Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wubu Mfɛfo Gyidifo a Wɔn Mfe Akɔ Anim no Sɛ Wɔsom Bo?

So Wubu Mfɛfo Gyidifo a Wɔn Mfe Akɔ Anim no Sɛ Wɔsom Bo?

So Wubu Mfɛfo Gyidifo a Wɔn Mfe Akɔ Anim no Sɛ Wɔsom Bo?

BERE a tete Israelfo ne Onyankopɔn yɛɛ apam no, wɔmaa wɔn ahyɛde sɛ: “Sɔre atifi dwen anim, na di akwakoraa anim ni, na suro wo Nyankopɔn.” (Leviticus 19:32) Enti na obu a wobenya ama wɔn a wɔn mfe akɔ anim no yɛ ɔsom mu asɛyɛde, na na ɛne brɛ a wɔbɛbrɛ wɔn ho ase ama Onyankopɔn no wɔ abusuabɔ. Ɛwom sɛ Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ no nni Mose Mmara no ase de, nanso ɛkae yɛn sɛ Yehowa bu wɔn a wɔn mfe akɔ anim a wɔsom no no sɛ wɔsom bo. (Mmebusɛm 16:31; Hebrifo 7:18) So yekura Yehowa adwene yi bi? So yebu yɛn nuanom Kristofo mmea ne mmarima a wɔn mfe akɔ anim no sɛ wɔsom bo?

Obuu N’adamfo a Ne Mfe Akɔ Anim no sɛ Ɔsom Bo

Yehu Bible kyerɛwtohɔ biako a esi obu a yɛbɛkyerɛ ama wɔn a wɔn mfe akɔ anim no so dua wɔ Ahene Nhoma a Ɛto so Abien no mu. Ɛkyerɛkyerɛ sɛnea odiyifo kumaa Elisa sii odiyifo Elia ananmu ho asɛm no mu. Susuw nea esii wɔ da a etwa to a Elia somee sɛ odiyifo wɔ Israel mmusuakuw du ahemman no mu no ho hwɛ.

Saa da no, Yehowa hyɛɛ odiyifo a na ne mfe akɔ anim no sɛ ontu kwan mfi Gilgal nkɔ Betel, omfi Betel nkɔ Yeriko, na omfi Yeriko nkɔ Yordan Asubɔnten ho. (2 Ahene 2:1, 2, 4, 6) Wɔ saa kilomita bɛyɛ 50 akwantu no mu no, Elia hyɛɛ Elisa mprɛnsa sɛ ɔnsan mfi n’akyi. Nanso, sɛnea mfehaha pii a na atwam no ababaa Rut ampene koraa sɛ obegyaw Naomi hɔ no, saa ara na Elisa ampene sɛ obegyaw odiyifo a na ne mfe akɔ anim no hɔ. (Rut 1:16, 17) Elisa kaa no mprɛnsa sɛ: “Sɛ [Yehowa, NW] te ase na wo kra te ase yi, merennyaw wo.” (2 Ahene 2:2, 4, 6) Ebeduu saa bere no mu no, na Elisa de bɛyɛ mfe asia aboa Elia dedaw. Nanso, ɔpɛe sɛ ɔne Elia bɛsom akodu bere tenten biara a obetumi. Nokwarem no, kyerɛwtohɔ no toa so sɛ: ‘Na wɔnam rekɔ na wɔrekasa no, hwɛ, Elia foroe.’ (Nkyekyɛm 11) Elia ne Elisa bɔɔ nkɔmmɔ kosii bere a etwa to koraa wɔ Elia som adwuma wɔ Israel no mu. Ɛda adi sɛ na odiyifo kumaa no wɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ obetie nkyerɛkyerɛ ne nkuranhyɛsɛm pii afi odiyifo a ne mfe akɔ anim, na ɔwɔ osuahu kɛse no hɔ sɛnea obetumi. Ɛda adi pefee sɛ obuu n’adamfo a na ne mfe akɔ anim no sɛ ɔsom bo.

‘Sɛ Agyanom ne Ɛnanom’

Ɛnyɛ den sɛ yebehu nea enti a na Elisa dɔ odiyifo a ne mfe akɔ anim no sɛ n’adamfo—anaasɛ honhom fam agya mpo. (2 Ahene 2:12) Aka bere tiaa bi ma Elia dwumadi wɔ Israel aba awiei no, ɔka kyerɛɛ Elisa sɛ: “Bisa nea menyɛ wo ansa na wɔafa me afi wo nkyɛn akɔ.” (Nkyekyɛm 9) Enti Elia dwen nea na obesi n’ananmu no honhom fam yiyedi ne Onyankopɔn adwuma a ɛbɛkɔ so no ho koduu awiei pɛɛ.

Ɛnnɛ, ɛyɛ anigye sɛ yebehu sɛ yɛn Kristofo nuanom mmarima ne mmea a wɔn mfe akɔ anim no dwen wɔn nuanom nkumaa no ho sɛ agyanom ne ɛnanom na woyi wɔn yam ne wɔn kyɛ wɔn nimdeɛ ne wɔn nyansa. Sɛ nhwɛso no, atuhoamafo a wɔasom akyɛ wɔ Yehowa Adansefo baa dwumadibea ahorow no fi wɔn pɛ mu boa Betel abusua no mufo a wɔyɛ foforo no ma wonya nimdeɛ a wohia na wɔde ayɛ wɔn adwuma no. Saa ara nso na ahwɛfo akwantufo ne wɔn yerenom a wɔde mfe pii asrasra asafo ahorow no ne wɔn a wɔretete wɔn ma wɔabɛsom sɛ asomfo akwantufo no kyɛ wɔn osuahu pii no anigye so. Bio nso, wɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa mu no, anuanom mmarima ne mmea a wɔn mfe akɔ anim a wɔde nokwaredi asom Yehowa mfe dudu pii no ne asafo no mufo a wɔyɛ foforo no kyɛ wɔn nyansa ne wɔn nimdeɛ anigye so.—Mmebusɛm 2:7; Filipifo 3:17; Tito 2:3-5.

Komam a saa Kristofo adɔfo a wɔn mfe akɔ anim yi fi susuw afoforo ho no ma obu a wɔkyerɛ ma saafo no yɛ anigye ankasa. Enti, yɛpɛ sɛ yesuasua Elisa nhwɛso no, na ama yɛanya obu kɛse ama yɛn mfɛfo gyidifo a wɔn mfe akɔ anim no. Sɛnea ɔsomafo Paulo kae yɛn no, momma yɛnkɔ so mmu ‘ɔpanyin sɛ agya’ ne “mmea mpanyin sɛ ɛnanom.” (1 Timoteo 5:1, 2) Bere a yɛyɛ saa no, yɛboa ma Kristofo asafo no nya nkɔso yiye wɔ wiase nyinaa.

[Mfonini wɔ kratafa 30]

Elisa pɛe sɛ ɔne Elia som bere tenten biara a obetumi

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 31]

Kristofo nkumaa nya mfaso kɛse fi wɔn a wɔn mfe akɔ anim no hɔ