Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Yɛbɔ Mpae Daa?

Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Yɛbɔ Mpae Daa?

Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Yɛbɔ Mpae Daa?

“Munnnyae mpaebɔ da! Monna ase ade nyinaa mu.”—1 Tesalonikafo 5:17, 18.

1, 2. Ɔkwan bɛn so na Daniel kyerɛe sɛ n’ani sɔ mpaebɔ hokwan a onyae no, na nkɛntɛnso bɛn na ɛno nyae wɔ ɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ so?

ODIYIFO Daniel de yɛɛ ne su sɛ ɔbɛbɔ Onyankopɔn mpae mprɛnsa da biara. Ná ɔkotow ne mpomma a ani kyerɛ Yerusalem kurow no ano bɔ mpae. (1 Ahene 8:46-49; Daniel 6:10) Bere a ɔhene no hyɛɛ mmara mpo sɛ obiara mmmɔ obi foforo mpae nka Media hene Dario ho no, Daniel ammɔ hu ketewaa bi mpo. Sɛ́ na ne nkwa da asiane mu anaa ɛnna asiane mu no, saa barima a na ɔpɛ mpaebɔ yi bɔɔ Yehowa mpae daa.

2 Yehowa buu Daniel dɛn? Bere a ɔbɔfo Gabriel bae sɛ ɔrebebua Daniel mpaebɔ bi no, ɔkaa odiyifo no ho asɛm sɛ ‘obi a wɔdɔ n’asɛm.’ (Daniel 9:20-23) Wɔ Hesekiel nkɔmhyɛ no mu no, Yehowa kaa Daniel ho asɛm sɛ ɔtreneeni. (Hesekiel 14:14, 20) Wɔ mfe a Daniel de traa ase mu no, ɛda adi sɛ ne mpaebɔ no maa ɔne ne Nyankopɔn nyaa abusuabɔ pa, nokwasɛm a Dario mpo gye toom.—Daniel 6:16.

3. Sɛnea ɔsɛmpatrɛwfo bi suahu da no adi no, ɔkwan bɛn so na mpaebɔ betumi aboa yɛn ma yɛakura yɛn mudi mu?

3 Mpae a yɛbɔ no daa no betumi aboa yɛn nso ma yɛagyina sɔhwɛ ahorow a emu yɛ den ano. Sɛ nhwɛso no, susuw Harold King, ɔsɛmpatrɛwfo bi a na ɔwɔ China a wɔde no too obiakofo afiase mfe anum, asɛm no ho hwɛ. Onua King kaa ne suahu ho asɛm sɛ: “Wobetumi atew me afi me mfɛfo ho, nanso obiara ntumi ntew me mfi Onyankopɔn ho. . . . Na mekɔ me nkotodwe anim wɔ baabi a sɛ obi retwam a obehu me wɔ baabi a meda no mprɛnsa da biara bɔ mpae dennen, a na Daniel a Bible ka ne ho asɛm no ho asɛm wɔ m’adwenem. . . . Ná ɛte sɛ nea mmere a ɛte saa mu no, Onyankopɔn honhom twee m’adwene kɔɔ nneɛma a ɛho hia sen biara so, na ɛmaa minyaa abotɔyam. Honhom fam ahoɔden ne awerɛkyekye a mpaebɔ maa minyae bɛn ara ni!”

4. Mpaebɔ ho nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm yi mu?

4 Bible ka sɛ: “Munnnyae mpaebɔ da! Monna ase ade nyinaa mu.” (1 Tesalonikafo 5:17, 18) Esiane afotu yi nti, momma yensusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho: Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani ku yɛn mpaebɔ ho? Ntease horow bɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ Yehowa anim daa? Na dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ bere a yɛte nka sɛ yɛmfata sɛ yɛbɔ Onyankopɔn mpae esiane yɛn sintɔ ahorow nti no?

