Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mmabun, Monnantew Sɛnea Ɛsɛ Yehowa

Mmabun, Monnantew Sɛnea Ɛsɛ Yehowa

Mmabun, Monnantew Sɛnea Ɛsɛ Yehowa

ƐTƆ mmere bi a, ɛho tumi behia sɛ Kristofo mmabun bi befi wɔn mmusua ne asafo a wɔwom no mu bere tenten bi. Ebinom yɛ saa na ama wɔatrɛw wɔn som adwuma mu. Afoforo fi fie esiane ɔfã biara a wonni wɔ wiase yi mu nsɛm mu nti. (Yesaia 2:4; Yohane 17:16) Wɔ nsase bi so no, “Kaesare” de mmabun a wokura wɔn mudi mu agu afiase anaasɛ ɔma wɔyɛ kwasafo nnwuma bi. *Marko 12:17; Tito 3:1, 2.

Bere a saa mmabun yi da afiase esiane ɔfã biara a wonni nti no, ebetumi aba sɛ wɔne mmofrabɔne bedi afra bere tenten. Saa ara na fi a mmabun fi fie esiane ntease foforo bi nti no ahyɛ wɔn ma wɔayɛ nnwuma wɔ tebea a ɛmfata mu. Ɔkwan bɛn so na Kristofo mmabun yi ne afoforo a wɔhyɛ wɔn de wɔn kɔ tebea a ɛte saa mu no betumi agyina nhyɛso ne nsɛnnennen a wohyia bere a wɔbɔ mmɔden sɛ ‘wɔbɛnantew sɛnea ɛsɛ Onyankopɔn no’ ano? (1 Tesalonikafo 2:12) Ɔkwan bɛn so na wɔn awofo betumi aboa wɔn ma wɔasiesie wɔn ho ama tebea a ɛmfata a wobetumi akɔ mu no?—Mmebusɛm 22:3.

Nsɛnnennen a Mmabun Yi Hyia

Tákis a wadi mfe 21 a wɔhyɛɛ no ma ofii fie kodii asram 37 wɔ baabi no ka sɛ: “M’awofo ahobammɔ ne mpanyimfo a wonim me yiye no hwɛ a ɔdɔ wom a na minnya no yɛ biribi a na ɛhaw me na ɛbɔ me hu.” * Ɔde ka ho sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a, na mete nka sɛ minni ahobammɔ biara.” Ná ɛsɛ sɛ Pétros a wadi mfe 20 no fi fie kodi baabi bɛboro mfirihyia abien. Ɔka sɛ: “Wɔ m’asetram bere a edi kan koraa no, na ɛsɛ sɛ me nkutoo sisi gyinae wɔ anigyede ne fekubɔ ho, na ɛnyɛ bere nyinaa na na mitumi si gyinae a nyansa wom.” Afei ɔka sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a, na asɛyɛde kɛse a ɛbata ahofadi kɛse a mewɔ ho no ma mebɔ hu.” Tássos, Kristoni panyin bi a ɔtaa ne Kristofo mmabun a wɔwɔ tebea a ɛte saa mu di nkitaho no, kae sɛ: “Kasafĩ, atuatew, ne basabasayɛ a atipɛnfo a wɔnyɛ gyidifo da no adi no betumi ama mmabun a wɔn ani nna hɔ na wonni ahobammɔ no abam abu.”

Nnipa a wonni obu mma Bible nnyinasosɛm ahorow a Kristofo mmabun a wɔte saa ne wɔn te na wɔne wɔn yɛ adwuma no ma ɛho behia sɛ wɔhwɛ yiye na wɔn atipɛnfo no ahohwibra ne nneyɛe a ennyina Kyerɛwnsɛm so no ansɔ wɔn ahwɛ. (Dwom 1:1; 26:4; 119:9) Ebetumi ayɛ den sɛ yebenya kokoam adesua, nhyiamkɔ, ne asɛnka ho su pa. (Filipifo 3:16) Ɛnyɛ mmerɛw nso sɛ yɛde honhom fam botae besisi yɛn ani so na yɛapere adu ho.

