Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Boasetɔ A Yɛde Gyina Sɔhwɛ Ahorow Ano De Ayeyi Brɛ Yehowa

Boasetɔ A Yɛde Gyina Sɔhwɛ Ahorow Ano De Ayeyi Brɛ Yehowa

Boasetɔ A Yɛde Gyina Sɔhwɛ Ahorow Ano De Ayeyi Brɛ Yehowa

“Sɛ moyɛ papa na muhu amane na motɔ mo bo ase a, eyi na ɛyɛ ɔdom, Onyankopɔn anim.”—1 PETRO 2:20.

1. Esiane sɛ ɛho hia nokware Kristofo sɛ wɔbɛtra ase ma ɛne wɔn ahosohyira ahyia nti, nsɛmmisa bɛn na ɛsɛ sɛ yesusuw ho?

KRISTOFO ahyira wɔn ho so ama Yehowa, na wɔpɛ sɛ wɔyɛ n’apɛde. Nea ɛbɛyɛ na wɔatra ase ma ɛne wɔn ahosohyira ahyia no, wɔyɛ nea wobetumi nyinaa de di wɔn Nhwɛsofo, Yesu Kristo, anammɔn akyi, na wodi nokware no ho adanse. (Mateo 16:24; Yohane 18:37; 1 Petro 2:21) Nanso, Yesu ne anokwafo foforo de wɔn nkwa mae wui sɛ mogya adansefo maa wɔn gyidi. So eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa hwɛ kwan sɛ wobetumi awu ama wɔn gyidi?

2. Kristofo bu sɔhwɛ ahorow ne amanehunu dɛn?

2 Sɛ́ Kristofo no, wotu yɛn fo sɛ yenni nokware nkodu owu mu, na ɛnkyerɛ ankasa sɛ yebewu ama yɛn gyidi. (2 Timoteo 4:7; Adiyisɛm 2:10) Eyi kyerɛ sɛ bere a yɛwɔ ɔpɛ sɛ yebehu amane—na sɛ ɛho hia a, yɛawu—ama yɛn gyidi no, yɛn ani nnye ho sɛ yebehu amane na yɛawu. Yɛn ani nnye amanehunu, ɛyaw, anaa ahohorabɔ ho. Nanso, esiane sɛ ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ yebehyia sɔhwɛ ahorow ne ɔtaa nti, ɛho hia sɛ yesusuw sɛnea yɛbɛyɛ yɛn ade bere a nneɛma a ɛte saa ba yɛn so no ho yiye.

Nokwaredi Wɔ Sɔhwɛ Mu

3. Bible mu nhwɛso ahorow a ɛfa sɛnea wogyinaa ɔtaa ano ho bɛn na wubetumi aka ho asɛm? (Hwɛ adaka “Sɛnea Wɔyɛɛ Wɔn Ade Wɔ Ɔtaa Mu,” a ɛwɔ kratafa a edi hɔ no.)

3 Wɔ Bible mu no, yehu kyerɛwtohɔ pii a ɛkyerɛ sɛnea Onyankopɔn asomfo a wɔtraa ase tete no yɛɛ wɔn ade bere a wohyiaa tebea horow a ɛde wɔn nkwa too asiane mu no. Akwan horow a wɔfaa so yɛɛ wɔn ade no ma Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ nya akwankyerɛ a sɛ wohyia nsɛnnennen a ɛte saa a wobedi akyiri. Susuw nsɛm a ɛwɔ adaka “Sɛnea Wɔyɛɛ Wɔn Ade Wɔ Ɔtaa Mu” no ho, na hwɛ nea wubetumi asua afi mu.

