Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Monkyerɛ Mo Nimdeɛ Mu Ahosodi

Monkyerɛ Mo Nimdeɛ Mu Ahosodi

Monkyerɛ Mo Nimdeɛ Mu Ahosodi

“Monkyerɛ mo . . . nimdeɛ no mu anidahɔ [ahosodi, “NW”].”—2 PETRO 1:5-8.

1. Adesamma haw pii no fi dɛn a wontumi nyɛ?

BERE bi a na wɔretu sa atia nnubɔnenom no, wotuu mmabun a wɔwɔ United States fo sɛ: “Ka sɛ dabi.” Sɛ ɛnyɛ nnubɔnenom nko na obiara bɛpo, na mmom sɛ obiara bɛpo asanom bebrebe, abrabɔ bɔne, apoobɔ, “honam akɔnnɔ” nso a, hwɛ sɛnea anka nneɛma bɛkɔ yiye afa! (Romafo 13:14) Nanso, hena na ɔbɛka sɛ dabi a obi bɛka no yɛ mmerɛw bere nyinaa?

2. (a) Bible mu nhwɛso horow bɛn na ɛkyerɛ sɛ yɛ a ɛyɛ den sɛ yɛbɛpo biribi no nyɛ ade foforo? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ nhwɛso horow yi hyɛ yɛn nkuran ma yɛyɛ?

2 Esiane sɛ ɛyɛ den ma nnipa a wɔnyɛ pɛ nyinaa sɛ wɔbɛda ahosodi adi nti, ɛsɛ sɛ yɛma ehia yɛn sɛ yebesua sɛnea yebedi mmerɛwyɛ biara a yɛwɔ so. Bible ka nkurɔfo a wɔtraa ase tete no a wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛsom Onyankopɔn nanso ɛtɔ mmere bi a na ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbɛpo biribi no ho asɛm kyerɛ yɛn. Kae Dawid ne aware a ɔne Bat-Seba sɛee no. Ɛmaa abofra a wɔn awaresɛe no ma wonyinsɛn no ne Bat-Seba kunu wui, bere a na wɔn baanu nyinaa ho nni asɛm. (2 Samuel 11:1-27; 12:15-18) Anaasɛ, susuw ɔsomafo Paulo a ɔkaa no pefee sɛ: “Papa a mepɛ no, menyɛ, na mmom bɔne a mempɛ no, ɛno na meyɛ” no ho hwɛ. (Romafo 7:19) So ɛtɔ mmere bi a w’abam bu saa ara? Paulo toaa so sɛ: “Me mu-nipa fam de, m’ani gye Onyankopɔn mmara ho; nanso mihu mmara foforo bi wɔ me honam akwaa mu a ɛne m’adwene mu mmara ko na ɛfa me dommum ma bɔne mmara a ɛwɔ me honam akwaa mu no. Me manehunufo! Hena na obeyi me afi owu yi nipadua mu?” (Romafo 7:22-24) Ɛsɛ sɛ Bible mu nhwɛso ahorow hyɛ yɛn bo a yɛasi sɛ yɛbɛbɔ mmɔden anya ahosodi a yɛrennyae yɛn mudi mu no mu den.

Ahosodi, Ade a Ɛsɛ sɛ Yesua

3. Kyerɛkyerɛ nea enti a yentumi nhwɛ kwan sɛ ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛda ahosodi adi no mu.

3 Wɔka ahosodi, a nea ɛka ho ne sɛ yebetumi apo biribi, ho asɛm wɔ 2 Petro 1:5-7, NW ka gyidi, mmaninyɛ, nimdeɛ, boasetɔ, onyamesom pa, onuadɔ, ne nidɔ ho. Wɔmfa su pa a ɛka ho yi mu biara nwo yɛn. Ɛsɛ sɛ yesua. Egye akokoduru ne mmɔdenbɔ na ama yɛatumi ada no adi pii. Ne saa nti, so ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛda ahosodi adi?

