Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Honhom Fam Nkɔmmɔbɔ Hyɛ Den

Honhom Fam Nkɔmmɔbɔ Hyɛ Den

Honhom Fam Nkɔmmɔbɔ Hyɛ Den

“Mommma asɛm a ɛmfra biara mmfi mo anom, na mmom asɛm a eye na ɛma nkɔso a ehia, na wɔde dom wɔn a wɔte no.”—EFESOFO 4:29.

1, 2. (a) Nnipa kasa som bo dɛn? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa asomfo pɛ sɛ wɔde wɔn tɛkrɛma di dwuma?

“NNIPA kasa yɛ ahintasɛm; ɛyɛ akyɛde a efi Nyankopɔn hɔ, ɛyɛ anwonwade.” Saa na nsɛm asekyerɛ nhoma kyerɛwfo Ludwig Koehler, kyerɛwee. Ebia yebu yɛn ani gu Onyankopɔn akyɛde a ɛsom bo yi so. (Yakobo 1:17) Nanso hwɛ ade kɛse ara a yɛhwere bere a yare a ɛma onipa fã dwudwo mma yɛn dɔfo bi ntumi nkasa yiye no. Joan a ne kunu nyaa yare a ɛma onipa fã dwudwo nnansa yi no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Na yetumi bɔ nkɔmmɔ anigye so ma ɛhyɛ yɛn ntam abusuabɔ mu den. Hwɛ sɛnea m’ani agyina yɛn nkɔmmɔbɔ no!”

2 Nkɔmmɔbɔ betumi ahyɛ adamfofa mu den, asiesie ntawntawdi, akyekye wɔn a wɔn koma atu werɛ, ahyɛ gyidi den, na ama nkurɔfo asetra atu mpɔn—nanso ɛmma ara kwa. Ɔhene Salomo nyansafo no kae sɛ: “Ɛwɔ nea ɔworo kasa sɛ nkrante nwowɔe, na onyansafo tɛkrɛma sa yare.” (Mmebusɛm 12:18) Sɛ́ Yehowa asomfo no, yɛpɛ sɛ yɛn nkɔmmɔbɔ sa yare na ɛhyɛ den, na ɛnyɛ sɛ ebepira na abu yɛn abam. Yɛpɛ sɛ yɛde yɛn tɛkrɛma yi Yehowa ayɛ nso, wɔ yɛn baguam som adwuma mu ne yɛn kokoam nkɔmmɔbɔ nyinaa mu. Odwontofo no too dwom sɛ: “Onyankopɔn mu na yɛhoahoa yɛn ho daa nyinaa, na yeyi wo din ayɛ daapem.”—Dwom 44:8.

3, 4. (a) Ɔhaw bɛn na yɛn nyinaa hyia fa yɛn kasa ho? (b) Dɛn nti na nsɛm a yɛka ho hia?

3 Osuani Yakobo bɔ kɔkɔ sɛ: “Tɛkrɛma de, onipa biara ntumi nnwudwo no.” Ɔkae yɛn sɛ: “Yɛn nyinaa fom nneɛma pii mu. Sɛ obi mfom asɛm mu a, ɔno ara na ɔyɛ onipa a owie pɛyɛ a obetumi ato nipadua nyinaa nnareka adi so.” (Yakobo 3:2, 8) Yɛn mu biara nyɛ pɛ. Enti, yɛn nsusuwii pa nyinaa akyi no, ɛnyɛ bere nyinaa na yɛn kasa hyɛ afoforo den anaa eyi yɛn Bɔfo no ayɛ. Enti, ɛsɛ sɛ yesua sɛ yɛbɛhwɛ nea yɛka yiye. Bio nso, Yesu kae sɛ: “Asɛnhunu biara a nnipa bɛka no, wobebu ho akontaa atemmu da. Na wo nsɛm so na wɔnam bebu wo bem, na wo nsɛm so nso na wɔnam bebu wo fɔ.” (Mateo 12:36, 37) Yiw, nokware Nyankopɔn no bɛma yɛabu asɛm biara a yɛka ho akontaa.

4 Akwan a ɛsen biara a yebetumi afa so akwati kasa a epira no biako ne sɛ yɛde yɛn ho bɛhyɛ honhom fam nkɔmmɔbɔ mu. Yebesusuw ɔkwan a yebetumi afa so ayɛ saa, nsɛmti a yebetumi abɔ ho nkɔmmɔ, ne mfaso a yebetumi anya afi kasa a ɛhyɛ den mu ho wɔ adesua yi mu.

