Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ahotoso Ho Hia Ma Asetra a Anigye Wom

Ahotoso Ho Hia Ma Asetra a Anigye Wom

Ahotoso Ho Hia Ma Asetra a Anigye Wom

ADUAN a obi di ma enya no no nyɛ ahomeka koraa. Ɛsɛ sɛ obi a odi aduan a ɛtaa nya no no hwɛ yiye paa wɔ n’adidi ho. Nanso, sɛ́ obi begyae adidi koraa sɛnea ɛbɛyɛ a aduan nnya no no nteɛ. Saa a ɔbɛyɛ no mmom de ɔhaw pii bɛba sen sɛ anka ebesiesie no. Sɛ obi annidi a ontumi ntra ase nkyɛ.

Saa ara na sɛ wowɔ obi mu ahotoso na odi wo huammɔ a ɛyɛ yaw. Ebia ahotoso a yɛwɔ wɔ afoforo mu a ɛkɔ so sɛe no bɛma yɛasusuw fekubɔ a yɛpaw ho yiye. Nanso, ɛnyɛ huammɔdi ano aduru ne sɛ yɛbɛtwe yɛn ho afi nnipa ho koraa. Adɛn ntia? Efisɛ afoforo a yɛrennye wɔn nni no remma yɛn ankasa ani nnye. Sɛ yebenya asetra a akomatɔyam wom a, yehia abusuabɔ a egyina ahotoso a yɛwɔ wɔ yɛn ho yɛn ho mu so.

Jugend 2002 nhoma no ka sɛ: “Ahotoso yɛ nneɛma atitiriw a ɛma yɛne afoforo nya da biara da nkitahodi a yɛmmrɛ no mu biako.” Neue Zürcher Zeitung atesɛm krataa bɔ amanneɛ sɛ: “Obiara pɛ sɛ wonya ne mu ahotoso. Ahotoso a yenya wɔ afoforo mu no ma asetra tu mpɔn” a ɛkyerɛ sɛ “ehia ma nkwa.” Nokwarem no, atesɛm krataa no kɔ so ka sɛ, sɛ obi nni afoforo mu ahotoso a “ontumi ntra ase.”

Esiane sɛ ɛyɛ ahiade titiriw sɛ yebenya obi mu ahotoso nti, hena na yebetumi anya ne mu ahotoso a ɔrenni yɛn huammɔ?

Fa Wo Koma Nyinaa Bata Yehowa Ho

Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ: “Fa wo koma nyinaa bata [Yehowa, NW] ho.” (Mmebusɛm 3:5) Nokwarem no, Onyankopɔn Asɛm hyɛ yɛn nkuran mpɛn pii sɛ yɛmfa yɛn ho nto Yehowa Nyankopɔn, yɛn Bɔfo no so.

Dɛn nti na yebetumi anya Onyankopɔn mu ahotoso? Nea edi kan, efisɛ Yehowa Nyankopɔn yɛ kronkron. Odiyifo Yesaia kyerɛwee sɛ: “Kronkron, kronkron, kronkron ne . . . [Yehowa, NW]!” (Yesaia 6:3) So w’ani nnye kronkronyɛ no ho? Nokwarem no, ɛsɛ sɛ w’ani gye ho efisɛ kronkron a Yehowa yɛ no kyerɛ sɛ ne ho tew, onni bɔne biara, na yebetumi de yɛn ho ato ne so koraa. Ɔrentumi nsɛe yɛn anaasɛ ɔnyɛ yɛn basabasa da, na ɛnyɛ ade a obedi yɛn huammɔ wɔ ne mu ahotoso a yɛwɔ no ho.

