Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Atirimpɔw a Ɛwɔ Nteɛso Ho a Yebehu

Atirimpɔw a Ɛwɔ Nteɛso Ho a Yebehu

Atirimpɔw a Ɛwɔ Nteɛso Ho a Yebehu

SƐ WOTE asɛmfua “nteɛso” a, dɛn na ɛba w’adwenem? Nsɛm asekyerɛ nhoma bi kyerɛ nteɛso ase sɛ “ntetee a ɛma nnipa kyerɛ obu ma abrabɔ ho akwankyerɛ anaa gyinapɛn ahorow, na wɔtwe wɔn aso wɔ bere a wobu so no.” Ɛwom sɛ eyi nyɛ nkyerɛase biako pɛ a wɔagye atom afa nteɛso ho de, nanso nnipa pii nya adwene a ɛmfata saa ara wɔ biribiara a ɛfa nteɛso ho.

Nanso, Bible no ka nteɛso ho asɛm wɔ ɔkwan soronko so. Ɔhene Salomo nyansafo no kyerɛwee sɛ: “Me ba, mpo [Yehowa, NW] nteɛso.” (Mmebusɛm 3:11) Saa nsɛm yi nka nteɛso biara ho asɛm, na mmom “Yehowa nteɛso,” kyerɛ sɛ, nteɛso a egyina Onyankopɔn gyinapɛn a ɛkorɔn so no. Nteɛso a ɛte saa nkutoo na ɛde honhom fam yiyedi ba—na eye mpo. Nea ɛne eyi bɔ abira no, mpɛn pii no, nteɛso a egyina nnipa nsusuwii so a ɛne Yehowa gyinapɛn a ɛkorɔn no nhyia no yɛ nea aporɔw na epira. Eyi kyerɛ nea enti a nnipa pii kura adwene a ɛmfata wɔ nteɛso ho no.

Dɛn nti na wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yennye Yehowa nteɛso ntom? Wɔ Kyerɛwnsɛm no mu no, wɔkyerɛ ɔsoro nteɛso mu sɛ Onyankopɔn dɔ a wada no adi akyerɛ n’abɔde a wɔyɛ nnipa. Enti Salomo toaa so kae sɛ: “Nea [Yehowa, NW] dɔ no na ɔka nanim, sɛ agya yɛ ne ba a ɔdɔ no.”—Mmebusɛm 3:12.

Nteɛso Anaa Asotwe—Nea Ɛwɔ He?

Nteɛso a wɔka ho asɛm wɔ Bible mu no wɔ afa horow pii—akwankyerɛ, nkyerɛkyerɛ, ntetee, animka, ateɛteɛ, ne asotwe mpo. Nanso, wɔ asɛm no biara mu no, ɔdɔ na ɛkanyan Yehowa na ɔde nteɛso ma, na ne botae ne sɛ ɛde mfaso bɛbrɛ onii a wɔde ma no no. Ɛnyɛ nteɛso a Yehowa de ma de siesie obi no atirimpɔw nkutoo ne sɛ ɛbɛtwe onii no asõ.

Ɔkwan foforo so no, ɛnyɛ bere nyinaa na asotwe a Onyankopɔn de ma no botae ne sɛ ebesiesie anaa ɛbɛkyerɛkyerɛ nea wɔtwe n’asõ no. Sɛ nhwɛso no, efi da a Adam ne Hawa yɛɛ bɔne ara no, wofii ase twaa asoɔden a wɔyɛe no so aba. Yehowa pam wɔn fii Eden paradise turo no mu, na sintɔ, yare, ne onyin nyaa wɔn so nkɛntɛnso. Wɔ asetra a ɛyɛ yaw wɔ mfehaha pii mu akyi no, wowuwui koraa. Nokwarem no, na eyi nyinaa yɛ asotwe a efi Onyankopɔn hɔ, nanso na ɛnyɛ nteɛso a ɔde resiesie wɔn. Esiane sɛ Adam ne Hawa fi wɔn pɛ mu yɛɛ bɔne na wɔannu wɔn ho nti, na wɔrentumi nsiesie wɔn.