4. Dɛn nti na nnipa pii te nka sɛ wonni ahosodi ho asɛnnennen biara, nanso eyi yɛ dɛn ho adanse?

4 Ɛwom, ebia nnipa ɔpepem pii bɛte nka sɛ wonni ahosodi ho asɛnnennen biara. Wɔyɛ nea wɔpɛ biara wɔ asetram, sɛ wonim anaa wonnim, na wodi wɔn honam a ɛtɔ sin no akɔnnɔ akyi bere a wonsusuw nea ebetumi afi mu aba—wɔn anaa afoforo so—no ho. (Yuda 10) Ka a wontumi nka dabi ne ɔpɛ a wonni sɛ wɔbɛka no da adi kɛse nnɛ sen bere foforo biara. Ɛyɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ yɛte “nna a edi akyiri” a Paulo kaa ho asɛm siei sɛ: “Mmere a emu yɛ den bɛba. Efisɛ nnipa bɛyɛ ahopɛfo, sikapɛfo, ahohoahoafo, ahantanfo, abususɛnkafo, . . . wɔn a wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ so” no mu ampa.—2 Timoteo 3:1-3.

5. Dɛn nti na ahosodi ho asɛm hia Yehowa Adansefo, na afotu bɛn na ɛda so ara fata?

5 Yehowa Adansefo nim asɛnnennen a ɛwɔ ahosodi a ehia sɛ wɔda no adi ho no yiye. Te sɛ Paulo no, wonim apereperedi a ɛda ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbɛbɔ bra a ɛne Onyankopɔn gyinapɛn ahorow hyia de asɔ n’ani ne baabi a wɔn honam a ɛtɔ sin no nso twetwe wɔn kɔ ntam no. Esiane eyi nti, ɔkwan a wɔbɛfa so adi saa akodi yi mu nkonim no ayɛ wɔn ahiasɛm fi bere tenten. Wɔ afe 1916 mu tɔnn no, nsɛmma nhoma a mprempren worekenkan bi a edii kan bae no kaa “ɔkwampa a ɛsɛ sɛ yɛfa so na ama yɛatumi adi yɛn nkate, nsɛm a yɛka ne yɛn nneyɛe so no ho asɛm.” Ɛde nyansahyɛ mae sɛ yɛmma Filipifo 4:8 ntra yɛn adwenem bere nyinaa. Onyankopɔn afotu a ɛwɔ saa asɛm no mu no da so ara fata nnɛ, ɛmfa ho sɛ wodii kan de mae bɛyɛ mfe 2,000 a atwam ni, na ɛda adi sɛ ɛsodi yɛ den nnɛ sen saa bere no anaa afe 1916 mu. Nanso, Kristofo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛpo wiase akɔnnɔ, bere a wonim sɛ sɛ wɔyɛ saa a na wɔregye wɔn Bɔfo no asɛm atom no.

6. Dɛn nti na yenni biribiara a yebegyina so ama yɛn abam abu bere a yɛresua ahosodi no?

6 Wɔka ahosodi ho asɛm wɔ Galatifo 5:22, 23, NW ka “honhom [kronkron] aba” no ho. Sɛ yɛda saa su yi adi ka “ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, [ne] odwo” ho a, yebenya so mfaso pii. Sɛnea Petro kyerɛkyerɛɛ mu no, saa a yɛbɛyɛ no remma yɛnyɛ “anihafo ne wɔn a wɔnsow aba” wɔ ɔsom a yɛde ma Onyankopɔn no mu. (2 Petro 1:8) Nanso sɛ yɛantumi anna saa su horow yi adi ntɛm sɛnea anka yɛbɛpɛ sɛ yɛyɛ a, ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn abam bu na yebu yɛn ho fɔ. Ɛda adi sɛ woahyɛ no nsow sɛ wɔ sukuu mu no, adesuafo no bi te nneɛma ase ntɛm sen afoforo. Anaasɛ wɔ adwumam no, obi tumi hu adwuma foforo bi ntɛm sen mfɛfo adwumayɛfo a aka no. Saa ara na, ebinom tumi sua sɛnea wɔbɛda Kristofo su ahorow adi ntɛm sen afoforo. Ade a ehia ne sɛ yɛbɛkɔ so ada su horow a eye adi sɛnea yebetumi biara. Yebetumi ayɛ eyi denam mmoa a Yehowa nam N’asɛm ne asafo no so de ma a yɛde bedi dwuma akosi ase no so. Ahopere a yɛde bedu yɛn botae ho no ho nhia te sɛ yɛn bo a yebesi sɛ yɛbɛkɔ so anya nkɔso no.

7. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ ahosodi ho hia?

7 Ɛmfa ho sɛ ahosodi na etwa to wɔ honhom aba a wɔbobɔɔ din no mu no, ɛnkyerɛ sɛ su afoforo no ho hia sen no. Ɛnte saa koraa. Ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwenem sɛ, sɛ yɛwɔ ahosodi a edi mu a, yebetumi akwati “ɔhonam nnwuma” nyinaa. Nanso, ɔkwan biara so no, sɛ́ nnipa a yɛnyɛ pɛ no, yebetumi agyae yɛn ho mu ama “ɔhonam nnwuma no [bi] . . . , aguamammɔ, efi, ahohwi, abosonsom, aduto, ɔtan, akayɛ, ahoɔyaw, abufuw, atutuw, kunsunkunsun, mpaapaemu.” (Galatifo 5:19, 20) Enti ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn ho mmɔden bere nyinaa na yesi yɛn bo sɛ yebeyi adwemmɔne biara afi yɛn koma ne yɛn adwenem.

Ɛyɛ Den Paa Ma Ebinom

8. Nneɛma bɛn na ɛma ahosodi yɛ den paa ma afoforo?

8 Ɛyɛ den paa ma Kristofo binom sɛ wɔbɛda ahosodi adi sen afoforo. Dɛn ntia? Awofo ntetee anaa osuahu bi a wonyae betumi de saa tebea no aba. Sɛ ɛte sɛ nea yenni ahosodi a yebenya na yɛada no adi ho asɛnnennen a, ɛnde na ɛyɛ anigyesɛm. Nanso ɛsɛ sɛ yɛda tema ne ntease adi bere a yɛne wɔn a ɛyɛ den ma wɔn paa sɛ wɔbɛda no adi no di nsɛm no, sɛ ahosodi a wonni no bɛhaw yɛn ɔkwan bi so mpo a. Esiane yɛn ankasa sintɔ nti, yɛn mu hena na obetumi anya biribi agyina so abu ne ho sɛ ɔteɛ?—Romafo 3:23; Efesofo 4:2.

9. Mmerɛwyɛ ahorow bɛn na ebinom wɔ, na bere bɛn na wobedi mmerɛwyɛ yi so koraa?

9 Mfatoho bi ni: Ebia na yenim sɛ ɛtɔ mmere bi a mfɛfo Kristofo binom a wɔagyae tawa anaa nnuru a wɔde “gyigye wɔn ani” bi nom no kɔn da so ara dɔ paa sɛ wobenya bi anom. Anaasɛ ebia na ɛyɛ den ma ebinom sɛ wɔbɛtew aduan a wodi anaa nsa dodow a wɔnom so. Afoforo nso ntumi nni wɔn tɛkrɛma so ma enti wɔtaa fom nsɛm mu. Egye mmɔdenbɔ a emu yɛ den na yɛde adi sintɔ ahorow a ɛtete saa no so. Dɛn ntia? Yakobo 3:2 ka no nokwarem sɛ: “Yɛn nyinaa fom nneɛma pii mu. Sɛ obi mfom asɛm mu a, ɔno ara na ɔyɛ onipa a owie pɛyɛ a obetumi ato nipadua nyinaa nnareka adi so.” Ebinom da so ara wɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ wɔbɛto kyakya. Anaasɛ ebia na ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbɛhyɛ wɔn abufuw so. Ebia ebegye bere ansa na yɛatumi adi mmerɛwyɛ a ɛtete saa so. Ɛwom sɛ yebetumi anya nkɔso a ɛfata mprempren de, nanso gye sɛ yedu pɛyɛ mu ansa na akɔnnɔ bɔne atumi afi hɔ koraa. Saa bere yi de, mmɔden a yɛbɛbɔ sɛ yɛbɛda ahosodi adi no bɛboa yɛn ma yɛakwati sɛ yɛbɛsan yɛn akyi akodi asetra kwan a ɛnteɛ saa akyi. Bere a yɛkɔ so di apere no, momma yɛmmoa yɛn ho yɛn ho na yɛampa abaw.—Asomafo no Nnwuma 14:21, 22.