4. Dɛn na yebetumi aka afa sɛnea Yesu ne asomfo anokwafo foforo yɛɛ wɔn ade bere a wohyiaa sɔhwɛ no ho?

4 Ɛwom sɛ Yesu ne Onyankopɔn asomfo anokwafo foforo yɛɛ wɔn ade wɔ akwan soronko so wɔ tebea horow mu de, nanso ɛda adi pefee sɛ wɔamfa wɔn nkwa anto asiane mu sɛnea ɛho nhia. Bere a wohui sɛ wɔwɔ tebea horow a ɛyɛ hu mu no, wɔyɛɛ wɔn ade akokoduru so, nanso wɔyɛɛ ahwɛyiye. (Mateo 10:16, 23) Na wɔn botae ne sɛ wɔbɛma asɛnka adwuma no anya nkɔanim na wɔakura wɔn mudi mu ama Yehowa. Sɛnea wɔyɛɛ wɔn ade wɔ tebea horow mu no yɛ nhwɛso ma Kristofo a wɔwɔ hɔ a wohyia sɔhwɛ ahorow ne ɔtaa nnɛ no.

5. Ɔtaa bɛn na ɛsɔree wɔ Malawi wɔ 1960 mfe no mu, na ɔkwan bɛn so na Adansefo a wɔwɔ hɔ no yɛɛ wɔn ade?

5 Wɔ ɛnnɛ mmere mu no, mpɛn pii na Yehowa nkurɔfo akɔ ahokyere a emu yɛ den mu na wɔahwere wɔn nneɛma nyinaa esiane akodi, bara a wɔbara wɔn, anaa ɔtaa ankasa nti. Sɛ nhwɛso no, wɔ 1960 mfe no mu no, wɔtaa Yehowa Adansefo a wɔwɔ Malawi no denneennen. Ɛkame ayɛ sɛ wɔsɛee wɔn biribiara—wɔn Ahenni Asa, wɔn afie, wɔn nnuan, ne wɔn nnwuma. Wɔhwee wɔn fow wɔn nneɛma nyinaa. Anuanom no yɛɛ wɔn ade dɛn? Na ɛsɛ sɛ mpempem pii guan fi wɔn nkuraa ase. Pii kɔhwehwɛɛ guankɔbea wɔ wuram, bere a afoforo guan kɔtraa Mozambique a ɛbɛn hɔ no bere tiaa bi no. Ɛwom sɛ anokwafo pii hweree wɔn nkwa de, nanso afoforo guan fii beae a na asiane wɔ no, a ɛda adi sɛ na ntease wom wɔ tebea horow a ɛte saa mu. Anuanom yɛɛ saa de dii Yesu ne Paulo nhwɛso akyi.

6. Ɔtaa a na emu yɛ den yiye nyinaa akyi no, dɛn na Adansefo a wɔwɔ Malawi no annyae yɛ?

6 Ɛwom sɛ na ɛsɛ sɛ anuanom a wɔwɔ Malawi no guan anaasɛ wɔkɔpɛ hintabea de, nanso wɔhwehwɛɛ teokrase akwankyerɛ dii akyiri, na wɔyɛɛ wɔn Kristofo nnwuma wɔ sum ase sɛnea wobetumi. Dɛn na efii mu bae? Woduu Ahenni adawurubɔfo dodow a ɛsen biara 18,519 ho bere tiaa bi ansa na wɔrebara wɔn wɔ afe 1967 mu. Ɛwom sɛ na bara a wɔabara wɔn no da so wɔ hɔ, na na wɔn mu pii aguan kɔ Mozambique de, nanso wobuu adawurubɔfo dodow a ɛsen biara foforo 23,398 ho akontaa wɔ afe 1972 mu. Sɛ wɔkyekyɛm pɛpɛɛpɛ a na wɔn mu biara de nnɔnhwerew 16 na ɛyɛ asɛnka adwuma no ɔsram biara. Akyinnye biara nni ho sɛ, wɔn nneyɛe no de ayeyi brɛɛ Yehowa, na na Yehowa nhyira wɔ saa anuanom anokwafo no so wɔ bere a na emu yɛ den yiye no mu. *

7, 8. Ntease bɛn nti na ebinom paw sɛ wɔrenguan, ɛmfa ho mpo sɛ ɔsɔretia rehaw wɔn adwene no?