Akyinnye biara nni ho sɛ, Kristofo mmabun a wodi nokware no bɛpɛ sɛ wɔde wɔn nneyɛe ne wɔn kasa sɔ Yehowa ani. Wofi nokwaredi mu bɔ mmɔden sɛ wobegye nsa a wɔn soro Agya no to frɛ wɔn anigye so no atom sɛ: “Me ba, yɛ onyansafo, na ma me koma ntɔ me yam, na manya asɛm mabua nea ɔbɔ me ahohora.” (Mmebusɛm 27:11) Wohu sɛ wɔn ahosiesie ne wɔn nneyɛe nya sɛnea afoforo bu Yehowa ne ne nkurɔfo no so nkɛntɛnso.—1 Petro 2:12.

Nea ɛfata nkamfo no, mmabun a wɔte saa no pii yɛ nea wobetumi biara sɛ wɔbɛyɛ te sɛ wɔn nuanom a wɔtraa ase afeha a edi kan mu a ɔsomafo Paulo bɔɔ wɔn ho mpae yi no: ‘Monnantew sɛnea ɛfata Yehowa na ɛsɔ n’ani koraa, na moasow adwuma pa nyinaa mu aba, na mode abodwokyɛre ne anigye agyina mu akosi ase.’ (Kolosefo 1:9-11) Bible no de mmabun a na wosuro Onyankopɔn a wotumi nantew Onyankopɔn din mu sɛnea ɛfata wɔ abosonsom wiase a nitan wom na emu yɛ hu mu no ho nhwɛso pii ma.—Filipifo 2:15.

‘Yehowa Dii Yosef Akyi’

Bere a Yosef, Yakob ne Rahel ba a na wɔdɔ no, da so yɛ abofra no, wɔfaa no fii n’agya a osuro Onyankopɔn no fie kɔɔ akyirikyiri. Wɔtɔn no kɔɔ nkoasom mu wɔ Misraim. Yosef yɛɛ nhwɛso a ɛda nsow sɛ aberantewaa a ɔpɛ adwumaden, wotumi de ho to ne so na ɔbɔ bra pa. Ɛmfa ho sɛ na Yosef yɛ Potifar—ɔbarima a na ɔnsom Yehowa—akoa no, na ɔwɔ ahonim pa ne nsi araa ma awiei koraa no, ne wura de ne fie nyinaa hyɛɛ ne nsa. (Genesis 39:2-6) Yosef kuraa ne mudi mu maa Yehowa, na bere a eyi ma wɔde no kɔtoo afiase no, wanka sɛ: “Mfaso bɛn na ɛwɔ so sɛ medi nokware?” Bere a ɔda afiase mpo no, ɔdaa su pa adi, na ankyɛ na wɔde afiase hɔ nnwuma pii hyɛɛ ne nsa. (Genesis 39:17-22) Onyankopɔn hyiraa no, na sɛnea wɔada no adi wɔ Genesis 39:23 no, ‘Yehowa dii Yosef akyi.’

Hwɛ sɛnea na ɛyɛ mmerɛw sɛ anka Yosef a onni n’abusuafo a wosuro Onyankopɔn nkyɛn no besuasua abosonsomfo a atwa ne ho ahyia no abrabɔ, na wagyae ne ho mu ama Misrifo asetra kwan a aporɔw no! Wanyɛ saa, na mmom, ɔkɔɔ so de Onyankopɔn nnyinasosɛm ahorow dii dwuma na ɔbɔɔ bra pa ɛmfa ho sɛ ohyiaa sɔhwɛ ahorow a na emu yɛ den no. Bere a Potifar yere kɔɔ so hyɛɛ no sɛ ɔne no nna no, ɔkaa no pen sɛ: “Ɛdɛn na menyɛ amumɔyɛ kɛse yi, na menyɛ bɔne mintia Onyankopɔn?”—Genesis 39:7-9.

