Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Dɛn na onnya “nkwa n’ankasa mu” no kyerɛ?

Bible ka fa Yesu Kristo ho sɛ onnya “nkwa n’ankasa mu” na ɛka fa n’asuafo no ho sɛ wonnya ‘nkwa wɔ wɔn mu.’ (Yohane 5:26; 6:53) Nanso saa kyerɛw nsɛm abien yi nkura ntease koro.

Yesu kae sɛ: “Sɛnea agya no wɔ nkwa n’ankasa mu no, saa ara na ɔde ama ɔba no nso sɛ onnya nkwa n’ankasa mu.” Ansa na Yesu reka asɛm a ɛda nsow yi no, ɔkae sɛ: “Nokware, nokware, mise mo sɛ: Nea ɔte m’asɛm na ogye nea ɔsomaa me no di no wɔ daa nkwa . . . Dɔn no reba na adu sɛ awufo bɛte Nyankopɔn ba no nne, na wɔn a wɔte no benya nkwa.” Ɛha no, na Yesu reka tumi soronko bi a Agya no de ama no ho asɛm—tumi a na wanya sɛ ɔbɛma nnipa anya gyinabea pa wɔ Onyankopɔn anim no. Bio nso, Yesu tumi nyan wɔn a wɔadeda wɔ owu mu no na wɔma wɔn nkwa. Enti wɔ a Yesu wɔ “nkwa n’ankasa mu” no kyerɛ sɛ wɔde saa tumi horow yi ama no. Sɛnea Agya no wɔ nkwa n’ankasa mu no, saa ara na ɔde ama Ɔba no nso “sɛ onnya nkwa n’ankasa mu.” (Yohane 5:24-26) N’asuafo no nso ɛ?

Bɛyɛ afe akyi no, Yesu kasa kyerɛɛ n’atiefo no sɛ: “Nokware, nokware, mise mo sɛ: Sɛ moanni onipa ba no honam na moannom ne mogya a, munni nkwa mo mu. Nea odi me honam na ɔnom me mogya no wɔ daa nkwa, na menyan no ɛda a edi akyiri no.” (Yohane 6:53, 54) Ɛha no, Yesu de nya a wonya ‘nkwa wɔn mu’ no toto “daa nkwa” a wonya ho. Asɛm koro no ara a wɔada no adi a ɛne munnya “nkwa mo mu” no pue wɔ mmeae afoforo wɔ Hela Kyerɛwnsɛm no mu. Nhwɛso abien ne, “Munnya nkyene mo ankasa mu” ne ‘wonyaa akatua a ɛsɛ wɔn nnaadaa wɔn ankasa mu.’ (Marko 9:50; Romafo 1:27) Wɔ nhwɛso ahorow yi mu no, asɛm no nkyerɛ tumi a obi wɔ sɛ ɔbɛma afoforo anya nkyene anaa tumi a ɔde bɛyɛ biribi atua afoforo ka. Momm no, ɛkyerɛ di a obi di mũ wɔ ne mu koraa. Enti, nea asɛm “nkwa mo mu” a ɔde dii dwuma wɔ Yohane 6:53 no kyerɛ ara ne sɛ wɔbɛkɔ asetra a edi mũ mu.

Bere a Yesu retwe adwene asi nkwa a ɛwɔ n’asuafo mu so no, ɔkaa ne nipadua ne ne mogya ho asɛm. Akyiri yi, bere a Yesu de Awurade Anwummeduan no resi hɔ no, ɔsan kaa ne nipadua ne ne mogya ho asɛm na ɔka kyerɛɛ n’akyidifo a wɔde wɔn bɛkɔ apam foforo no mu ma wɔadi sɛnkyerɛnne kwan so abodoo a mmɔkaw nnim no na wɔanom bobesa no bi. So eyi kyerɛ sɛ Kristofo a wɔde honhom asra wɔn a wɔne Yehowa Nyankopɔn yɛ apam foforo no nkutoo na wɔbɛkɔ asetra a edi mũ saa no mu? Dabi. Afe twaa bere a wɔde kaa nsɛm abien no ntam. Ná wɔn a wɔtee Yesu nsɛm a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Yohane 6:53, 54 no nni afe afe afahyɛ a wɔde abodoo ne bobesa gyina hɔ ma Kristo honam ne ne mogya biara ho nimdeɛ.

Sɛnea Yohane ti 6 kyerɛ no, Yesu dii kan de ne honam totoo mana ho sɛ: “Mo agyanom dii mana sare so, na wowuwui; eyi ne abodoo a esian fi soro ba, sɛ onipa nni bi, na wanwu. Mene abodoo a nkwa wɔ mu a misian mifii soro mebae no; sɛ obi di abodoo yi bi a, ɔbɛtra ase daa.” Na Yesu honam ne ne mogya sen mana ankasa. Ɔkwan bɛn so? Ɛne sɛ ɔde ne honam mae maa ‘wiase no nkwa,’ maa daa nkwa tumi yɛɛ yiye. * Enti nsɛm a ɛwɔ Yohane 6:53 a ɛka sɛ munnya “nkwa mo mu” no fa wɔn a wobenya daa nkwa nyinaa ho—sɛ́ ɛyɛ soro anaa asase so no.—Yohane 6:48-51.

Bere bɛn na Kristo akyidifo nya nkwa wɔ wɔn mu, anaa wɔkɔ asetra a edi mũ mu? Wɔ Ahenni adedifo no fam no, eyi ba wɔ bere a wɔanyan wɔn kɔ ɔsoro asetram sɛ honhom abɔde a wonwu da no. (1 Korintofo 15:52, 53; 1 Yohane 3:2) Yesu “nguan foforo” no nso kɔ asetra a edi mũ mu wɔ ne Mfirihyia Apem Nniso no akyi. Saa bere no na wɔasɔ wɔn ahwɛ, ahu sɛ wodi nokware, abu wɔn atreneefo ama daa nkwa wɔ Paradise asase so.—Yohane 10:16; Adiyisɛm 20:5, 7-10.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 7 Wɔ sare no so no, na Israelfo ne “afrafrafo pii” hia mana na ama wɔatumi atra ase. (Exodus 12:37, 38; 16:13-18) Saa ara nso na sɛ Kristofo bɛtra ase daa a, ɛsɛ sɛ wɔn nyinaa, sɛ́ wɔyɛ wɔn a wɔasra wɔn anaa wɔnsraa wɔn no, di mana a efi soro no denam gyidi a wɔbɛkyerɛ wɔ nkwagye tumi a ɛwɔ Yesu honam ne ne mogya a ɔde bɔɔ afɔre no mu so.Hwɛ February 1, 1988, Engiresi Ɔwɛn-Aban, kratafa 30-1.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 31]

Nokware Kristofo nyinaa betumi anya ‘nkwa wɔn ankasa mu’