Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Da Ahosodi Adi, Na Woanya Nkonim Bo no!

Da Ahosodi Adi, Na Woanya Nkonim Bo no!

Da Ahosodi Adi, Na Woanya Nkonim Bo no!

“Obiara a osi agumadi kane no, ɔsɔre ne ho [ɔda ahosodi adi, “NW”] ade nyinaa mu.”—1 KORINTOFO 9:25.

1. Nea ɛne Efesofo 4:22-24, NW, hyia no, ɔkwan bɛn so na nnipa ɔpepem pii agye Yehowa atom?

SƐ WƆBƆƆ wo asu sɛ Yehowa Dansefo a, womaa ɛdaa adi baguam sɛ wowɔ ɔpɛ sɛ wode wo ho rehyɛ akansi bi a ne nkonim bo ne daa nkwa mu. Wugye toom sɛ wobɛyɛ Yehowa apɛde. Ansa na yɛn mu pii rehyira yɛn ho so ama Yehowa no, na ɛsɛ sɛ yɛyɛ nsakrae atitiriw bi sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn ahosohyira no so bɛba mfaso, na asɔ Onyankopɔn ani. Yedii ɔsomafo Paulo afotu a ɔde kɔmaa Kristofo no akyi: “Munyi nipasu dedaw a ɛne mo kan abrabɔ hyia na ɛresɛe sɛnea ne nnaadaa akɔnnɔ te no nkyene . . . Monhyɛ nipasu foforo a wɔbɔe sɛnea Nyankopɔn pɛ te, nokware trenee ne nokwaredi mu no.” (Efesofo 4:22-24, NW) Ɔkwan foforo so no, ansa na yebegye atom ahyira yɛn ho so ama Onyankopɔn no, na ɛsɛ sɛ yɛpo yɛn kan abrabɔ a enye no.

2, 3. Ɔkwan bɛn so na 1 Korintofo 6:9-12 kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ nsakrae horow abien na ama yɛanya Onyankopɔn anim dom?

2 Nipasu dedaw no afã bi a ɛsɛ sɛ wɔn a wɔbɛyɛ Yehowa Adansefo no yi kyene no yɛ nneɛma a Onyankopɔn Asɛm kasa tia tẽẽ. Paulo bobɔɔ ebi din wɔ ne krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Korintofo no mu sɛ: “Nguaman ne abosonsomfo ne awaresɛefo ne ahodomfo ne mmarima a wɔne wɔn ho da ne awifo ne aniberefo ne asabofo ne amaanefo ne amimfo rennya Onyankopɔn ahenni no.” Afei ɔkyerɛe sɛ afeha a edi kan no mu Kristofo no yɛɛ nsakrae a ehia wɔ wɔn nipasu mu, na ɔtoaa so sɛ: “Sɛnea anka mo mu bi te ne no.” Hyɛ no nsow sɛ na anka wɔte saa, ɛnyɛ sɛ wɔte saa.1 Korintofo 6:9-11.

3 Paulo hyɛɛ nyansa sɛ ɛho behia sɛ wɔyɛ nsakrae afoforo bi, efisɛ ɔtoaa so sɛ: “Mewɔ ade nyinaa ho kwan, nanso ɛnyɛ ne nyinaa na eye.” (1 Korintofo 6:12) Ne saa nti nnipa pii a wɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ Yehowa Adansefo no hu hia a ehia sɛ wɔpo nneɛma bi a ɛwom mpo sɛ eye de nanso mfaso biara nni so anaasɛ ɛso mfaso sua no. Eyinom betumi agye bere pii na atwetwe wɔn adwene afi nneɛma a mfaso wɔ so kɛse no so.

4. Dɛn ho na Kristofo a wɔahyira wɔn ho so no ne Paulo yɛ adwene?

4 Yefi yɛn pɛ mu na yehyira yɛn ho so ma Onyankopɔn, na ɛnyɛ amemenemfe mu, te sɛ nea ebia egye afɔrebɔ kɛse bi a ɛkyɛn so. Kristofo a wɔahyira wɔn ho so ne Paulo a ɔkaa eyi bere a ɔbɛyɛɛ Kristo akyidini no yɛ adwene: “[Yesu] nti na mehweree nneɛma no nyinaa na mibu no sɛ sumina so ade, na Kristo ayɛ me mfaso.” (Filipifo 3:8) Paulo de anigye poo nneɛma a ɛso mfaso sua no sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi akɔ so adi Onyankopɔn akyi.

