Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So ‘Nokware Asɔre’ Biako Pɛ na Ɛwɔ Hɔ?

So ‘Nokware Asɔre’ Biako Pɛ na Ɛwɔ Hɔ?

So ‘Nokware Asɔre’ Biako Pɛ na Ɛwɔ Hɔ?

“SƐNEA Kristo biako pɛ na ɔwɔ hɔ no, saa ara na Kristo nipadua biako pɛ na ɛwɔ hɔ, Kristo Ayeforo biako pɛ: ‘Katolek ne asomafo Asɔre biako pɛ na ɛwɔ hɔ.’”—Dominus Iesus.

Saa na Roma Katolek sɔfopɔn, Joseph Ratzinger, kae wɔ n’asɔre nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ nokware asɔre biako pɛ na ɛwɔ hɔ no mu. Ɔkae sɛ, saa asɔre no yɛ “Kristo Asɔre biako pɛ, na ɛno ne Katolek Asɔre no.”

“Wɔnyɛ Asɔre Ankasa”

Ɛwom sɛ Pope John Paul II kyerɛe sɛ krataa Dominus Iesus no nkura “animtiaabu anaa aniammɔho nsɛm biara ma ɔsom afoforo” de, nanso Protestant asɔre akannifo no kasa tiae denneennen. Sɛ nhwɛso no, wɔ Presbyfo Nhyiam Kɛse a wɔyɛe wɔ Belfast, Northern Ireland, wɔ June 2001 mu ase no, ɔsɔfo biako kae sɛ krataa no yɛ asɛm a “Roma Katolek Asɔre no mu kuw bi a wɔyɛ den kyerɛwee, . . . a adwene a emu da hɔ a wɔda no adi honhom a Vatican II no de sii hɔ no ma wɔbɔ hu.”

Robin Eames, a ɔyɛ Church of Ireland Sɔfopanyin, kae sɛ sɛ krataa no yɛ “asɛm a wɔkyerɛwee ansa na Vatican II reba” a, anka obedi “yaw ankasa.” Bere a Eames reka ka a Vatican ka sɛ asɔre ahorow a wɔpo Katolek nkyerɛkyerɛ ‘nyɛ Asɔre ankasa’ ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Me fam no, ɛno betumi ayɛ atɛnnidi.”

Dɛn na ɛma wɔkyerɛwee Dominus Iesus no? Ɛte sɛ nea adwene a ɛne sɛ ɔsom biara ye no haw Roma Katolek Asɔre no. Sɛnea The Irish Times kyerɛ no, “ɔsom biara a wogye tom ho nyamekyerɛ—ka a wɔhyɛ da ka sɛ ɔsom biara yɛ papa te sɛ afoforo no . . . haw Ɔsɔfopɔn Ratzinger yiye.” Ɛte sɛ nea saa adwenkyerɛ yi na ɛkaa no ma ɔkae sɛ ɛsɛ sɛ nokware asɔre biako pɛ na ɛtra hɔ no.

So Asɔre Ko a Wowom Fa Ho?

Nokwarem, wɔ ebinom fam no, ‘ɔsom biara a wɔkyerɛ sɛ eye’ ho adwene anaa “ɔsom biara a wogye tom ho nyamekyerɛ” no yɛ biribi a ntease wom paa na wɔkyerɛ ho anigye sen adwenkyerɛ biara a ɛne sɛ ɛsɛ sɛ nokware asɔre biako pɛ na ɛtra hɔ no. Wɔn fam no, ɛsɛ sɛ nyamesom yɛ biribi a obi ankasa fi ne pɛ mu paw. ‘Enti,’ wɔka sɛ, ‘ɔsom ko a wowom no mfa ho ankasa.’

Ɛte sɛ nea ɛno yɛ adwenkyerɛ a nnipa dodow no ara gye tom—ɛwom mpo sɛ ade biako a ɛde aba ne nyamesom a emu apaapae ayɛ bebree no. Nnipa pii ka sɛ, ‘ɔsom a egu ahorow saa no nkyerɛ biribiara sɛ ankorankoro ahofadi a wɔda no adi ma ɛfata.’ Nanso, sɛnea nhomakyerɛwfo Steve Bruce kyerɛ no, sɛ yɛbɛka paa a, ‘nyamesom a wɔma ho kwan’ saa no kyerɛ “ɔsom mu anibiannaso” ankasa.—A House Divided: Protestantism, Schism, and Secularization.

Ɛnde, dɛn ne adwenkyerɛ a ɛfata no? So nokware asɔre biako pɛ na ɛwɔ hɔ? So ɛno ne Roma Katolek Asɔre no? So Onyankopɔn gye asɔre ahorow a aka no tom sɛ Katolek Asɔre no ara? Esiane sɛ saa nsɛmmisa yi fa yɛne yɛn Bɔfo no ntam abusuabɔ ho nti, akyinnye biara nni ho sɛ ɛho hia sɛ yebehu n’adwene wɔ asɛm no ho. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa? Ɛne sɛ yɛbɛhwɛ Onyankopɔn Asɛm Bible, a efi honhom mu, no mu. (Asomafo no Nnwuma 17:11; 2 Timoteo 3:16, 17) Momma yensusuw nea ɛwɔ ka fa asɛmti a ɛne nokware asɔre biako pɛ ho no ho.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 2]

NNURAHO: Mark Gibson/Index Stock Photography