10. (a) Dɛn nti na ɔbea ne ɔbarima nna mu ahosodi yɛ den paa ma ebinom? (b) Nsakrae titiriw bɛn na onua bi yɛe? (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 16 no.)

10 Baabi foforo a ɛyɛ den ma ebinom sɛ wɔbɛda ahosodi adi no fa ɔbarima ne ɔbea nna ho. Ɔbarima ne ɔbea nna ka sɛnea Yehowa Nyankopɔn bɔɔ yɛn no ho. Nanso, ɛyɛ ebinom den paa sɛ wobedi ho dwuma ɔkwampa so ma ɛne Onyankopɔn gyinapɛn ahorow ahyia. Ebia wɔn haw no mu bɛyɛ den esiane sɛ wɔwɔ nna ho akɔnnɔ a ano yɛ den soronko nti. Yɛte wiase bi a nna ho nsɛm agye nkurɔfo adwene na wɔnam akwan pii so kanyan nna ho akɔnnɔ mu. Eyi betumi de ɔhaw pii abrɛ Kristofo a wɔpɛ sɛ wɔtra ase sɛ ahokwafo—anyɛ yiye koraa kosi bere bi—sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛsom Onyankopɔn a aware mu nsɛm ntwetwe wɔn adwene. (1 Korintofo 7:32, 33, 37, 38) Nanso nea ɛne Kyerɛwnsɛm mu afotu a ɛka sɛ “aware ye sen ɔhyew” hyia no, wobetumi asi gyinae sɛ wɔbɛware, a akyinnye biara nni ho sɛ nidi wom. Bere koro no ara no, wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛware “Awurade mu nko” sɛnea Kyerɛwnsɛm no tu fo no. (1 Korintofo 7:9, 39) Yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa ani gye ne trenee gyinapɛn ahorow a wɔanya ho anigye sɛ wobekura mu no ho. Wɔn mfɛfo Kristofo di ahurusi sɛ wɔne nokware asomfo a wokura gyinapɛn a ɛkorɔn saa na wodi nokware no bɔ fekuw.

11. Ɔkwan bɛn so na yebetumi aboa onua anaa onuawa bi a ɔpɛ sɛ ɔware nanso ontumi nyɛɛ saa no?

11 Na sɛ obi nnya ɔhokafo a ɔfata nso ɛ? Twa obi a ɔpɛ sɛ ɔware nanso ontumi nyɛɛ saa no ho mfonini hwɛ! Ebia obehu sɛ ne nnamfonom reware na wɔrenya anigye, bere a ɔno da so rehwehwɛ ɔhokafo a ɔfata. Wɔ ebinom a wɔwɔ saa tebea no mu fam no, ebia na wɔde wɔn ho ahyɛ su bɔne a ɛne boasipem mu. Sɛnea ɛte biara no, Kristoni biara rempɛ sɛ obebu obi a ɔrebɔ ne ho mmɔden sɛ obekura abrabɔ pa mu no abam sɛnea ɛnsɛ. Sɛ yɛansusuw afoforo ho na yebisa nsɛm a ɛhaw adwene te sɛ “Da bɛn na wobɛware?” a, yebetumi abu afoforo abam a yɛn ani nna yɛn ho so. Ebia na ɛnyɛ adwemmɔne na yɛde bɛka saa, nanso hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ papa sɛ yɛbɛda ahosodi adi na yɛadi yɛn tɛkrɛma so! (Dwom 39:1) Ɛsɛ sɛ yɛkamfo wɔn a wɔwɔ yɛn ntam a wokura abrabɔ pa mu bere a wɔda so ara yɛ ahokwafo no paa. Sɛ anka yɛbɛka nsɛm a ebetumi abu wɔn abam no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛhyɛ wɔn nkuran. Sɛ nhwɛso no, sɛ anuanom a wɔn ho akokwaw kuw ketewaa bi hyiam ma adidi anaa Kristofo fekubɔ a ɛyɛ anigye a, yebetumi abɔ mmɔden de ahokwafo no bi aka ho.

Ahosodi a Wɔda no Adi Wɔ Aware Mu

12. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔaware mpo nya ahosodi?

