Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Trenee Nti Na Wɔtaa Wɔn

Trenee Nti Na Wɔtaa Wɔn

Trenee Nti Na Wɔtaa Wɔn

“Nhyira ne wɔn a trenee nti wɔtaa wɔn.”—MATEO 5:10.

1. Dɛn nti na na Yesu gyina Pontio Pilato anim, na dɛn na Yesu kae?

“EYI nti na wɔwoo me, na mebaa wi yi ase, sɛ merebedi nokware no ho adanse.” (Yohane 18:37) Bere a Yesu kaa saa asɛm no, na ogyina Pontio Pilato, Yudea Amrado a ɔyɛ Romani no, anim. Ná Yesu wɔ hɔ, a ɛnyɛ n’ankasa na ɔkɔɔ hɔ, na saa ara nso na ɛnyɛ Pilato na ɔtoo nsa frɛɛ no. Mmom no, nea enti a na ɔwɔ hɔ ne sɛ na Yudafo nyamesom akannifo no abɔ no atoro sobo sɛ ɔyɛ ɔbɔnefo a ɔfata owu.—Yohane 18:29-31.

2. Dɛn na Yesu yɛe, na ekowiee dɛn mu?

2 Ná Yesu nim yiye sɛ Pilato wɔ tumi sɛ obetumi ama wɔagyae no anaasɛ wama wɔakum no. (Yohane 19:10) Nanso, ɛno amma wannyae sɛ ɔbɛka Ahenni no ho asɛm akokoduru so akyerɛ Pilato. Ɛwom sɛ na Yesu nkwa da asiane mu de, nanso ɔde hokwan no dii amammui mu otumfoɔ a ɔsen biara wɔ ɔmantam no mu no adanse. Ɛmfa ho saa adanse a Yesu dii no, wobuu no fɔ kum no, ma owuu owu yawyaw wɔ asɛndua so.—Mateo 27:24-26; Marko 15:15; Luka 23:24, 25; Yohane 19:13-16.

Ɔdansefo Anaasɛ Mogya Dansefo?

3. Dɛn na na asɛmfua “mogya dansefo” kyerɛ wɔ Bible mmere mu, nanso dɛn na ɛkyerɛ nnɛ?

3 Ɛnnɛ, nnipa pii bu obi a owu sɛ mogya dansefo no sɛ obi a ɔyɛ katee, obi a ɔyɛ ade tra so. Wɔtaa bu wɔn a wɔwɔ ɔpɛ sɛ wobewu ama wɔn gyidi, titiriw nyamesom mu gyidi no sɛ amumɔyɛfo anaasɛ anyɛ yiye koraa no, sɛ nkurɔfo a wɔhaw ɔmanfo asomdwoe. Nanso, asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase mogya dansefo no fi Hela asɛmfua (marʹtys) a Bible mmere mu no na ɛkyerɛ “ɔdansefo,” obi a odi adanse, ebia wɔ asɛnnibea, wɔ nokwasɛm a ogye di ho. Ɛyɛ akyiri yi na asɛmfua no benyaa ntease a ɛne sɛ “obi a ɔde ne nkwa ma wɔ adanse a odi ho,” anaasɛ adanse a obi di denam ne nkwa a ɔde ma so.