5. Mmirikatu bɛn na Paulo tumi wiei, na ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ saa ara?

5 Paulo daa ahosodi adi wɔ ne honhom fam mmirikatu no mu ma enti awiei koraa otumi kae sɛ: “Ɔko pa no, mako; mmirika no, mawie tu; gyidi no, maso mu masie. Nea aka a ɛda me hɔ ne trenee abotiri a Awurade, ɔtemmufo trenee no, de bɛma me ɛda no, na ɛnyɛ me nko, na mmom wɔn a wɔdɔ n’ahoyi no nyinaa nso bi.” (2 Timoteo 4:7, 8) So bere bi bɛba a yebetumi aka asɛm a ɛte saa ara? Sɛ yɛda ahosodi adi wɔ yɛn Kristofo mmirikatu no mu na yɛampa abaw kosi sɛ yebewie akansi no a, yebetumi aka saa.

Ahosodi Ho Hia na Ama Yɛatumi Ayɛ Ade Pa

6. Dɛn ne ahosodi, na akwan abien bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛda no adi?

6 Hebri ne Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase “ahosodi” wɔ Bible mu no asekyerɛ ankasa ne sɛ obi tumi di ne ho so anaasɛ ɔhyɛ ne ho so. Mpɛn pii na ekura adwene a ɛne sɛ obi bɛhyɛ ne ho so afi bɔneyɛ ho. Nanso ɛda adi sɛ sɛ yebetumi de yɛn nipadua ayɛ nnwuma pa a, ehia sɛ yenya ahosodi kakra nso. Nnipa a wɔnyɛ pɛ fi awosu mu tɔ kɔ bɔneyɛ so, enti yɛwɔ akodi ahorow abien. (Ɔsɛnkafo 7:29; 8:11) Bere a yɛbɔ mmɔden sɛ yɛrenyɛ bɔne no, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ yɛn ho yɛ papa nso. Nokwarem no, yɛn nipadua a yebedi so na ama yɛatumi ayɛ papa no yɛ ɔkwan a eye sen biara a yebetumi afa so akwati bɔneyɛ.

7. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛbɔ ho mpae sɛnea Dawid yɛe no? (b) Nneɛma bɛn na sɛ yedwennwen ho a ɛbɛboa yɛn ma yɛada ahosodi adi kɛse?

7 Ɛda adi pefee sɛ, ahosodi ho hia na ama yɛatumi akura yɛn ahosohyira ma Onyankopɔn no mu. Yehia sɛ yɛbɔ mpae sɛnea Dawid yɛe no: “Onyankopɔn, bɔ koma a emu tew ma me, na yɛ honhom foforo a ase tim wɔ me mu.” (Dwom 51:10) Yebetumi adwennwen mfaso a yebenya ho bere a yɛkwati nneɛma a ɛyɛ bɔne wɔ abrabɔ fam na ɛma nipadua no yɛ mmerɛw no. Susuw ɔhaw ahorow a sɛ woankwati nneɛma a ɛte saa a ebetumi aba wo so no ho hwɛ: yare a emu yɛ den, abusuabɔ a egyigya, ne ɔpatuwu mpo. Nea ɛne eyi bɔ abira no, susuw mfaso pii a wubenya wɔ asetra kwan a Yehowa hyɛ ho nkuran a wobɛfa so no ho hwɛ. Nanso, bere a yemmu yɛn ani ngu nokwasɛm so no, ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi sɛ yɛn koma yɛ okontomponi. (Yeremia 17:9) Ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo pintinn sɛ yɛbɛko atia mmɔden biara a yɛn koma bɛbɔ sɛ ɛbɛma yɛabu Yehowa gyinapɛn ahorow adewa no.

