Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Eyi Abue M’ani!”

“Eyi Abue M’ani!”

Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ

“Eyi Abue M’ani!”

DOROTA a ɔyɛ Yehowa Dansefo bere nyinaa somfo wɔ Poland no kogyaa ne babarima a wadi mfe 14 ma ɔkɔɔ sukuu ayaresabea a ɔtaa kɔ hɔ no. Bere a oduruyɛfo Janina * reyɛ nhwehwɛmu no, obisaa Dorota nnwuma a ne ba no yɛ wɔ fie.

Dorota buae sɛ: “Ɛda a mantumi annoa anwummeduan no, me ba yi noa ma yɛn nnipa baasia a yɛwɔ abusua no mu nyinaa. Ɔsan nso prapra fie hɔ popa nneɛma ho, na ɔboa siesie nneɛma a asɛe. Ɔpɛ akenkan. Ɔyɛ osuani mmɔdenbɔfo.”

Janina kae sɛ: “Ɛyɛ nwonwa yiye. Mayɛ adwuma wɔ ha mfe 12 ni nanso mentee saa asɛm yi bi da.”

Dorota huu hokwan a ɔde bedi adanse enti ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ɛnnɛ awofo pii ntumi mfa ntetee pa mma wɔn mma. Ɛno nti na wɔn mma ntaa nnya obu kɛse mma wɔn ho no.”

Janina bisae sɛ: “Woyɛɛ dɛn huu eyinom nyinaa? Awofo dodow no ara nnim saa nsɛm yi ho hwee.”

Mmuae a Dorota de mae ne sɛ: “Bible a ɛsom bo kɛse no mu na saa nsɛm yi fi. Sɛ nhwɛso no, Deuteronomium 6:6-9 kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yedi kan kyerɛkyerɛ yɛn ho ansa na yɛatumi akyerɛkyerɛ yɛn mma. Su pa a yɛpɛ sɛ yɛde dua yɛn mma mu no, so ɛnsɛ sɛ yedi kan de hyɛ yɛn ankasa koma ne yɛn adwene mu?”

Asɛm a Janina kae ne sɛ: “Ɛyɛ nwonwa yiye. Ɛyɛ nwonwa yiye!” Afei obisaa Dorota sɛnea Bible no boaa no wɔ ne mma ntetee ne wɔn nkyerɛkyerɛ mu.

Dorota kyerɛɛ mu sɛ: “Yɛne yɛn mma sua Bible no dapɛn biara. Nhoma a yɛde di dwuma ne Questions Young People Ask—Answers That Work. * Afei ɔtoaa so kaa nhoma no ho asɛm bobɔɔ nsɛmti a ɛwom no bi din.

Janina teɛɛm sɛ: “Eyi abue m’ani! Metumi ahu saa nhoma no?”

Dɔnhwerew biako akyi no, Dorota de nhoma no brɛɛ no.

Janina gu so rehwehwɛ nhoma no mu no, obisae sɛ: “Ɔsom bɛn na wowom?”

“Meyɛ Yehowa Dansefo.”

“Ɔkwan bɛn so na Yehowa Adansefo ne ɔsom afoforo mufo di?”

Dorota buae sɛ: “Yɛde obu ma wɔn, sɛnea meyɛ wo yi ara.” Ɔde kaa ho sɛ: “Nokwarem, yɛn yam a, anka wɔaba abehu Bible mu nokware no.”

Janina kae sɛ: “Mete nka sɛ me ho asan me dedaw.”

Wɔ Dorota nsrahwɛ no awiei no, ɔhyɛɛ Janina nkuran sɛ ɔnkenkan Bible no. “Ɛbɛma w’asetra ayɛ nea atirimpɔw wom na aboa wo wɔ w’adwuma mu.”

Janina gye toom sɛ: “Ampa ara woakanyan me sɛ menyɛ saa.”

Dorota sii ne bo faa anifere kwan so de oduruyɛfo no nkyɛn nsrahwɛ no dii adanse a ɛkyɛn so.—1 Petro 3:15.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 3 Ɛnyɛ ne din ankasa.

^ nky. 10 Yehowa Adansefo na wotintimii.