7 Nanso, wɔ aman a ɔsɔretia rehaw adwene wom mu no, anuanom binom betumi asi gyinae sɛ wɔremfi hɔ, ɛmfa ho mpo sɛ wobetumi ayɛ saa no. Fi a wobefi hɔ no betumi adi ɔhaw ahorow bi ho dwuma de, nanso ebetumi de nsɛnnennen foforo aba. Sɛ nhwɛso no, so wobetumi akɔ so ne Kristofo onuayɛ kuw no adi nkitaho a wɔrentew wɔn ho honhom fam? So wobetumi akɔ so ayɛ wɔn honhom fam nnwuma bere a wɔrepere sɛ wobenya asetra foforo, ebia wɔ ɔman a wodi yiye anaa wɔ ɔman a ɛma nkurɔfo nya wɔn ho pii wɔ honam fam mu no?—1 Timoteo 6:9.

8 Afoforo yɛ wɔn adwene sɛ wɔrentu esiane sɛ wodwen wɔn nuanom honhom fam yiyedi ho nti. Wɔtra hɔ hyia tebea no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkɔ so aka asɛmpa no wɔ wɔn man mu na ama wɔahyɛ wɔn mfɛfo asomfo nkuran. (Filipifo 1:14) Ebinom asisi gyinae a ɛte saa nam so atumi aboa adi nkonim wɔ mmara kwan so wɔ wɔn man mu. *

9. Esiane ɔtaa nti, sɛ obi resi gyinae sɛ ɔbɛtra hɔ anaasɛ obetu a, nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ osusuw ho?

9 Akyinnye biara nni ho sɛ, sɛ́ wɔbɛtra hɔ anaasɛ wobetu no—yɛ ankorankoro gyinaesi. Nokwarem no, ɛyɛ bere a yɛabɔ mpae ahwehwɛ Yehowa akwankyerɛ akyi nkutoo na ɛsɛ sɛ yesisi gyinae a ɛte saa. Nanso, ɛmfa ho gyinae biara a yebesi no, ɛsɛ sɛ yɛma ɔsomafo Paulo nsɛm yi tra yɛn adwenem: “Yɛn nyinaa bebubu yɛn ho akontaa mmiako mmiako akyerɛ Onyankopɔn.” (Romafo 14:12) Sɛnea yehuu no kan no, nea Yehowa hwehwɛ ne sɛ n’asomfo no mu biara bɛkɔ so adi nokware wɔ tebea horow nyinaa mu. N’asomfo binom rehyia sɔhwɛ ahorow ne ɔtaa nnɛ; afoforo betumi ahyia wɔn de akyiri yi. Wɔbɛsɔ yɛn nyinaa ahwɛ wɔ ɔkwan bi so, na ɛnsɛ sɛ obiara hwɛ kwan sɛ ɔbɛfa ne ho adi. (Yohane 15:19, 20) Sɛ́ Yehowa asomfo a yɛahyira yɛn ho so no, yentumi nkwati amansan yi mu ɔsɛmpɔw a ɛfa Yehowa din ho a yɛbɛtew ne ne tumidi ho a yɛbɛsan no.—Hesekiel 38:23; Mateo 6:9, 10.

“Mommfa Bɔne Nntua Obiara Bɔne So Ka”

10. Ɛdefa nhyɛso ne ɔtaa ano a yebegyina ho no, nhwɛso a ɛho hia bɛn na Yesu ne asomafo no yɛ maa yɛn?