Ɛnnɛ, ehia sɛ Adansefo mmabun tie Bible mu kɔkɔbɔ ahorow a etia fekubɔne, anigyede a ɛmfata, nguamansɛm, ne nnwom a ɛmfata no. Wohu sɛ “[Yehowa, NW] aniwa wɔ mmaa nyinaa rehwɛ abɔnefo ne apapafo.”—Mmebusɛm 15:3.

Mose Poo “Bɔne Mu Dɛw”

Mose nyinii wɔ Farao ahemfie a na abosonsom ne anigyede ahyɛ hɔ mã no. Bible ka ne ho asɛm sɛ: ‘Gyidi nti na Mose ampɛ sɛ wɔfrɛ no Farao babea ba, na ɔpawee sɛ ɔne Nyankopɔn man behu amane mmom kyɛn sɛ ɔbɛte bɔne mu dɛw bere tiaa bi.’—Hebrifo 11:24, 25.

Wiase adamfofa betumi ama woanya mfaso ahorow bi, nanso ɛyɛ bere tiaa mu de. Atra hɔ akyɛ ara ne bere kakraa yi a aka ama saa wiase yi no. (1 Yohane 2:15-17) So ɛrenyɛ papa sɛ wubedi Mose nhwɛso akyi? Bible ka sɛ “omiaa n’ani traa mu sɛnea ohu nea wonhu no no.” (Hebrifo 11:27) Ɔde n’adwene sii honhom fam akorade a ne nananom a na wosuro Onyankopɔn gyaw too hɔ no so. Ɔmaa Yehowa atirimpɔw ho hiaa no wɔ asetram, na ɔde yɛɛ ne botae sɛ ɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde.—Exodus 2:11; Asomafo no Nnwuma 7:23, 25.

Sɛ mmabun a wosuro Onyankopɔn ne amumɔyɛfo ne atutupɛfo kɔtra a, wobetumi ahyɛ wɔne Yehowa ntam abusuabɔ mu den denam kokoam adesua, ne ‘Nea wonhu no’ a wobehu no yiye no so. Kristofo dwumadi biara a mmabun yi benya mu kyɛfa, a nea ɛka ho ne nhyiam ne asɛnka a wɔbɛkɔ daa no, bɛboa wɔn ma wɔde wɔn adwene asi honhom fam nneɛma so. (Dwom 63:6; 77:12) Ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden nya gyidi ne anidaso a emu yɛ den te sɛ Mose de no. Ɛbɛyɛ papa sɛ wɔde wɔn nsusuwii ne wɔn nneyɛe begyina Yehowa so, na wɔn ani agye sɛ wɔyɛ ne nnamfo.

Ɔde Ne Tɛkrɛma Hyiraa Onyankopɔn

Abofra foforo a ɔyɛɛ nhwɛso pa bere a na wɔafa no afi fie ne Israelni abeawa a Siriafo faa no dommum wɔ Onyankopɔn diyifo Elisa bere so no. Ɔbɛyɛɛ abaawa maa Siria asraafo panyin Naaman a na ɔyare kwata no yere. Abeawa yi ka kyerɛɛ n’awuraa no sɛ: “A, sɛ anka me wura wɔ odiyifo a ɔwɔ Samaria no anim a, ɛnde anka ɔbɛsa ne kwata yi ama no.” N’adansedi no nti, Naaman kɔɔ Elisa nkyɛn wɔ Israel ma wɔsaa ne kwata no. Bio nso, Naaman bɛyɛɛ Yehowa somfo.—2 Ahene 5:1-3, 13-19.