Fa Mpaebɔ So Hyehyɛ Adamfofa

5. Adamfofa a ɛda nsow bɛn na mpaebɔ boa yɛn ma yenya?

5 So wobɛpɛ sɛ Yehowa fa wo sɛ n’adamfo? Ɔkaa saa faa tete agya Abraham ho. (Yesaia 41:8; Yakobo 2:23) Yehowa pɛ sɛ yɛne no nya abusuabɔ a ɛte saa. Nokwarem no, ɔto nsa frɛ yɛn sɛ yɛmmɛn no. (Yakobo 4:8) So ɛnsɛ sɛ nsato a ɛte saa ma yesusuw nsiesiei soronko a ɛne mpaebɔ no ho? Hwɛ sɛnea ɛyɛ den sɛ yebenya hokwan ne aban panyin titiriw bi akasa, na kampɛsɛ yɛayɛ n’adamfo! Nanso, amansan Bɔfo no hyɛ yɛn nkuran sɛ yemfi yɛn pɛ mu mmra ne nkyɛn wɔ mpaebɔ mu bere biara a yɛpɛ anaasɛ ehia sɛ yɛyɛ saa no. (Dwom 37:5) Mpae a yɛbɔ no daa no boa yɛn ma yɛne Yehowa nya adamfofa a emu yɛ den.

6. Dɛn na Yesu nhwɛso no kyerɛ yɛn fa hia a ehia sɛ ‘yɛbɔ mpae daa’ ho?

6 Nanso, hwɛ sɛnea ɛyɛ mmerɛw sɛ yebebu yɛn ani agu mpaebɔ so! Asetram nhyɛso a yegyina ano da biara da no betumi atwetwe yɛn adwene araa ma yɛremmɔ mmɔden sɛ yɛne Onyankopɔn bɛkasa. Yesu hyɛɛ n’asuafo nkuran sɛ ‘wɔmmɔ mpae daa,’ na n’ankasa yɛɛ saa. (Mateo 26:41) Ɛwom sɛ na onni adagyew koraa de, nanso ogyee bere ne ne soro Agya no kasae. Ɛtɔ mmere bi a, na Yesu sɔre “ahemadakye” kɔbɔ mpae. (Marko 1:35) Mmere afoforo nso, ne nkutoo kɔhyɛɛ baabi bere a onwini adwo na ama ɔne Yehowa akasa. (Mateo 14:23) Yesu gyee bere de bɔɔ mpae bere nyinaa, na saa ara na ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ.—1 Petro 2:21.

7. Tebea ahorow bɛn na ɛsɛ sɛ ɛka yɛn ma yɛne yɛn soro Agya no kasa daa?

7 Mmere a ɛfata ma kokoam mpaebɔ sɔre mpɛn pii da biara bere a yehyia ɔhaw ahorow, yehyia sɔhwɛ, na yesisi gyinae ahorow no. (Efesofo 6:18) Sɛ yɛhwehwɛ Onyankopɔn akwankyerɛ wɔ biribiara a yɛyɛ wɔ asetram mu a, akyinnye biara nni ho sɛ yɛne ne ntam adamfofa mu bɛyɛ den. Sɛ nnamfo baanu hyia ɔhaw bom a, so adamfofa a ɛda wɔn ntam no mu mmɛyɛ den kɛse? (Mmebusɛm 17:17) Saa ara na ɛte bere a yɛde yɛn ho to Yehowa so na yenya ne mmoa no.—2 Beresosɛm 14:11.

8. Dɛn na yesua fi Nehemia, Yesu, ne Hana nhwɛso no mu fa sɛnea ɛsɛ sɛ yɛn kokoam mpaebɔ tenten yɛ ho?

8 Hwɛ anigye ara a yebetumi anya sɛ Onyankopɔn nto bere tenten anaa mpɛn dodow a ɛsɛ sɛ yɛne no kasa wɔ mpaebɔ mu no ano hye! Nehemia yɛɛ ntɛm bɔɔ mpae ne tirim ansa na ɔde n’adesrɛde rekɔto Persia hene anim. (Nehemia 2:4, 5) Yesu nso bɔɔ mpae tiawa bi bere a ɔsrɛe sɛ Yehowa mma no tumi ma onnyan Lasaro no. (Yohane 11:41, 42) Nanso, Hana ‘bɔɔ Yehowa mpae bere tenten’ bere a ɔkaa ne komam asɛm kyerɛɛ No no. (1 Samuel 1:12, 15, 16) Yɛn kokoam mpaebɔ betumi ayɛ tiawa anaa tenten, sɛnea yɛn ahiade anaa tebea no te.

9. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yeyi Yehowa ayɛ da no ase wɔ yɛn mpaebɔ mu wɔ nea wayɛ ama yɛn nyinaa ho?

9 Mpaebɔ ahorow pii a ɛwɔ Bible mu no da komam anisɔ a wonya maa Yehowa gyinabea a ɛkorɔn ne ne nnwuma a ɛyɛ nwonwa no adi. (Exodus 15:1-19; 1 Beresosɛm 16:7-36; Dwom 145) Wɔ anisoadehu mu no, ɔsomafo Yohane hu mpanyimfo 24—Kristofo dodow a wɔasra wɔn no nyinaa a wɔwɔ wɔn soro gyinabea—no sɛ wɔreyi Yehowa ayɛ sɛ: “[Yehowa, NW], wofata sɛ wugye anuonyam ne nidi ne tumi, efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa, na wo pɛ nti na ɛyeyɛe na wɔbɔe.” (Adiyisɛm 4:10, 11) Yɛn nso yɛwɔ ntease a enti ɛsɛ sɛ yeyi Ɔbɔadeɛ no ayɛ daa. Hwɛ anigye ara a awofo nya bere a wɔn ba fi komam da wɔn ase wɔ biribi a wɔayɛ ama no ho no! Yehowa ayamye a yebesusuw ho na yɛafi komam akyerɛ ho anisɔ no yɛ ɔkwan pa a yebetumi afa so ama yɛn mpaebɔ atu mpɔn.

“Munnnyae Mpaebɔ Da”—Dɛn Ntia?

10. Dwuma bɛn na mpaebɔ di de ma yɛn gyidi yɛ den?

10 Mpae a yɛbɛbɔ no daa no yɛ yɛn gyidi mu ade titiriw. Bere a Yesu yɛɛ hia a ehia sɛ ‘yɛbɔ mpae daa a yɛmmrɛ’ ho mfatoho akyi no, obisae sɛ: “Nanso onipa ba no ba a, so anka obehu gyidi asase so?” (Luka 18:1-8) Mpaebɔ a emu yɛ den a efi komam no hyɛ gyidi den. Bere a na tete agya Abraham rebɔ akwakora nanso onnya nnwoo ba no, ɔkaa ho asɛm kyerɛɛ Onyankopɔn. Wɔ mmuaema mu no, Yehowa dii kan ka kyerɛɛ no sɛ ɔnhwɛ soro na ɔnkan nsoromma no, sɛ obetumi anaa. Afei, Onyankopɔn maa Abraham awerɛhyem sɛ: “Sɛ w’asefo bɛyɛ nen.” Dɛn na efii mu bae? Abraham ‘gyee Yehowa dii, na obuu eyi sɛ trenee maa no.’ (Genesis 15:5, 6) Sɛ yebue yɛn komam ma Yehowa wɔ mpaebɔ mu, gye ne bɔhyɛ a ɛwɔ Bible mu no tom, na yetie no a, ɔbɛhyɛ yɛn gyidi den.

11. Ɔkwan bɛn so na mpaebɔ betumi aboa yɛn ma yɛadi ɔhaw ahorow ho dwuma?

11 Mpaebɔ betumi aboa yɛn ma yɛadi ɔhaw ahorow ho dwuma nso. So asetram dadwen hyɛ yɛn so na nsɛm tebea a yehyia no mu yɛ den? Bible ka kyerɛ yɛn sɛ: “Dan w’adesoa to [Yehowa, NW] so, na obeso wo mu, ɔremma ɔtreneeni ntwiw n’anan mu da.” (Dwom 55:22) Sɛ yehyia gyinaesi ahorow a emu yɛ den a, yebetumi asuasua Yesu nhwɛso no. Ɔbɔɔ mpae anadwo mũ nyinaa ansa na ɔrepaw n’asomafo 12 no. (Luka 6:12-16) Na anadwo ansa na Yesu rewu no, ɔbɔɔ mpae anibere so araa ma “ne ho fifiri yɛe sɛ mogya atɔwatɔw a ɛsosɔ fam.” (Luka 22:44) Dɛn na efii mu bae? “Na ɔfɛre nti wotiee no.” (Hebrifo 5:7) Mpae a yɛbɔ no anibere so daa no bɛboa yɛn ma yɛagyina tebea horow ne sɔhwɛ a emu yɛ den ano.

