Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa pii Mmuae a Ɛma Abotɔyam Kakraa Bi

Nsɛmmisa pii Mmuae a Ɛma Abotɔyam Kakraa Bi

Nsɛmmisa pii Mmuae a Ɛma Abotɔyam Kakraa Bi

WƆ November 1, 1755, Ahotefo Nyinaa Da anɔpa bi no, asasewosow kɛse bi sii Lisbon kurow mu bere a na emufo dodow no ara wɔ asɔredan mu no. Adan mpempem pii bubui, na nnipa ɔpedudu pii wuwui.

Wɔ saa asiane no akyi bere tiaa bi no, Franseni nhomakyerɛwfo Voltaire tintim ne nhoma Poème sur le désastre de Lisbonne (Lisbon Atoyerɛnkyɛm Ho Anwensɛm), na emu no, ɔkasa tiaa kyerɛ a na wɔkyerɛ sɛ asiane no yɛ asotwe a Onyankopɔn de tuaa nnipa no bɔne so ka no. Bere a Voltaire rekyerɛ sɛ asiane a ɛtete saa no boro nnipa ntease so anaa wontumi nkyerɛkyerɛ mu no, ɔkyerɛwee sɛ:

Abɔde nni ano, yebisa no biribiara a, ontumi nyi ano;

Yehia Onyankopɔn a ɔkasa kyerɛ adesamma abusua no.

Nokwarem no, na ɛnyɛ Voltaire ne onipa a odi kan a wabisa nsɛm bi afa Onyankopɔn ho. Wɔ adesamma abakɔsɛm nyinaa mu no, asiane ne atoyerɛnkyɛm ama nsɛmmisa pii asɔre wɔ nkurɔfo adwene mu. Mfe mpempem pii a atwam no, tete agya Hiob a na ɔhweree ne mma nyinaa nkyɛe na yare bi a ɛyɛ hu abɔ no no bisae sɛ: “Ɛdɛn nti na ɔma ɔbrɛfo hann, na ɔde nkwa ma wɔn a wɔn kra werɛ ahow?” (Hiob 3:20) Ɛnnɛ, nnipa pii susuw nea enti a Onyankopɔn a ne yam ye na ɔwɔ dɔ no yɛ sɛ nea biribiara mfa ne ho bere a amanehunu ne nsisi pii rekɔ so no.

Esiane ɔkɔm, akodi, yare, ne owu a nnipa pii hyia nti, wɔpo adwene a ɛne sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ a odwen adesamma ho no koraa. Nyansapɛfo bi a onnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ no kae sɛ: “Biribiara nni hɔ a ebetumi ama Onyankopɔn adi bem sɛ ɔma abofra bi hu amane, . . . gye sɛ nokwarem no, onni hɔ.” Asiane akɛse, te sɛ Wiase Ko II mu Okunkɛse no, ma nnipa pii ka saa ara. Hyɛ asɛm a ɛwɔ krataa bi a Yudani nhomakyerɛwfo bi kyerɛwee mu yi nsow: “Ɛde besi ha yi, nkyerɛkyerɛmu tiawa koraa a yebetumi de ama wɔ Auschwitz no ho ne sɛ Onyankopɔn bi nni hɔ a ɔde ne ho begye adesamma nsɛm mu.” Sɛnea nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ France wɔ 1997 mu kyerɛ no, wɔ ɔman bi a ɛkame ayɛ sɛ emufo dodow no ara yɛ Katolekfo mu no, ɔmanfo no mu bɛyɛ ɔha biara mu 40 na esiane okunkɛse, te sɛ nea esii Rwanda wɔ 1994 mu no nti, wonnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ.

Gyidi Ho Akwanside?

Dɛn nti na Onyankopɔn mfa ne ho nnye nsɛm mu nsiw nneɛma bɔne kwan? Katolek abakɔsɛm kyerɛwfo bi ka sɛ saa asɛmmisa yi yɛ “gyidi ho akwanside kɛse” ma nnipa pii. Obisa sɛ: “So ebetumi ayɛ yiye ankasa sɛ yebenya Onyankopɔn bi a ɔnka hwee bere a nnipa a wɔn ho nni asɛm ɔpepem pii wuwu na wokunkum wiase nnipadɔm pii na ɔnyɛ biribiara mfa nsiw ano no mu gyidi?”

Saa ara na samufo nsɛm bi a ɛwɔ Katolek atesɛm krataa La Croix mu ka sɛ: “Sɛ́ ɛyɛ asiane a asisi atwam, asiane a efi mfiridwuma, asiane a efi abɔde, nsɛmmɔnedifo fekuw, anaa yɛn dɔfo bi wu no, wɔ asɛm no biara mu no, nnipa a ehu akita wɔn no ma wɔn ani so hwɛ soro. Ɛhe na Onyankopɔn wɔ? Wohia mmuae. So ɛnyɛ ɔno ne Onibiannasofo Kɛse no, Okokuroko a Onnwen Nnipa Ho No?”

Pope John-Paul II susuw saa ɔsɛmpɔw yi ho wɔ n’asomafo krataa Salvifici Doloris a ɔkyerɛw no 1984 mu no mu. Ɔkyerɛwee sɛ: “Bere a sɛnea yɛbɛka no no, wiase a ɛwɔ hɔ yi bue adesamma ani ma wohu sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, wohu ne nyansa, ne tumi ne ne kɛseyɛ no, ɛte sɛ nea abɔnefosɛm ne amanehunu mma wonhu saa nneɛma yi, na ɛtɔ mmere bi a, wɔ ɔkwan a ɛkɔ akyiri so, titiriw bere a amanehunu a ɛmfata pii sisi daa na nnipa pii di nsɛmmɔne na wonnya ho asotwe sɛnea ɛsɛ no.”

So eye sɛ tumi nyinaa wura Nyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ kyɛn so, sɛnea wɔka ne ho asɛm wɔ Bible mu no, wɔ hɔ na bere koro no ara nnipa rehu amane saa? So ɔde ne ho gye nsɛm mu siw asiane ahorow a ɛba mmiako mmiako anaasɛ ɛba bom no ano? So ɔyɛ biribi ma yɛn nnɛ? Sɛ yɛbɛfa Voltaire asɛm no aka a, so ‘Onyankopɔn bi wɔ hɔ a ɔkasa kyerɛ adesamma abusua no’ de bua nsɛmmisa ahorow yi? Yɛsrɛ sɛ kenkan asɛm a edi hɔ no fa hwehwɛ mmuae no.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 3]

Lisbon a wɔsɛee no wɔ 1755 mu no kaa Voltaire ma ɔkae sɛ nsɛm a ɛtete saa no boro nnipa ntease so

[Nsɛm Fibea]

Voltaire: From the book Great Men and Famous Women; Lisbon: J.P. Le Bas, Praça da Patriarcal depois do terramoto de 1755. Foto: Museu da Cidade/Lisboa

[Mfonini wɔ kratafa 4]

Nnipa pii ntumi nhu sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ esiane okunkɛse te sɛ nea ɛkɔɔ so wɔ Rwanda no nti

[Asɛm Fibea]

AFP PHOTO

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 2]

NNURAHO, mmofra: USHMM, courtesy of Main Commission for the Prosecution of the Crimes against the Polish Nation