4. Ne titiriw no, ntease bɛn mu na na Yesu yɛ mogya dansefo?

4 Na Yesu yɛ mogya dansefo, titiriw wɔ asɛmfua no nkyerɛase a edi kan no mu. Sɛnea ɔka kyerɛɛ Pilato no, ‘obedii nokware no ho adanse.’ N’adansedi no kanyan nkurɔfo ma wɔyɛɛ wɔn ade wɔ akwan soronko so. Nsɛm ne nneɛma a nnipa mpapahwekwa no tee na wohui no kaa wɔn mu binom ma wogyee Yesu dii. (Yohane 2:23; 8:30) Nkurɔfo akuwakuw no mu dodow no ara ne nyamesom akannifo no titiriw nso yɛɛ gyegyeegye wɔ ho—nanso wɔ ɔkwammɔne so. Yesu ka kyerɛɛ n’abusuafo a wonnye nni no sɛ: “Wiase ntumi ntan mo; na me na ɛtan me, efisɛ midi adanse sɛ ne nnwuma yɛ bɔne.” (Yohane 7:7) Nokware no ho adanse a Yesu dii no hyɛɛ ɔman no mpanyimfo abufuw, na ɛno na ɛmaa wokum no. Nokwarem no, na ɔyɛ ‘ɔdansefo ɔnokwafo (marʹtys).’—Adiyisɛm 3:14.

‘Wɔbɛtan Mo’

5. Dɛn na Yesu ka faa ɔtaa ho wɔ ne som adwuma no mfiase?

5 Ɛnyɛ Yesu nko na wɔtaa no denneennen na mmom ɔno nso dii kan bɔɔ n’akyidifo no kɔkɔ sɛ saa ara na wɔbɛyɛ wɔn nso. Wɔ Yesu som adwuma no mfiase no, ɔka kyerɛɛ n’atiefo no wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu sɛ: “Nhyira ne wɔn a trenee nti wɔtaa wɔn, na wɔn na ɔsoro ahenni no yɛ wɔn dea. Nhyira ne mo sɛ wɔyaw mo na wɔtaa mo, na me din nti wodi atoro ka asɛmmɔne biara to mo so. Momma mo ani nnye, na mo ho nsɛpɛw mo, na mo akatua sõ ɔsoro.”—Mateo 5:10-12.

6. Bere a Yesu resoma asomafo 12 no, kɔkɔbɔ bɛn na ɔde maa wɔn?

6 Akyiri yi, bere a Yesu resoma asomafo 12 no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monhwɛ mo ho yiye nnipa ho; na wobeyi mo ama mpanyimfo gua, na wɔaka mo mpire wɔn hyia adan mu. Na me nti wɔde mo bɛkɔ amradofo ne ahene anim na adi adanse akyerɛ wɔne amanaman.” Nanso, na ɛnyɛ nyamesom mu atumfoɔ nkutoo na wɔbɛtaa asuafo no. Yesu kae nso sɛ: “Onua beyi onua ama owu, na agya ayi ɔba ama, na mma asɔre atia awofo, na wɔama wɔakum wɔn. Na me din nti nnipa nyinaa bɛtan mo; na nea obegyina ano akodu awiei no, ɔno na wobegye no nkwa.” (Mateo 10:17, 18, 21, 22) Afeha a edi kan no mu Kristofo ho abakɔsɛm di nokware a saa nsɛm no yɛ no ho adanse.

Nokwaredi a Wɔde Gyina Pintinn Ho Kyerɛwtohɔ

7. Dɛn na ɛmaa Stefano bɛyɛɛ mogya dansefo?

7 Wɔ Yesu wu akyi pɛɛ no, Stefano ne Kristoni a odii kan wui wɔ nokware no ho adanse a odii ho. Na “gyidi ne tumi ayɛ no ma, [na na ɔreyɛ] anwonwade ne nsɛnkyerɛnne akɛse ɔman no mu.” Ne nyamesom mu atamfo no ‘antumi annyina nyansa ne honhom a ɔde kasae no ano.’ (Asomafo no Nnwuma 6:8, 10) Bere a na nitan ahyɛ wɔn ma no, wɔtwee Stefano kogyinaa Sanhedrin, Yudafo asɛnnibea kɛse no anim, baabi a ohyiaa wɔn a wɔbɔɔ no atoro sobo no, na odii adanse a tumi wom. Nanso, awiei koraa no, Stefano atamfo no kum ɔdansefo nokwafo yi.—Asomafo no Nnwuma 7:59, 60.