10 Nnyinasosɛm foforo a ɛho hia a yebetumi asua afi sɛnea Yesu ne n’asomafo yɛɛ wɔn ade wɔ nhyɛso ase ne sɛ yɛrenyɛ biribi ntua yɛn ataafo no so ka da. Bible mu baabiara nni hɔ a yehu biribi sɛ Yesu ne n’akyidifo boaboaa wɔn ho ano sɛ kuw a wɔko tia wɔn ataafo anaasɛ wɔne wɔn dii ako. Mmom no, ɔsomafo Paulo tuu Kristofo fo sɛ “mommfa bɔne nntua obiara bɔne so ka!” “Adɔfo, munnnidi mo ho were, na mmom munnyaw mma Onyankopɔn abufuw! Na wɔakyerɛw sɛ: Me na aweredi wɔ me, me ara metua ka, [Yehowa, NW] na ɔka saa.” Afei nso, “mma bɔne nnni wo so nim, na mmom fa papa di bɔne so nim!”—Romafo 12:17-21; Dwom 37:1-4; Mmebusɛm 20:22.

11. Dɛn na abakɔsɛm kyerɛwfo bi ka faa su a tete Kristofo daa no adi wɔ Ɔman ho no ho?

11 Tete Kristofo no tiee saa afotu no. Wɔ abakɔsɛm kyerɛwfo Cecil J. Cadoux nhoma The Early Church and the World mu no, ɔka su a Kristofo yii no adi wɔ Ɔman ho wɔ mfe 30-70 Y.B. mu no ho asɛm. Ɔkyerɛwee sɛ: “Yenni adanse pɔtee biara a ɛkyerɛ sɛ Kristofo a wɔtraa ase saa bere yi mu no bɔɔ mmɔden bere bi sɛ wɔnam patapaa so begyina ɔtaa ano. Ade a ɛkɔ akyiri sen biara a wɔyɛe ne sɛ wɔde akokoduru kasa tiaa wɔn sodifo anaasɛ woguanee maa wɔn ho dwiriw wɔn. Nanso, sɛnea Kristofo yɛɛ wɔn ade wɔ ɔtaa ho no ankɔ akyiri ansen gyina a wogyinaa pintinn sɛ wɔrenni atumfoɔ no ahyɛde ahorow a wɔtee nka sɛ sɛ wodi so a na wɔreyɛ asoɔden atia Kristo no so.”

12. Dɛn nti na eye sɛ yebegyina amanehunu ano sen sɛ yɛbɛyɛ biribi atua so ka?

12 So nyansa wɔ ahobrɛase a ɛte saa mu? So ɛrenyɛ mmerɛw sɛ wɔn a wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛtɔre Kristofo ase no bɛfa obi a ɔyɛ n’ade saa no so? So ɛrenyɛ nea nyansa wom sɛ obi bɛko agye ne ho? Wɔ nnipa ani so no, ɛbɛyɛ sɛ ɛno ne adeyɛ a nyansa wom. Nanso, sɛ́ Yehowa asomfo no, yɛwɔ ahotoso sɛ Yehowa akwankyerɛ akyi a yebedi wɔ ade nyinaa mu no ne nea eye sen biara. Yɛma Petro nsɛm no tra yɛn adwenem: “Sɛ moyɛ papa na muhu amane na motɔ mo bo ase a, eyi na ɛyɛ ɔdom, Onyankopɔn anim.” (1 Petro 2:20) Yɛwɔ ahotoso sɛ Yehowa nim tebea no yiye, na ɔremma nsɛm tebea no nkɔ so afebɔɔ. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu sɛ saa na ɛte? Yehowa ka kyerɛɛ ne nkurɔfo a na wɔwɔ nnommumfa mu wɔ Babilon no sɛ: “Nea ɔka mo no, waka [m’aniwa, NW] kesuwa.” (Sakaria 2:8) Bere tenten ahe na obi bɛma kwan ma obi aka n’aniwa kesuwa? Yehowa de ogye bɛba wɔ bere a ɛfata mu. Adwenem naayɛ biara nni ho.—2 Tesalonikafo 1:5-8.

