Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wobɛyɛ Dɛn Atumi Asisi Gyinae Pa?

Wobɛyɛ Dɛn Atumi Asisi Gyinae Pa?

Wobɛyɛ Dɛn Atumi Asisi Gyinae Pa?

TETE Israel hene Salomo kae sɛ: “Na onyansafo ntie, na n’adenim nnɔɔso.” Yɛn mu pii asisi gyinae a ɛnyɛ papa wɔ mmere bi mu esiane sɛ yɛtotoo afotu a afoforo de maa yɛn ase nti.—Mmebusɛm 1:5.

Akyiri yi, wɔkyerɛw Salomo nsɛm no wɔ Bible mu, a “mmɛ mpensa” a ɔkyerɛwee no ka ho. (1 Ahene 4:32) So yebetumi anya mfaso afi hu a yebehu ne nsɛm a nyansa wom no na yɛde adi dwuma no mu? Yiw. Ɛboa yɛn ma ‘yehu nyansa ne nteɛso, sɛ yɛmfa nhu nhumu nsɛm mu; sɛ yɛmfa nnye nimdeɛ nteɛso, trenee, atemmu ne ade a ɛteɛ.’ (Mmebusɛm 1:2, 3) Momma yensusuw akwankyerɛ anum a egyina Bible no so a ebetumi aboa yɛn ma yɛasisi gyinae a nyansa wom ho.

Susuw Nea Ebefi Mu Aba Daakye no Ho

Nea ebefi gyinaesi binom mu aba no bɛyɛ nea ɛho hia paa. Enti, bɔ mmɔden di kan hu nea saa nneɛma ahorow a ebetumi afi mu aba no yɛ. Hwɛ yiye na bere tiaa mu mfaso a wubenya no ho akɔnnɔ annaadaa wo ma woammu w’ani angu nneɛma a ɛmfata a ebetumi afi mu aba daakye no so. Mmebusɛm 22:3 bɔ kɔkɔ sɛ: “Onitefo hu bɔne a ɛbɛba, na ɔde ne ho hintaw, na ntetekwaa fa mu, na wonya asotwe.”

Ebetumi ayɛ nea mfaso wɔ so sɛ wobɛkyerɛw nea ebefi mu aba ntɛm ne nea ebefi mu aba akyiri yi no agu krataa so. Ebia bere tiaa mu mfaso a ebefi adwuma bi a wobɛpaw mu aba bɛyɛ akatua pa ne adwuma a anigye wom. Nanso, so adwuma a enni daakye pa betumi aka nea ebefi adwuma no mu aba akyiri yi no ho? So ebia bere bi akyi no, adwuma no bɛhwehwɛ sɛ wutu kɔ baabi foforo, na ebia woafi nnamfo ne abusuafo nkyɛn? So ebetumi de wo aba tebea bɔne bi mu anaa ebia ɛbɛyɛ nea w’ani nnye ho araa ma ɛbɛma woate nka sɛ woahaw kɛse? Fa ahwɛyiye kari mfaso ne ɔhaw a ɛwom no hwɛ, na afei hu nea ɛsɛ sɛ wode di kan.

Gye Bere a Ɛdɔɔso Sɛnea Ɛsɛ

Ɛnyɛ den sɛ gyinae a wɔde ahopere si betumi adan nea nyansa nnim. Mmebusɛm 21:5 bɔ kɔkɔ sɛ: “Nsiyɛfo adwene de adedodow ara na ɛba, na obiara a ɔpere ho no, ɛde no kɔ ohia nko mu.” Sɛ nhwɛso no, ɛsɛ sɛ mmabun a wɔanya nna ho akɔnnɔ a ɛmfata no tɔ wɔn bo ase ansa na wɔasi gyinae sɛ wɔbɛware. Anyɛ saa a, wobehu nokwasɛm a ɛwɔ William Congreve, Engiresi agorukyerɛwfo wɔ afeha a ɛtɔ so 18 no mfiase mu no, nsɛm yi mu sɛ: “Wɔn a wɔpere wɔn ho ware no benu wɔn ho wɔ wɔn adeyɛ no ho akyɛ.”

Nanso, bere a ɛdɔɔso sɛnea ɛsɛ a wubegye no nkyerɛ mmɔtohɔ. Gyinaesi ahorow bi ho hia araa ma ɛyɛ nea nyansa wom sɛ yɛbɔ mmɔden biara a yebetumi si no ntɛmso. Nan ase twentwɛn a ɛho nhia betumi ama yɛn ankasa ne afoforo ahwere ade kɛse. Gyinaesi a wɔkɔ so tu hyɛ da sɛnea ɛnsɛ no ankasa betumi ayɛ gyinaesi—ebetumi ayɛ gyinaesi a nyansa nnim.

