Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Asɛm A Ɛkanyan Gyidi Ne Akokoduru Yehowa Adansefo a Wɔwɔ Ukraine

Asɛm A Ɛkanyan Gyidi Ne Akokoduru Yehowa Adansefo a Wɔwɔ Ukraine

Asɛm A Ɛkanyan Gyidi Ne Akokoduru Yehowa Adansefo a Wɔwɔ Ukraine

SƐNEA afeha a edi kan no mu Kristofo hyiaa ɔtaa no, saa ara na Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso ahyia bi. (Mateo 10:22; Yohane 15:20) Mmeae kakraa bi pɛ na ɔtaa no akɔ so akyɛ anaa emu ayɛ den sen Ukraine, baabi a wɔbaraa Ahenni asɛmpaka adwuma no mfe 52 no.

Afe 2002 Yearbook of Jehovah’s Witnesses no kaa Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ saa asase no so ho asɛm. Ɛyɛ gyidi, akokoduru, ne ahoɔden a wɔde gyina amanehunu a emu yɛ den ano ho kyerɛwtohɔ. Nea edidi so yi yɛ nsɛm bi a wɔde kyerɛ anisɔ a Ukraine Yehowa Adansefo baa dwumadibea no nsa kae:

“Makenkan 2002 Yearbook no awie. Bere a na merekenkan mo dwumadi wɔ Ukraine ho nsɛm no, mebɔ m’ani a na nusu di so. Mepɛ sɛ mema muhu sɛ manya nkuranhyɛ pii afi mo nsiyɛ ne gyidi a emu yɛ den ho nhwɛso no mu. M’ani gye sɛ me ne mo wɔ honhom fam abusua biako mu. Mifi koma nyinaa mu da mo ase!”—Andrée, France.

“Minhu sɛnea menna mo ne Yehowa ase wɔ 2002 Yearbook no ho. Nusu guu me bere a merekenkan suahu pii a ɛfa anuanom a wɔde wɔn koguu afiase ne nneduaban mu wɔ wɔn mmabunbere mu ho no. M’ani gye wɔn akokoduru no ho. Ɛwom sɛ mede mfe 27 na asom sɛ Ɔdansefo de, nanso metumi asua biribi afi saa anuanom mmarima ne mmea no hɔ. Wɔhyɛɛ me gyidi den wɔ yɛn soro Agya, Yehowa mu.”—Vera, kan Yugoslavia.

“Anigye na mede rekyerɛw krataa yi esiane mo boasetɔ ne nokwaredi ho nhwɛso pa wɔ saa mfe dodow no mu ɔsɔretia no nti. Yehowa mu ahotoso a edi mu a mowɔ ne mo bo a moasi sɛ mubedi nokware no hyɛ mo anuonyam. Afei nso, ahobrɛase a mode gyinaa sɔhwɛ ano no hyɛ gyidi a mewɔ sɛ Yehowa nnyaw ne nkurɔfo no mu den. Esiane nhwɛso pa a moyɛe wɔ akokoduru, pintinnyɛ, ne animia ho nti, yetumi de boasetɔ gyina yɛn haw nketenkete ano.”—Tuteirihia, French Polynesia.

“Mekenkanee Yearbook no, na etwa sɛ mekyerɛw mo. Osuahu a ɛhyɛ nkuran no nyinaa kaa me yiye. M’ani gyei kɛse sɛ meyɛ ahyehyɛde a nokwaredi ne biakoyɛ wom saa muni, a Agya bi a ɔwɔ ɔdɔ na odi boa yɛn na odi anim hyɛ yɛn den bere a ɛsɛ mu. Me werɛ howee sɛ Yehowa asomfo mmɔdenbɔfo pii huu amane saa de wɔn nkwa mpo twaa so. Nanso m’ani gyei nso efisɛ wɔn akokoduru ne wɔn mmɔdenbɔ no boaa nnipa pii ma wobehuu nokware no ne yɛn Agya a ɔwɔ ɔdɔ no.”—Colette, Netherlands.

“Na etwa sɛ me ne me yere kyerɛw mo sɛ bere a yɛkenkanee Ukraine ho kyerɛwtohɔ wɔ Yearbook mu no, ɛkaa yɛn koma yiye. Mo anuanom anokwafo ayɛ boasetɔ ho nhwɛso a ɛda nsow wɔ bere tenten mu ahokyere kɛse mu. Nea ɛne Mmebusɛm 27:11 hyia no, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Yehowa ani gyei bere a ohui sɛ Ukraine anuanom anokwafo pii saa agyina wɔn mũdi mu pintinn a Ɔbonsam atirimɔdenne nyinaa mfa ho.”—Alan, Australia.