Ɛsɛ sɛ Yehu Nea Ɛwɔ Yɛn Koma Mu

5. Ɔkwan bɛn so na koma no di dwuma titiriw de hyɛ nkɔmmɔbɔ a ɛhyɛ den ho nkuran?

5 Sɛ yebetumi abɔ nkɔmmɔ a ɛhyɛ den a, nea edi kan no, ɛsɛ sɛ yehu sɛ yɛn nkɔmmɔbɔ da nea ɛwɔ yɛn komam adi. Yesu kae sɛ: “Nea ayɛ koma ma abu so no na ano ka.” (Mateo 12:34) Ne tiaa mu no, yɛpɛ sɛ yɛbɔ nneɛma a ɛho hia yɛn ho nkɔmmɔ. Ɛnde, ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho sɛ: ‘Dɛn na me nkɔmmɔbɔ da no adi fa me komam tebea ho? Sɛ me ne m’abusua anaa mfɛfo gyidifo te hɔ a, so mede me nkɔmmɔbɔ gyina honhom fam nneɛma so anaasɛ mede gyina agumadi, ntadehyɛ, sini, aduan, nneɛma foforo a matɔ, anaa nneɛma a ɛho nhia so bere nyinaa?’ Ebia yɛde yɛn asetra ne yɛn nsusuwii gyina nneɛma a ɛho nhia so a yennim sɛ yɛreyɛ saa. Yɛn ahiade ahorow mu nsakrae a yɛbɛyɛ no bɛma yɛn nkɔmmɔbɔ ne yɛn asetra atu mpɔn.—Filipifo 1:10.

6. Dwuma bɛn na nsɛm ho dwen di wɔ yɛn nkɔmmɔbɔ mu?

6 Nsɛm ho a yebedwen yiye nso yɛ ɔkwan foforo a yɛbɛfa so ama nsɛm a yɛka atu mpɔn. Sɛ yɛbɔ mmɔden kɛse dwennwen honhom fam nneɛma ho a, yebehu sɛ honhom fam nkɔmmɔbɔ no ankasa na ɛba. Ɔhene Dawid huu saa ade yi. Ɔtoo dwom sɛ: “Ma m’anom nsɛm nyɛ wo fɛ, na me komam nkɔmmɔ nsɔ w’ani, [Yehowa, NW].” (Dwom 19:14) Na odwontofo Asaf kae sɛ: “Masusuw [wo, Onyankopɔn] w’adwuma nyinaa ho, na madwen wo nneyɛe ho.” (Dwom 77:12) Koma ne adwene a esusuw Onyankopɔn Asɛm mu nokware ahorow ho kɛse no ankasa bɛka ayeyisɛm. Yeremia antumi anka n’ano antom sɛ ɔbɛka nneɛma a Yehowa akyerɛ no no ho asɛm. (Yeremia 20:9) Saa ara na yɛn nso yebetumi ayɛ bere a yesusuw honhom fam nneɛma ho daa no.—1 Timoteo 4:15.

7, 8. Nsɛmti bɛn na eye ma nkɔmmɔbɔ a ɛhyɛ den?

7 Honhom fam nhyehyɛe pa a yɛbɛyɛ no bɛma yɛanya nsɛmti pii a yebegyina so abɔ nkɔmmɔ a etu mpɔn. (Filipifo 3:16) Amansin, amantam, ne asafo nhyiam ahorow, nhoma ahorow a aba foforo, ne daa asɛm no ne emu nkyerɛkyerɛmu a wɔatintim no nyinaa ma yenya honhom fam akorade a yebetumi ne afoforo akyɛ. (Mateo 13:52) Na hwɛ sɛnea osuahu ahorow a yenya wɔ yɛn Kristofo som adwuma mu no betumi ahyɛ yɛn den wɔ honhom fam!

8 Ɔhene Salomo ani gyee nnua, mmoa, nnomaa, ne mpataa horow a na ɛwɔ Israel no ho. (1 Ahene 4:33) N’ani gyei sɛ ɔbɛbɔ Onyankopɔn adebɔ nnwuma ho nkɔmmɔ. Yɛn nso yebetumi ayɛ saa ara. Yehowa asomfo ani gye ho sɛ wɔbɛbɔ nsɛmti ahorow ho nkɔmmɔ, nanso honhom fam nsɛmti ma nnipa a honhom fam nneɛma hia wɔn nkɔmmɔbɔ yɛ dɛ bere nyinaa.—1 Korintofo 2:13.

