Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Onyansafo Kyerɛ” Ɛyɛ Nkwa Asuti

“Onyansafo Kyerɛ” Ɛyɛ Nkwa Asuti

“Onyansafo Kyerɛ” Ɛyɛ Nkwa Asuti

ƆSOMAFO Paulo teɛɛm sɛ: “O Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ bun a emu dɔ! Wɔrenhu n’atemmu mu pɛɛpɛɛ.” (Romafo 11:33) Na tete agya nokwafo Hiob kae sɛ: ‘Yehowa Nyankopɔn yɛ koma mu nyansafo.’ (Hiob 9:4) Yiw, ɔsoro ne asase Bɔfo no nyansa nni ano. Na dɛn na yebetumi aka afa Ɔbɔadeɛ a ɔte saa no mmara anaa N’asɛm a wɔakyerɛw no ho?

Ɔdwontofo no too dwom sɛ: ‘Yehowa mmara yɛ pɛ, edwudwo ɔkra. Yehowa adanse atim, ɛma ayemfo hu nyansa. Yehowa ahyɛde teɛ, ɛma koma tɔ yam, Yehowa mmarahyɛ ho tew, na ɛtew ani.’ (Dwom 19:7, 8) Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Ɔhene Salomo a na ɔwɔ tete Israel no tee nokware a na saa nsɛm no yɛ ase! Ɔkae sɛ: “Onyansafo kyerɛ yɛ nkwa asuti, sɛ wɔde befi owu afiri mu.” (Mmebusɛm 13:14) Wɔ Mmebusɛm ti 13 nkyekyɛm 13 a edi kan no mu no, Salomo kyerɛe sɛnea afotu a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no betumi aboa yɛn ama yɛn asetra atu mpɔn na yɛakwati sɛ yɛde bɛto asiane mu no.

Ma Kwan Ma Wɔnkyerɛkyerɛ Wo

Mmebusɛm 13:1 ka sɛ: “Ɔba nyansafo tie agya nteɛso, na ɔfɛwdifo ntie ntwiwanim.” Agya nteɛso betumi ayɛ bɔkɔɔ anaa katee. Nea edi kan no, ebetumi ayɛ nteɛso, na sɛ ɔba po a, wɔde asotwe ma no. Sɛ ɔba tie n’agya nteɛso a, ɔyɛ onyansafo.

Bible ka sɛ: “Nea [Yehowa, NW] dɔ no no na ɔtwe n’aso, na ɔhwe ɔba biara a ogye no.” (Hebrifo 12:6) Ɔkwan biako a yɛn soro Agya no nam so teɛ yɛn so ne N’asɛm a wɔakyerɛw, Bible no. Sɛ yɛde obu kenkan Bible no na yɛde nea yesua no di dwuma a, N’asɛm no teɛ yɛn so ankasa. Eyi so ba yɛn mfaso, esiane sɛ biribiara a Yehowa ka no ye ma yɛn yiyedi.—Yesaia 48:17.

Yɛn yɔnko gyidini a yɛn honhom fam yiyedi ho hia no nso betumi de nteɛso ama yɛn de asiesie yɛn. Yebetumi abu afotusɛm biara a mfaso wɔ so a ɛne Onyankopɔn Asɛm hyia no sɛ emfi onii no hɔ na mmom efi Onyankopɔn, nokware Fibea kɛse no hɔ. Sɛ yegye tom sɛ efi Yehowa a, na yɛyɛ anyansafo. Sɛ yɛyɛ saa, na yɛma enya yɛn adwene so tumi, na yenya Kyerɛwnsɛm no mu ntease kɛse, na yesiesie yɛn akwan a, na yɛrenya nteɛso no so mfaso. Na saa ara na ɛte wɔ afotu a yenya fi Kristofo nhyiam ahorow ase ne Bible ho nhoma ahorow mu no. Aso a yɛbɛyɛ ama nea yesua denam nsɛm a ɛte saa a wɔakyerɛw anaa nea wɔka so no yɛ ɔkwampa a yɛfa so teɛ yɛn ho so.