8. Dɛn ankasa na osuahu ma yehu? Kyerɛkyerɛ mu.

8 Osuahu a yɛn mu dodow no ara anya kyerɛ yɛn sɛ mpɛn pii no, anihaw bɔ mmɔden sɛ ebebu nsiyɛ abam. Wo de fa Ahenni asɛnka sɛ nhwɛso. Yehowa ani gye sɛ nnipa befi wɔn pɛ mu de wɔn ho ahyɛ adwuma a ɛma nkwa yi mu. (Dwom 110:3; Mateo 24:14) Yɛn mu dodow no ara fam no, anyɛ mmerɛw amma yɛn sɛ yebesua sɛ yɛbɛka asɛm no wɔ baguam. Na ɛhwehwɛ—na ebia ɛda so ara hwehwɛ—sɛ yebedi yɛn nipadua so, sɛ́ ‘yɛbɛhyɛ no ahometew’ na ‘yɛadi no nya’ mmom sen sɛ yɛbɛma akyerɛ yɛn ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw a yɛbɛfa so ayɛ ade.—1 Korintofo 9:16, 27; 1 Tesalonikafo 2:2.

“Ade Nyinaa Mu”?

9, 10. Dɛn na ɛka ‘ahosodi a yɛbɛda no adi ade nyinaa mu’ no ho?

9 Bible afotu a ɛka sɛ yɛnna ‘ahosodi adi ade nyinaa mu’ no kyerɛ sɛ ɛhwehwɛ pii sen sɛ yebedi yɛn abufuw so na yɛatwe yɛn ho afi abrabɔ bɔne ho. Ebia yɛbɛte nka sɛ yɛanya ahosodi wɔ saa mmeae yi, na sɛ ɛte saa a, yɛn ani betumi agye. Nanso, asetram nneɛma foforo a ebia yɛrenhu hia a ahosodi ho hia wom no nso ɛ? Sɛ nhwɛso no, fa no sɛ yɛte ɔman bi a emufo di yiye na wodi akɛsesɛm wɔ hɔ mu. So ɛrenyɛ nea nyansa wom sɛ yebesua sɛ yɛbɛpo sikasɛe a ɛho nhia? Mfaso wɔ so sɛ awofo bɛkyerɛ wɔn mma sɛnea ɛbɛyɛ a wɔntotɔ biribiara a wɔn ani bɛbɔ so esiane sɛ ɛwɔ hɔ, ɛyɛ wɔn fɛ, anaasɛ wɔwɔ sika a wobetumi de atɔ nti. Nokwarem no, sɛ akwankyerɛ a ɛte saa bɛyɛ adwuma a, ɛsɛ sɛ awofo yɛ nhwɛso pa.—Luka 10:38-42.

10 Sua a yebesua sɛ yɛde nneɛma bi bɛkame yɛn ho wɔ asetram no betumi ahyɛ yɛn bo a yɛasi no mu den. Afei nso ebetumi ama yɛn ani asɔ honam fam nneɛma a yɛwɔ no kɛse na ebetumi ama yɛada tema adi akyerɛ wɔn a esiane tebea a wontumi nyɛ ho hwee nti, nneɛma bi abɔ wɔn no. Nokwarem no, yɛn ho awiɛmfoɔ a yɛbɛyɛ no ne su a abu so te sɛ “yɛ nea wo ho bɛtɔ wo” anaa “wunya bi a, yenkyi” no bɔ abira. Wɔn a wɔbɔ aguade ho dawuru hyɛ anigye a wonya no mpofirim ho nkuran, nanso wɔyɛ saa de pɛ wɔn mfaso. Saa tebea yi betumi ama ayɛ den ama yɛn sɛ yɛbɛda ahosodi adi. Nsɛmma nhoma bi a efi Europa man bi a emufo di yiye mu kae sɛ: “Sɛ egye mmɔdenbɔ na wɔn a wodi hia buruburoo no atumi ahyɛ wɔn akɔnnɔ bɔne so a, ɛnde hwɛ hia a ebehia koraa sɛ wɔn a wɔte aman a emufo di yiye mu nnɛ no bɔ wɔn ho mmɔden!”

