Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bible Betumi Adi Aboa W’aware

Bible Betumi Adi Aboa W’aware

Bible Betumi Adi Aboa W’aware

AWARE—wɔ nnipa binom fam no, asɛmfua no ma wɔn ani gye. Afoforo fam no, ɛma wodi yaw. Ɔbaa warefo bi kae sɛ: “Mete nka sɛ nea wɔagyae me aware. Mete nka bere nyinaa sɛ me ho nhia na meyɛ ankonam.”

Dɛn na ɛma nnipa baanu a bere bi wɔkaa ntam sɛ wɔbɛdɔ wɔn ho na wɔabu wɔn ho no kyi wɔn ho saa? Ade biako ne nea aware kyerɛ a wonnim. Aduruyɛ ho sɛnkyerɛwfo bi kae sɛ: “Yɛde yɛn ho hyɛ aware mu a yenni ntetee biara.”

Adanse a ɛkyerɛ sɛ nnipa kakraa bi na wɔwɔ saa ntetee no da adi wɔ nhwehwɛmu bi a Ɔman Asoɛe a Ɛhwɛ Aware Nhyehyɛe So yɛe wɔ Rutgers Sukuupɔn mu wɔ New Jersey, U.S.A. no mu. Nhwehwɛmu no akwankyerɛfo kyerɛwee sɛ: “Wɔtetee wɔn a yɛyɛɛ wɔn mu nhwehwɛmu no pii wɔ mmusua a awofo no aware agyigya anaa wɔagyae aware mu. Wonim nea aware bɔne kyerɛ ankasa, nanso wontumi nhu sɛnea aware pa te. Nea wɔn mu binom betumi aka afa aware pa ho ara ne sɛ ‘nea ɛne m’awofo de bɔ abira.’”

So Kristofo nhyia aware mu haw ahorow? Ɛnte saa. Nokwarem no, na ehia sɛ wɔde afotu a emu da hɔ pefee ma afeha a edi kan mu Kristofo binom sɛ ‘wɔnnhwehwɛ sɛ wɔbɛsan wɔn ho’ afi wɔn aware ho. (1 Korintofo 7:27) Ɛda adi pefee sɛ, aware biara a nnipa baanu a wɔnyɛ pɛ hyehyɛ no wɔ ne haw ahorow, nanso yɛwɔ nea ɛbɛboa yɛn. Okununom ne ɔyerenom betumi ama wɔn ntam abusuabɔ atu mpɔn denam Bible nnyinasosɛm ahorow a wɔde bedi dwuma so.

Ɛwom, Bible no nyɛ aware nhoma. Nanso esiane sɛ Onii a ɔhyehyɛɛ aware no na ɔma wɔkyerɛwee nti, yebetumi ahwɛ kwan sɛ emu nnyinasosɛm ahorow no betumi adi aboa yɛn. Yehowa Nyankopɔn nam odiyifo Yesaia so kae sɛ: “Me [Yehowa, NW], wo Nyankopɔn, mene nea ɔkyerɛ wo nea eye ma wo, na ogya wo kɔ ɔkwan a fa so no so. Sɛ wowɛn w’aso ma me mmara nsɛm ɛ, anka w’asomdwoe bɛyɛ sɛ asubɔnten, na wo trenee ayɛ sɛ po asorɔkye.”—Yesaia 48:17, 18.

So ɔdɔ a na kan no ɛda wo ne wo hokafo ntam no afi ase redwo? So wote nka sɛ wode wo ti akɔhyɛ aware bi a ɔdɔ nnim mu? Ɔbea bi a waware mfe 26 ni kae sɛ: “Ɛyɛ den sɛ mɛkyerɛkyerɛ ɛyaw a madi wɔ aware a ɛte saa yi mu no mu. Ɛkɔ so daa a ennyae.” Sɛ́ anka wobɛfa no sɛ wo ti na enye wɔ aware mu no, dɛn nti na wunsi wo bo sɛ wobɛyɛ ho biribi? Asɛm a edi hɔ no bɛkyerɛ okununom ne ɔyerenom sɛnea Bible mu nnyinasosɛm ahorow betumi adi aboa wɔn aware wɔ ɔkwan pɔtẽẽ bi so—aware mu ahofama.