Nanso, ɔfɛwdifo nyɛ aso ntie nteɛso. Nhwehwɛmu nhoma bi ka sɛ: “Esiane sɛ osusuw sɛ onim pii nti [ɔ]nyɛ obi a wotumi kyerɛkyerɛ no.” Na ontie ntwiwanim—nteɛso a ano yɛ den paa. Na so obetumi aka sɛ mfomso wɔ N’agya nteɛso no mu? Yehowa nnii mfomso da, na ɔrenni mfomso da. Fɛwdifo nam nteɛso a ɔpo so di n’ankasa ne ho fɛw. Salomo fi ahokokwaw mu paw nsɛm kakraa bi de kyerɛɛ yɛn mfaso a ɛwɔ so sɛ yɛbɛma wɔakyerɛkyerɛ yɛn!

Kora Wo Tɛkrɛma So!

Bere a Israel hene no rekyerɛ mfaso a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm a yɛbɛma akyerɛ yɛn nea ɛsɛ sɛ yɛka so no, ɔde ano totoo dua a ɛsow aba ho. Ɔkae sɛ: “Onipa anom aba so odi nnepa, na nea nkontompo kra pɛ ne mmusu.” (Mmebusɛm 13:2) Onipa anom aba ne nsɛm a ɔka no. Na onipa twa nsɛm a ɔde n’ano agu no. Nhomanimfo bi kae sɛ: “Sɛ ɔde nsusuwii pa ka nsɛm a ɛde ayɔnkofa pa bɛba ɔne n’afipamfo ntam a, obedidi yiye, n’ani begye na wanya asomdwoe.” Nanso wɔ nkontomponi fam no, nsɛm nte saa koraa. Ɔpɛ sɛ ɔyɛ basabasa na ɔyɛ afoforo bɔne. Basabasayɛ ho na osusuw, na otwa so aba. Na owu afiri gyina ne kwan ano.

Salomo toa so sɛ: “Nea ɔkora n’ano hwɛ ne kra so, nea ɔtɛɛ n’anom nya ɔsɛe.” (Mmebusɛm 13:3) Nea ebetumi afi nsɛm a nyansa nnim mu aba ne obi din a ɔsɛe no, ɛyawdi, afoforo ntam abusuabɔ a ɛsɛe ne opira. Kasa a wɔnhwɛ no yiye betumi ama obi ahwere Onyankopɔn anim dom nso, efisɛ Onyankopɔn bɛma yɛabu nsɛm biara a yɛka ho akontaa. (Mateo 12:36, 37) Nokwarem no, yɛn ano a yɛbɛkora so yiye no bɛbɔ yɛn ho ban afi ɔsɛe ho. Nanso, ɔkwan bɛn so na yebetumi akora yɛn ano?

Ɔkwantiaa biako a yɛbɛfa so ayɛ eyi ne sɛ yɛnkasa pii. Bible ka sɛ: “Mfomso mpa ɔkasa dodow mu.” (Mmebusɛm 10:19) Ɔkwan biako ne sɛ yebesusuw nsɛm ho ansa na yɛakasa. Ɔkyerɛwfo a honhom kaa no no kae sɛ: “Ɛwɔ nea ɔworo kasa sɛ nkrante nwowɔe.” (Mmebusɛm 12:18) Sɛ ɔkasafo no ansusuw nsɛm ho ansa na wakasa a, ebetumi apira ɔkasafo no ne n’atiefo no nyinaa. Ne saa nti Bible de afotu a mfaso wɔ so yi ma yɛn: ‘Ɔtreneeni koma dwen mmuae ho.’—Mmebusɛm 15:28.

Yɛ Nsiyɛfo

Salomo ka sɛ: “Onihafo kra kɔn dɔ, na onnya, na nsiyɛfo kra bɛdɔ srade.” (Mmebusɛm 13:4) Nhwehwɛmu nhoma bi ka sɛ: “Aba a ɛwɔ [saa bɛ yi] mu ara ne sɛ mfaso nni akɔnnɔ kɛkɛ a obi nya no so, na mmom sɛ obi bɛyɛ nsi ne ade a ɛho hia ankasa. Anihafo kɔn dɔ . . . na ɛhyɛ wɔn so, na wonnya hwee mfi wɔn anihaw no mu.” Nanso, nsiyɛfo nsa ka wɔn kra akɔnnɔde—wɔdɔ srade.