11. Dɛn nti na nneɛma bi a yɛde bɛkame yɛn ho no so wɔ mfaso, nanso dɛn na ɛma eyi yɛ den?

11 Sɛ ɛyɛ den ma yɛn sɛ yebehu nsonsonoe a ɛda nea yɛpɛ ne nea yehia ankasa ntam a, ɛbɛyɛ papa sɛ yɛhwɛ yiye na yɛanyɛ ade a nyansa nni mu. Sɛ nhwɛso no, sɛ yɛpɛ sɛ yesiw sikasɛe bebrebe ano a, ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛremfiri ade, anaasɛ sɛ yɛrekɔtotɔ nneɛma a, yɛremfa sika pii. Kae sɛ Paulo kae sɛ “onyamesom pa a ɔpene wɔ mu” yɛ “adenya kɛse.” Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Yɛamfa hwee amma wiase, nanso yentumi mfa hwee mfi mu nkɔ. Na sɛ yɛwɔ nnuan ne nea yɛde kata yɛn ho a, momma ɛno ara nnɔɔ yɛn so.” (1 Timoteo 6:6-8) So yɛn ani sɔ nea yɛwɔ? Sua a yebesua sɛnea yɛbɛyɛ yɛn ho awiɛmfoɔ na yɛakwati nneɛma a ɛho nhia titiriw biara—ɛmfa ho sɛnea ɛte—no hwehwɛ sɛ yesi yɛn bo na yenya ahosodi. Nanso, ɛyɛ asuade a mfaso wɔ so.

12, 13. (a) Akwan bɛn so na Kristofo nhyiam ahorow a yebenya mu kyɛfa no gye ahosodi? (b) Mmeae foforo bɛn na ɛsɛ sɛ yɛda ahosodi adi?

12 Egye ahosodi a wɔda no adi titiriw na ama yɛatumi akɔ Kristofo nhyiam akɛse ne nketewa nyinaa bi. Sɛ nhwɛso no, su a ɛte saa no ho hia sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn adwene renkyinkyin bere a dwumadi no rekɔ so no. (Mmebusɛm 1:5) Ebia afoforo a yɛrempɛ sɛ yɛbɛtwetwe wɔn adwene denam wɔn a wɔte bɛn yɛn a yɛrenkasa ngu wɔn asom na mmom yɛbɛyɛ aso atie ɔkasafo no yiye no begye ahosodi. Yɛn bere nhyehyɛe mu nsakrae a yɛbɛyɛ na ama yɛatumi adu nhyiam ahorow ase ntɛm no nso betumi agye ahosodi. Bio nso, ebetumi agye ahosodi na ama yɛatumi apaw bere de asiesie yɛn ho ama nhyiam ahorow na yɛatumi de yɛn ho ahyem.

13 Ahosodi a yɛbɛda no adi wɔ nneɛma nketewa mu no hyɛ yɛn den ma yetumi da no adi wɔ nneɛma akɛse mu. (Luka 16:10) Ne saa nti, hwɛ ye a eye sɛ yɛbɛteɛ yɛn ho so na yɛakenkan Onyankopɔn Asɛm ne Bible ho nhoma horow daa, na yɛasua asusuw ho! Hwɛ sɛnea nyansa wom sɛ yɛbɛteɛ yɛn ho so wɔ nnwuma, nnamfofa, nneyɛe, ne suban ahorow a ɛmfata ho, anaasɛ yɛbɛteɛ yɛn ho so na yɛapo nnwuma a ɛremma yennya adagyew mma Onyankopɔn som! Akyinnye biara nni ho sɛ mmɔden a yɛbɛbɔ wɔ Yehowa som mu no bɛbɔ yɛn ho ban afi nneɛma a ebetumi atwetwe yɛn afi Yehowa wiase nyinaa ahyehyɛde no honhom fam paradise no ho.

Momfa Ahosodi So Nwie Nyin

14. (a) Ɔkwan bɛn na ɛsɛ sɛ mmofra fa so sua sɛnea wɔbɛda ahosodi adi? (b) Sɛ mmofra nya asuade a ɛte saa ntɛm wɔ wɔn asetram a, mfaso horow bɛn na ebetumi afi mu aba?

