Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyankopɔn Ho a Ɔde Gye Nsɛm Mu—Dɛn Na Yebetumi Ahwɛ Kwan?

Onyankopɔn Ho a Ɔde Gye Nsɛm Mu—Dɛn Na Yebetumi Ahwɛ Kwan?

Onyankopɔn Ho a Ɔde Gye Nsɛm Mu—Dɛn Na Yebetumi Ahwɛ Kwan?

WƆ AFEHA a ɛto so awotwe A.Y.B. mu no, Yuda hene Hesekia a na wadi mfe 39 no hui sɛ yare bi a na abɔ no bekum no. Bere a amanneɛbɔ no maa Hesekia yɛɛ basaa no, ɔsrɛɛ Onyankopɔn wɔ mpaebɔ mu sɛ ɔnsa no yare. Onyankopɔn nam ne diyifo so buae sɛ: “Mate wo mpaebɔ, mahu wo nusu, hwɛ, mede mfe dunnum mɛto wo nna so.”—Yesaia 38:1-5.

Dɛn nti na Onyankopɔn de no ho gyee nsɛm mu saa bere pɔtẽẽ no mu? Mfehaha pii a atwam no, na Onyankopɔn ahyɛ Ɔhene Dawid treneeni no bɔ sɛ: “Wo fi ne w’ahenni betim akosi daa w’anim, w’ahengua besi pintinn akosi daa.” Onyankopɔn daa no adi nso sɛ wɔbɛwo Mesia no wɔ Dawid anato mu. (2 Samuel 7:16; Dwom 89:20, 26-29; Yesaia 11:1) Bere a Hesekia yaree no, na onnya nnwoo ba. Enti, na Dawid adehye anato no to rebetwa. Onyankopɔn ho a ɔde gyee Hesekia asɛm no mu no dii saa atirimpɔw no ho dwuma de koraa anato a Mesia no befi mu aba so.

Nea ɛbɛyɛ na Yehowa adi ne bɔhyɛ ahorow ho dwuma no, mpɛn pii na ɔde ne ho gyee nsɛm mu maa ne nkurɔfo a na wɔwɔ hɔ ansa na Kristofo bere no reba no. Mose kaa gye a wogyee Israel fii Misraim nkoasom mu no ho asɛm sɛ: “Esiane sɛ [Yehowa, NW] dɔ mo na odi ne ntam a ɔkaa mo agyanom no so nti na [Yehowa, NW] de nsa a ɛyɛ den yii mo fii nkoafi fii Misraim hene Farao nsam.”—Deuteronomium 7:8.

Saa ara na afeha a edi kan mu no, Onyankopɔn ho a ɔde gyee nsɛm mu no dii n’atirimpɔw ahorow ho dwuma. Sɛ nhwɛso no, bere a na Yudani a wɔfrɛ no Saul nam Damasko kwan so no, onyaa anwonwakwan so anisoadehu bi na ama wagyae ɔtaa a na ɔde ba Kristo akyidifo so no. Sakra a saa ɔbarima a wɔbɛfrɛɛ no ɔsomafo Paulo sakrae no dii dwuma titiriw wɔ asɛmpa no a wɔde kɔɔ amanaman mu no mu.—Asomafo no Nnwuma 9:1-16; Romafo 11:13.

So na Ɛsɛ sɛ Ɔde Ne Ho Gye Nsɛm Mu Daa?

So na Onyankopɔn de ne ho gye nsɛm mu daa anaa mmere bi nkutoo na na ɔyɛ saa? Kyerɛwnsɛm no da no adi pefee sɛ na ɛnyɛ bere nyinaa na ɔde ne ho gye nsɛm mu. Ɛwom sɛ Onyankopɔn gyee Hebrifo mmerante baasa bi fii ogya fononoo mu na ogyee Daniel fii agyata amoa mu de, nanso wanyɛ biribi amfa annye adiyifo afoforo a wowuwui no. (2 Beresosɛm 24:20, 21; Daniel 3:21-27; 6:16-22; Hebrifo 11:37) Woyii Petro fii afiase anwonwakwan so bere a Herode Agripa 1 de no too afiase no. Nanso, saa ɔhene koro yi ara na ɔma wokum ɔsomafo Yakobo, nanso Onyankopɔn amfa ne ho annye nsɛm mu ansiw saa bɔne yi kwan. (Asomafo no Nnwuma 12:1-11) Bere a Onyankopɔn maa asomafo no tumi sɛ wɔmfa nsa yare na wonnyan awufo mpo no, wantie anyi “ɔhonam mu nsɔe” a na ɛhaw ɔsomafo Paulo, a ebia na ɛyɛ nipaduam yare bi no amfi hɔ.—2 Korintofo 12:7-9; Asomafo no Nnwuma 9:32-41; 1 Korintofo 12:28.

