ a Yehowa nam n’ahyehyɛde no so de ma yɛn no?

Bere a Yentumi Nni Honam Mmerɛwyɛ Bi So No

15. Ɔkwan bɛn so na ɔsomafo Paulo tumi dii akodi a ɔne honam a ɛtɔ sin no mmerɛwyɛ dii no mu nkonim, na awerɛhyem bɛn na yebetumi anya?

15 Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Me honam mu de, papa bi nte mu.” (Romafo 7:18) Na Paulo ankasa nim sɛnea ɛyɛ den sɛ ɔbɛko atia honam a ɛtɔ sin no akɔnnɔ ne ne mmerɛwyɛ ahorow. Nanso, na Paulo wɔ awerɛhyem sɛ obedi mu nkonim. (1 Korintofo 9:26, 27) Ɔkwan bɛn so? Denam Yehowa mu ahotoso koraa a obenya so. Ɛno nti na Paulo tumi kae sɛ: “Me manehunufo! Hena na obeyi me afi owu yi nipadua mu? Aseda mfa yɛn Awurade Yesu Kristo so nka Onyankopɔn!” (Romafo 7:24, 25) Na yɛn nso ɛ? Yɛn nso yɛne honam mmerɛwyɛ redi ako. Bere a yɛbɔ mmɔden sɛ yebedi mmerɛwyɛ a ɛte saa so no, ɛnyɛ den sɛ yɛn abam bebu, na yɛanya adwene sɛ yentumi nni mu nkonim ara da. Nanso, te sɛ Paulo no, sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so nokwarem, na yɛamfa yɛn ho anto yɛn ankasa ahoɔden so a, Ɔbɛboa yɛn.

16. Sɛ ɛyɛ den sɛ yebedi honam mmerɛwyɛ bi so a, dɛn na ehia sɛ yɛbɔ ho mpae, na sɛ yɛsan yɛ biribi a yɛagyae yɛ nso a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

16 Sɛ ɛyɛ den sɛ yebedi honam mmerɛwyɛ bi so a, yebetumi ada Yehowa mu ahotoso adi denam yɛn adesrɛ a yɛde bɛto n’anim wɔ mpaebɔ mu so. Ehia sɛ yebisa Yehowa, anaasɛ yɛsrɛ no mpo, ma ɔde ne honhom kronkron no boa yɛn. (Luka 11:9-13) Yebetumi asrɛ ahosodi, a ɛyɛ Onyankopɔn honhom aba no fã, no tee. (Galatifo 5:22, 23) Na sɛ yɛsan yɛ biribi a yɛagyae yɛ nso ɛ? Ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn abam bu ɔkwan biara so. Mommma yɛmmmrɛ sɛ yebefi ahobrɛase mu abɔ yɛn Nyankopɔn mmɔborohunufo no mpae abisa ne nkyɛn fafiri ne mmoa. Yehowa rempo koma a ahonim a ebu fɔ ama “abubu na apɛtɛw” no da. (Dwom 51:17) Sɛ yefi koma mu kyerɛ nokware ahonu a, Yehowa bɛboa yɛn ma yɛadi sɔhwɛ ahorow so.—Filipifo 4:6, 7.

17. (a) Dɛn nti na mfaso wɔ so sɛ yebesusuw sɛnea Yehowa te nka wɔ mmerɛwyɛ pɔtee bi a yɛrebɔ mmɔden sɛ yebedi so no ho? (b) Kyerɛw nsɛm bɛn na yebetumi akyere agu yɛn tirim bere a yɛrebɔ mmɔden sɛ yebedi yɛn bo a efuw ntɛm so?, yɛn tɛkrɛma a yebedi so?, ne anigyede a ɛmfata a yɛkyerɛ ho anigye no?

17 Yebetumi akyerɛ nso sɛ yɛwɔ Yehowa mu ahotoso denam mmoa a yɛbɛhwehwɛ afi N’asɛm mu so. Yebetumi ahwehwɛ asɛmmisa, ‘Yehowa te nka dɛn wɔ mmerɛwyɛ pɔtee bi a merepere sɛ medi so no ho?’ ho mmuae bere a yɛde nhoma a wɔde hwehwɛ Bible mu nsɛmfua anaa Watch Tower Publications Index redi dwuma no. Sɛ yesusuw sɛnea Yehowa te nka wɔ asɛm no ho a ebetumi ahyɛ ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛsɔ n’ani no mu den. Yɛnam saayɛ so bɛte nka sɛnea ɔte nka no, na yɛakyi nea okyi. (Dwom 97:10) Ebinom ahu sɛ Bible kyerɛwsɛm ahorow bi a ɛfa wɔn mmerɛwyɛ pɔtee bi a wɔreko tia ho a wɔkyere gu wɔn tirim no aboa wɔn. So ɛyɛ den ma yɛn sɛ yebedi yɛn bo a ɛnkyɛ fuw so? Ɛnde yebetumi akaakae kyerɛwsɛm te sɛ Mmebusɛm 14:17 ne Efesofo 4:31. So ɛyɛ den ma yɛn sɛ yebedi yɛn tɛkrɛma so? Yebetumi asua kyerɛw nsɛm te sɛ Mmebusɛm 12:18 ne Efesofo 4:29 agu yɛn tirim. So ɛyɛ a yɛkyerɛ anigyede a ɛmfata ho anigye? Yebetumi abɔ mmɔden sɛ yɛbɛkae kyerɛwsɛm te sɛ Efesofo 5:3 ne Kolosefo 3:5.

18. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛma ɛyɛ yɛn aniwu sɛ yɛbɛkɔ mpanyimfo nkyɛn akɔhwehwɛ mmoa a yɛde bedi yɛn mmerɛwyɛ so no?

18 Mpanyimfo a wɔnam honhom so apaw wɔn wɔ asafo no mu a yɛbɛhwehwɛ mmoa afi wɔn nkyɛn no yɛ ɔkwan foforo a yɛnam so bɛkyerɛ sɛ yɛwɔ Yehowa mu ahotoso. (Asomafo no Nnwuma 20:28) Ɛfata efisɛ, ‘nnipa mu akyɛde’ yi yɛ nsiesiei a Yehowa nam Kristo so ayɛ a ɔde bɛbɔ ne nguan ho ban ahwɛ wɔn so. (Efesofo 4:7, 8, 11-14) Nokwarem no, ebia ɛrenyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛhwehwɛ mmoa a yɛde bedi yɛn mmerɛwyɛ bi ho dwuma. Ebia ɛbɛyɛ yɛn aniwu, na yɛasusuw sɛ ɛbɛma yɛahwere mpanyimfo no anim dom. Nanso, akyinnye biara nni ho sɛ mmarima a wɔn ho akokwaw honhom fam yi bɛkyerɛ obu ama yɛn sɛ yenyaa akokoduru de hwehwɛɛ mmoa no. Bio nso, mpanyimfo no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛda Yehowa ankasa su adi bere a wɔne nguankuw no redi nsɛm no. Ebia na wɔn afotu a ɛma ahotɔ na mfaso wɔ so, ne akwankyerɛ a efi Onyankopɔn Asɛm mu no ara ne nea yehia na ama yɛanya ahoɔden a yɛde bedi yɛn mmerɛwyɛ ahorow so no.—Yakobo 5:14-16.

19. (a) Ɔkwan bɛn so na Satan pɛ sɛ ɔde wiase asetra mu nneɛma hunu di dwuma? (b) Dɛn na ahotoso hwehwɛ, na dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo pintinn sɛ yɛbɛyɛ?

19 Mma wo werɛ mfi da sɛ Satan nim sɛ ne bere a aka yɛ tiaa. (Adiyisɛm 12:12) Ɔpɛ sɛ ɔde wiase asetra mu nneɛma hunu bu yɛn abam ma yegyae yɛn mudi mu. Ɛmmra sɛ yebenya ahotoso koraa wɔ asɛm a ɛwɔ Romafo 8:35-39 no mu: “Hena na ɔbɛtetew yɛne Kristo dɔ mu? Ahohia anaa ahometew anaa ɔtaa anaa ɔkɔm anaa adagyaw anaa amanenya anaa nkrante? . . . Nanso eyinom nyinaa mu na yɛnam nea ɔdɔɔ yɛn no so di nkonim boro so. Na migye midi ampa sɛ owu anaa nkwa anaa abɔfo anaa atumfo anaa nneɛma a ɛwɔ hɔ anaa nneɛma a ɛrebɛba anaa ahoɔden anaa ɔsoro anaa ebun anaa abɔde foforo biara rentumi ntetew yɛne Nyankopɔn dɔ a ɛwɔ yɛn Awurade Kristo Yesu mu no mu.” Asɛm a ɛda Yehowa mu ahotoso adi bɛn ara ni! Nanso, ahotoso a ɛte saa no mfi nkate mu ara kwa. Mmom no, ɛyɛ ahotoso a efi gyinae pa a yesisi wɔ yɛn da biara da asetram no mu. Enti momma yensi yɛn bo pintinn sɛ yebenya Yehowa mu ahotoso koraa wɔ ahohia bere mu.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 1 Ɔman Fotosanfo, Salmon P. Chase kyerɛw krataa wɔ November 20, 1861 mu kɔmaa U.S. Dwumadibea a wotwa sika no sɛ: “Ɔman biara nni hɔ a ebetumi ayɛ den gye sɛ ɛde ne ho to Onyankopɔn ahoɔden so, anaasɛ ebetumi ayɛ nea ɛwɔ ahobammɔ gye sɛ Onyankopɔn bɔ ho ban. Ɛsɛ sɛ yɛkyerɛw ahotoso a yɛn nkurɔfo wɔ wɔ Onyankopɔn mu no gu yɛn sika so.” Ne saa nti, wɔkyerɛw nnyinasosɛm yi, “Onyankopɔn na Yɛde Yɛn Ho To No So” guu U.S. sika so wɔ afe 1864 mu.