“M’ani taataa nusu bere a mekenkanee Ukraine anuanom ho asɛm no. Wogyinaa ɔhaw pii ano—mfe pii mu afiasenna, ayayade, nhyɛso, ne abusua mu ntetewmu. Mepɛ sɛ meka kyerɛ anuanom a wɔda so som wɔ mo asafo ahorow mu no nyinaa sɛ medɔ wɔn, bu wɔn yiye. M’ani gye wɔn akokoduru ne pintinnyɛ no ho. Minim sɛ Yehowa honhom na ɛmaa wɔn ahoɔden. Yehowa bɛn yɛn na ɔpɛ sɛ ɔboa yɛn.”—Sergei, Russia.

“Misui bere a mekenkanee 2002 Yearbook no. Anuanom mmea ne mmarima a wɔwɔ yɛn asafo mu no pii aka mo ho asɛm. Mo som bo ampa. M’ani gye yiye sɛ meka saa honhom fam abusua kɛse yi ho.”—Yeunhee, South Korea.

“Kyerɛwtohɔ a ɛfa mo gyidi, boasetɔ, ne ɔdɔ a emu yɛ den a mowɔ ma Yehowa ne N’ahenni ho no aka me koma yiye. Ɛtɔ mmere bi a yɛn werɛ fi ahofadi a yɛwɔ ne honhom fam nnuan pii a Yehowa siesie ma yɛn no. Nanso mo fam de, moanyɛ saa. Mo gyidi ho nhwɛso yi boa yɛn ma yehu sɛ, sɛ yɛne yɛn Nyankopɔn wɔ abusuabɔ a emu yɛ den a, ɔbɛma yɛn ahoɔden a yɛde bedi sɔhwɛ horow nyinaa so.”—Paulo, Brazil.

“Minyaa hokwan kenkanee mo suahu ahorow no wɔ 2002 Yearbook no mu. Ɛkanyan me yiye, titiriw Onuawa Lydia Kurdas suahu a ɛka koma no. Minyaa ɔdɔ a emu yɛ den maa saa onuawa yi.”—Nidia, Costa Rica.

“Ɛnnɛ na mekenkanee 2002 Yearbook no wiei. Bere a merekenkan no, ɛhyɛɛ me gyidi wɔ Yehowa mu no den. Ade a me werɛ remfi da ne kyerɛwtohɔ a ɛkyerɛ mmɔden a wɔbɔe sɛ wɔbɛsɛe ahotoso a anuanom wɔ wɔ wɔn a wodi anim no mu no. Akyerɛ me sɛ ɛnsɛ sɛ mehwere ahotoso a mewɔ wɔ anuanom mmarima a wodi anim no mu da. Meda mo ase pii! Saa honhom fam aduan yi hyɛ gyidi den na esiesie yɛn ma bere a ebia wɔbɛsɔ yɛn gyidi ahwɛ no.”—Leticia, United States.

“Yɛde aseda ma wɔ Yearbook a ɛkyɛn so yi ho. Eyi ne nea edi kan a na adawurubɔfo pii rekenkan Ukraine anuanom dwumadi ho nsɛm. Ahyɛ anuanom a wɔwɔ ha no den. Wɔn mu pii som adwuma akɔ anim, titiriw mmerante ne mmabaa no. Ebinom afi ase resom sɛ daa akwampaefo anaa akwampaefo aboafo. Anuanom mmarima ne mmea a wɔsom Yehowa bere a na wɔabara ɔsom no ho kyerɛwtohɔ no na ɛhyɛɛ eyinom nyinaa nkuran.”—Asafo ɔsom boayikuw bi, Ukraine.

Yɛn nuanom a wɔwɔ Ukraine nokwaredi no ayɛ nkuranhyɛ ama Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ wiase nyinaa ampa. Nokwasɛm ne sɛ, nsɛm a ɛma abotɔyam a epue wɔ Yearbook no mu afe biara a yɛbɛkenkan daa no yɛ ɔkwan pa a yɛfa so hyɛ yɛn gyidi ne yɛn boasetɔ mu den wɔ saa mmere titiriw yi mu.—Hebrifo 12:1.