12 Sɛ obi ware a na ɛnkyerɛ sɛ onhia ahosodi wɔ ɔbarima ne ɔbea nna mu. Sɛ nhwɛso no, ebetumi asono sɛnea okunu ne ɔyere no mu biara ani gye nna ho. Anaa ɛtɔ mmere bi a, ebia na ɔhokafo biako nipaduam tebea bɛma ayɛ den sɛ obenya nna mu kyɛfa anaa ɛrenyɛ yiye koraa. Ebia esiane osuahu ahorow a ɔhokafo biako anya nti, ɛbɛyɛ den ama no sɛ obedi ahyɛde a ɛne sɛ: “Okunu mma ɔyere nea ɛsɛ, na ɔyere nso mma okunu saa ara” no so. Wɔ tebea a ɛte saa mu no, ebehia sɛ ɔhokafo foforo no da ahosodi soronko adi. Nanso wɔn baanu nyinaa betumi ama Paulo afotu a ɔde ma Kristofo awarefo no atra wɔn adwenem: “Mommfa mo ho nnkame mo ho, gye sɛ mo baanu pene so sɛ mobɛtra hɔ kakra, na moanya mpaebɔ ho adagyew ansa na moasan abehyiam bio, na mo ani a ɛnna hɔ nti, Satan ansɔ mo anhwɛ.”—1 Korintofo 7:3, 5.

13. Dɛn na yebetumi ayɛ de aboa wɔn a wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛda ahosodi adi no?

13 Sɛ awarefo baanu no nyinaa asua sɛnea wɔbɛda ahosodi a ɛfata adi wɔ kokoam nkitahodi yi mu a, hwɛ sɛnea wɔn ani begye afa. Bere koro no ara no, ɛyɛ papa sɛ wɔbɛte mfɛfo asomfo a wɔda so ara rebɔ mmɔden sɛ wɔbɛda ahosodi adi no ase. Ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi da sɛ yɛbɛbɔ Yehowa mpae na wama yɛn honhom fam anuanom no anya nhumu, akokoduru, ne ahoɔden a wɔde bɛkɔ so wɔ apere a wɔredi no mu sɛ wɔbɛda ahosodi adi na wɔafa akwan horow so ako atia akɔnnɔ bɔne no.—Filipifo 4:6, 7.

Monkɔ So Mmoa Mo Ho Mo Ho

14. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yehu mfɛfo Kristofo mmɔbɔ na yɛte wɔn ase?

14 Ɛtɔ mmere bi a ebetumi ayɛ den ama yɛn sɛ yɛbɛte mfɛfo Kristofo bi a wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛda ahosodi adi wɔ biribi a ɛnyɛ yɛn haw koraa ho no ase. Nanso ɛsono sɛnea obiara te. Ebinom nkate bɛn wɔn paa; na afoforo nso nte saa. Ɛnyɛ den mma ebinom koraa sɛ wɔbɛda ahosodi adi. Nanso ɛyɛ den ma afoforo paa. Nanso kae sɛ, obi a ɔrebɔ ne ho mmɔden ayɛ biribi no nyɛ ɔbɔnefo. Yɛn mfɛfo Kristofo hwehwɛ sɛ yɛbɛte wɔn ase na yɛahu wɔn mmɔbɔ. Sɛ yɛkɔ so hu wɔn a wɔda so ara rebɔ mmɔden sɛ wɔbɛda ahosodi adi no mmɔbɔ a, ɛbɛma yɛn ankasa ani agye. Yebetumi ahu ɛno wɔ Yesu nsɛm a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Mateo 5:7 no mu.

15. Ɛdefa ahosodi ho no, dɛn nti na nsɛm a ɛwɔ Dwom 130:3 no yɛ awerɛkyekye?

15 Ɛnsɛ sɛ yenya yɔnko Kristoni bi a ɛtɔ bere bi a ontumi nna Kristofo su adi no ho adwemmɔne da. Hwɛ nkuranhyɛ ara a ɛyɛ sɛ ahosodi a yɛantumi anna no adi bere bi akyi no, Yehowa hu mpɛn pii a yetumi daa no adi ɛmfa ho sɛ ebia yɛn mfɛfo Kristofo anhu mpo no. Ɛyɛ awerɛkyekye paa sɛ yɛbɛma nsɛm a ɛwɔ Dwom 130:3 no atra yɛn adwenem: “Yah, sɛ wudi amumɔyɛde akyi a, [Yehowa, NW], hena na anka obegyina?”