“Saa Nneɛma Yi Ho na Munnwen”

9. Afotu bɛn na Paulo de maa Filipifo no?

9 Ɛmfa ho nsɛmti ko a yɛpaw no, sɛ yɛn nkɔmmɔbɔ gyina ɔsomafo Paulo afotu a ɔde kɔmaa Filipi asafo no so a, ɛbɛhyɛ afoforo den. Ɔkyerɛwee sɛ: “Nea ɛyɛ nokware, nea anim yɛ duru, nea ɛteɛ, nea ɛho tew, nea ɛwɔ ɔdɔ, nea ɛwɔ din pa, sɛ ɔbra pa bi wɔ hɔ a, sɛ ayeyi bi wɔ hɔ a, saa nneɛma yi ho na munnwen.” (Filipifo 4:8) Nneɛma a Paulo bobɔ din no ho hia araa ma ɔka sɛ ‘saa nneɛma yi ho na munnwen.’ Ɛsɛ sɛ yɛde hyɛ yɛn adwene ne yɛn komam. Enti momma yɛnhwɛ sɛnea nneɛma awotwe a Paulo bobɔɔ din no mu biara a yɛde yɛn adwene besi so no betumi aboa yɛn wɔ yɛn nkɔmmɔbɔ mu no.

10. Ɔkwan bɛn so na yɛn nkɔmmɔbɔ betumi afa nneɛma a ɛyɛ nokware ho?

10 Sɛ́ biribi yɛ nokware no kyerɛ pii sen asɛm bi a ɛyɛ pɛpɛɛpɛ na ɛnyɛ atoro kɛkɛ. Ɛkyerɛ biribi a ɛteɛ na wotumi de ho to so, te sɛ Onyankopɔn Asɛm mu nokware no. Enti, sɛ yɛka Bible mu nokware a ɛkanyan yɛn, ɔkasa ahorow a ɛhyɛɛ yɛn den, anaa Kyerɛwnsɛm mu afotu bi a ɛboaa yɛn ho asɛm kyerɛ afoforo a, na yɛresusuw nneɛma a ɛyɛ nokware ho. Ɔkwan foforo so no, yɛpo “nimdeɛ a wɔboa frɛ no sa,” a ɛyɛ ne ho sɛ nea ɛyɛ nokware no. (1 Timoteo 6:20) Na yɛkwati sɛ yɛbɛtrɛw atosɛm anaa osuahu ahorow a ɛnyɛ nokware mu.

11. Nneɛma a anim yɛ duru bɛn na yebetumi de aba yɛn nkɔmmɔbɔ mu?

11 Nea anim yɛ duru no yɛ nsɛm a nidi wom na ɛho hia, ɛnyɛ nea wɔtoto no ase na wobu no adewa. Nea ɛka ho ne nneɛma atitiriw a ɛfa yɛn Kristofo som adwuma no, mmere a emu yɛ den a yɛte mu yi, ne hia a ehia sɛ yekura abrabɔ pa mu ho no. Sɛ yɛbɔ nneɛma atitiriw a ɛte saa ho nkɔmmɔ a, yɛhyɛ yɛn bo a yɛasi sɛ yɛbɛwɛn wɔ honhom fam, yebekura yɛn mudi mu, na yɛakɔ so aka asɛmpa no mu den. Nokwarem no, osuahu ahorow a ɛyɛ anigye a yenya wɔ yɛn som adwuma no mu ne nsɛm a asisi foforo a ɛkae yɛn sɛ yɛte nna a edi akyiri mu no ma yenya nsɛmti pii a yebegyina so abɔ nkɔmmɔ a ɛhyɛ den.—Asomafo no Nnwuma 14:27; 2 Timoteo 3:1-5.

12. Esiane Paulo afotu a ɛne sɛ yensusuw nneɛma a ɛteɛ na ɛho tew ho nti, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkwati?

