Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kan Ne Akyiri Yi—Sɛnea Bible no Sakraa Ɔbarima Yi

Kan Ne Akyiri Yi—Sɛnea Bible no Sakraa Ɔbarima Yi

“Mommɛn Onyankopɔn, Na Ɔbɛbɛn Mo”

Kan Ne Akyiri Yi—Sɛnea Bible no Sakraa Ɔbarima Yi

NA NNWOM yɛ ade titiriw sen biara wɔ Rolf-Michael asetra mu. Na nnubɔnenom adi ne ti. Sɛ́ obi a wadu ne mmabunbere mu a ɔwɔ Germany no, na ɔnom nsa pii na na ɔde LSD, cocaine, wii ne nnuru a enya adwene so tumi di dwuma a biribiara nsiw no kwan.

Bere a Rolf-Michael rebɔ mmɔden de nnubɔne afa sum ase akɔ Afrika man bi mu no, wɔkyeree no de no too afiase asram 13. Nna a odii no afiase hɔ no ma onyaa bere susuw nea asetra atirimpɔw kyerɛ ankasa ho.

Rolf-Michael ne ne yere Ursula, hwehwɛɛ nea asetra kyerɛ denneennen na wɔhwehwɛɛ nokware no. Ɛmfa ho osuahu yayaw a wonya fii wɔn a wɔfrɛ wɔn ho Kristofo asɔre ahorow no mu no, na wɔwɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ wobehu Onyankopɔn. Nanso na wɔwɔ nsɛmmisa a wɔannya ho mmuae a ɛtɔ asom amfi nyamesom akuw no hɔ. Bio nso, saa ɔsom horow yi antumi amma wɔannya nkuranhyɛ a emu yɛ den biara a ɛbɛma wɔasesa wɔn asetra.

Bere bi akyi no, Rolf-Michael ne Ursula behuu Yehowa Adansefo. Bere a wofii ase suaa Bible no, afotu a ese: “Mommɛn Onyankopɔn, na ɔbɛbɛn mo” no kaa Rolf-Michael koma kɛse. (Yakobo 4:8) Osii ne bo sɛ ‘obeyi nipasu dedaw a ɛne ne kan abrabɔ no, na wahyɛ nipasu foforo a wɔbɔɔ no Nyankopɔn so, nokware trenee ne ahotew mu no.’—Efesofo 4:22-24.

Ná ɛbɛyɛ dɛn na Rolf-Michael atumi ahyɛ nipasu foforo no? Wofi Bible mu kyerɛɛ no sɛ ‘denam nokware nimdeɛ’ so no, obi betumi asesa ne nipasu ‘ayɛ no foforo akɔ nea ɔbɔɔ no,’ a ɔne Yehowa Nyankopɔn, ‘no suban so.’—Kolosefo 3:9-11.

Rolf-Michael maa n’asetra ne nnyinasosɛm ahorow a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no hyiae bere a ɔkɔɔ so nyaa nokware nimdeɛ no. (Yohane 17:3) Na ɛyɛ den ma Rolf-Michael sɛ obegyae nnubɔnenom, nanso ohuu bo a ɛsom sɛ ɔbɛbɛn Yehowa wɔ mpaebɔ mu na ama wanya ne mmoa no. (1 Yohane 5:14, 15) Onyaa mmoa foforo nso fii Yehowa Adansefo a wɔrebɔ mmɔden ayɛ Onyankopɔn apɛde a ɔne wɔn bɔe no so.

Hu a Rolf-Michael hui sɛ wiase no retwam na wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn apɛde nkutoo na wɔbɛtra ase daa no nso yɛɛ no mmoa. Ɛma ɔpawee sɛ ɔne Nyankopɔn a ɔyɛ ɔdɔ, Yehowa benya abusuabɔ pa na wanya nhyira a ɛtra hɔ daa mmom sen sɛ ɔbɛdɔ wiase a ɛbɛtra hɔ bere tiaa bi no. (1 Yohane 2:15-17) Nsɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 27:11 no kaa Rolf-Michael koma kɛse: “Me ba, yɛ onyansafo, na ma me koma ntɔ me yam, na manya asɛm mabua nea ɔbɔ me ahohora.” Ɔde anisɔ ka sɛ: “Saa nkyekyɛm yi da Yehowa dɔ a emu dɔ adi, esiane sɛ ɔde hokwan ama nnipa sɛ wɔmma ne koma ntɔ ne yam nti.”

Te sɛ Rolf-Michael, ne yere, ne ne mma baasa no, nnipa ɔpepehaha pii anya Bible mu nnyinasosɛm ahorow akyi a wodi no so mfaso. Yebetumi ahu saafo no wɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa no mu. Awerɛhosɛm ne sɛ, wɔ aman bi mu no, wɔbɔ Adansefo no atoro sobo sɛ wɔyɛ sum ase kuw bi a wɔn ho yɛ hu a wɔpaapae mmusua mu. Nanso Rolf-Michael suahu no kyerɛ sɛ ɛnte saa.—Hebrifo 4:12.

Rolf-Michael ka sɛ afotu a ɛwɔ Mateo 6:33 a ese yɛmfa honhom fam nneɛma nni kan no yɛ n’abusua no “akyerɛkyerɛkwan,” a ɛde wɔn ani hwɛ baabi a ɛfata. Ɔne n’abusua wɔ anisɔ kɛse ma Yehowa wɔ abusua asetra a ɛyɛ anigye a wɔn nsa aka sɛ Kristofo no ho. Wɔne odwontofo no yɛ adwene wɔ nea ɔkyerɛwee yi ho: “Dɛn na mede mɛhyɛ [Yehowa, NW] anan mu, ne yiye a ɔyɛ me nyinaa ho?”—Dwom 116:12.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 9]

Onyankopɔn de hokwan ma nnipa sɛ wɔmma ne koma ntɔ ne yam

[Adaka wɔ kratafa 9]

Bible Nnyinasosɛm Reyɛ Adwuma

Bible nnyinasosɛm ahorow a akanyan nnipa pii ma wɔagyae nneɛma a edi awu a ne yɛ aka wɔn hɔ no bi na edidi so yi:

“Mo a modɔ [Yehowa, “NW”], munkyi bɔne.” (Dwom 97:10) Bere a obi abegye atom sɛ nneyɛe ahorow a edi awu no nye na osua sɛ obekyi no, ɛbɛyɛ mmerɛw ama no sɛ ɔbɛyɛ nea ɛsɔ Onyankopɔn ani.

“Wo ne anyansafo mmɔ, na dan onyansafo, na nea ɔne nkwasea bɔ no hu amane.” (Mmebusɛm 13:20) Sɛ obi betumi apo nnubɔne ne nneɛma foforo a ne yɛ aka ne hɔ no a, ɛsɛ sɛ onii no de ahwɛyiye paw nnamfo. Kristofo a wɔbɛboa no ma wadi ne gyinaesi no ho dwuma a ɔbɛfa wɔn nnamfo no so wɔ mfaso kɛse.

“Monnna nnnwen biribiara nnhaw mo ho, na mmom ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ, ɛne aseda mma mo adesrɛ nnu Nyankopɔn asom; na Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so no bɛhwɛ mo koma ne mo adwene so Kristo Yesu mu.” (Filipifo 4:6, 7) Wɔmfa biribi foforo biara so nnya saa koma ne adwene mu asomdwoe no. Mmom ɛyɛ obi ho a ɔde to Onyankopɔn so wɔ mpaebɔ mu na ɛboa no ma odi asetra mu haw ahorow ho dwuma a ɔmfa nnuru a ne nom ka hɔ nni dwuma.