8. Asuafo a wɔwɔ Yerusalem no yɛɛ wɔn ade dɛn wɔ ɔtaa a ɛbaa wɔn so wɔ Stefano wu akyi no ho?

8 Stefano kum akyi no, “ɔtaa kɛse baa asafo a ɛwɔ Yerusalem no so, na wɔn nyinaa hwete kɔɔ Yudea ne Samaria nsase so, gye asomafo no nko.” (Asomafo no Nnwuma 8:1) So ɔtaa no ma wogyaee Kristofo adansedi no? Dabida, kyerɛwtohɔ no ka kyerɛ yɛn sɛ “wɔn a wɔhwetee no kyinkyin kɔkaa asɛmpa no.” (Asomafo no Nnwuma 8:4) Ɛbɛyɛ sɛ wɔtee nka sɛnea ɔsomafo Petro tee nka bere a odii kan kae sɛ: “Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn mmom sen nnipa” no. (Asomafo no Nnwuma 5:29) Ɔtaa no nyinaa akyi no, asuafo anokwafo akokodurufo no kuraa adwuma no mu dii nokware no ho adanse, ɛwom sɛ na wonim mpo sɛ eyi de ahokyere pii bɛba de.—Asomafo no Nnwuma 11:19-21.

9. Ɔtaa bɛn na Yesu akyidifo no kɔɔ so hyiae?

9 Nokwarem no, ahokyere no ano ammrɛ ase. Nea edi kan no, yehu sɛ Saulo—ɔbarima a ɔpenee abo a wosiw Stefano no so—“a ɔda so home ateɛteɛ ne okum home gu Awurade asuafo so no kɔɔ ɔsɔfo panyin nkyɛn kɔsrɛɛ ne nkyɛn nhoma sɛ ɔde rekɔ Damasko akɔ hyia adan mu, na sɛ ohu nnipa bi saa [gyidi] kwan no mu a, mmarima oo, mmea oo, ɔde wɔn hama mu aba Yerusalem.” (Asomafo no Nnwuma 9:1, 2) Afei, wɔ bɛyɛ afe 44 Y.B. mu no, “ɔhene Herode teɛɛ ne nsa yɛɛ asafo no mu nnipa bi ayayade. Ɔde nkrante kum Yohane ne nua Yakobo.”—Asomafo no Nnwuma 12:1, 2.

10. Ɔtaa ho kyerɛwtohɔ bɛn na yehu wɔ Asomafo no Nnwuma ne Adiyisɛm mu?

10 Sɔhwɛ, afiasenna, ne ɔtaa a anokwafo te sɛ Paulo, kan ɔtaafo a ɔbɛyɛɛ ɔsomafo a ɛda adi sɛ ɔno nso wui sɛ mogya dansefo wɔ Roma Ɔhempɔn Nero nsam bɛyɛ afe 65 Y.B. mu no ho kyerɛwtohɔ a ɛmpopa ayɛ Asomafo no Nnwuma nhoma afã a aka no ma. (2 Korintofo 11:23-27; 2 Timoteo 4:6-8) Awiei koraa no, yehu wɔ Adiyisɛm nhoma a wɔkyerɛw no afeha a edi kan no awiei no mu sɛ wɔde ɔsomafo Yohane a na ne mfe akɔ anim no kɔtoo afiase wɔ supɔw Patmo a na wɔtwe nneduafo aso wɔ hɔ no so, “Onyankopɔn asɛm ne Yesu adanse nti.” Adiyisɛm ka ‘me dansefo nokwafo Antipa a wokum no’ wɔ Pergamo no nso ho asɛm.—Adiyisɛm 1:9; 2:13.

11. Ɔkwan bɛn so na tete Kristofo no asetra kwan daa no adi sɛ Yesu nsɛm a ɛfa ɔtaa ho no yɛ nokware?