^ nky. 7 Wɔka dadwen a yɛkaa ho asɛm wɔ ha no ho asɛm sɛ ɛyɛ “ehu a efi ahoyeraw mu a ɛsɛe yɛn asetram anigye nyinaa no.” Nkyerɛase bi ka sɛ “munnwinnwen” anaa “monhaw mo ho.” Nanso nkyerɛase horow a ɛte saa no kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ yefi ase dwennwen anaa yɛhaw yɛn ho. Nhwehwɛmu nhoma bi ka sɛ: “Hela adeyɛ asɛm no yɛ ɔhyɛ kabea a ɛwɔ mprempren kabea mu a ɛkyerɛ ahyɛde a wɔde ma sɛ obi begyae biribi a wafi ase reyɛ dedaw.”

^ nky. 9 Akwankyerɛ awotwe no na edidi so yi: (1) Mmɔ hu; (2) nya adwempa; (3) bue w’adwenem ma nnwuma afoforo; (4) tra ase ma ɛne nea wowɔ nhyia—ɛnyɛ sɛnea obi foforo de te; (5) hwɛ yiye wɔ adefiri ho; (6) ma abusua mu biakoyɛ ntra hɔ; (7) kɔ so nya obu ma wo ho; ne (8) yɛ sikasɛm ho nhyehyɛe.

^ nky. 13 Nsɛmma nhoma a egyina Bible so yi nhyɛ ayaresa pɔtee bi ho nkuran efisɛ eyi yɛ asɛm a wogyae ma ankorankoro gyinaesi. Mmom no, atirimpɔw a ɛwɔ nsɛm a ɛka yare pɔtee bi ho asɛm mu ne sɛ ɛbɛma akenkanfo ahu ɛho nokwasɛm ahorow a ada adi.

So Wokae?

• Sɛ yehyia sikasɛm mu ahokyere a, akwan bɛn so na yebetumi ada no adi sɛ yɛwɔ Yehowa mu ahotoso?

• Ɔkwan bɛn so na yebetumi ada Onyankopɔn mu ahotoso adi bere a yare haw yɛn no?

• Sɛ ɛyɛ den sɛ yɛbɛko atia honam mmerɛwyɛ bi a, ɔkwan bɛn so na yebetumi ada no adi sɛ yɛwɔ Yehowa mu ahotoso ampa?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Adaka wɔ kratafa 17]

So Wokae Nsɛm Yi?

Sɛ yare ma yɛhaw a, ɛhyɛ nkuran sɛ yɛbɛkenkan nnipa foforo a wɔatumi agyina nyarewa ne dɛmdi ahorow ano no ho nsɛm. Nea edidi so yi yɛ nsɛm bi a wɔatintim wɔ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma horow mu.

“Mmɔden a Mebɔ Na Matra Nkwa Mu” a na egyina sɛnea adwempa ma wogyina tipae ne adwenemhaw ano so.—Nyan!, July 8, 1992.

“Meyɛ Mmerɛw a, Ɛno Ansa na Me Ho Yɛ Den.”—Nyan!, February 8, 1997.

“Ɛyɛ Me Anigye sɛ Mete Nkwa Mu Nnɛ” a na egyina sɛnea wogyina dɛmdi ano so.—Nyan!, May 8, 1997.

“Munnim Nea Ɛbɛba Ɔkyena” kaa sɛnea wogyina adwenemhaw ano ho asɛm.—Ɔwɛn-Aban, December 1, 2000.

“Loida’s Journey out of Silence” (Nea Ɛyɛe a Loida Tumi Kasae) twee adwene sii sɛnea wogyina adwenem dɛmdi ano so.—Engiresi Nyan!, May 8, 2000.

“Ɔpɛ a Yɛwɔ sɛ Yɛbɛtra Ase.”—Nyan!, March 8, 2000.

“M’asetra sɛ Ɔkwatani—Ama Manya Anigye ne Honhom Fam Nhyira.”—Ɔwɛn-Aban, April 1, 1998.

“Midii Ako a Etia Awo Akyi Adwenemhaw no Mu Nkonim.”—Nyan!, August 8, 2002.

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Sɛ yɛn adwuma fi yɛn nsa a, ebia ɛbɛyɛ papa sɛ yɛsan yɛ yɛn asetram nhwehwɛmu

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Loida asɛm no ma yehu sɛnea Yehowa mu ahotoso boa ma yetumi gyina tebea bɔne ano. (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 17 no)

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Enhia sɛ yɛma ɛyɛ yɛn aniwu sɛ yɛbɛhwehwɛ mmoa de adi yɛn mmerɛwyɛ so