Gye Afotu Tom

Esiane sɛ tebea abien biara nni hɔ a ɛyɛ pɛpɛɛpɛ nti, ebia nnipa baanu rentumi nsi gyinae koro no ara bere a wohyia tebea koro no. Nanso, mfaso da so wɔ so sɛ yebetie sɛnea afoforo sii gyinae wɔ nsɛm a ɛte sɛ yɛn de ho no. Bisa wɔn sɛnea wohu saa gyinae a wosii no mprempren. Sɛ nhwɛso no, bere a worepaw adwuma bi no, bisa wɔn a wɔreyɛ saa adwuma no bi dedaw no ma wɔnka adwuma no afã horow nyinaa ho asɛm nkyerɛ wo. Dɛn mfaso na wɔanya afi nea wɔpawee no mu, na dɛn na ayɛ akwanside anaa asiane ama wɔn?

Wɔbɔ yɛn kɔkɔ sɛ: “Wɔkwati agyinakɔ a, tirimpɔw yɛ ɔkwa, na agyinatufo pii mu na ebegyina.” (Mmebusɛm 15:22) Nokwarem no, sɛ yɛrehwehwɛ afotu na yɛresua ade fi afoforo suahu mu a, ɛsɛ sɛ yenya ntease sɛ yɛn ankasa na yebesi gyinae a etwa to na yɛagye ho asodi ato yɛn ho so koraa.—Galatifo 6:4, 5.

Tie Ahonim a Woatete No Yiye No

Yɛn ahonim betumi aboa yɛn ma yɛasi gyinae a ɛne nnyinasosɛm titiriw a yɛpaw sɛ yɛde bɛtra ase no hyia. Wɔ Kristoni fam no, eyi kyerɛ sɛ yɛbɛtete ahonim no na ayɛ n’ade ma ɛne Onyankopɔn nsusuwii ahyia. (Romafo 2:14, 15) Onyankopɔn Asɛm ka kyerɛ yɛn sɛ: “Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛteɛ w’akwan.” (Mmebusɛm 3:6) Ɛwom, wɔ mmeae bi no, nnipa baanu—a obiara wɔ ahonim a watete no yiye—betumi asi gyinae a ɛsono emu biara.

Nanso, ahonim a wɔatete no yiye remfa hokwan a wɔde paw nea wɔpɛ no nni dwuma bere a Onyankopɔn Asɛm kasa tia dekode a wɔredi ho dwuma no. Sɛ nhwɛso no, ahonim a wɔamfa Bible nnyinasosɛm ahorow antete no no bɛma kwan ma ɔbea ne ɔbarima asɔ fata a wɔfata wɔn ho ahwɛ denam tra a wɔbɛtra abom ansa na wɔaware no so. Ebia wobesusuw sɛ wɔasi gyinae pa, adwennwen ho sɛ ɛno bɛma wɔakwati sɛ wɔde ahopere bɛhyɛn aware a nyansa nnim mu. Ebia wɔn ahonim remmu wɔn fɔ. Nanso, obiara a okura Onyankopɔn adwene a ɛfa ɔbea ne ɔbarima nna ho no bɛpo bere tiaa mu nhyehyɛe ne ɔbrasɛe a ɛte saa no.—1 Korintofo 6:18; 7:1, 2; Hebrifo 13:4.

Sɛnea Wo Gyinaesi Ka Afoforo

Mpɛn pii no, ebia wo gyinaesi ahorow bɛka afoforo. Enti, nhyɛ da nsi gyinae a nyansa nnim—nea ɛyɛ agyimisɛm mpo—a ebetumi asɛe abusuabɔ a ɛsom bo a ɛda wo ne wo nnamfo ne abusuafo, anaa nea ɛsen ne nyinaa no, Onyankopɔn ntam, no da. Mmebusɛm 10:1 ka sɛ: “Ɔba nyansafo ma n’agya ani gye, na ɔba kwasea yɛ ne na awerɛhow.”

Ɔkwan foforo so no, hu sɛ edu mmere bi a ɛsɛ sɛ yɛpa yɛn nnamfo mu. Sɛ mfatoho no, ebia wubesi gyinae sɛ wobɛpo kan nyamesom adwene a na wukura a seesei woabehu sɛ ɛne Kyerɛwnsɛm no nhyia no. Anaasɛ ebia wubesi gyinae sɛ wobɛyɛ nsakrae kɛse wɔ wo nipasu mu esiane ɔpɛ a wowɔ sɛ wobɛma w’asetra ne Onyankopɔn akwankyerɛ a woagye atom mprempren no ahyia nti. Ebia wo nnamfo anaa abusuafo binom ani nnye wo gyinaesi no ho, nanso gyinaesi biara a ɛsɔ Onyankopɔn ani no yɛ gyinaesi pa.