11 Eyinom nyinaa ma Yesu nsɛm a ɔka kyerɛɛ n’asuafo no yɛ nokware sɛ: “Sɛ wɔataa me a, wɔbɛtaa mo nso.” (Yohane 15:20) Na tete Kristofo anokwafo no asiesie wɔn ho sɛ wobehyia sɔhwɛ a ɛsen biara, owu—denam ayayade a wɔbɛyɛ wɔn, nkekaboa mu a wɔbɛtow wɔn agu, anaa ɔkwan foforo biara so—na ama wɔatumi ayɛ adwuma a Awurade Yesu Kristo de maa wɔn no: ‘Mobɛyɛ m’adansefo Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Samaria de akɔpem asase ano nohoa.’—Asomafo no Nnwuma 1:8.

12. Dɛn nti na ɔtaa a wɔde ba Kristofo so no nyɛ abakɔsɛm mu asɛm bi kɛkɛ?

12 Sɛ obi susuw sɛ tete bere mu nkutoo na wɔde atirimɔdenne a ɛte saa yɛɛ Yesu akyidifo a, na ɔredi mfomso. Sɛnea yɛahu no, Paulo a ohyiaa ahokyere no kyerɛwee sɛ: “Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde onyamesom pa tra ase Kristo Yesu mu nyinaa, wɔbɛtaa wɔn.” (2 Timoteo 3:12) Ɛdefa ɔtaa ho no, Petro kae sɛ: “Eyi na wɔbɔɔ din frɛɛ mo, efisɛ Kristo nso huu amane maa mo gyaw mo nhwɛso, sɛ munni n’anammɔn akyi.” (1 Petro 2:21) Ɛde besi nneɛma nhyehyɛe yi “nna a edi akyiri” yi mu no, Yehowa nkurɔfo akɔ so ayɛ nnipa a wɔtan wɔn. (2 Timoteo 3:1) Wɔ wiase afanan nyinaa, wɔ kankabi nniso ne aman a wɔwɔ dodow amammu ase nyinaa mu no, Yehowa Adansefo ahyia ɔtaa sɛ ankorankoro ne kuw wɔ mmere bi mu.

Dɛn Nti na Wɔtan Wɔn na Wɔtaa Wɔn?

13. Ɛdefa ɔtaa ho no, dɛn na ɛsɛ sɛ Yehowa asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no ma ɛtra wɔn adwenem?

13 Ɛwom sɛ yɛn mu dodow no ara wɔ ahofadi kakra a yɛde ka asɛm no na yɛde hyiam asomdwoe mu de, nanso ɛsɛ sɛ yetie Bible nkaesɛm a ese ‘wiase yi su resakra’ no. (1 Korintofo 7:31) Nneɛma betumi asesa ntɛmntɛm ara ma sɛ yensiesiee yɛn ho wɔ adwenem, nkate fam, ne honhom fam a, ɛrenyɛ den sɛ ebetumi ato yɛn hintidua. Ɛnde, dɛn na yebetumi ayɛ de abɔ yɛn ho ban? Ɔkwan a etu mpɔn a yebetumi afa so abɔ yɛn ho ban ne sɛ yɛbɛma nea enti a wɔtan Kristofo a wɔpɛ asomdwoe na wodi mmara so na wɔtaa wɔn no atra yɛn adwenem fann.