16, 17. (a) Ɔkwan bɛn so na yebetumi de Galatifo 6:2, 5 adi dwuma wɔ ahosodi ho? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ ahosodi ho akyiri yi?

16 Sɛ Yehowa ani begye yɛn ho a, ɛsɛ sɛ yɛn mu biara nya ahosodi, nanso yebetumi anya awerɛhyem sɛ yɛn nuanom Kristofo bɛboa yɛn. Bere a ɛsɛ sɛ yɛn mu biara soa n’ankasa adesoa no, wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmmoa yɛn ho yɛn ho ma yennyina mmerɛwyɛ ahorow ano. (Galatifo 6:2, 5) Yebetumi akyerɛ ɔwofo, ɔhokafo, anaa adamfo a ɔmma yɛnkɔ mmeae bi a ɛnsɛ sɛ yɛkɔ, ɔmma yɛnhwɛ nneɛma a ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ, anaa yɛnyɛ nneɛma a ɛnsɛ sɛ yɛyɛ no ho anigye. Ɔreboa yɛn ma yɛada ahosodi adi, ma yɛatumi aka dabi na yɛn dabi ayɛ dabi ankasa!

17 Ebia Kristofo pii begye nsɛm a yɛasusuw ho abesi ha a ɛfa ahosodi ho yi atom, nanso ebia wɔbɛte nka sɛ wɔwɔ pii yɛ ankasa. Wɔbɛpɛ sɛ wɔda ahosodi adi kɛse kodu baabi a wogye di sɛ onipa a ɔtɔ sin betumi adu. So wote nka saa? Ɛnde dɛn na wubetumi ayɛ na ama woatumi asow Onyankopɔn honhom aba yi? Na ɔkwan bɛn so na saa a wobɛyɛ no bɛboa wo ma woadu wo botae a esi w’ani so sɛ Kristoni no ho? Ma yɛnhwɛ wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

So Wokae?

Dɛn Nti na Ahosodi . . .

• yɛ ade a ehia sɛ Kristofo sua?

• yɛ den paa ma nnipa binom?

• ho hia wɔ aware mu?

• yɛ su a yebetumi aboa yɛn ho yɛn ho ma yɛanya?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 16]

Osuae sɛ Ɔbɛka Dabi

Wɔfaa Yehowa Dansefo bi a ɔte Germany adwuma sɛ obi a ɔhwɛ afiri a wɔde di nkitaho so. Na n’adwuma no bi ne sɛ ɔbɛhwɛ television ne radio so dwumadi ahorow bɛboro 30 so. Sɛ biribi toto a, na ɛsɛ sɛ ɔma n’adwene kɔ dwumadi no so na watumi ahu ɔhaw no. Ɔka sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ bere biara a biribi bɛtoto no, na wɔreyi ntɔkwaw anaa ɔbea ne ɔbarima nna ho ade. Ɛte sɛ nea nneɛma a ɛmfata no taa ka m’adwenem nna anaa adapɛn bi mpo, te sɛ nea wɔahyɛ da de ahyɛ m’adwenem.” Ogye tom sɛ eyi nyaa ne honhom fam yiyedi so nkɛntɛnso bɔne: “Na me bo taa fuw ntɛmntɛm, enti ntɔkwaw a na woyi no ma ɛyɛɛ den maa me sɛ mɛda ahosodi adi. Ɔbarima ne ɔbea nna a na woyi no de ntawntawdi baa me ne me yere ntam. Na ɛyɛ den ma me sɛ mɛko atia eyinom da biara. Nea ɛbɛyɛ na saa nneɛma yi nni me so no, misii gyinae sɛ mɛhwehwɛ adwuma foforo, sɛ akatua no nye mpo a. Ɛnkyɛe biara na minyaa adwuma no bi. Manya nea mepɛ.”

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 15]

Bible adesua mu nimdeɛ boa ma yɛda ahosodi adi