Fi Nyansa Mu Si Gyinae a Ɛsen Biara

Nea nnipa dodow no ara nnim no, ɛsɛ sɛ obiara si gyinae wɔ nkwa ne owu ho nnɛ. Tebea a ɛte saa ara na tete Israelfo a na wɔabɔ nsra wɔ Bɔhyɛ Asase no ahye so no hyiae wɔ 1473 A.Y.B. mu. Bere a Mose resom sɛ Onyankopɔn kasamafo no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mede nkwa ne owu, nhyira ne nnome masi mo anim; enti fa nkwa, na wo ne w’asefo nnya nkwa, na dɔ [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn na tie ne nne na bata ne ho, efisɛ ɛne wo nkwa ne wo nna dodow, na woatra asase a [Yehowa, NW] kaa w’agyanom Abraham, Isak ne Yakob ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so.”—Deuteronomium 30:19, 20.

Bible nkɔmhyɛ ne mmerebu da no adi sɛ yɛte “mmere a emu yɛ den” mu “na wi yi ase su retwam.” (2 Timoteo 3:1; 1 Korintofo 7:31) Nsakrae a wɔkaa ho asɛm no bɛkɔ akowie adesamma nhyehyɛe a aporɔw no sɛe mu, na Onyankopɔn wiase foforo a trenee te mu besi n’ananmu.

Yɛadu saa wiase foforo no aboboano. So wobɛhyɛn asase a ɛwɔ Onyankopɔn Ahenni ase no mu akonya daa nkwa? Anaa wobeyi wo afi asase no so bere a wɔsɛe Satan nhyehyɛe yi no? (Dwom 37:9-11; Mmebusɛm 2:21, 22) Ɛsɛ sɛ w’ankasa na wusi gyinae fa ɔkwan a wopɛ sɛ wudi akyi mprempren no ho, gyinaesi a ɛfa owu ne nkwa ho ankasa. So w’ani begye ho sɛ wubenya mmoa a ɛbɛma woasi gyinae a ɛteɛ, gyinaesi a nyansa wom no?

Nea edi kan a ɛfa gyinae a wubesi apaw nkwa ho no hwehwɛ sɛ wubehu Onyankopɔn ahwehwɛde ahorow. Wɔ ne fa kɛse mu no, asɔre ahorow no antumi anna saa ahwehwɛde ahorow no adi ankyerɛ pɛpɛɛpɛ. Wɔn akannifo no adaadaa nnipa ma wɔagye atosɛm adi na wɔayɛ nneɛma a ɛnsɔ Onyankopɔn ani mpɛn pii. Wɔatoto kyerɛ a ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ hia a ehia sɛ obi ankasa si gyinae sɛ ɔbɛsom Onyankopɔn wɔ “honhom ne nokware mu” no ase. (Yohane 4:24) Ɛno nti na nnipa pii nyɛ saa no. Nanso hyɛ nea Yesu kae yi nsow: “Nea ɔnka me ho no, na ɔne me anya; na nea ɔne me mmoaboa ano no, na ɔhwete mu.”—Mateo 12:30.

Yehowa Adansefo de anigye boa nkurɔfo ma wonya Onyankopɔn Asɛm ho nimdeɛ yiye. Wɔne ankorankoro anaa akuw yɛ Bible adesua wɔ bere ne beae a eye ma wɔn. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wonya saa nhyehyɛe yi so mfaso no ne Adansefo a wɔwɔ mpɔtam hɔ di nkitaho anaa wɔkyerɛw krataa kɔma wɔn a wotintim Ɔwɛn-Aban no.

Ɛwom, ebia ebinom wɔ mfitiase nimdeɛ fa nea Onyankopɔn hwehwɛ no ho dedaw. Ebia wɔagye nokware a Bible yɛ ne ho a wotumi de to so no adi. Nanso, wɔn mu pii atu gyinaesi a ɛfa wɔn ho a wobehyira ama Onyankopɔn ho no ahyɛ da. Dɛn ntia? Ebia ɛbɛyɛ nneɛma pii ntia.

