Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Dwen Yɛn Ho Bere Nyinaa

Yehowa Dwen Yɛn Ho Bere Nyinaa

Asetram Nsɛm

Yehowa Dwen Yɛn Ho Bere Nyinaa

SƐNEA ENELESI MZANGA KA KYERƐE

Na ɛyɛ 1972. Mmerante du, a wɔyɛ Malawi Youth League no mufo, buu yɛn fie ani baa mu, kyeree me, twee me ase kɔɔ ahwerefuw bi a ɛbɛn hɔ mu. Ɛhɔ no, wɔboroo me na wogyaw me hɔ a na wosusuw sɛ mawu.

Yehowa Adansefo pii a wɔwɔ Malawi no hyiaa ntua a emu yɛ den a ɛte sɛ eyi. Dɛn nti na wɔtaa wɔn? Dɛn na ɛboaa wɔn ma wogyinaa mu? Mesrɛ sɛ ma menka m’abusua ho asɛm nkyerɛ wo.

WƆWOO me too abusua bi a wɔpɛ nyamesom mu wɔ December 31, 1921. Ná me papa yɛ ɔsɔfo wɔ Afrika Mfinimfini fam Presby Asɔre no mu. Miyinii wɔ Nkhoma, kurow ketewa bi a ɛbɛn Malawi ahenkurow, Lilongwe mu. Bere a midii mfe 15 no, mebɛyɛɛ Emmas Mzanga yere.

Da koro me papa adamfo bi a ɔno nso yɛ ɔsɔfo bɛsraa yɛn. Ná wahyɛ no nsow sɛ Yehowa Adansefo te bɛn yɛn fie na ɔbɔɔ yɛn kɔkɔ sɛ yɛne wɔn mmmɔ. Ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ Adansefo no wɔ adaemone, na sɛ yɛanhwɛ yiye a, yɛn nso yebetumi anya adaemone no bi. Saa kɔkɔbɔ no bɔɔ yɛn hu araa ma yetu kɔɔ akuraa foforo ase, baabi a Emmas nyaa adwuma sɛ sotɔɔ sohwɛfo. Ɛhɔ nso ankyɛ na yehui sɛ yɛn fie foforo no bɛn Yehowa Adansefo!

Nanso, ankyɛ, ɔdɔ kɛse a Emmas wɔ ma Bible no kaa no ma ɔne Adansefo no biako kasae. Bere a onyaa ne nsɛmmisa pii ho mmuae a ɛtɔ asom akyi no, Emmas penee so sɛ Adansefo no ne no nyɛ Bible adesua. Mfiase no na wɔyɛ Bible adesua no wɔ sotɔɔ a ɔyɛ adwuma wom no mu, nanso akyiri yi wɔyɛɛ dapɛn dapɛn adesua no wɔ yɛn fie. Bere biara a Yehowa Adansefo no bɛba no, na mifi fie hɔ efisɛ na misuro wɔn. Nanso, Emmas kɔɔ so suaa Bible no. Ofii ase suaa ade bɛyɛ asram asia akyi na wɔbɔɔ no asu wɔ April 1951 mu. Nanso, wanka ho asɛm ankyerɛ me efisɛ na osuro sɛ asɛm no bɛma yɛn aware agu.

Adapɛn a Emu Yɛ Den

Nanso, da koro, m’adamfo Ellen Kadzalero ka kyerɛɛ me sɛ wɔabɔ me kunu asu sɛ Yehowa Dansefo. Me bo fuwii! Efi saa da no, me ne no ankasa na manyɛ aduan nso amma no. Migyae nsu a na mesaw ma no ne nea na menoa ma ɔde guare no nso—adwuma a wɔ yɛn amammerɛ mu no wobu no sɛ ɛyɛ ɔyere adwuma no.

Bere a ogyinaa tebea yi mu adapɛn abiɛsa akyi no, Emmas fi ayamye mu ka kyerɛɛ me sɛ me ne no mmɔ nkɔmmɔ, na afei ɔkaa nea enti a osii gyinae sɛ ɔbɛyɛ Ɔdansefo no kyerɛɛ me. Ɔkenkan kyerɛw nsɛm pii te sɛ 1 Korintofo 9:16 kyerɛkyerɛɛ mu. Ɛkaa me yiye ma metee nka sɛ ɛsɛ sɛ me nso meka asɛmpa no bi. Enti misii gyinae sɛ me ne Yehowa Adansefo befi ase asua Bible no. Saa anwummere no ara, meyɛɛ aduan dɛdɛ bi maa me kunu a ɔdɔ me no ma n’ani gyei.