13. Dɛn nti na Yesu brɛɛ ne ho ase maa atamfo no kyeree no?

13 Wɔ eyi ho no, yebetumi ahwɛ Yesu sɛ yɛn nhwɛsofo. Bere a ɔmaa kwan ma n’atamfo kyeree no wɔ Getsemane turom hɔ no, na ɛnyɛ sɛ ɔrentumi nko nnye ne ho nti. Nokwarem no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: ‘Mususuw sɛ anka mintumi mensrɛ m’agya mprempren na ɔnsoma abɔfo asafotow dumien ne akyiri mmegyina me ho? Na ɛnde ɛbɛyɛ dɛn na kyerɛw nsɛm no bɛba mu sɛ etwa sɛ ɛyɛ saa?’ (Mateo 26:53, 54) Ná Yehowa apɛde a Yesu bɛyɛ no yɛ n’ahiasɛm titiriw, sɛ na ɛno bɛma wahu amane mpo a. Ná ɔwɔ Dawid nkɔmhyɛ kwan so dwom no mu ahotoso koraa: “Worennyaw me kra asaman, woremma wo hotefo nhu ɔda mu porɔwee.” (Dwom 16:10) Mfe bi akyi no, ɔsomafo Paulo kaa Yesu ho asɛm sɛ: “Ɔhwɛɛ anigye a ɛda n’anim tɔɔ ne bo ase huu asɛndua ho amane, na wammu aniwu, na wakɔtra Onyankopɔn ahengua nifa.”—Hebrifo 12:2.

Yehowa Din Ho a Yɛbɛtew Ho Anigye

14. Anigye bɛn na ɛwowaw Yesu wɔ ne sɔhwɛ nyinaa mu no?

14 Anigye bɛn na ɛwowaw Yesu wɔ sɔhwɛ a emu yɛ den sen biara no mu? Wɔ Yehowa asomfo nyinaa mu no, Yesu, Onyankopɔn Dɔba no, ne nea na Satan ani sã no sen biara. Enti na Yesu mudi mu a okurae wɔ sɔhwɛ mu no bɛyɛ ahohora a Satan bɔ Yehowa no ho mmuae a ɛsen biara. (Mmebusɛm 27:11) So wubetumi de w’adwene abu anigye ne abotɔyam a ɛbɛyɛ sɛ Yesu nyae bere a wonyan no fii awufo mu no? Na hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ n’ani gyei bere a ohui sɛ wadi dwuma a na wɔde ama no sɛ onipa a ɔyɛ pɛ de asan Yehowa tumidi ho na watew Ne din ho no! Afei nso, akyinnye biara nni ho sɛ “Onyankopɔn ahengua nifa” a Yesu te no ma no nya anuonyam ne anigye kɛse.—Dwom 110:1, 2; 1 Timoteo 6:15, 16.

15, 16. Ɔtaa a atirimɔdenne wom bɛn na Adansefo a wɔwɔ Sachsenhausen gyinaa ano, na dɛn na ɛma wonyaa ahoɔden de yɛɛ saa?

15 Wɔ Kristofo fam no, ɛyɛ anigye saa ara sɛ wobenya kyɛfa wɔ Yehowa din ho a wɔbɛtew denam Yesu nhwɛso akyi a wobedi agyina sɔhwɛ ahorow ne ɔtaa ano no so. Nhwɛso biako ne Adansefo a wohuu amane wɔ Sachsenhausen nneduaban a egyee dimmɔne mu na wonyaa wɔn ti didii mu wɔ owu aperententu a na ɛyɛ hu mu wɔ Wiase Ko II awiei mu suahu no. Wɔ aperententu no mu no, ewim tebea, nyarewa, anaa ɔkɔm anaa SS asraafo a wokunkum ebinom wɔ kwankyɛn no maa nneduafo no mpempem pii wuwui. Adansefo a na wɔn dodow si 230 no nyinaa nyaa wɔn ti didii mu denam ka a wɔkaa wɔn ho boom na wɔde wɔn nkwa too asiane mu boaboaa wɔn ho wɔn ho no so.