Kyerɛwtohɔ afoforo a ɛfa asotwe a Yehowa de mae ho ne Noa nna mu Nsuyiri, Sodom ne Gomora sɛe, ne Misraim asraafo a wɔsɛee wɔn pasaa wɔ Po Kɔkɔɔ no mu no. Na ɛnyɛ atirimpɔw a Yehowa kura wɔ saa adeyɛ no ho ne sɛ ɔde akwankyerɛ, nkyerɛkyerɛ, anaa ntetee bɛma nnipa a ɔhaw no baa wɔn so no. Ɛdefa asotwe a ɛte saa a Onyankopɔn de baa wɔn so ho no, ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Sɛ wankora tete wiase so, na mmom Noa a ɔyɛ treneekafo a ɔto so awotwe no nko na ogyee no, na ɔde nsuyiri bɛkataa amumɔyɛfo wiase so no, na sɛ ɔdan Sodom ne Gomora nkurow nsõ, na ɔde ɔsɛe buu wɔn fɔ de wɔn yɛɛ sɛnnahɔ maa wɔn a akyiri yi wɔbɛyɛ amumɔyɛde.”—2 Petro 2:5, 6.

Ntease bɛn mu na saa asotwe yi “yɛɛ sɛnnahɔ maa wɔn a akyiri yi wɔbɛyɛ amumɔyɛde” no? Wɔ Paulo krataa a ɔde kɔmaa Tesalonikafo no mu no, ɔka yɛn bere yi ho asɛm sɛ ɛyɛ bere a Onyankopɔn nam ne Ba Yesu Kristo so ‘bedi wɔn a wonnim Nyankopɔn ne wɔn a wɔantie yɛn Awurade Yesu asɛmpa no were.’ Paulo de kaa ho sɛ: “Wɔn na wobenya akatua, daa ɔsɛe.” (2 Tesalonikafo 1:8, 9) Ɛda adi sɛ, ɛnyɛ atirimpɔw nti a wɔde saa asotwe no ma ne sɛ ɛbɛkyerɛkyerɛ anaa ebesiesie wɔn a wonya saa asotwe no. Nanso, sɛ Yehowa ka kyerɛ n’asomfo sɛ wonye ne nteɛso ntom a, na ɛnyɛ asotwe a ɔde ba nnebɔneyɛfo a wonnu wɔn ho so ho asɛm na ɔreka.

Ɛyɛ ade titiriw sɛ Bible nka Yehowa ho asɛm sɛ obi a ɔtwe afoforo aso kɛkɛ. Mmom no, ɛka ne ho asɛm bere nyinaa sɛ ɔkyerɛkyerɛfo a ɔwɔ ɔdɔ ne obi a ofi boasetɔ mu de ntetee ma. (Hiob 36:22; Dwom 71:17; Yesaia 54:13) Yiw, ɔdɔ ne boasetɔ bata ɔsoro nteɛso a wɔde siesie afoforo no ho bere nyinaa. Sɛ Kristofo te atirimpɔw a ɛwɔ nteɛso mu ase a, ɛma wotumi gye tom yiye na wɔde ma wɔ ɔkwan pa so.

Awofo a Wɔwɔ Dɔ Nteɛso

Wɔ abusua no ne Kristofo asafo no mu no, ɛho hia sɛ yɛn nyinaa te atirimpɔw a ɛwɔ nteɛso mu no ase. Eyi te saa titiriw wɔ wɔn a wɔwɔ dibea, te sɛ awofo no ho. Mmebusɛm 13:24 ka sɛ: “Nea ɔkora n’abaa tan ne ba, na nea ɔdɔ no no teɛ no so ntɛmso.”

Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ awofo de nteɛso ma? Bible no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Agyanom, munnyi mo mma abufuw, na mmom monyɛn wɔn [Yehowa, NW] kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.” (Efesofo 6:4) Wɔati saa afotu yi mu wɔ nsɛm a edi so yi mu sɛ: “Agyanom, munnyi mo mma abufuw, na wɔn koma antu.”—Kolosefo 3:21.