Nokware no Ho Asɛm a Yɛka Kyerɛ Abusuafo ne Nnamfo

Bere a yɛn awofo tee sɛ yɛne Yehowa Adansefo rebɔ no, wɔsɔre tiaa yɛn denneennen. M’abusuafo kyerɛw yɛn krataa ka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛmmmɛsra wɔn bio. Sɛnea wɔyɛɛ wɔn ade no maa yɛn werɛ howee, nanso yenyaa Yesu bɔhyɛ a ese yebenya honhom fam nuabarimanom ne nuabeanom pii no mu awerɛhyem.—Mateo 19:29.

Minyaa nkɔso wɔ me Bible adesua no mu ntɛmntɛm na wɔbɔɔ me asu wɔ August 1951 mu, asram abiɛsa ne fa pɛ wɔ me kunu asubɔ akyi. Metee nka sɛ na ɛsɛ sɛ meka nokware no ho asɛm kyerɛ m’adamfo Ellen. Anigyesɛm ne sɛ, ɔpenee Bible adesua a mekae sɛ me ne no bɛyɛ no so. Wɔ May 1952 mu no, wɔbɔɔ Ellen asu na ɔbɛyɛɛ me honhom fam nuabea, ɛno maa yɛn adamfofa no mu yɛɛ den yiye. Ɛnnɛ, yɛda so ara yɛ nnamfo paa.

Wɔ 1954 mu no, wɔpaw Emmas sɛ ɔnkɔsra asafo ahorow sɛ ɔmansin sohwɛfo. Saa bere no, na yɛwɔ mma baasia dedaw. Wɔ saa mmere no mu no, na ɔhwɛfo kwantufo a ɔwɔ abusua de dapɛn biako sra asafo bi na dapɛn a edi hɔ no ɔne ne yere ne ne mma atra fie. Nanso, sɛ Emmas rebetu kwan a, bere nyinaa no, na ɔhwɛ sɛ mɛyɛ yɛn abusua Bible adesua no. Yɛbɔɔ mmɔden sɛ yɛbɛma adesua a yɛne yɛn mma no yɛ no ayɛ anigye. Yɛde ahotoso a efi komam nso kaa ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne nokwasɛm a efi N’asɛm mu no ho asɛm, na yɛboom yɛɛ asɛnka adwuma no sɛ abusua. Saa honhom fam ntetee nhyehyɛe yi hyɛɛ yɛn mma no gyidi den na ɛboa siesiee wɔn maa ɔtaa a na yɛrebehyia no.

Ɔsom Mu Ɔtaa Fi Ase

Wɔ 1964 mu no, Malawi bɛyɛɛ ɔman a ade ne ho. Bere a aban a ɛredi ade no mpanyimfo hui sɛ yenni ɔfã biara wɔ amamuisɛm mu no, wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ yɛn ma yɛatɔ amanyɔ kuw nkratasin. * Esiane sɛ me ne Emmas anyɛ saa nti, Youth League no mufo sɛee yɛn aburofuw—yɛn aduan titiriw ma afe a na ɛbɛba no. Bere a Youth League no mufo retwitwa aburow no agu no, na wɔreto dwom sɛ: “Wɔn a wɔpo sɛ wɔbɛtɔ Kamuzu [Ɔmampanyin Banda] kratasin no bi no, mfɔte bɛsɛe wɔn aburow frɔmfrɔm no na saa nkurɔfo yi besu aburow no.” Nanso, ɛmfa ho sɛ yɛhweree aduan yi, yɛampa abaw. Yɛtee nka sɛ Yehowa dwen yɛn ho. Ofi ɔdɔ mu hyɛɛ yɛn den.—Filipifo 4:12, 13.