Abeawa yi nhwɛso no si hia a ehia sɛ mmabun de wɔn tɛkrɛma di Onyankopɔn ni, bere a wonni wɔn awofo nkyɛn mpo, no so dua. Sɛ na saa abeawa no wɔ su a ɛma ɔka “nkwaseasɛm” anaa “asereseresɛm a ɛnsɛ” a, anka ɛbɛyɛ mmerɛw ama no sɛ ɔde ne tɛkrɛma bedi dwuma ɔkwan pa so sɛnea ɔyɛe bere a hokwan no sɔree no? (Efesofo 5:4; Mmebusɛm 15:2) Níkos, aberantewaa bi a ɔwɔ ne mfe 20 mfiase a wɔde no too afiase esiane ɔfã biara a na onni nti no ka sɛ: “Bere a na me ne anuanom nkumaa foforo bi wɔ afiase bi a na wɔma yɛyɛ kua wɔ hɔ, na yenni yɛn awofo ne asafo mu mpanyimfo nkyɛn no, mihui sɛ yɛn nkɔmmɔdi sɛee. Amfa anuonyamhyɛ ammrɛ Yehowa koraa.” Anigyesɛm ne sɛ, wɔaboa Níkos ne afoforo a wɔaka no ma wɔatie Paulo afotu a ɛfa asɛm yi ho no: “Na aguamammɔ ne afideyɛ nyinaa anaa anibere de, mommma wɔmmmɔ din po wɔ mo mu, sɛnea ɛsɛ ahotefo.”—Efesofo 5:3.

Wobuu Yehowa Sɛ Ɔwɔ Hɔ Ankasa

Daniel ayɔnkofo baasa a na wɔyɛ Hebrifo wɔ tete Babilon no suahu no di adanse sɛ nnyinasosɛm a Yesu kaa ho asɛm sɛ ade ketewaa mu nokware a wodi no ma wodi nneɛma akɛse mu nokware no yɛ nokware. (Luka 16:10) Bere a wohyiaa ɔhaw a ɛne sɛ wonni nnuan a Mose Mmara no bara no, anka wobetumi asusuw sɛ wɔyɛ nnommum wɔ ananafo asase so, enti wontumi nyɛ asɛm no ho hwee. Nanso hwɛ nhyira ara a wonyae sɛ wobuu ade a na ɛte sɛ nea ɛyɛ ketewaa bi aniberesɛm no! Wonyaa ahoɔden ne nyansa sen nnommum afoforo a wɔkɔɔ so dii ɔhene nnuan no nyinaa. Akyinnye biara nni ho sɛ, nokware a wodii wɔ nneɛma nketewa yi mu no hyɛɛ wɔn den, enti bere a wohyiaa sɔhwɛ kɛse a ɛne sɛ wɔmmɔ wɔn mu ase mma sika honi no, wɔannyae wɔn ho mu ansiesie.—Daniel 1:3-21; 3:1-30.

Ná mmerantewaa baasa yi bu Yehowa sɛ ɔwɔ hɔ ankasa. Ɛmfa ho sɛ na wonni fie na wonni baabi a wɔsom Onyankopɔn no, wosii wɔn bo sɛ wɔremfa wiase nkekae ngu wɔn ho fĩ. (2 Petro 3:14) Ná abusuabɔ a wɔne Yehowa wɔ no som bo ma wɔn araa ma wonyaa ɔpɛ sɛ wɔde wɔn nkwa bɛbɔ afɔre ama no.

Yehowa Rennyaw Wo

Ntease wom sɛ, sɛ mmofra nni wɔn a wɔdɔ wɔn na wɔwɔ wɔn mu ahotoso nkyɛn a, wɔbɛte nka sɛ wonni ahobammɔ, wonhu nea wɔnyɛ, na ehu ka wɔn. Nanso, wobetumi agyina wɔn sɔhwɛ ahorow ano bere a wonya awerɛhyem koraa sɛ ‘Yehowa rennyaw wɔn’ no. (Dwom 94:14) Sɛ mmabun a wɔte saa ‘hu amane esiane trenee nti’ a, Yehowa bɛboa wɔn ma wɔakɔ so anantew ‘trenee kwan so pɛpɛɛpɛ.’—1 Petro 3:14; Mmebusɛm 8:20.