Onyankopɔn amfa ne ho annye nsɛm mu ansiw ɔtaa kɛse a Roma Hempɔn Nero de baa Kristo asuafo so no ano. Wɔyɛɛ Kristofo ayayade, hyew wɔn anikan, de wɔn maa mmoa a wɔyɛ keka. Nanso, saa ɔsɔretia yi amma tete Kristofo no ampa abaw, na akyinnye biara nni ho sɛ ammrɛ gyidi a na wɔwɔ wɔ Onyankopɔn mu no ase. Anyɛ yiye koraa no, na Yesu abɔ n’asuafo kɔkɔ sɛ wɔde wɔn bɛkɔ asɛnnibea ne sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ ahoboa sɛ wobehu amane na wɔawuwu ama wɔn gyidi mpo.—Mateo 10:17-22.

Sɛnea ɔyɛe tete bere mu no, akyinnye biara nni ho sɛ ɛnnɛ nso Onyankopɔn tumi gye n’asomfo fi tebea ahorow a ɛyɛ hu mu, ma enti ɛnsɛ sɛ yɛkasa tia wɔn a wɔte nka sɛ wabɔ wɔn ho ban no. Nanso, ɛyɛ den sɛ yebesi no pi sɛ Onyankopɔn de ne ho gyee nsɛm a ɛte saa mu anaasɛ wamfa ne ho annye mu. Afiri bi paee wɔ aduruyɛbea bi a ɛwɔ Toulouse na epirapiraa Yehowa asomfo anokwafo pii, na Kristofo anokwafo mpempem pii wuwui wɔ Nasi ne Komunis nsraban mu anaasɛ wɔ tebea afoforo a ɛyɛ awerɛhow mu a Onyankopɔn amfa ne ho annye mu annye wɔn. Dɛn nti na Onyankopɔn mfa ne ho nnye nsɛm mu bere nyinaa nnye wɔn a wɔwɔ n’anim dom no nyinaa?—Daniel 3:17, 18.

‘Ɛbere ne Asiane’

Sɛ asiane bi si a, ebetumi aka obiara, ɛmfa ho sɛ obi di Onyankopɔn nokware anaasɛ onni no nokware no. Afiri bi a ɛpaee wɔ aduruyɛbea bi a ɛwɔ Toulouse a Alain ne Liliane nyaa wɔn ti didii mu no, nnipa 30 na wowuwui na ɔhaha pii nso pirapirae, a na ɛnyɛ sɛ wɔadi mfomso bi. Ne nyinaa mu no, nsɛmmɔnedi, karka mu ahwɛyiye a wɔnyɛ, anaa akodi, ma nnipa ɔpedudu pii hu amane, na yentumi mfa wɔn amanehunu no ho asodi nto Onyankopɔn so. Bible kae yɛn sɛ ‘ɛbere ne asiane to’ obiara.—Ɔsɛnkafo 9:11.

Bio nso, nnipa tumi yare, wonyinyin, na wowuwu. Ebinom a wɔkyerɛ sɛ Onyankopɔn nam anwonwakwan so koraa wɔn nkwa so anaa wɔkyerɛ sɛ ɔma wonyaa ayaresa bi a na wɔnhwɛ kwan no wuwui awiei koraa. Yare ne owu a wobeyi afi hɔ ne nnipa ‘aniwa nyinaa mu nusu a wɔbɛpopa’ no yɛ adeyɛ a ɛbɛba daakye.—Adiyisɛm 21:1-4.