Wɔ August 1964, anadwo ɔdasu bi mu no, na me nkutoo ne mmofra no na ɛwɔ fie. Na yɛada, nanso nnwontofo bi nnyigyei a metee no akyirikyiri no nyanee me. Na ɛyɛ Gulewamkulufo no, abusua bi mu asawfo a wɔyɛ sum ase kuw a wɔn ho yɛ hu, a wɔtow hyɛ nkurɔfo so na wɔyɛ wɔn ho sɛ wɔyɛ nananom a wɔawuwu ahonhom no. Ná Youth League no mufo na wɔasoma Gulewamkulufo no sɛ wɔmmɛtow nhyɛ yɛn so. Minyanee mmofra no ntɛmpa ara, na yeguan kɔɔ wuram ansa na ntuafo no beduu yɛn fie hɔ.

Wɔ yɛn ahintawee hɔ no, yehuu kanea bi a ɛhyerɛn. Ná Gulewamkulufo no de ogya ato yɛn fie a sare na yɛde abɔ so no mu. Wɔhyew ɛne yɛn agyapade nyinaa dwerɛbee. Bere a ntuafo no fi yɛn fie a abubu a wusiw fi mu rekɔ no, yɛtee sɛ wɔka sɛ: “Yɛasɔ gya kama ama saa Ɔdansefo no de aka ne ho hyew.” Hwɛ sɛnea yɛde aseda maa Yehowa sɛ yenyaa yɛn ti didii mu! Nokwarem no, wɔsɛee yɛn agyapade nyinaa, nanso wɔansɛe yɛn bo a yɛasi sɛ yɛde yɛn ho bɛto Yehowa so sen sɛ yɛde bɛto nnipa so no.—Dwom 118:8.

Yɛtee sɛ Gulewamkulufo no ayɛ Yehowa Adansefo mmusua anum a wɔwɔ yɛn mpɔtam hɔ ade yayaw saa ara. Hwɛ sɛnea yenyaa anigye ne anisɔ bere a anuanom a wɔwɔ asafo a ɛbemmɛn hɔ mu no begyee yɛn no! Wɔsan sii yɛn afie no maa yɛn na wɔmaa yɛn aduan adapɛn pii.

Ɔtaa no Mu Yɛ Den

Wɔ September 1967 mu no, wɔbɔɔ dawuru wɔ ɔman no mu nyinaa sɛ wɔbɛkyere Yehowa Adansefo nyinaa. Nea ɛbɛyɛ a wobehu yɛn no, mmerante atirimɔdenfo ne anuɔdenfo—Youth League ne Malawi Young Pioneers no mufo a wokurakura nkrante—kɔɔ afie afie hwehwɛɛ Adansefo no. Sɛ wohu wɔn a, na mmarima no ka kyerɛ wɔn sɛ wɔbɛtɔn amanyɔ kuw nkratasin ama wɔn.

Bere a woduu yɛn fie no, wobisae sɛ yɛwɔ amanyɔ kuw kratasin no bi anaa. Mekae sɛ: “Dabi, mentɔɔ bi. Merentɔ bi seesei, na merentɔ bi daakye nso.” Afei wɔkyeree me ne me kunu na wɔde yɛn kɔɔ ɛhɔnom polisifo adwumam, a wɔamma yɛn kwan ma yɛamfa biribiara ankɔ. Bere a yɛn mma nkumaa no fi sukuu baa fie no, wɔanhu yɛn, enti ɛmaa wɔhawee. Anigyesɛm ne sɛ, ankyɛ na yɛn babarima panyin, Daniel baa fie, na ofipamfo bi kaa nea asi no kyerɛɛ no. Ntɛm ara na ɔfaa ne nuanom nkumaa no kaa ne ho na wɔde wɔn ani kyerɛɛ polisifo adwumam hɔ. Woduu hɔ bere a na polisifo no de yɛn regu lɔre akɛse mu de yɛn akɔ Lilongwe. Mmofra no nso kɔɔ bi.

Wɔ Lilongwe no, atoro asɛnni kɔɔ so wɔ polisifo adwumayɛbea ti hɔ. Mpanyimfo no bisae sɛ, “Mobɛkɔ so ayɛ Yehowa Adansefo?” Yebuae sɛ: “Yiw!” ɛmfa ho sɛ na yenim sɛ mmuae yi kyerɛ sɛ yɛbɛda afiase mfe ason no. Wɔ wɔn a “na wɔhwɛ” ahyehyɛde no so fam no, na atemmu no yɛ mfe 14.

