Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Ná hena na Yehowa reka ne ho asɛm sɛ “yɛn mu biako” wɔ Genesis 3:22 no?

Ɛbɛyɛ sɛ na Yehowa Nyankopɔn reka n’ankasa ne ne Ba a ɔwoo no koro no ho asɛm bere a ɔkae sɛ: “Onipa no ayɛ sɛ yɛn mu biako hu papa ne bɔne” no. (Genesis 3:22) Ma yensusuw nea enti a ɛte saa no ho nhwɛ.

Yehowa kaa saa nsɛm yi bere a obuu nnipa baanu a wodi kan no atɛn akyi. Ebinom afa asɛm “yɛn mu biako” no sɛ dodow kabea a wɔde di dwuma ma kɛseyɛ, te sɛ nea ebia ɔhene bi reka sɛ “yɛn ani nnye ho” bere a ɔreka ne nkutoo ho asɛm no. Nanso, ɛdefa Genesis 1:26 ne 3:22 ho no, Bible ho nimdefo Donald E. Gowan ka sɛ: “Adanse biara nni Apam Dedaw no mu a ɛfoa nkyerɛkyerɛmu a wɔde ama no dodow no ara so: ‘yɛn’ a wɔde di dwuma ma kɛseyɛ, ‘yɛn’ a obi boapa de di dwuma, nea wɔde di dwuma sɛ dodow kabea ankasa, anaasɛ nea wɔde di dwuma sɛ dodow kabea ma nnipa a wɔwɔ Nyamesu no mu no. . . . Saa nkyerɛkyerɛmu yi mu biara nni hɔ a ɛma ntease a ɛwɔ 3:22, a ɛka sɛ ‘yɛn mu biako,’ no da adi ankasa.”

So ebetumi aba sɛ na Yehowa ne Satan Ɔbonsam a na n’ankasa afi ase resi “papa ne bɔne” ho gyinae na ɔdaadaa nnipa baanu a wodi kan ma wɔyɛɛ saa ara no na ɛrekasa? Ɛno nyɛ nea ntease wom. Ɛha no, Yehowa de asɛm ‘yɛn mu biako’ na edii dwuma. Ná Satan nni Yehowa abɔfo anokwafo asafo no mu bio, enti na wontumi mfa no nka wɔn a wɔwɔ Yehowa afã no ho.

So na Onyankopɔn reka abɔfo anokwafo no ho asɛm? Yɛrentumi nsi no pi. Nanso, nsɛdi a ɛwɔ nsɛm a ɛwɔ Genesis 1:26 ne 3:22 mu no ma yɛn nyansahyɛ bi. Wɔ Genesis 1:26 no, yɛkenkan sɛ Yehowa kae sɛ: ‘Ma yɛnyɛ onipa wɔ yɛn suban so sɛ yɛn sɛso.’ Hena na na ɔreka saa asɛm yi akyerɛ no? Bere a ɔsomafo Paulo reka honhom mu abɔde a ɔbɛyɛɛ onipa a ɔyɛ pɛ, Yesu, ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Ɔno ara na ɔyɛ Onyankopɔn a wonhu no no suban ne abɔde nyinaa abakan, efisɛ ɔno mu na wɔbɔɔ nneɛma nyinaa, nea ɛwɔ ɔsoro ne nea ɛwɔ asase so.” (Kolosefo 1:15, 16) Yiw, ɛte sɛ nea ntease wom sɛ wɔ Genesis 1:26 no, na Yehowa ne ne Ba a ɔwoo no koro, “odwumayɛni panyin,” a na ɔka ne ho bere a ɔrebɔ ɔsoro ne asase no, na ɛrekasa. (Mmebusɛm 8:22-31, NW) Nsɛdi a ɛwɔ asɛm yi ne nea ɛwɔ Genesis 3:22 mu no kyerɛ sɛ ɛha nso, na Yehowa ne obi a ɔbɛn no paa, ne Ba a ɔwoo no koro, no na ɛrekasa.

Ɛda adi sɛ na Onyankopɔn Ba a ɔwoo no koro no nim “papa ne bɔne.” Akyinnye biara nni ho sɛ, na ofi Yehowa ho nimdeɛ a emu dɔ a wanya no bere tenten no mu asua N’agya nsusuwii, ne nnyinasosɛm, ne ne gyinapɛn ahorow ho ade yiye. Esiane sɛ na Yehowa nim yiye sɛ ne Ba no nim saa nneɛma yi yiye na ɔde di dwuma ɔkwampa so nti, ɛbɛyɛ sɛ ɔmaa no hokwan a ɔde bedi nsɛm ho dwuma, a na ɛho nhia sɛ Ɔpene asɛm biara so ansa. Enti afei de, na wɔama Ɔba no hokwan a na obetumi ahu nea ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne. Nanso, nea ɛnte sɛ Satan, Adam, ne Hawa no, wanhyehyɛ gyinapɛn a ɛne Yehowa de bedi asi.