Dɛn na yebetumi aka afa wɔn a wɔtwentwɛn wɔn nan ase wɔ hyira a wobehyira wɔn ho so ama Yehowa esiane sɛ wɔpɛ sɛ wɔkwati asɛyɛde nti no ho? Ebia wɔbɛda no adi sɛ wɔpɛ sɛ wɔtra Onyankopɔn wiase foforo no mu, nanso so wɔpɛ sɛ wɔyɛ ho biribi? Nea wɔhwehwɛ fi wɔn a “wobetwa ahohiahia kɛse” no hɔ ne sɛ wɔbɛyɛ nkurɔfo a wɔakyerɛ gyidi wɔ Yesu agyede afɔrebɔ no mu, na wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa, na wɔde nsu mu asubɔ ayɛ wɔn ahosohyira no ho sɛnkyerɛnne.—Adiyisɛm 7:14, 15.

Afei nso susuw nea wɔhwehwɛ fi wɔn a wɔrepɛ hwɛfodwuma wɔ asafo no mu ho no ho hwɛ. Akyinnye biara nni ho sɛ ɔpɛ a wowɔ wɔ saa adwuma pa yi ho no fata nkamfo na wɔhyɛ ho nkuran wɔ Kyerɛwnsɛm no mu. (1 Timoteo 3:1) Nanso, dibea ho akɔnnɔ a obi benya no ara nnɔɔso. Nea ɛbɛma obi afata ama dibea bi no hwehwɛ sɛ onya su ne ɔdom akyɛde ahorow a ɛho hia no. Ɛno gye mmɔdenbɔ.

Adetreneeyɛ—Ɛyɛ Ahobammɔ

Ɔtreneeni da su pa adi na ɔka nokware. Onim sɛ atorodi tia Yehowa mmara. (Mmebusɛm 6:16-19; Kolosefo 3:9) Eyi nti Salomo ka sɛ: “Ɔtreneeni tan atosɛm, na abɔnefo yɛ aniwude ne ahohorade.” (Mmebusɛm 13:5) Ɔtreneeni ntwe ne ho mfi atorodi ho ara kɛkɛ; nokwarem no ɔtan atorodi. Onim sɛ ɛmfa ho sɛ atoro a obedi bɛyɛ sɛ nea asɛm biara nni ho no, atorodi sɛe abusuabɔ pa a ɛda nnipa ntam no. Bio nso, ahotoso a wɔwɔ wɔ obi a odi atoro mu no sɛe. Ɔbɔnefo yɛ aniwusɛm denam atorodi so anaa wɔ ɔkwan foforo so, ma enti ogu ne ho anim ase.

Bere a ɔhene nyansafo no rekyerɛ mfaso a ɛwɔ ade a ɛteɛ a obi bɛyɛ wɔ Onyankopɔn ani so no so no, ɔkae sɛ: “Trenee kora nea ne kwan yɛ pɛ, na abɔnefosɛm butuw ɔdebɔneyɛfo.” (Mmebusɛm 13:6) Te sɛ abannennen no, adetreneeyɛ bɔ obi ho ban, bere a abɔnefosɛm sɛe ɔbɔnefo no.

Nnaadaa Wo Ho

Bere a Israel hene no rekyerɛ sɛnea ɔte nnipa su ase no, ɔkae sɛ: “Obi yɛ ne ho defo, nso na onni hwee, obi nso yɛ ne ho hiani, nanso na ɔwɔ ade pii.” (Mmebusɛm 13:7) Ebia obi nte sɛ nea wosusuw sɛ ɔte no ankasa. Ahiafo bi betumi ayɛ wɔn ho sɛ nea wɔyɛ adefo—ebia wɔde bɛhoahoa wɔn ho, akyerɛ sɛ wodi yiye, anaa wɔde bɛpɛ nnipa anim anuonyam. Ɔdefo betumi ayɛ ne ho sɛ ohiani, de akata n’ahode so.

Ahohoahoa hunu anaa obi nneɛma a ɔwɔ a ɔbɛkata so no mu biara nyɛ papa. Sɛ yenni honam fam nneɛma pii a, sɛe a yɛbɛsɛe sika wɔ afɛfɛde ho na ama yɛayɛ sɛ adefo ara kɛkɛ no betumi ama yɛn abusua ahwere asetrade. Na yɛ a obi bɛyɛ ne ho sɛ ohiani no betumi ama wayɛ pɛpɛe, na wahwere nidi a ɛfata no ne anigye a wonya fi ayamye mu no. (Asomafo no Nnwuma 20:35) Nokwaredi a yɛde bɛtra ase no bɛma yɛanya asetra pa.