Bere a yedii anadwo biako wɔ hɔ a yɛannidi na yɛanhome akyi no, polisifo no de yɛn kɔɔ Maula Afiase. Ɛhɔ no na afiase adan no mu kyere araa ma yɛannya baabi mpo anna wɔ fam! Na tiafi biako pɛ na ɛwɔ dan biara a ɛhɔ kyere no mu. Ná aduan a wɔkyekyɛ no sua na na wɔnyɛ no yiye. Adapɛn abien akyi no, afiase mpanyimfo no hui sɛ yɛyɛ nnipa a wɔpɛ asomdwoe na wɔmaa yɛn kwan ma yɛde afiase adiwo a wɔde teɛ-teɛ apɔw mu dii dwuma. Esiane sɛ na yɛn mu pii bom yɛ ade nti, yenyaa hokwan da biara a yɛde bɛhyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran na yedii nneduafo foforo a ɛwɔ hɔ no adanse pa. Nea ɛyɛɛ yɛn nwonwa no, yɛdaa afiase bɛyɛ asram abiɛsa akyi no, esiane sɛ na amanaman no de nhyɛso reba Malawi aban no so nti woyii yɛn.

Polisifo mpanyimfo no hyɛɛ yɛn nkuran sɛ yɛnsan nkɔ yɛn afie, nanso wɔsan nso ka kyerɛɛ yɛn sɛ wɔabara Yehowa Adansefo wɔ Malawi. Saa bara a wɔbaraa yɛn yi fii ase October 20, 1967, besii August 12, 1993—bɛyɛ mfe 26. Na saa mmere no yɛ mfe a emu yɛ den, nanso ɛdenam Yehowa mmoa so no yetumi kuraa afã biara a yenni no mu pintinn.

Wɔkaa Yɛn So sɛ Mmoa

Wɔ October 1972 mu no, aban mmara bi de ɔtaa a emu yɛ den foforo bae. Mmara no hyɛe sɛ wonyi Yehowa Adansefo nyinaa adi mfi baabi a wɔyɛ adwuma no na wɔmpam Adansefo a ɛtete nkuraase nyinaa mfi wɔn afie mu. Wɔkaa Adansefo no so te sɛ mmoa.

Saa bere no, onua Kristoni aberante bi baa yɛn fie bɛkaa nkrasɛm bi a egye ntɛmpɛ kyerɛɛ Emmas sɛ, ‘Youth League no rebɔ pɔw sɛ wobetwa wo ti, de wo ti asɛn dua so, na wɔde akɔma ahemfo a wɔwɔ ha no.’ Emmas yɛɛ ntɛm fii fie, nanso ɔyɛɛ nhyehyɛe a yɛn nso yɛde bɛtoa no ntɛmpa ara ansa na ɔkɔe. Ntɛm ara, memaa mmofra no kɔe. Afei, meyɛe sɛ merebɛkɔ pɛ na Youth League no mufo du bae a na wɔrehwehwɛ Emmas. Wobuu yɛn dan ani kɔɔ mu, nanso wohui sɛ Emmas kɔ. Abufuw so no, mmarima no twee me ase kɔɔ ahwerefuw bi a ɛbɛn hɔ mu, tutuu wɔn anan wowɔɔ me na wɔde ahwerew boroo me. Afei wogyaw me hɔ, a na wosusuw sɛ mawu. M’ani baa me ho so no, meweaweae san kɔɔ fie.

Saa anadwo no, esum durui no, Emmas de ne nkwa too asiane mu san baa yɛn fie hɔ bɛhwehwɛɛ me. Bere a Emmas hui sɛ wɔaboro me pasaa no, ɔne n’adamfo bi a ɔwɔ kar faa me bɔkɔɔ de me too kar no mu. Afei yɛkɔɔ onua bi a ɔwɔ Lilongwe fie, ɛhɔ na me ho tɔɔ me nkakrankakra fi ntua no ho, na Emmas fii ase yɛ nhyehyɛe a ɔde beguan afi ɔman no mu.