Sɛ ebetumi aba saa a, biribi a ɛkɔ akyiri na edi mu ho hia koraa sen Onyankopɔn ho a ɔde begye nsɛm mu bere ne bere mu no. Bible ka adeyɛ bi a wɔfrɛ no “[Yehowa, NW] da kɛse” ho asɛm. (Sefania 1:14) Sɛ Onyankopɔn de ne ho gye nneɛma nyinaa mu saa bere no a, obeyi amumɔyɛ nyinaa afi hɔ. Adesamma benya hokwan de atra ase daa wɔ pɛyɛ mu, na saa bere no ‘wɔrenkae kan nneɛma no na ɛremma koma mu bio.’ (Yesaia 65:17) Wobenyan awufo aba nkwa mu mpo, na wɔnam saayɛ so ayi asiane a ɛsen biara a ɛto adesamma no afi hɔ. (Yohane 5:28, 29) Saa bere no, Onyankopɔn befi ne dɔ ne ne papayɛ a enni ano no mu adi adesamma haw ahorow nyinaa ho dwuma koraa.

Sɛnea Onyankopɔn De Ne Ho Gye Nsɛm Mu Nnɛ

Nanso, eyi nkyerɛ sɛ ansa na saa bere no bedu no, Onyankopɔn yɛ anibiannaso bere a abɔde si apini no. Ɛnnɛ, Onyankopɔn de hokwan rema nnipa nyinaa ma wɔahu no ne no anya abusuabɔ pa ɛmfa ho abusua a wofi mu anaa asetram tebea no. (1 Timoteo 2:3, 4) Yesu de nsɛm a edi so yi kaa saa adeyɛ yi ho asɛm sɛ: “Obi ntumi mma me nkyɛn, gye sɛ agya a ɔsomaa me no twe no.” (Yohane 6:44) Onyankopɔn twe nnipa komapafo ba ne nkyɛn denam Ahenni asɛm a n’asomfo ka wɔ wiase nyinaa no so.

Bio nso, Onyankopɔn de ne ho gye wɔn a wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛma wakyerɛ wɔn kwan no asetram nsɛm mu tẽẽ. Onyankopɔn nam ne honhom kronkron so ‘bue wɔn komam’ sɛ wonhu n’apɛde na wɔmfa n’ahwehwɛde nni dwuma. (Asomafo no Nnwuma 16:14) Yiw, Onyankopɔn nam hokwan a ɔde ama yɛn mu biara sɛ yenhu no, N’asɛm, ne n’atirimpɔw ahorow no so da no adi sɛ ɔwɔ yɛn mu biara ho anigye.—Yohane 17:3.

Awiei koraa no, Onyankopɔn boa n’asomfo nnɛ, ɛnyɛ anwonwakwan so na ɔnam gye wɔn, na mmom ɔde ne honhom kronkron ne “tumi a ɛboro so” no ma wɔn ma wogyina tebea biara a wohyia ano. (2 Korintofo 4:7) Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Mitumi ade nyinaa yɛ, nea [Yehowa Nyankopɔn] ɔhyɛ me den no mu.”—Filipifo 4:13.

Ɛnde yɛwɔ ntease a edi mu a enti ɛsɛ sɛ yɛda Onyankopɔn ase da biara wɔ nkwa a ɔde ma yɛn ne anidaso a wama yɛanya sɛ yɛbɛtra ase daa wɔ wiase a amanehunu nnim mu no ho. Odwontofo no bisae sɛ: “Dɛn na mede mɛhyɛ [Yehowa, NW] anan mu, ne yiye a ɔyɛ me nyinaa ho? Mɛma nkwagye kuruwa so, na mabɔ [Yehowa, NW] din.” (Dwom 116:12, 13) Nsɛmma nhoma yi a wobɛkenkan daa no bɛboa wo ma woahu nea Onyankopɔn ayɛ, nea ɔreyɛ, ne nea ɔrebɛyɛ a ebetumi ama w’ani agye mprempren na woanya daakye ho anidaso a edi mu no.—1 Timoteo 4:8.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 6]

“Wɔrenkae kan de no na ɛremma koma mu bio.”—Yesaia 65:17

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 5]

Wɔ Bible mmere mu mpo no, Yehowa ansiw kwan sɛ wobesiw Sakaria abo . . .

na saa ara na wansiw mmofra a wɔn ho nni asɛm a Herode kunkum wɔn no kwan

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Bere adu sɛ amanehunu befi hɔ; na awufo mpo bɛba nkwa mu bio