Mpɛ Nneɛma Pii

Salomo ka sɛ: “Obi kra nnwensa ne n’ahonyade, na ohiani de, ɔnte ntwiwanim.” (Mmebusɛm 13:8) Asuade bɛn na ɛda adi wɔ nyansasɛm yi mu?

Ahonyade a obi wɔ no so wɔ mfaso, nanso ɛno nkyerɛ sɛ ɛbɛma wanya anigye ankasa. Wɔ amanehunu mmere a yɛte mu yi no, nnipa a wɔyɛ adefo ne wɔn mmusua taa tɔ asiane a ɛne sɛ wɔbɛkyere wɔn asie, na wɔahwɛ kwan sɛ wobetua biribi de abegye wɔn no mu. Ɛtɔ mmere bi a, ɔdefo betumi atua agyede de atɔ ne nkwa anaa abusua no muni bi nkwa. Nanso mpɛn pii no, wokum wɔn a wɔkyere wɔn sie no. Asiane a ɛte saa wɔ hɔ ma adefo bere nyinaa.

Ohiani nni ɔhaw a ɛte saa. Bere a ebia ohiani nnya asetra a ahotɔ pii wom ne honam fam nneɛma a adefo nya no, ɛnyɛ ade a wɔn a wɔkyere nkurɔfo sie no de wɔn ani besi no so. Eyi yɛ mfaso a yenya fi asetra a ɛnyɛ kyenkyerenn mu ne sɛe a yɛnsɛe bere ne yɛn ahoɔden nni ahonyade akyi no bi.—2 Timoteo 2:4.

Ma W’ani Nnye Wɔ “Hann” no Mu

Salomo kɔ so kyerɛ sɛnea mfaso kɛse wɔ yɛn ade a yɛbɛyɛ no Yehowa kwan so no so. Ɔka sɛ: “Treneeni hann dɛw anigye, na abɔnefo kanea bedum.”Mmebusɛm 13:9.

Kanea yɛ sɛnkyerɛnne kwan so ade a ɛkyerɛ yɛn asetra kwan. ‘Onyankopɔn asɛm yɛ ɔtreneeni nan ase kanea ne ne kwan so hann.’ (Dwom 119:105) Ekura Ɔbɔadeɛ no ho nimdeɛ ne nyansa a enni ano. Mpɛn dodow a yenya Onyankopɔn apɛde ne n’atirimpɔw ho ntease a edi mu no, dodow no ara na yɛn honhom fam hann a ɛkyerɛ yɛn kwan no kɔ so haran. Hwɛ anigye ara a ɛno yɛ! Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma wiase nyansa anaa nea “wɔboa frɛ no nimdeɛ” no twetwe yɛn adwene?—1 Timoteo 6:20; 1 Korintofo 1:20; Kolosefo 2:8.

Ɛmfa ho sɛnea ɔbɔnefo kanea haran yiye ne sɛnea ne yiyedi te biara no, ne kanea bedum. Ebewie no wɔ sum mu, beae a ne nan besunti. Bio nso, “akyiri asefo nni hɔ” mma no.—Mmebusɛm 24:20.

Nanso, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ bere a yɛn adwene nsi yɛn pi wɔ nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ tebea bi ho no? Na sɛ yehu sɛ enni yɛn tumi mu sɛ yɛbɛyɛ ho biribi koraa nso ɛ? Mmebusɛm 13:10 bɔ kɔkɔ sɛ: “Ahantan de atutuw nko na ɛba.” Yɛ a yɛbɛyɛ biribi bere a yenni ho nimdeɛ anaa bere a wɔmmaa yɛn tumi no yɛ ahantan na ɛde ɔhaw bɛba yɛne afoforo ntam. So ɛnyɛ papa sɛ yebisa afoforo a wɔwɔ nimdeɛ ne nhumu no? Ɔhene nyansafo no ka sɛ: “Wɔn a wotie afotu, nyansa ne wɔn te.”

Hwɛ Yiye Wɔ Anidaso Hunu Ho

Sika betumi adi dwuma a mfaso wɔ so. Sika kakra a wubenya no ye sen sɛ wobɛtra ahokyere mu anaa wubedi hia. (Ɔsɛnkafo 7:11, 12) Nanso ɔkwammɔne a yɛbɛfa so anya yɛn ho no betumi ayɛ nnaadaa. Salomo bɔ kɔkɔ sɛ: “Ahonyade a efi ahuhude mu sua, na nea ɔde ne nsa ano boaboa ano no ma ɛdɔ.”Mmebusɛm 13:11.