Aguanfo a Wonni Baabiara a Wɔbɛkɔ

Na yɛn babea Dinesi ne ne kunu wɔ Lɔre kɛse a etumi fa nneɛma tɔn anum. Wɔfaa obi a na anka kan no ɔyɛ Malawi Young Pioneer no muni sɛ ofirikafo, nanso na wabenya ayamhyehye ama yɛn tebea a yɛwom no. Otuu ne ho mae sɛ ɔbɛboa yɛn ne Adansefo afoforo. Ofirikafo no de anwummere pii faa Adansefo fii ahintawee ahorow a na wɔahyehyɛ sɛ ɔbɛfa wɔn afi hɔ no. Afei ɔhyɛɛ ne Malawi Young Pioneer atade na otuu lɔre no, na wɔmaa no kwan ma ɔfaa baabi a polisifo gyina hwehwɛ nneɛma mu pii no kɔe. Ɔde ne nkwa too asiane mu pii de boaa Adansefo ɔhaha pii ma wotwaam ɔman no hye so kɔɔ Zambia.

Asram kakraa bi akyi no, Zambia atumfoɔ no de yɛn san kɔɔ Malawi; nanso yɛantumi ansan ankɔ yɛn akuraase. Ná wɔawia yɛn agyapade a yegyaw wɔ hɔ no nyinaa. Na wɔayiyi nkyɛnsee a ɛbɔ yɛn dan no so mpo afi so. Esiane sɛ na yennim baabi a ahobammɔ wɔ a yɛbɛkɔ nti, yeguan kɔɔ Mozambique na yɛtraa Mlangeni aguanfo atrae mfe abien ne fã. Nanso, wɔ June 1975 mu no, Mozambique aban foforo bi guu atrae no na wɔhyɛɛ yɛn sɛ yɛnsan nkɔ Malawi, baabi a na tebea no nsesa mmaa Yehowa nkurɔfo no. Na yenni baabiara a yɛbɛkɔ gye sɛ yɛsan guan kɔ Zambia ne mprenu so. Ɛhɔ no, yɛkɔɔ Chigumukire aguanfo atrae hɔ.

Asram abien akyi no, bɔs ne asraafo lɔre akɛse akɛse pii begyinagyinaa kwankyɛn hɔ, na Zambia asraafo ɔhaha pii a akode hyehyɛ wɔn ho ma tow hyɛɛ atrae no so. Wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ wɔasisi afie fɛfɛ ama yɛn na wɔde bɔs ne lɔre akɛse akɛse no rebɛfa yɛn akɔ hɔ. Ná yenim sɛ eyi nyɛ nokware. Asraafo no fii ase piapiaa nnipa hyɛɛ lɔre akɛse ne bɔs ahorow no mu, na ehu kaa yɛn. Asraafo no fii ase tow wɔn atuo a ɛno ankasa tumi tow toatoa so kɔɔ wim, na ehu nti yɛn nuanom mmarima ne mmea mpempem pii hwetee.

Wɔ basabasayɛ no mu no, wosum Emmas bɔɔ hɔ tiatiaa no so a wɔanhyɛ da, nanso onua bi boaa no maa ɔsɔre gyinaa n’anan so. Na yesusuw sɛ eyi ne ahohiahia kɛse no mfiase. Aguanfo no nyinaa san guan kɔɔ Malawi. Bere a yɛda so wɔ Zambia no, yeduu asubɔnten bi ho, na anuanom no sosoo wɔn nsa too santen sɛnea ɛbɛboa obiara ma watwa nsu no dwoodwoo. Nanso, wɔ asubɔnten no fã foforo no, Zambia asraafo betwaa yɛn ho hyiae na wɔhyɛɛ yɛn de yɛn san kɔɔ Malawi.