16 Dɛn na ɛmaa Adansefo yi nyaa ahoɔden de gyinaa ɔtaa a na atirimɔdenne wom no ano? Bere a woduu baabi a ahobammɔ wɔ pɛ na wɔdaa anigye ne anisɔ a wɔwɔ ma Yehowa no adi, na wɔkyerɛw eyi wɔ krataa bi mu maa no asɛmti sɛ “Yehowa Adansefo a wɔn dodow si 230 a wofi aman asia mu a wohyiaam wɔ kwae bi a ɛbɛn Schwerin mu wɔ Mecklenburg no tirimbɔ.” Wɔkaa wɔ mu sɛ: “Yɛafa sɔhwɛ bere a emu yɛ den na ɛyɛ tenten mu awie, na sɛnea yɛbɛka no no, woyii wɔn a wɔanya wɔn ti adidi mu no fii ogya fononoo mu a ogya no ho hua nnyee wɔn ho. (Hwɛ Daniel 3:27.) Mmom no, wɔwɔ ahoɔden a edi mũ ne tumi a efi Yehowa hɔ, na wɔde anigye retwɛn ahyɛde foforo a efi Ɔhene no hɔ a ɛbɛma wɔatoa wɔn Teokrase nnwuma so.” *

17. Sɔhwɛ ahorow bɛn na Onyankopɔn nkurɔfo rehyia nnɛ?

17 Te sɛ anokwafo 230 no, wobetumi asɔ yɛn nso gyidi ahwɛ, ɛwom sɛ yennya “nsiw ano nkoduu mogya mu” de. (Hebrifo 12:4) Nanso, sɔhwɛ betumi afa akwan pii so aba. Ebetumi ayɛ wo ho fɛw a wo mfɛfo sukuufo bedi, anaasɛ ebetumi ayɛ atipɛnfo a wɔbɛhyɛ wo sɛ fa wo ho kɔhyɛ ɔbrasɛe ne nneyɛe bɔne afoforo mu. Afei nso, ɛtɔ mmere bi a wo ho a wobɛtwe afi mogya ho, sɛ wobɛware Awurade mu nko, anaasɛ wobɛtete wo mma wɔ gyidi no mu wɔ abusua a emu apaapae mu no betumi de nhyɛso ne sɔhwɛ ahorow a emu yɛ den aba.—Asomafo no Nnwuma 15:29; 1 Korintofo 7:39; Efesofo 6:4; 1 Petro 3:1, 2.

18. Awerɛhyem bɛn na yɛwɔ a ɛbɛma yɛatumi agyina sɔhwɛ a emu yɛ den sen biara mpo ano?

18 Nanso, ɛmfa ho sɔhwɛ biara a ebia ɛbɛba yɛn so no, yenim sɛ esiane sɛ yɛde Yehowa ne N’ahenni no adi kan nti na yehu amane, na yɛfa no sɛ ɛyɛ hokwan ne anigye ankasa sɛ yɛbɛyɛ saa. Yenya akokoduru fi Petro nsɛm a ɛyɛ awerɛkyekye yi mu: “Sɛ wɔyaw mo Kristo din nti a, nhyira ne mo, efisɛ anuonyam ne Onyankopɔn honhom wɔ mo so.” (1 Petro 4:14) Wɔ Yehowa honhom no tumi mu no, yenya ahoɔden a yɛde begyina sɔhwɛ ahorow a emu yɛ den sen biara mpo ano, na yɛyɛ ne nyinaa ma n’anuonyam ne ayeyi.—2 Korintofo 4:7; Efesofo 3:16; Filipifo 4:13.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 6 Nsɛm a esisii wɔ 1960 mfe no mu no yɛɛ ɔtaa a edidii so bae a na ɛyɛ hu na awudi wom a na ɛsɛ sɛ Adansefo a wɔwɔ Malawi no gyina ano bɛyɛ mfirihyia aduasa no mu biako pɛ. Sɛ wopɛ sɛ wuhu ɛho nsɛm nyinaa a, hwɛ 1999 Yearbook of Jehovah’s Witnesses, kratafa 171-212.

^ nky. 8 Hwɛ asɛm “Asɛnnibea Kunini Taa Nokware Som Akyi Wɔ ‘Ararat Asase’ So” wɔ April 1, 2003, Ɔwɛn-Aban, kratafa 11-14.