14. Dɛn na Petro daa no adi sɛ ɛne nea enti a na wɔtaa Kristofo no?

14 Ɔsomafo Petro kaa eyi ho asɛm wɔ ne krataa a edi kan a ɔkyerɛw no bɛyɛ afe 62-64 Y.B. mu no mu, bere a na Kristofo a wɔwɔ Roma Ahemman no mu nyinaa rehyia sɔhwɛ ahorow ne ɔtaa no. Ɔkae sɛ: “Adɔfo, mommma amanehunu gya a asɔ wɔ mo mu sɛ wɔde resɔ mo ahwɛ no nnyɛ mo sɛ ade foforo, te sɛ ade foforo bi na ɛyɛ mo.” Bere a Petro rekyerɛkyerɛ nea na ɔreka ho asɛm no mu no, ɔtoaa so sɛ: “Mommma mo mu bi nhu amane sɛ owudifo anaa owifo anaa ɔdebɔneyɛfo anaa ɔsɛmpɛfo ebinom nsɛm mu. Na sɛ ohu amane sɛ okristoni a, ɔmmma n’ani nnwu, na ma ɔnhyɛ Onyankopɔn anuonyam wɔ din yi mu.” Petro daa no adi sɛ ɛnyɛ bɔne bi a wɔayɛ nti na na wɔrehu amane, na mmom sɛ wɔyɛ Kristofo nti. Sɛ anka na wɔreyantam “sakasaka dontori no mu” sɛ nnipa a wɔne wɔn te no ara a, anka wobegye wɔn fɛw so. Nanso, sɛnea ɛte no, esiane sɛ wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ wɔn adwuma sɛ Kristo akyidifo nti na wohuu amane no. Saa ara na tebea no te wɔ nokware Kristofo fam nnɛ.—1 Petro 4:4, 12, 15, 16.

15. Abirabɔsɛm bɛn na yehu wɔ sɛnea wɔne Yehowa Adansefo di nsɛm nnɛ no mu?

15 Wɔ wiase no afã pii no, wɔkamfo Yehowa Adansefo wɔ wɔn biakoyɛ a wɔda no adi wɔ wɔn nhyiam akɛse ase ne wɔn adansi ho, wɔn nokwaredi ne wɔn nsiyɛ ho, wɔn nhwɛso pa wɔ wɔn abrabɔ fam nneyɛe ne wɔn abusua asetra ho, ne wɔn ahosiesie ne wɔn nneyɛe a ɛho tew ho mpo. * Nanso, bere a wɔrekyerɛw asɛm yi no, anyɛ yiye koraa no, na wɔabara wɔn adwuma no wɔ nsase bɛyɛ 28 so, na wɔayɛ Adansefo no mu pii ayayade ama wɔahwere nneɛma pii esiane wɔn gyidi nti. Dɛn ne abirabɔsɛm yi? Na dɛn nti na Onyankopɔn ma ho kwan?

16. Dɛn ne ade titiriw nti a Onyankopɔn ma kwan ma ne nkurɔfo hu amane?

16 Nea edi kan koraa no, ɛsɛ sɛ yɛma asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 27:11 no tra yɛn adwene mu: “Me ba, yɛ onyansafo, na ma me koma ntɔ me yam, na manya asɛm mabua nea ɔbɔ me ahohora.” Yiw, ɛyɛ amansan tumidi ho ɔsɛmpɔw a akyɛ yiye no nti. Ɛmfa ho adanse pii a wɔn a wɔakura wɔn mudi mu ama Yehowa wɔ mfehaha pii a abɛsen kɔ mu de ama nyinaa akyi no, Satan nnyaee Yehowa ahohorabɔ sɛnea ɔyɛe wɔ ɔtreneeni Hiob bere so no. (Hiob 1:9-11; 2:4, 5) Akyinnye biara nni ho sɛ Satan ayere ne ho denneennen wɔ ne mmɔdenbɔ a edi akyiri no mu sɛ ɔbɛma n’asɛm a ɔkae no ayɛ nokware, saa bere yi a wɔde Onyankopɔn Ahenni asi hɔ, na ɛwɔ ɔmanfo ne ananmusifo anokwafo wɔ wiase nyinaa no. So eyinom bɛkɔ so adi Onyankopɔn nokware a amanehunu ne asiane biara a ɛbɛba wɔn so mfa ho? Eyi yɛ asɛmmisa a ɛsɛ sɛ Yehowa somfo biara ma ɛho mmuae.—Adiyisɛm 12:12, 17.

