Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Wobɛma W’aware Ayɛ Anigye

Sɛnea Wobɛma W’aware Ayɛ Anigye

Sɛnea Wobɛma W’aware Ayɛ Anigye

TWA ofie bi a ayɛ basaa esiane sɛ wonsiesie nti ho mfonini wɔ w’adwenem hwɛ. Aduru a wɔde aka ho no rewaawae, osuhyɛ no asɛe, na mpo wura afuw atwa ho ahyia. Ɛda adi sɛ ofie yi agyina wim tebea a enye ano mfe pii, na obiara ayi n’adwene afi so. So ɛsɛ sɛ wobubu gu? Ɛnte saa ankasa. Sɛ ne fapem no wɔ ahoɔden na n’afasu no mpaapaee a, akyinnye biara nni ho sɛ wobetumi asiesie ofie no.

So saa fie no tebea ma wokae w’aware? Ebia sɛnkyerɛnne kwan so no, ahum a ano yɛ den abɔ afa w’aware mu mfe pii ni. Ebetumi aba sɛ mo mu biako anaa mo baanu nyinaa abu mo ani agu mo asɛyɛde so. Ebia wobɛte nka te sɛ Sandy ara pɛ. Bere a watra aware ase mfirihyia 15 akyi no, ɔkae sɛ: “Nea na wobetumi aka afa yɛn ho ara ne sɛ yɛyɛ awarefo kɛkɛ, a yɛn adwene nhyia wɔ biribiara mu. Nanso na ɛnsɛ sɛ ɛba saa.”

Sɛ w’aware te saa mpo a, mpere wo ho nka sɛ ɛsɛ sɛ egu. Ɛda adi sɛ w’aware betumi asan agyina. Mpɛn pii no, egyina aware mu ahofama a wo ne wo hokafo bɛda no adi so. Aware mu ahofama a wɔda no adi no betumi aboa ma aware agyina wɔ sɔhwɛ bere mu. Nanso dɛn ne aware mu ahofama? Na ɔkwan bɛn so na Bible betumi aboa wo ma woahyɛ mu den?

Asɛyɛde Bata Aware mu Ahofama Ho

Sɛnea nsɛm asekyerɛ nhoma bi kyerɛ no, aware mu ahofama kyerɛ sɛ “asodi bi da wo so anaasɛ wote nka sɛ wowɔ asɛyɛde bi.” Ɛtɔ mmere bi a, wɔde asɛmfua no di dwuma ma nneɛma afoforo te sɛ adwuma bi ho nhyehyɛe a wɔyɛ. Sɛ nhwɛso no, ebia ɔdansifo bi bɛte nka sɛ ɛsɛ sɛ odi n’asɛyɛde a ɛne sɛ obesi ɔdan a ɔde ne nsa ahyɛ krataa ase sɛ obesi no ho dwuma. Ebia na n’ankasa nnim adwuma wura no. Nanso ɔte nka sɛ ɛsɛ sɛ odi ne bɔhyɛ so.

Ɛwom sɛ aware nte sɛ adwuma bi ho nhyehyɛe a nkate biara mmata ho no de, nanso asɛyɛde bata ahofama no ho. Ɛda adi sɛ wo ne wo hokafo aka ntam wɔ Onyankopɔn anim sɛ, ɛmfa ho nea ɛbɛba biara no, mobɛtra abom. Yesu kae sɛ: “Nea ɔbɔɔ nnipa no, ɔbarima ne ɔbea na ɔyɛɛ wɔn, na ɔkae sɛ: Eyi nti na onipa begyaw agya ne ɛna, na ɔde ne ho akɔbata ne yere ho.” Yesu de kaa ho sɛ: “Nea Onyankopɔn de abom no, mma onipa nntetew mu!” (Mateo 19:4-6) Enti sɛ ɔhaw ahorow sɔre a, ɛsɛ sɛ wo ne wo hokafo no si mo bo pintinn sɛ mubedi aware ntam a mokae no mu nokware. * Ɔbaa warefo bi kae sɛ: “Bere a yeyii yɛn ani fii awaregyae so sɛ ɔkwan a yɛbɛfa so adi yɛn nsɛnnennen ho dwuma no na nneɛma fii ase yɛɛ yiye.”