14 Akokoaa a wɔawo no foforo nnim ade a wɔfrɛ no ahosodi. Mmofra su ho animdefo kratawa bi kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wonnya ahosodi kɛkɛ anaasɛ ɛmma prɛko pɛ. Nkokoaa ne mmotafowa hia awofo mmoa ansa na wɔatumi afi ase asuasua ahosodi. . . . Bere a awofo hwɛ boa wɔn no, wɔkɔ so nya ahosodi wɔ wɔn sukuukɔ bere nyinaa mu.” Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ mmofra a wɔadi mfe anan mu no maa ɛbɛdaa adi sɛ wɔn a wosuaa sɛ wɔbɛda ahosodi kakra adi no “nyinyin bɛyɛɛ mmabun a wɔwɔ suban pa, wɔwɔ din, wotumi gyina tebea horow ano, wɔwɔ ahotoso, na wotumi de ho to wɔn so.” Wɔ wɔn a na wonnya nsuaa ahosodi fam no, “ɛbɛdaa adi sɛ na ɛrenyɛ den sɛ wɔbɛyɛ ankonam, nsɛm bɛhaw wɔn ntɛmntɛm, na wɔn asɛm ayɛ den. Nsɛm hyɛɛ wɔn so, na na wontumi nnyina nsɛnnennen ano.” Ɛda adi sɛ ansa na abofra benyin abɛyɛ ɔpanyin pa no, ɛsɛ sɛ osua sɛ ɔbɛda ahosodi adi.

15. Nea ɛne botae a wɔaka ho asɛm wɔ Bible mu bɔ abira no, dɛn na sɛ yɛantumi anna ahosodi adi a ɛkyerɛ?

15 Saa ara na sɛ yebetumi awie nyin sɛ Kristofo a, ɛsɛ sɛ yesua sɛ yɛbɛda ahosodi adi. Sɛ yɛantumi anna no adi a, na ɛkyerɛ sɛ yɛda so ara yɛ honhom fam mmotafowa. Bible tu yɛn fo sɛ ‘yɛnyɛ pɛ wɔ asɛm ho dwen mu.’ (1 Korintofo 14:20) Yɛn botae ne sɛ ‘yebedu Nyankopɔn ba no ho gyidi ne ne hu biakoyɛ mu, awie nyin, adu mpanyin afe so a Kristo mayɛ bɛyɛ yɛn ma.’ Dɛn ntia? ‘Sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrenna so nyɛ mmotafowa a ɔkyerɛ mframa biara wosow yɛn biribiri twe yɛn di akɔneaba nnipa kusumdi mu, denam anifere a ɛnam nnaadaa nnɛɛdɛe mu so.’ (Efesofo 4:13, 14) Ɛda adi pefee sɛ sua a yebesua sɛ yɛbɛda ahosodi adi no ho hia ma yɛn honhom fam yiyedi.

Ahosodi a Yebenya

16. Ɔkwan bɛn so na Yehowa nam de mmoa ma?

16 Sɛ yebenya ahosodi a, yehia Onyankopɔn mmoa, na mmoa no wɔ hɔ nso. Te sɛ ahwehwɛ a anim tew no, Onyankopɔn Asɛm kyerɛ yɛn baabi a ehia sɛ yɛyɛ nsakrae ahorow, na ɛde ɔkwan a yɛbɛfa so ayɛ no ho afotu ma. (Yakobo 1:22-25) Anuanom a wɔdɔ yɛn nso wɔ hɔ a wɔayɛ krado sɛ wɔbɛboa yɛn. Kristofo mpanyimfo da ntease adi bere a wɔde mmoa ma yɛn no. Sɛ yɛnam mpaebɔ so bisa Yehowa honhom kronkron no a, ɔde ma yɛn kwa. (Luka 11:13; Romafo 8:26) Ne saa nti, momma yɛmfa nsiesiei yi nni dwuma anigye so. Nyansahyɛ ahorow a ɛwɔ kratafa 21 no betumi aboa yɛn.