12 Asɛm nea ɛteɛ no kyerɛ biribi a ɛteɛ wɔ Onyankopɔn ani so—sɛ́ yebedu ne gyinapɛn ahorow ho. Adwene a ɛwɔ asɛm nea ɛho tew akyi ne sɛ yɛn nsusuwii ne yɛn abrabɔ bɛyɛ kronn. Ntwiri, nsɛnkwaa a ɛho ntew, anaa nguamansɛm nni ɔfã biara wɔ yɛn nkɔmmɔbɔ mu. (Efesofo 5:3; Kolosefo 3:8) Sɛ nkɔmmɔ bi a wɔbɔ wɔ adwumam anaa sukuu mu fa nneɛma a ɛtete saa ho a, Kristofo fi nyansa mu twe wɔn ho fi ho.

13. Fa nkɔmmɔbɔ a egyina nneɛma a ɛwɔ dɔ ne din pa so ho nhwɛso ahorow ma.

13 Bere a Paulo kamfo kyerɛe sɛ yensusuw nneɛma a ɛwɔ ɔdɔ ho no, na ɔretwe adwene asi nneɛma a ɛsɔ ani na wogye tom anaa nneɛma a ɛkanyan ɔdɔ, na ɛnkanyan ɔtan, yawdi, anaa ntawntawdi so. Nneɛma a ɛwɔ din pa no gyina hɔ ma nsɛm a nidi wom anaa biribi a wɔka ho asɛm pa. Nea ɛka nsɛm pa a ɛte saa ho ne anuanom mmarima ne mmea anokwafo asetram nsɛm a epue daa wɔ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! mu no. Sɛ wokenkan nsɛm a ɛhyɛ gyidi den yi a, dɛn nti na wonka sɛnea wote nka no ho asɛm nkyerɛ afoforo? Na hwɛ nkuranhyɛ a ɛyɛ sɛ yɛbɛte honhom fam nneɛma a afoforo atumi ayɛ no ho nsɛm! Nkɔmmɔbɔ a ɛte saa no bɛhyɛ ɔdɔ ne biakoyɛ ho nkuran wɔ asafo no mu.

14. (a) Dɛn na ɔbra pa a yɛbɛda no adi no hwehwɛ sɛ yɛyɛ? (b) Ɔkwan bɛn so na yebetumi ama ayeyi nsɛm aba yɛn kasa mu?

14 Paulo ka sɛ “sɛ ɔbra pa bi wɔ hɔ a.” Ɔbra pa gyina hɔ ma nneɛma a ɛyɛ papa na anim yɛ duru abrabɔ fam. Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ hu sɛ yɛbɛma Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm akyerɛ nsɛm a yɛka kwan ne sɛ yɛn kasa mman mfi nneɛma a ɛteɛ, nea ɛho tew, na ɛkyerɛ ɔbra pa ho. Ayeyi kyerɛ “biribi a ɛfata nkamfo.” Sɛ wutie ɔkasa bi a ɛyɛ dɛ anaa wuhu sɛ obi ayɛ gyidi ho nhwɛso bi wɔ asafo no mu a, ka ho asɛm—kyerɛ onii a ɔyɛɛ saa ne afoforo nyinaa. Ná ɔsomafo Paulo taa kamfo su pa a ne mfɛfo asomfo kura no. (Romafo 16:12; Filipifo 2:19-22; Filemon 4-7) Na nokwarem no, yɛn Bɔfo no nsa ano adwuma fata ayeyi ankasa. Emu na yehu nsɛmti pii a yebetumi de abɔ nkɔmmɔ a ɛhyɛ den no.—Mmebusɛm 6:6-8; 20:12; 26:2.

Bɔ Nkɔmmɔ a Ɛhyɛ Den

15. Kyerɛwnsɛm mu ahyɛde bɛn na ɛhwehwɛ sɛ awofo ne wɔn mma bɔ nkɔmmɔ a mfaso wɔ so?

15 Deuteronomium 6:6, 7 ka sɛ: “Nsɛm yi a merehyɛ wo nnɛ yi nna wo koma so; na fa kyerɛkyerɛ wo mma yiye, na kasa ho, w’afitra mu ne wo kwan so nantew mu ne wo nna mu ne wo sɔre mu.” Ɛda adi pefee sɛ, ahyɛde yi hwehwɛ sɛ awofo ne wɔn mma bɛbɔ honhom fam nkɔmmɔ a mfaso wɔ so.

16, 17. Dɛn na Kristofo awofo betumi asua afi Yehowa ne Abraham nhwɛso no mu?