Sɛ nhwɛso no, susuw nnaadaa a kyakyatow yɛ no ho hwɛ. Obi a ɔtow kyakya bɛsɛe sika a wayɛ adwumaden anya no a osusuw sɛ obedi sika kɛse. Nanso mpɛn pii no ɔyɛ saa a onsusuw n’abusua ho! Na sɛ obi a ɔtow kyakya di a, dɛn na ɛba? Esiane sɛ wammrɛ na onyaa sika no nti, ebia n’ani nsɔ bo a sika no som no. Bio nso, ebia na onni nimdeɛ a ɔde bedi sika foforo a wanya no ho dwuma. So n’ahonyade no nyera ntɛm te sɛ ɔkwan a ɔfaa so nyae no? Nanso, ahonyade a wonya no nkakrankakra—denam adwuma pa a wɔyɛ so—bɛdɔɔso nkakrankakra na wobetumi de adi dwuma ma mfaso aba so.

Salomo ka sɛ: “Anidaso a ɛkyɛ mu ba ma koma yare, na anigyinade a ɛba mu yɛ nkwa dua.” (Mmebusɛm 13:12) Anidaso a ɛmma mu betumi ama obi abam abu na ama ne koma ayare. Eyi si wɔ da biara da asetra mu. Nanso, anidaso a egyina Onyankopɔn Asɛm so pintinn no nte saa. Yebetumi anya ahotoso koraa sɛ ebenya mmamu. Na sɛ ɛka akyi sɛ dɛn ara mpo a, enni huammɔ da.

Sɛ nhwɛso no, yenim sɛ Onyankopɔn wiase foforo no abɛn. (2 Petro 3:13) Yɛde anigye rehwɛ Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow mmamu kwan. Sɛ yɛde bere a yɛde retwɛn no yɛ “Awurade adwuma” no de hyɛ mfɛfo agyidifo den, na yɛne Yehowa nya abusuabɔ pa a ɛtra hɔ daa a, dɛn na ɛba? Sɛ́ anka yɛn ‘koma bɛyare’ no, anigye hyɛ yɛn ma mmom. (1 Korintofo 15:58; Hebrifo 10:24, 25; Yakobo 4:8) Sɛ ade a yɛde bere tenten ahwɛ kwan no ba mu a, ɛbɛyɛ nkwa dua—nokwarem, nea ɛhyɛ den na ahomeka wom.

Onyankopɔn Mmara—Ɛyɛ Nkwa Asuti

Bere a Mmebusɛm 13:13 rekyerɛkyerɛ hia a ɛho hia sɛ yedi Onyankopɔn mmara so mu no, ɛka sɛ: “Nea obu asɛm animtiaa no de ɔsɛe ba ne ho so, na nea osuro mmara no, obenya akatua.” Sɛ ɔkafoni bu ne bɔhyɛ so na wantumi antua bosea a ogyei no a, ɔbɛhwere nea ɔde sii awowa no. Saa ara na ɛte, sɛ yɛantumi anni Onyankopɔn mmara nsɛm so a, yɛbɛhwere biribi. Dɛn na yɛbɛhwere?

“Onyansafo kyerɛ yɛ nkwa asuti, sɛ wɔde befi owu afiri mu.” (Mmebusɛm 13:14) Sɛ́ yɛbɛtra ase a yenni Onyankopɔn a onim nyansa sen biara, Yehowa, mmara no bɛma yɛahwere akwankyerɛ a ebetumi aboa ma yɛanya asetra pa na yɛatra ase akyɛ no. Hwɛ adehwere kɛse a ɛno bɛyɛ! Ɛnde, ade a nyansa wom a ɛsɛ sɛ yɛyɛ ara ne sɛ yɛbɛyɛ aso atie Onyankopɔn Asɛm na yɛama anya yɛn adwene, yɛn kasa ne yɛn nneyɛe so nkɛntɛnso.—2 Korintofo 10:5; Kolosefo 1:10.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 23]

Kyerɛwnsɛm mu afotu a yebetie no yɛ ɔkwampa a yɛfa so teɛ yɛn ho so

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 24, 25]

“Ɔtreneeni koma dwen mmuae ho”

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 24, 25]

“Awurade adwuma” no a yɛbɛyere yɛn ho ayɛ no bɛma anigye ahyɛ yɛn akoma ma