Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Gyinae A Yesisi—Asɛyɛde a Yentumi Nkwati

Gyinae A Yesisi—Asɛyɛde a Yentumi Nkwati

Gyinae A Yesisi—Asɛyɛde a Yentumi Nkwati

NAPOLEON BONAPARTE, France afeha a ɛto so 19 mu ɔhempɔn, no kae bere bi sɛ: “Biribiara nni hɔ a ɛyɛ den, ma enti ɛsom bo yiye te sɛ gyinae a wutumi si.” Ebia wo ne no bɛyɛ adwene wɔ afã abien no nyinaa mu, efisɛ nnipa taa bu no sɛ ɛyɛ ade a ɛsom bo sɛ wobedi wɔn ankasa asetra so. Wɔ bere koro no ara mu no, wɔahu sɛ ɛtɔ mmere bi a gyinae a yesisi no nyɛ mmerɛw koraa.

Yɛrentumi nkwati gyinae a yesisi, sɛ ɛyɛ den anaa ɛyɛ mmerɛw no. Ɛsɛ sɛ yesi gyinae da biara da. Sɛ yɛsɔre anɔpa a, ɛsɛ sɛ yesi nea yɛbɛhyɛ, nea yebedi anɔpa no, ne sɛnea yebedi nneɛma ahorow pii ho dwuma wɔ da no mu ho gyinae. Saa gyinaesi yi mu pii ho nhyɛ da nhia. Ɛntaa mma sɛ yesusuw ho kɛse biara. Yɛntaa nnye bere nsan nsusuw ho bio sɛ ɛyɛ gyinaesi a nyansa wom anaa nea nyansa nnim.

Nea ɛne eyi bɔ abira no, gyinaesi binom mu dɔ. Ɛsɛ sɛ mmerante ne mmabaa pii a wɔwɔ hɔ nnɛ no si botae a wobedi akyi daakye ho gyinae. Ɛsɛ sɛ wosi sukuu ntetee ko a wobehia ne faako a ɛsɛ sɛ wɔkɔ kodu ho gyinae. Ɛnkyɛ koraa na wɔn mu pii asisi gyinae sɛ wɔbɛware anaasɛ wɔbɛkɔ so adi sigya. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔbɛpɛ sɛ wɔware no si gyinae bisa sɛ: ‘So manyin ma me ho akokwaw sɛnea ɛfata sɛ meware? Ɔhokafo bɛn na mepɛ, anaa nea ɛho hia paa no, ɔhokafo bɛn na mihia?’ Gyinaesi a ɛfa ɔhokafo a yɛbɛpaw ho no nya yɛn so nkɛntɛnso sen gyinaesi ahorow pii.

Wɔ nsɛm a ɛho hia paa mu no, ɛho hia sɛ yesi gyinae a nyansa wom, esiane sɛ anigye a yebenya dodow no ara gyina saa a yɛbɛyɛ so. Ebia nnipa binom bɛte nka sɛ wotumi sisi gyinae a ɛtete saa ma ɛno nti sɛ afoforo ma wɔn mmoa a, ebia wɔbɛpo. So ɛno yɛ nea nyansa wom? Ma yɛnhwɛ.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]

Napoleon: From the book The Pictorial History of the World