Kristofo a wɔyɛ awofo a wɔte atirimpɔw a ɛwɔ nteɛso mu ase no rennyɛ wɔn ade wɔ abufuw so. Wobetumi de nnyinasosɛm a wɔaka ho asɛm wɔ 2 Timoteo 2:24 no adi dwuma wɔ ɔkwan a ɛsɛ sɛ awofo fa so de nteɛso ma so. Paulo kyerɛwee sɛ: “Ɛnsɛ Awurade akoa bi sɛ ɔko, na mmom ɛsɛ sɛ odwo ma nnipa nyinaa, ohu kyerɛkyerɛ.” Akyinnye biara nni ho sɛ abufuw a ano yɛ den a wontumi nhyɛ so, nteɛteɛm, ne ɔyaw anaa animtiaabu rentumi nyɛ nteɛso a ɔdɔ wom na ɛmfata wɔ Kristoni asetra mu.—Efesofo 4:31; Kolosefo 3:8.

Nteɛso a awofo de ma hwehwɛ pii sen asotwe a emu yɛ den a wɔde ma ntɛmso no ara kwa. Ehia sɛ wɔkɔ so tĩ afotu mu kyerɛ mmofra pii ansa na wɔasiesie wɔn nsusuwii. Enti, ɛsɛ sɛ awofo nya bere, ne boasetɔ, na wosusuw ɔkwan a wɔfa so de nteɛso ma no ho. Ɛsɛ sɛ wɔma ɛtra wɔn adwenem sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛn mmofra wɔ “[Yehowa, NW] kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.” Eyi kyerɛ sɛ ɛyɛ ntetee a egye mfe pii.

Kristofo Ahwɛfo De Nteɛso Ma Wɔ Odwo Mu

Saa nnyinasosɛm koro no ara na ɛwɔ hɔ ma Kristofo mpanyimfo. Sɛ́ ahwɛfo a wɔwɔ ɔdɔ no, wɔbɔ mmɔden hyɛ nguankuw no den denam nkyerɛkyerɛ, akwankyerɛ ne animka a wɔde ma wɔ bere a ehia mu no so. Wɔ saayɛ mu no, wɔma atirimpɔw a ɛwɔ nteɛso mu no tra wɔn adwene mu. (Efesofo 4:11, 12) Sɛ wɔde wɔn adwene si asotwe nkutoo a wɔde bɛma so a, nea wɔbɛyɛ ara ne sɛ wɔbɛtwe onii a wadi mfomso no aso kɛkɛ na wɔrenyɛ hwee mmoa no bio. Nteɛso a egyina Onyankopɔn nnyinasosɛm a ɛkorɔn so no hwehwɛ pii sen saa. Ɔdɔ kanyan mpanyimfo no ma wɔkɔ so de mmɔdenbɔ boa nea wadi mfomso no. Esiane sɛ wodwen wɔn ho ankasa nti, mpɛn pii no, wɔyɛ bere nhyehyɛe pii de nkuranhyɛ ne ntetee ma wɔn.

Sɛnea afotu a ɛwɔ 2 Timoteo 2:25, 26 kyerɛ no, sɛ mpanyimfo ne wɔn a wonnye nteɛso ntom ntɛm ara mpo redi asɛm a, ɛsɛ sɛ wɔde “odwo” kasa kyerɛ wɔn. Afei kyerɛwsɛm no ka atirimpɔw a ɛwɔ nteɛso mu ho asɛm sɛ: “Ebia Onyankopɔn bɛma wɔn adwensakra akɔ nokware hu mu, na wɔn ani so atetew afi ɔbonsam . . . afiri mu.”

Ɛtɔ mmere bi a, ɛho hia sɛ wotu nnebɔneyɛfo a wonnu wɔn ho fi asafo no mu. (1 Timoteo 1:18-20) Ɛsɛ sɛ wobu saa adeyɛ a ano yɛ den yi mpo sɛ ɛyɛ nteɛso, na ɛnyɛ asotwe ara kɛkɛ. Bere ne bere mu no, mpanyimfo bɔ mmɔden kɔsra ankorankoro a wɔatu wɔn a wɔnkɔ so mfa wɔn ho nhyɛ nnebɔne mu denneennen no. Wɔ nsrahwɛ a ɛtete saa mu no, mpanyimfo no yɛ wɔn ade ma ɛne atirimpɔw ankasa a ɛwɔ nteɛso mu no hyia denam akwan a ehia na ama onii no atumi asan aba Kristofo asafo no mu bio a wɔka ho asɛm kyerɛ no no so.