Yɛsan kɔɔ Malawi bio no, na yennim baabi a yɛbɛkɔ. Yɛtee sɛ wɔ amanyɔ nhyiam horow ase ne atesɛm nkrataa mu no, na wɔabɔ nkurɔfo kɔkɔ sɛ wɔnhyɛ “nnipa foforo” biara a wɔbɛba wɔn nkuraase no nsow, a na Yehowa Adansefo ho asɛm na na wɔreka. Enti yesii gyinae sɛ yɛbɛkɔ ahenkurow no mu, baabi a yɛrenna nsow sɛ akuraase. Yenyaa ofie ketewaa bi a na yetua ho ka, na Emmas san fii asafo ahorow nsrahwɛ ase wɔ sum ase sɛ ɔhwɛfo kwantufo.

Asafo Nhyiam Ahorow a Yɛkɔ

Dɛn na ɛboaa yɛn ma yɛkɔɔ so dii nokware? Asafo nhyiam ahorow! Wɔ Mozambique ne Zambia aguanfo atrae hɔ no, yɛkɔɔ nhyiam ahorow wɔ Ahenni Asa a wɔasisi no sɛ akuraase adan a wɔde sare abɔ so, a na ɔhaw biara nni hɔ so. Ná ɛyɛ hu na na ɛyɛ den sɛ yebehyiam ayɛ nhyiam ahorow no wɔ Malawi—nanso na mfaso wɔ so bere nyinaa. Sɛnea ɛbɛyɛ a wɔnkyere yɛn no, na yɛtaa yɛ nhyiam ahorow no anadwo dasu mu wɔ akyirikyiri. Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛntwe adwene mma yɛn nhyiam ahorow so no, yɛammɔ yɛn nsam amma akasafo no amfa ankyerɛ anisɔ na mmom yɛposaa yɛn nsam.

Ná anadwo dasu mu na wɔbɔ asu. Wɔbɔɔ yɛn ba Abiyudi asu wɔ tebea a ɛte saa mu. Wɔ asubɔ kasa no akyi no, wodii ɔno ne asubɔfo foforo anim wɔ sum no mu kɔɔ baabi a ɛhɔ yɛ atɛkyɛ a na wɔatu amoa bi a emu nnɔ pii wɔ hɔ. Ɛhɔ na wɔbɔɔ wɔn asu.

Yɛn Fie Ketewa no Yɛ Hintabea

Mfe a aban no baraa yɛn no rekɔ awiei no, wɔde yɛn fie a ɛwɔ Lilongwe no yɛɛ hintabea. Wɔde nkrataa ne nhoma horow a efi Zambia baa dwumadibea no faa sum ase baa yɛn fie. Anuanom a na wɔde baesekre soma wɔn baa yɛn fie bɛfaa nkrataa ne nhoma a efi Zambia aba no de kɔɔ Malawi afa horow nyinaa. Na Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma a wɔkyekyɛ no yɛ hatahata efisɛ na wotintim wɔ krataa a wɔde tintim Bible so. Eyi maa wɔn a wɔde baesekre soma wɔn no tumi faa nsɛmma nhoma mmɔho abien a sɛ wotintimii wɔ krataa a wotintim wɔ so daa no so a anka wontumi mfa no saa. Wɔn a wɔsomaa wɔn no kyekyɛɛ Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma nketewa nso, a na adesua nsɛm nkutoo na ɛwom. Ná ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔde nsɛmma nhoma ketewa besie hyɛɛt kotoku mu efisɛ na ɛyɛ krataa biako pɛ.

Wɔn a wɔsomaa wɔn yi de wɔn ahofadi ne wɔn nkwa too asiane mu faa wuram, ɛtɔ mmere bi a wɔ sum mu anadwo, a wɔahyehyɛ nhoma a wɔabara no wɔ wɔn baesekre so atenten. Wotwaa kwan kilomita ɔhaha pii wɔ wim tebea ahorow nyinaa mu de honhom fam aduan kɔmaa wɔn nuanom, ɛmfa ho polisifo gyinabea a wɔhwehwɛ nneɛma mu ne akwanside afoforo a ɛwɔ kwan mu no. Hwɛ akokoduru a na wɔn a wɔsoma wɔn no wɔ!