17. Dɛn na na Yesu nsɛm, ‘na mode adi adanse’ no kyerɛ?

17 Bere a Yesu reka nsɛm a ebesisi wɔ ‘nneɛma nhyehyɛe no awiei’ mu ho asɛm akyerɛ n’asuafo no, ɔkyerɛɛ ade foforo nti a Yehowa ma kwan ma ɔtaa ba n’asomfo so no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Wɔde mo bɛkɔ ahene ne amradofo anim me din nti, na mode adi adanse.’ (Mateo 24:3, 9; Luka 21:12, 13) Yesu ankasa dii adanse wɔ Herode ne Pontio Pilato anim. Ɔsomafo Paulo nso ‘kɔɔ ahene ne amradofo anim.’ Bere a na Awurade Yesu Kristo rekyerɛ Paulo kwan no, Paulo hwehwɛe sɛ obedi sodifo a na ɔwɔ tumi sen biara saa bere no adanse bere a ɔkae sɛ: “Mede asɛm no medan Kaesare” no. (Asomafo no Nnwuma 23:11; 25:8-12) Saa ara na ɛnnɛ, tebea horow a emu yɛ den ama wɔadi aban mpanyimfo ne ɔmanfo nyinaa adanse fɛfɛɛfɛ mpɛn pii. *

18, 19. (a) Ɔkwan bɛn so na sɔhwɛ ahorow ano a yebegyina no so bɛba yɛn mfaso? (b) Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu?

18 Awiei koraa no, sɔhwɛ ahorow ne ahohiahia ano a yebegyina no betumi aboa yɛn ankasa. Ɔkwan bɛn so? Osuani Yakobo kaee ne mfɛfo Kristofo sɛ: “Me nuanom, sɛ mohwe sɔhwɛ ahorow bebree mu a, mummu no anigye koraa, na munhu sɛ mo gyidi sɔhwɛ a anya awiei pa yɛ boasetɔ.” Yiw, ɔtaa betumi ama yɛn gyidi adi mũ na ahyɛ yɛn boasetɔ mu den. Enti, yensuro, na saa ara na yɛmfa akwan bi a ɛne Kyerɛwnsɛm nhyia so nkwati anaasɛ yɛmma ɛmma awiei. Mmom no, yetie Yakobo afotu no: “Momma boasetɔ no nwie n’adwumayɛ pɛ, na moayɛ pɛ ne mu, na anka mo biribi.”—Yakobo 1:2-4.

19 Ɛwom sɛ Onyankopɔn Asɛm boa yɛn ma yɛte nea enti a wɔtaa Onyankopɔn asomfo anokwafo ne nea enti a Yehowa ma ho kwan no ase de, nanso ɛno mma ɔtaa ano a yebegyina nyɛ mmerɛw. Dɛn na ebetumi ahyɛ yɛn den ma yɛagyina ano? Sɛ yehyia ɔtaa a, dɛn na yebetumi ayɛ? Yebesusuw saa nsɛm a ɛho hia yi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 15 Hwɛ Ɔwɛn-Aban, December 15, 1995, kratafa 27-9; April 15, 1994, kratafa 16-17; ne Nyan! February 8, 1994, kratafa 6-13.

^ nky. 17 Hwɛ January 8, 2003, Nyan!, kratafa 3-11.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Ne titiriw no, ntease bɛn mu na na Yesu yɛ mogya dansefo?

• Nkɛntɛnso bɛn na ɔtaa nyae wɔ afeha a edi kan no mu Kristofo no so?

• Sɛnea Petro kyerɛkyerɛɛ mu no, dɛn nti na wɔtaa tete Kristofo no?

• Nneɛma bɛn nti na Yehowa ma kwan ma ɔtaa ba n’asomfo so?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 10, 11]

Ɛnyɛ bɔne bi a afeha a edi kan no mu Kristofo yɛe nti na wohuu amane, na mmom sɛ wɔyɛ Kristofo nti

PAULO

YAKOBO

YOHANE

ANTIPA

STEFANO