17. Nkuranhyɛ bɛn na Mmebusɛm 24:16 de ma yɛn?

17 Hwɛ awerɛkyekye ara a ɛyɛ sɛ Yehowa ani sɔ yɛn mmɔdenbɔ bere a yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ nea ɛsɔ n’ani no! Ɛsɛ sɛ eyi kanyan yɛn ma yɛkɔ so bɔ mmɔden sɛ yɛbɛda ahosodi pii adi. Ɛmfa ho mpɛn dodow a ebia yɛbɛfom no, ɛnsɛ sɛ yɛpa abaw da. “Mpɛn ason na ɔtreneeni hwe ase na ɔsɔre.” (Mmebusɛm 24:16) Bere biara a yebetumi adi mu nkonim no, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye. Yebetumi anya awerɛhyem nso sɛ Yehowa ani gye yɛn ho. Ɔdansefo bi ka sɛ, ansa na ɔrehyira ne nkwa so ama Yehowa no, bere biara a na otumi gyae sigaretnom dapɛn biako no, na ɔde sika a ahosodi ama watumi asie no tɔ biribi a ɛsom bo ma ne ho sɛ akatua.

18. (a) Mmɔden a yɛbɔ sɛ yebenya ahosodi no hwehwɛ sɛ yɛyɛ dɛn? (b) Awerɛhyem bɛn na Yehowa de ma?

18 Nea ɛsen ne nyinaa no, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ ahosodi fa adwene ne nkate ho. Yebetumi ahu eyi afi Yesu nsɛm yi mu: “Obiara a ɔhwɛ ɔbaa na ne kɔn dɔ no no, na wafa no ne komam dedaw.” (Mateo 5:28; Yakobo 1:14, 15) Ɛbɛyɛ mmerɛw ama nea wasua sɛ obedi n’adwene ne ne nkate so no sɛ obedi ne nipadua nyinaa so. Enti momma yɛnhyɛ yɛn bo a yɛasi sɛ ɛnyɛ bɔne nko na yɛrenyɛ na mmom yɛrensusuw nneɛma bɔne ho mpo no mu den. Sɛ nsusuwii bɔne sɔre wo tirim a, yi fi hɔ ntɛm ara. Yebetumi aguan afi sɔhwɛ mu denam mpaebɔ mu a yebefi de yɛn ani asi Yesu so no so. (1 Timoteo 6:11; 2 Timoteo 2:22; Hebrifo 4:15, 16) Sɛ yɛbɔ yɛn ho mmɔden sɛnea yebetumi biara a, ɛbɛma yɛadi afotu a ɛwɔ Dwom 55:22 no akyi: “Dan w’adesoa to [Yehowa, NW] so, na obeso wo mu, ɔremma ɔtreneeni ntwiw n’anan mu da.”

So Wokae?

• Akwan abien bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛda ahosodi adi?

• ‘Ahosodi a yɛbɛda no adi ade nyinaa mu’ no kyerɛ dɛn?

• Nyansahyɛ a mfaso wɔ so a wɔnam so nya ahosodi bɛn na wohyɛɛ no nsow wɔ yɛn adesua yi mu?

• Ɛhe na ahosodi fi ase fi?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 21]

Sɛnea Wobɛhyɛ W’ahosodi Mu Den

• Nya ahosodi wɔ nneɛma nketenkete mpo mu

• Susuw ɛso mfaso horow a wubenya nnɛ ne daakye no ho

• Fa nneɛma a Onyankopɔn hyɛ ho nkuran no si nea okyi no ananmu

• Yi nsusuwii bɔne fi hɔ ntɛm ara

• Fa honhom fam nneɛma a ɛhyɛ nkuran hyɛ w’adwenem

• Gye mmoa a mfɛfo Kristofo a wɔn ho akokwaw betumi de ama wo no tom

• Kwati tebea horow a ɛbɛsɔ wo nokwaredi ahwɛ

• Sɛ wuhyia sɔhwɛ a, bɔ mpae hwehwɛ Onyankopɔn mmoa

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 18, 19]

Ahosodi kanyan yɛn ma yɛyɛ ade pa