Yehowa Yɛ Ɔtemmufo a Ɔyɛ Pɛ

Ɛsɛ sɛ awofo, Kristofo ahwɛfo, ne afoforo a Kyerɛwnsɛm no ma wɔn tumi sɛ wɔmfa nteɛso mma no bu wɔn asɛyɛde no aniberesɛm. Ɛnsɛ sɛ wobu afoforo atɛn sɛ nnipa a wɔrentumi nyɛ nsakrae biara bio. Enti, ɛnsɛ sɛ wɔn nteɛso no yɛ te sɛ aweredi anaa asidi a wɔde retwe obi aso.

Nokwarem no, Bible ka Yehowa ho asɛm sɛ obi a ɔde asotwe a ano yɛ den na etwa to bɛma. Kyerɛwnsɛm no ka no nokwarem sɛ “Onyankopɔn a ɔte ase no nsam hwe yɛ hu.” (Hebrifo 10:31) Nanso, ɛnsɛ sɛ onipa biara de ne ho toto Yehowa ho wɔ asotwe anaa biribi foforo mu. Na ɛnsɛ sɛ biribi ma obi te nka sɛ ɛyɛ hu sɛ ɔbɛhwe ɔwofo anaa ɔpanyin bi nsam wɔ asafo no mu.

Yehowa wɔ tumi a obetumi de akari pɛ bere a ɔde nteɛso rema no. Nnipa nni saa tumi no. Onyankopɔn betumi ahwɛ koma mu na wahu bere a obi ntumi nyɛ nsakrae bio na enti ɛsɛ sɛ ɔde asotwe a ano yɛ den na etwa to ma no. Nea ɛne eyi bɔ abira no, nnipa ntumi mfa nhumu a ɛte saa nni dwuma. Ɛno nti, sɛ ɛho behia sɛ wɔde nteɛso ma a, ɛsɛ sɛ bere nyinaa no, wɔn a wɔwɔ tumi no de ma a atirimpɔw no ne sɛ ebesiesie onipa no.

Yehowa Nteɛso a Yebegye Atom

Yɛn nyinaa hia Yehowa nteɛso. (Mmebusɛm 8:33) Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yɛn ani gye nteɛso a egyina Onyankopɔn Asɛm so ho. Bere a yesua Onyankopɔn Asɛm no, yebetumi agye nteɛso a efi Yehowa hɔ ankasa a ɛnam Kyerɛwnsɛm no so no atom. (2 Timoteo 3:16, 17) Nanso, ɛtɔ mmere bi a, yebenya nteɛso afi mfɛfo Kristofo hɔ. Adwene ankasa a ɛwɔ saa nteɛso no akyi a yebehu no bɛboa yɛn ma yɛafi yɛn pɛ mu agye atom.

Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Asotwe biara asotwe, mprempren de, ɛnyɛ yɛn sɛ anigyede, na mmom awerɛhowde.” Afei ɔde kaa ho sɛ: “Nanso akyiri no, ɛsow asomdwoe aba a ɛyɛ trenee ma wɔn a wɔnam so asɔ wɔn ahwɛ no.” (Hebrifo 12:11) Yehowa nteɛso da ne dɔ kɛse a ɔwɔ ma yɛn no adi. Sɛ́ wɔde nteɛso rema yɛn anaasɛ yɛn na yɛde rema no, momma yɛmma atirimpɔw a ɛwɔ ɔsoro nteɛso mu no ntra yɛn adwene mu na yentie Bible afotu a nyansa wom yi: “So nteɛso mu dennen, nnyaa mu, kora no, na ɛne wo nkwa.”—Mmebusɛm 4:13.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 21]

Nnebɔneyɛfo a wonnu wɔn ho no nya Onyankopɔn atemmu, ɛnyɛ ne nteɛso a ebesiesie wɔn

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 22]

Ɔdɔ kanyan mpanyimfo ma wogye bere yɛ nhwehwɛmu na wɔboa wɔn a wodi mfomso

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 23]

Awofo nam boasetɔ ne ɔdɔ so de ‘Yehowa kasakyerɛ ne nyansakyerɛ’ ma