16 Yebetumi atwa nkɔmmɔ tenten a ɛbɛyɛ sɛ Yesu ne ne soro Agya bɔe bere a na wɔresusuw n’asase so adwuma ho no ho mfonini wɔ yɛn adwenem. Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo sɛ: “Agya a ɔsomaa me no na ɔhyɛɛ me nea menka ne sɛnea menkasa.” (Yohane 12:49; Deuteronomium 18:18) Ɛbɛyɛ sɛ tete agya Abraham gyee nnɔnhwerew pii ne ne ba Isak bɔɔ nkɔmmɔ faa sɛnea Yehowa ahyira wɔn ne wɔn nananom no ho. Akyinnye biara nni ho sɛ, nkɔmmɔbɔ a ɛte saa no boaa Yesu ne Isak maa wɔbrɛɛ wɔn ho ase yɛɛ Onyankopɔn apɛde.—Genesis 22:7-9; Mateo 26:39.

17 Yɛn mma nso hia nkɔmmɔbɔ a ɛhyɛ den. Ɛsɛ sɛ adagyew a awofo nni nyinaa akyi no, wɔpɛ bere ne wɔn mma bɔ nkɔmmɔ. Sɛ ebetumi a, dɛn nti na monyɛ nhyehyɛe mmom nnidi sɛ abusua, anyɛ yiye koraa no, pɛnkoro da biara? Wɔ adidi mmere a ɛte saa mu ne ɛno akyi no, mubenya hokwan ahorow de abɔ nkɔmmɔ a ɛhyɛ den a ebetumi ama abusua no anya honhom fam akwahosan pii.

18. Ka osuahu bi a ɛkyerɛ mfaso a ɛwɔ nkitahodi pa a ɛwɔ awofo ne mma ntam so ho asɛm.

18 Alejandro, ɔkwampaefo bi a ɔwɔ ne mfe 20 mu no, kaakae sɛnea na n’adwenem yɛ no naa bere a na wadi mfe 14 no. Ɔka sɛ: “Esiane me mfɛfo sukuufo ne akyerɛkyerɛfo nkɛntɛnso nti, na m’adwene nsi me pi sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ ne sɛ Bible no yɛ nokware anaa. M’awofo tɔɔ wɔn bo ase ne me susuw nsɛm ho nnɔnhwerew pii. Saa nkɔmmɔbɔ yi ammoa ma manni m’adwenem naayɛ wɔ bere a emu yɛ den yi mu so nko, na mmom ɛmaa misisii gyinae pa wɔ m’asetram nso.” Na ɛnnɛ nso ɛ? Alejandro toa so sɛ: “Meda so ara te fie. Nanso yɛn nhyehyɛe a adagyew nnim no ma ɛyɛ den sɛ me ne me papa benya kwan abɔ nkɔmmɔ. Enti yɛn baanu no bom didi pɛnkoro dapɛn biara wɔ n’adwumam. Saa nkɔmmɔbɔ yi som bo ma me ankasa.”

19. Dɛn nti na yɛn nyinaa hia honhom fam nkɔmmɔbɔ?

19 So yɛn ani nsɔ hokwan ahorow a yenya ne yɛn mfɛfo gyidifo bɔ nkɔmmɔ a mfaso wɔ so no nso? Saa hokwan ahorow yi pue wɔ nhyiam ase, asɛnka mu, apontow ase, ne bere a yɛretu kwan no. Ná Paulo hwɛ kwan sɛ ɔne Kristofo a wɔwɔ Roma no bɛkasa. Ɔkyerɛw wɔn sɛ: “M’ani gyina sɛ mehu mo . . . sɛ me ne mo benya awerɛkyekye a efi gyidi a mo ne me wɔ no mu ba no bi.” (Romafo 1:11, 12) Johannes, a ɔyɛ Kristoni panyin no, ka sɛ: “Honhom fam nkɔmmɔ a yɛne mfɛfo Kristofo bɔ no di ahiade titiriw bi ho dwuma. Edwudwo koma na ɛma da biara dadwen so tew. Metaa bisa wɔn a wɔn mfe akɔ anim no sɛ wɔnka wɔn asetram nsɛm ne nea aboa wɔn ma wɔakɔ so adi nokware no nkyerɛ me. Mfe a abɛsen kɔ mu no, me ne wɔn mu pii akasa, na wɔn mu biara ama manya nyansa anaa nhumu bi a ama m’asetra atu mpɔn.”