12. Ɔkwan bɛn so na mpaebɔ hokwan no kyerɛkyerɛ sɛnea Yehowa ani ku yɛn ho no mu?

12 Ade foforo nti a ɛsɛ sɛ yɛbɛn Yehowa wɔ mpaebɔ mu ne sɛ, ɛbɛma ɔno nso abɛn yɛn. (Yakobo 4:8) Sɛ yebue yɛn komam ma Yehowa wɔ mpaebɔ mu a, so yenhu sɛ n’ani gye ho sɛ obehu yɛn ahiade na wafi ɔdɔ mu ahwɛ yɛn? Sɛ́ ankorankoro no, yetumi hu Onyankopɔn dɔ. Yehowa mfaa mpae a ne somfo biara bɔ no sɛ wɔn soro Agya a obetie no ho asɛyɛde nhyɛɛ obiara nsa. (Dwom 66:19, 20; Luka 11:2) Na ɔto nsa frɛ yɛn sɛ ‘yɛmfa yɛn dadwen nyinaa nto ne so efisɛ odwen yɛn ho.’—1 Petro 5:6, 7.

13, 14. Ntease horow bɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae daa?

13 Mpaebɔ betumi akanyan yɛn ma yɛayɛ nsi kɛse wɔ baguam som adwuma no mu na ahyɛ yɛn den bere a anibiannaso anaa ɔsɔretia ma ɛyɛ te sɛ nea yɛrepa abaw no. (Asomafo no Nnwuma 4:23-31) Mpaebɔ betumi abɔ yɛn ho ban afi “ɔbonsam nnɛɛdɛe” ho nso. (Efesofo 6:11, 17, 18) Sɛ ɛyɛ den ma yɛn sɛ yebegyina da biara da sɔhwɛ ahorow ano a, yebetumi asrɛ Onyankopɔn daa sɛ ɔnhyɛ yɛn den. Nea na ɛka Yesu mpaebɔ nhwɛso no ho ne adesrɛ a ɛne sɛ Yehowa ‘nyi yɛn mfi ɔbɔne no,’ Satan Ɔbonsam, ‘nsam.’—Mateo 6:13.

14 Sɛ yɛkɔ so bɔ mpae hwehwɛ mmoa de di bɔne a yɛtɔ kɔ so no so a, Yehowa bɛboa yɛn. Yɛwɔ saa awerɛhyem yi: “Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo a ɔremma wɔnsɔ mo nhwɛ ntra nea mutumi so, na mmom ɔbɛma ɔkwan a mode befi sɔhwɛ no mu abɛda ho, na moatumi asoa.” (1 Korintofo 10:13) Ɔsomafo Paulo ankasa nyaa Yehowa denhyɛ mu suahu wɔ tebea ahorow pii mu. Ɔkae sɛ: “Mitumi ade nyinaa yɛ, nea ɔhyɛ me den no mu.”—Filipifo 4:13; 2 Korintofo 11:23-29.