Nanso aware mu ahofama a mubedi mu nokware no hwehwɛ pii sen asɛyɛde a wodi ho dwuma ara kwa. Dɛn bio na ɛhwehwɛ?

Biakoyɛ Hyɛ Aware mu Ahofama Den

Aware mu ahofama nkyerɛ sɛ awarefo bɛte wɔn ho wɔn ho ase bere nyinaa. Sɛ asɛnnennen bi sɔre a, ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden sɛ wobesiesie wɔn ntam, a ɛnyɛ aware ntam ho asodi no nti, na mmom nkate fam abusuabɔ a ɛda wɔn ntam no nti. Yesu kaa okunu ne ɔyere ho asɛm sɛ: “Enti wɔnna so nyɛ baanu bio, na mmom wɔyɛ ɔhonam koro.”

Dɛn na “ɔhonam koro” a wo ne wo hokafo yɛ no kyerɛ? Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ “ɛsɛ okununom sɛ wɔdɔ wɔn ankasa wɔn yerenom sɛ wɔn ankasa nipadua.” (Efesofo 5:28, 29) Ɔkwan bi so no, “ɔhonam koro” a wo ne wo hokafo bɛyɛ no kyerɛ sɛ wudwen wo hokafo no yiyedi ho te sɛ nea wudwen w’ankasa yiyedi ho no. Ehia sɛ awarefo dan wɔn adwene fi “m’ade,” so kɔ “yɛn ade” so, ne “me” kɔ “yɛn” so. Aware ho fotufo bi kae sɛ: “Ɛsɛ sɛ awarefo baanu no gyae sɛ wobebu wɔn ho sɛ asigyafo wɔn komam, na wonya adwene sɛ wɔyɛ awarefo wɔn komam.”

So wo ne wo hokafo ‘aware wɔ mo komam’? Ebetumi aba sɛ mode mfe pii aware nanso na monyɛ “ɔhonam koro” saa kwan no so. Yiw, ebetumi aba saa, nanso Giving Time a Chance nhoma no ka sɛ: “Nea aware kyerɛ ne sɛ mobɛbɔ bra abom, na dodow a nnipa baanu yɛ nneɛma bom no, dodow no ara na wɔn aware no sɔ.”

Awarefo binom a wonni anigye tra bom esiane wɔn mma anaa hwɛ a wɔrentumi nhwɛ wɔn ho sika fam wɔ awaregyae akyi nti. Afoforo nso mia wɔn ani tra mu esiane nea sɛ wogyae aware a afoforo besusuw nti, anaa te a wɔte nka sɛ enye koraa sɛ wobegyae aware nti. Bere a saafo yi fata nkamfo sɛ wɔda so ara ware no, nea ɛsɛ sɛ mokae ne sɛ ɛsɛ sɛ mode yɛ mo botae sɛ mubenya abusuabɔ a ɔdɔ wom, ɛnyɛ nea ɛbɛtra hɔ akyɛ kɛkɛ.

Nneyɛe Pa Boa Ma Wɔda Ahofama Adi Wɔ Aware Mu

Bible ka siei sɛ “nna a edi akyiri” mu no, nnipa bɛyɛ “ahopɛfo.” (2 Timoteo 3:1, 2) Nea ɛne saa nkɔmhyɛ no hyia no, ɛte sɛ nea ɛnnɛ wosi ahopɛ so dua no. Wɔ aware pii mu no, wobu ahofama a obi bɛda no adi bere a ɔhokafo bi kum ne ho yɛ biribi a ɔnhwɛ kwan sɛ obenya so akatua a ɛsɛ no sɛ mmerɛwyɛ. Nanso wɔ aware pa mu no, awarefo baanu no nyinaa da ahofama adi. Wobɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa?