^ nky. 16 Sɛ wopɛ tirimbɔ yi nyinaa a, hwɛ 1974 Yearbook of Jehovah’s Witnesses, kratafa 208-9. Wubetumi ahu obi a onyaa ne ti didii mu wɔ aperententu no mu no anom nsɛm wɔ January 1, 1998, Ɔwɛn-Aban, kratafa 25-9 mu.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Kristofo bu amanehunu ne ɔtaa dɛn?

• Dɛn na yebetumi asua afi ɔkwan a Yesu ne anokwafo afoforo yɛɛ wɔn ade wɔ sɔhwɛ mu no mu?

• Sɛ wɔtaa yɛn a, dɛn nti na nyansa wom sɛ yɛrenyɛ bi ntua ka?

• Anigye bɛn na ɛwowaw Yesu wɔ ne sɔhwɛ ahorow no mu, na dɛn na yebetumi asua afi eyi mu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 15]

Sɛnea Wɔyɛɛ Wɔn Ade Wɔ Ɔtaa Mu

• Ansa na Herode asraafo no redu Betlehem akokunkum mmarimaa a wɔadi mfe abien ne wɔn a wonnya nnii mfe abien nyinaa no, Yosef ne Maria nam ɔbɔfo akwankyerɛ so faa abofra Yesu guan kɔɔ Misraim.—Mateo 2:13-16.

• Esiane Yesu adanse a emu yɛ den nti, mpɛn pii na n’atamfo hwehwɛe sɛ wokum no wɔ bere a na ɔreyɛ ne som adwuma no. Yesu guanee emu biara mu.—Mateo 21:45, 46; Luka 4:28-30; Yohane 8:57-59.

• Bere a asraafo ne asomfo baa Getsemane turom sɛ wɔrebɛkyere Yesu no, ɔdaa ne ho adi pefee mprenu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mini.” Osiw n’akyidifo no kwan sɛ wɔnnko nntia, na ɔmaa basabasayɛfo kuw no kyeree no kɔe.—Yohane 18:3-12.

• Wɔ Yerusalem no, wɔkyeree Petro ne afoforo, hwee wɔn, hyɛɛ wɔn sɛ wonnyae Yesu ho asɛm ka. Nanso, bere a wogyaee wɔn no, ‘wɔkɔe, na wɔannyae Yesu Kristo ho asɛmpa no ka ne kyerɛkyerɛ asɔrefie ne afie mu da biara.’—Asomafo no Nnwuma 5:40-42.

• Bere a Saul, a akyiri yi ɔbɛyɛɛ ɔsomafo Paulo, hui sɛ Yudafo a wɔwɔ Damasko no abɔ ne ho pɔw sɛ wobekum no no, anuanom faa no anadwo de no too kɛntɛn mu faa ɔfasu so twetwee no sii fam ma oguanee.—Asomafo no Nnwuma 9:22-25.

• Mfe bi akyi no, ɛwom mpo sɛ Amrado Festo ne Ɔhene Agripa anhu Paulo ho “biribiara a ɛsɛ owu anaa ɔkyere” de, nanso ɔde asɛm no kɔdan Kaesare.—Asomafo no Nnwuma 25:10-12, 24-27; 26:30-32.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 16, 17]

Ɛwom sɛ ɔtaa a emu yɛ den maa Adansefo anokwafo a wɔwɔ Malawi no mpempem pii guanee de, nanso wɔkɔɔ so yɛɛ wɔn Ahenni som adwuma no anigye so

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 17]

Yehowa din ho a anokwafo yi bɛtew ho anigye wowaw wɔn wɔ Nasi owu aperententu no ne nneduaban ahorow mu

[Asɛm Fibea]

Owu aperententu: KZ-Gedenkstätte Dachau, USHMM Photo Archives na ɛmaa ho kwan

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 18]

Sɔhwɛ ne nhyɛso ahorow betumi afa akwan pii so aba