Kɔ So Bɔ Mpae Ɛmfa Ho Sintɔ Ahorow

15. Sɛ yɛannu Onyankopɔn gyinapɛn ahorow ho a, dɛn na ebetumi asi?

15 Sɛ wobetie yɛn mpaebɔ ankasa a, ɛnsɛ sɛ yɛpo Onyankopɔn Asɛm mu afotu. Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Biribiara a yɛsrɛ no, yenya fi ne nkyɛn, efisɛ yedi n’ahyɛde so, na yɛyɛ nea ɛsɔ n’ani.” (1 Yohane 3:22) Nanso, sɛ ɛba sɛ yennu Onyankopɔn gyinapɛn ahorow ho a, dɛn na yebetumi ayɛ? Bere a Adam ne Hawa yɛɛ bɔne wɔ Eden turom akyi no, wɔde wɔn ho hintawee. Ebia yɛn nso yɛbɛte nka sɛ yebehintaw ‘afi Yehowa anim’ na yɛagyae mpaebɔ. (Genesis 3:8) Klaus, ɔhwɛfo kwantuni bi a ɔwɔ suahu ka sɛ: “Nea mahyɛ no nsow bere nyinaa ne sɛ ade a edi kan a wɔn a wɔtwe wɔn ho fi Yehowa ne n’ahyehyɛde ho yɛ ne sɛ wogyae mpaebɔ.” (Hebrifo 2:1) Saa na ɛbae wɔ José Ángel fam. Ɔka sɛ: “Metraa ase bɛyɛ mfe awotwe a na mintumi mmɔ Yehowa mpae. Metee nka sɛ memfata sɛ me ne no kasa, ɛmfa ho sɛ na meda so ara bu no sɛ me soro Agya no.”

16, 17. Fa sɛnea mpae a yɛbɔ no daa betumi aboa yɛn ma yɛadi honhom fam mmerɛwyɛ so ho nhwɛso ahorow ma.

16 Ebia yɛn mu binom bɛte nka sɛ yɛmfata sɛ yɛbɔ mpae esiane honhom fam mmerɛwyɛ anaasɛ bɔne bi a ebia yɛayɛ nti. Nanso eyi ne bere ankasa a ɛsɛ sɛ yɛde mpaebɔ nsiesiei no di dwuma koraa. Yona guan fii ne dwumadi ho. Nanso, ‘Yona fi n’ahohia mu su frɛɛ Yehowa, na otiee no; ofi asaman yafunu mu teɛɛm, na Yehowa tee ne nne.’ (Yona 2:2) Yona bɔɔ mpae, na Yehowa tiei, na Yona nyaa honhom fam ahoɔden bio.

17 José Ángel nso bɔɔ mpae anibere so hwehwɛɛ mmoa. Ɔka sɛ: “Mifi koma nyinaa mu srɛɛ Onyankopɔn hɔ fafiri. Na ampa ara ɔboaa me. Misusuw sɛ sɛ ɛnyɛ mmoa a menam mpaebɔ so nyae a, anka merentumi mma nokware no mu bio. Seesei mebɔ mpae daa, na mehwɛ mmere a ɛtete saa no kwan.” Ɛsɛ sɛ yefi yɛn pɛ mu ka yɛn mfomso ahorow ho asɛm kyerɛ Onyankopɔn bere nyinaa na yefi ahobrɛase mu srɛ ne hɔ fafiri. Bere a Ɔhene Dawid kaa ne bɔne no, Yehowa de firii no. (Dwom 32:3-5) Yehowa wɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛboa yɛn, ɛnyɛ sɛ obebu yɛn fɔ. (1 Yohane 3:19, 20) Na mpanyimfo a wɔwɔ asafo no mu mpaebɔ nso betumi aboa yɛn honhom fam, efisɛ mpaebɔ a ɛte saa no “tumi yɛ ade bebree.”—Yakobo 5:13-16.

18. Awerɛhyem bɛn na Onyankopɔn asomfo betumi anya ɛmfa ho baabi a wɔayɛ bɔne akodu no?

18 Agya bɛn na ɔbɛpo ne ba a ofi ahobrɛase mu ba ne nkyɛn bɛhwehwɛ mmoa ne afotu bere a wadi mfomso bi akyi no? Ɔba hohwini ho bɛ no kyerɛ sɛ ɛmfa ho baabi a yɛawae akodu no, yɛn soro Agya no ani gye bere a yɛsan ba ne nkyɛn no. (Luka 15:21, 22, 32) Yehowa hyɛ wɔn a wɔafom no nyinaa nkuran sɛ wɔmmra ne nkyɛn, “na ne firi a ɔde befiri dɔɔso.” (Yesaia 55:6, 7) Ɛwom sɛ Dawid yɛɛ bɔne pii a anibere wom de, nanso ɔkɔɔ Yehowa nkyɛn sɛ: “Onyankopɔn, yɛ aso tie me mpaebɔ, na nhintaw wo ho mfi me nkotɔsrɛ ho.” Ɔsan kae sɛ: “Anadwofa ne anɔpa ne owigyinae na medwen me tirim na masi apini, na ɔbɛte me nne.” (Dwom 55:1, 17) Awerɛkyekyesɛm bɛn ara ni!

19. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛka sɛ mpaebɔ a ɛte sɛ nea wommua no kyerɛ sɛ Onyankopɔn mpene so?

19 Na sɛ ɛte sɛ nea yɛn abisade ho mmuae mma ntɛm nso ɛ? Sɛ ɛba saa a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ hu sɛ yɛn abisade ne Yehowa apɛde hyia na yɛsrɛ wɔ Yesu din mu. (Yohane 16:23; 1 Yohane 5:14) Osuani Yakobo kaa Kristofo bi a wɔantie wɔn mpaebɔ esiane sɛ na ‘wɔrebisa no wɔ bɔne so’ nti ho asɛm. (Yakobo 4:3) Nanso, ɛnsɛ sɛ yɛyɛ ntɛm ka sɛ mpae a ɛte sɛ nea wommua no kyerɛ bere nyinaa sɛ Onyankopɔn mpene so. Ɛtɔ mmere bi a, Yehowa ma n’asomfo anokwafo kɔ so bɔ asɛm bi ho mpae bere tenten bi ansa na wadi ho dwuma. Yesu kae sɛ: ‘Monkɔ so mmisa, na wɔbɛma mo.’ (Mateo 7:7) Enti, ɛsɛ sɛ ‘yekura mpaebɔ mu ara.’—Romafo 12:12.

Bɔ Mpae Daa

20, 21. (a) Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛbɔ mpae daa wɔ “nna a edi akyiri” yi mu? (b) Sɛ yɛkɔ Yehowa dom ahengua no anim daa a, dɛn na yɛn nsa bɛka?

20 Nhyɛso ne ɔhaw ahorow redɔɔso wɔ “nna a edi akyiri” no “mmere a emu yɛ den” yi mu. (2 Timoteo 3:1) Na ebetumi ayɛ mmerɛw sɛ sɔhwɛ ahorow begye yɛn adwene. Nanso, mpae a yɛbɛbɔ no daa no bɛboa yɛn ma yɛatɔ akɔ honhom fam nneɛma so ɛmfa ho ɔhaw, sɔhwɛ, ne abasamtu ahorow no. Mpae a yɛbɔ Yehowa daa no betumi ama yɛanya mmoa titiriw a yehia no.

21 Yehowa, “mpaebɔ tiefo” no, nyɛ obi a onni adagyew koraa sɛ obetie yɛn. (Dwom 65:2) Mommma yɛnnyɛ nnipa a yenni adagyew koraa sɛ yɛne no bɛkasa. Yɛne Onyankopɔn ntam adamfofa no yɛ agyapade a ɛsom bo sen biara a yɛwɔ. Mommma yemmmu yɛn ani nngu so da. “Enti momma yɛmfa nnam mmra ɔdom ahengua no anim, na yɛanya mmɔborohunu, na yɛahu ɔdom, na ɛbere a ɛsɛ mu aboa yɛn.”—Hebrifo 4:16.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn na yesua fi odiyifo Daniel hɔ fa sɛnea mpaebɔ som bo no ho?

• Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahyɛ yɛne Yehowa adamfofa mu den?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae daa?

• Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ te a yɛte nka sɛ yɛmfata no siw yɛn kwan wɔ mpae a yɛbɛbɔ Yehowa no mu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Nehemia yɛɛ komm bɔɔ mpae tiawa ansa na ɔne ɔhene no rekɔkasa

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Hana ‘bɔɔ mpae bere tenten wɔ Yehowa anim’

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 18]

Yesu bɔɔ mpae anadwo mũ nyinaa ansa na ɔrepaw n’asomafo 12 no

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 20]

Hokwan ahorow a yɛde bɛbɔ mpae sɔre wɔ da mũ nyinaa mu