Sɛ́ anka wobɛkɔ so abisa sɛ ‘Dɛn na merenya afi aware yi mu?’ no, bisa wo ho mmom sɛ ‘Dɛn na m’ankasa mereyɛ de ama m’aware ayɛ anigye?’ Bible ka sɛ ɛnsɛ sɛ Kristofo ‘hwɛ wɔn nkutoo ade, na mmom ɛsɛ sɛ wɔhwɛ afoforo de bi.’ (Filipifo 2:4) Bere a woresusuw Bible nnyinasosɛm yi ho no, hwehwɛ nea woyɛe dapɛn a etwaam no mu ho hwɛ. Mpɛn dodow ahe na wohyɛɛ da yɛɛ wo hokafo nkutoo adɔe bi? Bere a na wo hokafo pɛ sɛ ɔkasa no, so wutiei—ɛmfa ho mpo sɛ ebia na wonte nka sɛ ɛsɛ sɛ wutie no? Nneɛma bɛn na woyɛe a wo hokafo ani gyee ho sen sɛnea w’ankasa ani gyee ho?

Bere a woresusuw nsɛmmisa a ɛte saa ho no, mma ɛnnhaw wo sɛ wonhu wo nnwuma pa anaasɛ wunnya ho akatua. Nhoma bi kae sɛ: “Wɔ aware dodow no ara mu no, wonya nneyɛe pa so akatua, enti bɔ mmɔden sɛ wonam wo nneyɛe pa so bɛhyɛ wo hokafo nkuran ma ɔno nso ada su pa adi akyerɛ wo.” Ahofama a wobɛda no adi no bɛma w’aware ayɛ anigye efisɛ ɛma ɛda adi sɛ ɛsom bo ma wo, na wopɛ sɛ egyina.

Nneɛma a Wobɛhwɛ Akɔ Akyiri Ho Hia

Nokwaredi som bo ma Yehowa Nyankopɔn. Nokwarem no, Bible ka sɛ: “Adɔeyɛfo na wo [Yehowa, NW] ne no bedi no adɔe so.” (2 Samuel 22:26) Nokware a wubedi ama Onyankopɔn no hwehwɛ sɛ wubedi aware nhyehyɛe a ɔno na ɔde sii hɔ no mu nokware.—Genesis 2:24.

Sɛ wo ne wo hokafo di mo ho mo ho nokware a, ɛma mote nka sɛ mobɛtra akyɛ. Sɛ mususuw asram, mfe, ne mfe dudu a ɛda mo anim no ho a, muhu mo baanu nyinaa ho wom. Adwene a ɛne sɛ mubegyae aware no remma mo tirim koraa, na eyi ma munya aware mu ahobammɔ. Ɔbaa warefo bi kae sɛ: “Bere a me bo fuw [me kunu] paa anaasɛ bere a m’ani nnye biribi a ɛrekɔ so ho koraa mpo no, minnwen sɛ yɛn aware no begu. Nea ɛhaw me ne ɔkwan a yɛbɛfa so ama nneɛma ayɛ sɛnea ɛte kan no. Minim sɛ ɔkwan biara so no, yebesiesie yɛn ntam—ɛwom sɛ minhu sɛnea nneɛma bɛkɔ yiye afa de.”

Nneɛma a wobɛhwɛ akɔ akyiri ka ahofama a ɛsɛ sɛ woda no adi kyerɛ wo hokafo no ho, nanso awerɛhosɛm ne sɛ, enni aware pii mu. Sɛ akasakasa a ano yɛ den sɔre a, ɔhokafo biako betumi aka sɛ, “megyae wo!” anaa “merekɔpɛ obi a n’ani gye me ho!” Ɛwom, mpɛn pii no, ɛnsɛ sɛ wɔfa nsɛm a ɛte saa aniberesɛm. Nanso Bible ka sɛ ‘awuduru ahyɛ’ tɛkrɛma ma. (Yakobo 3:8) Ahunahuna ne nsɛm a nhyɛ wom a wobɛka akyerɛ wo hokafo no bɛyɛ te sɛ nea woreka akyerɛ no sɛ: ‘Minnye nni sɛ yɛn aware yi begyina. Metumi agyae aware bere biara.’ Saa a wo nsɛm bɛkyerɛ no betumi asɛe aware.