20. Dɛn na yebetumi ayɛ bere a yehyia obi a ɔfɛre ade no?

20 Na sɛ ɛte sɛ nea obi nkyerɛ honhom fam nkɔmmɔbɔ ho anigye bere a woka ho asɛm no nso ɛ? Mma w’abam mmmu. Ebia wubetumi anya hokwan foforo a ɛfata yiye akyiri yi. Salomo kae sɛ: “Asɛm a wɔka a ɛfata te sɛ sika aduaba wɔ dwetɛ kyerɛnkyɛ mu.” (Mmebusɛm 25:11) Te wɔn a wɔfɛre ade no ase. “Ɔbarima komam agyinatu te sɛ nsu a emu dɔ, nanso nea ɔwɔ nhumu bɛsaw.” * (Mmebusɛm 20:5) Nea ɛsen ne nyinaa no, mma afoforo nneyɛe nntwe wo nnsan sɛ wobɛka nneɛma a ɛka wo koma no ho asɛm.

Honhom Fam Nkɔmmɔbɔ So Wɔ Mfaso

21, 22. Mfaso horow bɛn na yenya fi honhom fam nkɔmmɔbɔ mu?

21 Paulo tuu fo sɛ: “Mommma asɛm a ɛmfra biara mmfi mo anom, na mmom asɛm a eye na ɛma nkɔso a ehia, na wɔde dom wɔn a wɔte no.” (Efesofo 4:29; Romafo 10:10) Ebia ebegye mmɔdenbɔ na yɛatumi abɔ nkɔmmɔ pa, nanso emu nhyira dɔɔso. Honhom fam nkɔmmɔbɔ ma yetumi ka yɛn gyidi ho asɛm kyerɛ afoforo na ɛhyɛ yɛn nuayɛkuw no mu den.

22 Ɛnde, momma yɛmfa kasa akyɛde no nni dwuma mfa nhyɛ afoforo den na yɛmfa nyi Onyankopɔn ayɛ. Nkɔmmɔbɔ a ɛte saa no bɛma yɛanya abotɔyam na ahyɛ afoforo nkuran. Nea ɛsen ne nyinaa no, ɛbɛma Yehowa koma ani agye efisɛ otie yɛn nkɔmmɔbɔ, na n’ani gye bere a yɛde yɛn tɛkrɛma redi dwuma ɔkwan pa so no. (Dwom 139:4; Mmebusɛm 27:11) Sɛ yɛn nkɔmmɔbɔ fa honhom fam nneɛma ho a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa werɛ remfi yɛn. Bere a Bible reka wɔn a wɔsom Yehowa wɔ yɛn bere yi so ho asɛm no, ɛka sɛ: “Ɛnna wɔn a wosuro [Yehowa, NW] no kasakasae wɔn mu, na [Yehowa, NW] yɛɛ asõ na ɔtee, na wɔkyerɛw n’anim nkae nhoma maa wɔn a wosuro [Yehowa, NW] na wobu ne din no.” (Malaki 3:16; 4:5) Hwɛ hia a ehia sɛ yɛma yɛn nkɔmmɔbɔ hyɛ afoforo den wɔ honhom fam!

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 20 Ná mmura bi a ɛwɔ Israel no mu dɔ yiye. Wɔ Gibeon no, wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu no ahu ade a wɔkora nsu wom a emudɔ yɛ mita 25. Wɔayɛ atrapoe wɔ ho, a na ɛma nkurɔfo tumi sian kɔ mu kɔsaw nsu.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn na yɛn nkɔmmɔbɔ da no adi wɔ yɛn ho?

• Nneɛma a ɛhyɛ den bɛn na yebetumi abɔ ho nkɔmmɔ?

• Dwuma titiriw bɛn na nkɔmmɔbɔ di wɔ abusua no ne Kristofo asafo no mu?

• Nhyira horow bɛn na nkɔmmɔbɔ a ɛhyɛ den de ba?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 12]

Nkɔmmɔbɔ a ɛhyɛ den no gyina nneɛma yi so . . .

“nea ɛyɛ nokware”

“nea anim yɛ duru”

‘nea ɛwɔ ayeyi’

“nea ɛwɔ din pa”

[Nsɛm Fibea]

Video cover, Stalin: U.S. Army photo; Creator book cover, Eagle Nebula: J. Hester and P. Scowen (AZ State Univ.), NASA

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Adidi bere ma yenya hokwan a ɛkyɛn so de bɔ honhom fam nkɔmmɔ