So ebetumi aba sɛ wonnim hia a ɛho hia sɛ wɔyɛ saa ntia? Yesu kaa no pefee sɛ: “Ɛnyɛ obiara a ose me sɛ Awurade, Awurade no na ɔbɛkɔ ɔsoro ahenni mu, na nea ɔyɛ m’agya a ɔwɔ soro no apɛde no.” (Mateo 7:21) Bible nimdeɛ nkutoo nnɔɔso; ɛhwehwɛ sɛ wɔde di dwuma nso. Tete Kristofo asafo no yɛɛ nhwɛso too hɔ. Yɛkenkan afeha a edi kan no mufo bi ho asɛm sɛ: “Na wogyee Filipo a ɔka Onyankopɔn ahenni ne Yesu Kristo din ho asɛmpa no dii no, mmarima ne mmea ma wɔbɔɔ wɔn asu.” (Asomafo no Nnwuma 2:41; 8:12) Enti, sɛ obi fi koma nyinaa mu gye Onyankopɔn Asɛm tom, gye nea ɛka di, na ɔma n’asetra ne Onyankopɔn gyinapɛn hyia a, dɛn na esiw n’asubɔ a ɛyɛ n’ahosohyira ho sɛnkyerɛnne no kwan? (Asomafo no Nnwuma 8:34-38) Nokwarem no, sɛ ɔbɛsɔ Onyankopɔn ani a, ɛsɛ sɛ ofi ɔpɛ ne koma a anigye ahyɛ no ma mu tu saa anammɔn no.—2 Korintofo 9:7.

Ebia ebinom bɛte nka sɛ wɔn nimdeɛ nnɔɔso a ɛbɛma wɔahyira wɔn nkwa so ama Onyankopɔn. Nanso, obiara a ɔrefi asetra foforo ase no nimdeɛ nnɔɔso. Obi a ne ho akokwaw wɔ adwuma bi mu bɛn na obetumi aka sɛ ne nimdeɛ a ɔwɔ wɔ adwuma no ho mprempren te sɛ bere a na ɔrefi ase no? Gyinae a wubesi sɛ wobɛsom Onyankopɔn no hwehwɛ ara kɛkɛ sɛ wubenya Bible mfitiase nkyerɛkyerɛ ne nnyinasosɛm ho nimdeɛ, na woanya ɔpɛ a efi koma mu sɛ wobɛtra ase ma ɛne no ahyia.

So ebinom twentwɛn wɔn nan ase sɛ wobesi gyinae esiane suro a wosuro sɛ ebia wɔrentumi nkɔ so ntra ase mma ɛne no nhyia nti? Nnipa bɔhyɛ pii wɔ hɔ a wɔbɔ hu kakra sɛ wontumi nnu ho. Ebia ɔbarima a osi gyinae sɛ ɔbɛware na wawo mma bɛte nka sɛ ɔmfata yiye, nanso bɔ a ɔbɛhyɛ no hyɛ no nkuran ma ɔyɛ nea obetumi nyinaa wɔ gyinaesi no ho. Saa ara na ehu betumi aka ɔbabun a wanya tumi krataa foforo a wɔde ka afiri sɛ ebia obenya kar akwanhyia—titiriw no sɛ onim sɛ mmabun a wɔka afiri taa nya kar akwanhyia sen wɔn a wɔn mfe akɔ anim no a. Nanso, nimdeɛ a ɛte saa betumi ayɛ nea mfaso wɔ so ma ɔde ahwɛyiye paa aka afiri. Kwati a ɔbɛkwati sɛ obegye tumi krataa a wɔde ka afiri no nyɛ ano aduru!

Si Nkwa Ho Gyinae!

Bible no da no adi sɛ ɛrenkyɛ na mprempren amammui, sikasɛm, ne wiase nyinaa nyamesom nhyehyɛe ne wɔn a wogyina akyi no afi asase so. Nanso, ankorankoro a wɔasi gyinae pa wɔ nkwa ho na wɔyɛ wɔn ade ma ɛne no hyia no benya wɔn ti adidi mu. Sɛ́ wɔn a wɔde wɔn befi wiase foforo no ase no, wobenya Onyankopɔn atirimpɔw a ɛne sɛ ɔbɛsan de mfitiase paradise tebea no asi hɔ no mu kyɛfa. So wode wo ho bɛhyɛ adwuma a ɛyɛ anigye yi mu wɔ Onyankopɔn akwankyerɛ ase?

Sɛ saa a, si gyinae sɛ wubesua Onyankopɔn Asɛm. Si gyinae sɛ wubesua ɔsoro ahwehwɛde ahorow a ɛbɛma woasɔ Onyankopɔn ani no. Si gyinae sɛ wubedu ho. Nea ɛsen ne nyinaa no, si gyinae sɛ wubekura wo gyinaesi no mu akosi ase. Sɛ yebetwa no tiaa a, si nkwa ho gyinae!

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 4]

Gye bere pii fa sisi gyinae a anibere wom

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Gye afotu tom bere a worepaw adwuma no

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 7]

Wɔn a wosi gyinae sɛ wɔbɛsom Onyankopɔn mprempren no benya asase a wɔbɛyɛ no paradise no mu kyɛfa