Sɛ wohwɛ nneɛma kɔ akyiri a, wubetumi ne wo hokafo no atra tebea pa ne tebea bɔne nyinaa mu. Mfaso pii wɔ eyi so. Ɛbɛma ayɛ mmerɛw ama wo ne wo hokafo no sɛ mubegye mo mmerɛwyɛ ne mo mfomso ahorow atom, na moakɔ so ahuhu ama mo ho de mo mfomso akyekyɛ mo ho mo ho. (Kolosefo 3:13) Nhwehwɛmu nhoma bi ka sɛ: “Wɔ aware pa biara mu no, mo mu biara betumi afom, nanso mo sintɔ ahorow nyinaa akyi no, aware no betumi agyina.”

Da a na worehyia ayeforo no, ɛnyɛ aware nhyehyɛe no na wohyɛɛ ho bɔ, na mmom ɔteasefo bi—wo hokafo—na wohyɛɛ no bɔ. Ɛsɛ sɛ nokwasɛm yi nya sɛnea wubesusuw nneɛma ho mprempren na woayɛ w’ade sɛ ɔwarefo no so nkɛntɛnso kɛse. So wunnye ntom sɛ ɛnyɛ kronkron a aware yɛ nkutoo nti na ɛsɛ sɛ wo ne wo hokafo kɔ so tra, na mmom esiane sɛ wodɔ onipa a wowaree no no nso ntia?

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 7 Wɔ tebea horow a emu yɛ den mu no, ebia ɛbɛfata sɛ awarefo bi tetew mu. (1 Korintofo 7:10, 11; hwɛ Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba, kratafa 160-1, a Yehowa Adansefo na wotintimii no.) Bio nso, Bible ma awaregyae ho kwan denam aguamammɔ (nna mu ɔbrasɛe) so.—Mateo 19:9.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 5]

Nea Wubetumi Ayɛ Mprempren

Wo bo a woasi sɛ wobɛhyɛ w’aware abusuabɔ mu den no mu yɛ den dɛn? Ebia wuhu sɛ wubetumi atu mpɔn wom. Nea ɛbɛma woahyɛ w’aware mu ahofama mu den no, sɔ nea edidi so yi hwɛ:

● Hwehwɛ wo ho mu hwɛ. Bisa wo ho sɛ: ‘So maware wɔ komam ampa, anaasɛ misusuw nneɛma ho yɛ ade te sɛ osigyani?’ Hwehwɛ sɛnea wo hokafo no te nka wɔ wo ho wɔ eyi mu.

● Wo ne wo hokafo nkenkan asɛm yi. Na afei momfa odwo nsusuw akwan a mubetumi afa so ahyɛ mo aware mu ahofama mu den no ho.

● Wo ne wo hokafo no nyɛ nnwuma bi a ɛbɛhyɛ mo aware mu ahofama mu den. Sɛ nhwɛso no: Monhwɛ mo ayeforohyia mfonini ahorow ne mfonini a mutwitwae wɔ mmere atitiriw bi mu no. Monyɛ nneɛma a na mo ani gye ho bere a na moreyɛ aware nhyehyɛe anaa bere a mowaree foforo no. Mommom nsua nsɛm a egyina Bible so a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban anaa Nyan! mu a ɛfa aware ho no.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 6]

Wɔ Aware mu no, Aware mu Ahofama Hwehwɛ . . .

Asɛyɛde “Nea woahyɛ bɔ no, ma! Ɛfanim sɛ woanhyɛ bɔ sen sɛ woahyɛ bɔ na womma.”—Ɔsɛnkafo 5:4, 5.

Biakoyɛ “Baanu ye sen obiako, efisɛ . . . wɔhwe ase a, obiako bɛma ne yɔnko so.”—Ɔsɛnkafo 4:9, 10.

Sɛ Wubekum Wo Ho Ayɛ Ade “Ɔma mu wɔ nhyira mmom sen ogye.”—Asomafo no Nnwuma 20:35.

Sɛ Wobɛhwɛ Nneɛma Akɔ Akyiri “Ɔdɔ . . . ɛtɔ ne bo ase ade nyinaa mu.”—1 Korintofo 13:4, 7.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 7]

Sɛ wo hokafo pɛ sɛ ɔkasa a, wutie?