Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Ntwe Kɔndua a Ɛnsɛ’

‘Ntwe Kɔndua a Ɛnsɛ’

‘Ntwe Kɔndua a Ɛnsɛ’

SƐNEA wutumi hu wɔ ha no, yoma ne nantwinini a wɔrefɛtɛw ade abom no rebrɛ paa. Kɔndua a ɛka wɔn bom—a n’atirimpɔw ne sɛ ɛbɛtwe mmoa abien a wɔn ahoɔden ne wɔn kɛse yɛ pɛ—no ma mmoa abien no nyinaa hu amane. Esiane sɛ mmoa a wɔhyɛ wɔn de wɔn yɛ adwuma yiyedi ho hia Onyankopɔn nti, ɔka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: “Mfa nantwi ne afurum mmɔ mu nfɛtɛw.” (Deuteronomium 22:10) Nnyinasosɛm koro no ara na wɔde bedi nantwinini ne yoma ho dwuma.

Mpɛn pii no, okuafo remfa ahokyere a ɛte saa mma ne mmoa so. Nanso, sɛ onni anantwinini abien a, ebia ɔbɛka mmoa abien biara a ɔwɔ abom wɔ kɔndua koro ase. Ɛda adi sɛ eyi ne nea afeha a ɛtɔ so 19 mu okuafo a ɔwɔ mfonini no mu no paw sɛ ɔbɛyɛ. Esiane nsonsonoe a ɛwɔ wɔn kɛse ne wɔn mu duru mu nti, ɛsɛ sɛ aboa a ne ho nyɛ den no pere na watumi ne nea ne ho yɛ den no abɔ anan, na nea ne ho yɛ den no nso wɔ adesoa kɛse a ɛsɛ sɛ ɔtwe.

Ɔsomafo Paulo de kɔndua a ɛnsɛ yɛɛ mfatoho de kyerɛɛ yɛn asuade atitiriw bi. Ɔkyerɛwee sɛ: “Mo ne wɔn a wonnye nni nntwe kɔndua koro; na twaka bɛn na trenee ne amumɔyɛ wɔ? Anaasɛ ayɔnkofa bɛn na hann ne sum wɔ?” (2 Korintofo 6:14) Ɔkwan bɛn so na Kristoni bi betumi atwe kɔndua a ɛnsɛ?

Ɔkwan biako ne sɛ Kristoni bi bɛpaw ɔhokafo a ɔne no nkura gyidi biako. Abusuabɔ a ɛte saa bɛma afanu no nyinaa ho ayeraw wɔn, a awarefo no adwene nhyia wɔ nsɛntitiriw ho.

Bere a Yehowa hyehyɛɛ aware no, ɔmaa ɔbea no dwumadi sɛ ‘ɔboafo.’ (Genesis 2:18) Saa ara na Onyankopɔn nam odiyifo Malaki so kaa ɔyere ho asɛm sɛ “hokafo.” (Malaki 2:14) Yɛn Bɔfo no pɛ sɛ awarefo de biakoyɛ yɛ adwuma bom wɔ honhom fam akwankyerɛ koro ase, na wɔbom di wɔn haw ahorow ho dwuma na wonya mu anigye pɛ.

Kristoni kyerɛ obu ma yɛn soro Agya afotu yi denam “Awurade mu nko” a ɔware so. (1 Korintofo 7:39) Eyi to nhyɛase ma aware a biakoyɛ wom a ebetumi de ayeyi ne nidi abrɛ Onyankopɔn bere a wɔn baanu nyinaa som no sɛ ‘nokware adwumayɛfo’ wɔ ntease titiriw bi mu no.—Filipifo 4:3.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 32]

Camel and ox: From the book La Tierra Santa, Volume 1, 1830