Yehowa hyɛɛ Yosef, Mose, Israelni abeawa no, ne Hebrifo mmerantewaa anokwafo baasa no den bere nyinaa, na ohyiraa wɔn pii. Ɛnnɛ, ɔnam ne honhom kronkron, N’asɛm, ne n’ahyehyɛde so wowaw wɔn a ‘wɔko gyidi ko pa no,’ na ɔde “daa nkwa” akatua asi wɔn anim. (1 Timoteo 6:11, 12) Yiw, yebetumi anantew Yehowa din mu sɛnea ɛsɛ, na nyansa wom sɛ yɛbɛyɛ saa.—Mmebusɛm 23:15, 19.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 2 Hwɛ May 1, 1996, Ɔwɛn-Aban, kratafa 18-20.

^ nky. 5 Wɔasesa din ahorow no bi.

[Adaka wɔ kratafa 25]

AWOFO—MUNSIESIE MO MMA!

“Sɛ ɔbran nsam bɛmma te no, sɛ mmeranteberem mmabanin te ne no.” (Dwom 127:4) Bɛmma nnu ne botae ho ara kwa. Ɛsɛ sɛ wɔde ahokokwaw tow no yiye. Saa ara na sɛ mmofra annya awofo akwankyerɛ pa a, wɔrentumi nnyina fi a wobefi fie ho nsɛnnennen no ano.—Mmebusɛm 22:6.

Mmofra taa fi nkate mu yɛ ade anaa wogyae wɔn ho mu ma “mmerante bere mu akɔnnɔ.” (2 Timoteo 2:22) Bible bɔ kɔkɔ sɛ: “Abaa ne animka ma nyansa, na abofra a wɔato no sraha gu ne na anim ase.” (Mmebusɛm 29:15) Mmerantebere mu nneyɛe a wɔnto ano hye no mma abofra ntumi nsiesie ne ho mma ɔhaw ne nhyɛso a ofie a wofi de ba no.

Wɔ ɔkwan a edi mu na ɛfata so no, ɛsɛ sɛ Kristofo awofo ma wɔn mma hu nsɛnnennen, nhyɛso, ne asetram nokwasɛm a ɛwɔ nneɛma nhyehyɛe yi mu no. Wobetumi aka tebea bɔne a ɔbabun betumi ahyia bere a ofi fie no ho asɛm, a ɛnyɛ sɛ wɔrebu wɔn abam. Saa ntetee yi ne nyansa a efi Nyankopɔn hɔ yi ‘bɛma ntetekwaa ani atew, na ama aberante nso anya nimdeɛ ne adwempa.’—Mmebusɛm 1:4.

Awofo a wɔde abrabɔ ho gyinapɛn ne nnyinasosɛm pa hyɛ wɔn mma komam no boa wɔn ma wotumi gyina asetram nsɛnnennen ahorow ano. Abusua Bible adesua a wɔyɛ no daa, nkɔmmɔ a wofi komam bɔ, ne nokware anigye a wobenya wɔ wɔn mma yiyedi ho no betumi ama wɔahu nsonsonoe a ɛda yiyedi ne nkogudi ntam. Ɛsɛ sɛ awofo de adwempa tete wɔn mma wɔ ɔkwan a ɛkari pɛ na ntease wom so, na asiesie mmofra no sɛnea wɔn ankasa bɛbɔ wɔn bra akyiri yi. Awofo nam wɔn ankasa nhwɛso so betumi akyerɛ wɔn mma sɛ wobetumi atra wiase yi mu nanso wɔrenyɛ ne fã.—Yohane 17:15, 16.

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Ɛtɔ mmere bi a, ɛho tumi behia sɛ Kristofo mmabun bi befi fie

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 24]

Mmabun nam sɔhwɛ a wɔbɛko atia so betumi asuasua Yosef na wɔn ho atew abrabɔ fam

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 26]

Suasua Israelni abeawa a ɔde ne tɛkrɛma hyɛɛ Yehowa anuonyam no