Yehowa Dwen Akunafo Ho

Wɔ December 1992 mu, bere a na Emmas rema ɔkasa wɔ ɔmansin sohwɛfo nsrahwɛ mu no, ne fã dwudwoe. Ɛno akyi no na ontumi nkasa. Mmere bi akyi no, ɔsan dwudwoe ne mprenu so, na ɛmaa ne fã wui. Ɛwom sɛ na n’akwahosan a asɛe no ano a obegyina no yɛ den ma no de, nanso mmoa a efi ɔdɔ mu a yenya fii yɛn asafo no hɔ no yii m’abasamtu no fii hɔ. Mitumi hwɛɛ me kunu wɔ fie kosii sɛ owui wɔ November 1994 mu, a na wadi mfe 76. Ná yɛaware mfe 57, na Emmas huu bara a wɔbaraa yɛn no awiei ansa na ɔrewu. Nanso meda so ara di me hokafo nokwaredifo a mahwere no, no ho awerɛhow.

Bere a mebɛyɛɛ okunafo akyi no, m’ase barima gye too ne ho so sɛ ɔbɛhwɛ me aka ne yere ne ne mma baanum no ho. Awerɛhosɛm ne sɛ, bere a ɔyaree kakra akyi no, owui wɔ August 2000 mu. Ná me babea no bɛyɛ dɛn anya aduan ne dabere ama yɛn? Mesan hui sɛ Yehowa dwen yɛn ho na ɔyɛ “nyisaa se ne akunafo sɛnnifo” ampa. (Dwom 68:5) Yehowa nam n’asomfo a wɔwɔ asase so no so maa yɛn ofie fɛfɛ foforo bi. Ɛyɛɛ dɛn na ɛno bae? Bere a anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ yɛn asafo mu huu yɛn tebea no, wɔde adapɛn anum pɛ sii ofie maa yɛn! Anuanom a na wɔyɛ abantofo fi asafo foforo mu bɛboae. Ɔdɔ ne ayamye a saa Adansefo yi nyinaa daa no adi no bunkam yɛn so efisɛ ofie a wosi maa yɛn no yɛɛ papa sen afie a na wɔn mu pii tete mu no. Ɔdɔ a asafo no daa no adi no dii adanse pa wɔ yɛn mpɔtam hɔ. Sɛ mekɔda anadwo a, mete nka te sɛ nea mewɔ Paradise! Yiw, wɔde ntayaa na esii yɛn fie fɛfɛ foforo no, nanso ɛyɛ fie a wɔde ɔdɔ na esii ampa, sɛnea nnipa pii aka ho asɛm no.—Galatifo 6:10.

Yehowa Kɔ So Dwen Yɛn Ho

Ɛwom sɛ ɛtɔ mmere bi a na m’abam reyɛ abu koraa de, nanso Yehowa aboa me paa. Me mma baakron no mu baason da so te ase, na seesei m’abusua santen mufo yɛ 123. Hwɛ sɛnea m’ani gye sɛ wɔn mu fa kɛse no ara resom Yehowa nokwaredi mu!

Ɛnnɛ, bere a madi mfe 82 yi no, sɛ mehwɛ ade a Onyankopɔn honhom ayɛ wɔ Malawi a, anigye hyɛ me ma. Wɔ mfe anan a atwam nkutoo mu no, mahu sɛ Ahenni Asa dodow adɔɔso fi biako kɔ bɛboro 600. Seesei nso yɛwɔ baa dwumadibea foforo wɔ Lilongwe, na yenya honhom fam aduan a ɛhyɛ den a anohyeto biara nni ho. Nokwarem no, mete nka sɛ mahu Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛwɔ Yesaia 54:17, a ɛma yɛn awerɛhyem sɛ: “Akode biara a wɔbɔ hyɛ wo renyɛ yiye” no. Bere a masom Yehowa bɛboro mfe 50 no, mewɔ ahotoso sɛ sɔhwɛ biara a yebehyia no, Yehowa dwen yɛn ho bere nyinaa.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 17 Sɛ wopɛ Yehowa Adansefo a wɔwɔ Malawi ho abakɔsɛm pii a, hwɛ 1999 Yearbook of Jehovah’s Witnesses, kratafa 149-223, a Yehowa Adansefo tintimii no.

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Me kunu, Emmas, bɔɔ asu wɔ April 1951 mu

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Akokodurufo a na wɔsoma wɔn no bi

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Ofie a wosii no ɔdɔ so