Bio nso, yebetumi anya Onyankopɔn mu ahotoso esiane tumi ne ɔpɛ a ɔwɔ sɛ ɔbɛboa wɔn a wɔsom no no nti. Sɛ nhwɛso no, ne tumi a ɛkorɔn no ma otumi yɛ ade. N’atɛntrenee ne ne nyansa a ɛyɛ pɛ no kyerɛ ɔkwan a ɔfa so yɛ ade. Na ne a ɛso bi nni no kanyan no ma ɔyɛ ade. Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Onyankopɔn ne dɔ.” (1 Yohane 4:8) Onyankopɔn dɔ nya biribiara a ɔyɛ so nkɛntɛnso. Yehowa kronkronyɛ ne ne su afoforo a ɛda nsow no ma ɔyɛ Agya pa, obi a yebetumi anya ne mu ahotoso koraa. Biribiara nni hɔ, na obiara nso nni hɔ a yebetumi anya ne mu ahotoso sen Yehowa.

Nya Yehowa Mu Ahotoso na W’ani Nnye

Ntease foforo a edi mu nti a ɛsɛ sɛ yenya Yehowa mu ahotoso ne sɛ, ɔte yɛn ase sen obi foforo biara. Onim sɛ onipa biara wɔ ahiade titiriw a ɛbɛma ɔne Ɔbɔadeɛ no anya abusuabɔ a ahobammɔ wom, ɛtra hɔ daa, na ahotoso wom. Wɔn a wɔwɔ abusuabɔ a ɛte saa no te nka sɛ wɔwɔ ahobammɔ kɛse. Ɔhene Dawid kae sɛ: “Nhyira ne onipa a ɔde n’ani ato [Yehowa, NW] so.” (Dwom 40:4) Nnipa ɔpepem pii fi koma nyinaa mu da Dawid nsusuwii yi adi nnɛ.

Susuw nhwɛso horow bi ho hwɛ. Doris atra Dominican Republic, Germany, Greece, ne United States. Ɔka sɛ: “Ɛyɛ me anigye pii sɛ mede me ho to Yehowa so. Onim sɛnea ɔhwɛ me so honam, honhom, ne nkate fam. Ɔyɛ adamfo pa a ɔsen biara a obi betumi anya.” Wolfgang, a ɔyɛ mmaranimfo kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɛyɛ anigye sɛ wubetumi de wo ho ato obi a odwen wo yiyedi ho so, obi a obetumi—ayɛ nea eye sen biara ama wo—na ɔbɛyɛ ankasa!” Ham, a wɔwoo no wɔ Asia a seesei ɔte Europa no ka sɛ: “Mewɔ ahotoso sɛ biribiara wɔ Yehowa nsam, na onni mfomso, enti ɛyɛ me anigye sɛ mede me ho to no so.”

Nokwarem no, ɛnyɛ yɛn Bɔfo no nkutoo na ɛsɛ sɛ yɛn mu biara nya ne mu ahotoso, na mmom nnipa nso. Enti, Yehowa, sɛ́ adamfo a onim nyansa na ɔwɔ suahu no, ma yɛn afotu wɔ nnipa ko a ɛsɛ sɛ yenya wɔn mu ahotoso ho. Ɛdenam Bible no a yɛbɛkenkan no yiye so no, yebetumi ahu afotu a ɔde ma wɔ asɛm yi ho.

Nnipa a Yebetumi Anya Wɔn Mu Ahotoso

Odwontofo no kyerɛwee sɛ: “Mommfa mo ho nnto ahene anaa onipa ba a nkwagye bi nni ne mu so.” (Dwom 146:3) Asɛm a efi honhom mu yi boa yɛn ma yehu sɛ nnipa pii wɔ hɔ a ɛmfata sɛ yɛde yɛn ho to wɔn so. Ɛnyɛ ade a ɛsɛ sɛ yefiti prɛko pɛ nya wɔn a wobu wɔn kɛse sɛ wɔyɛ wiase yi “ahene” te sɛ animdefo wɔ nnwuma pɔtee bi anaa dwumadi bi mu mpo no mu ahotoso. Wɔn akwankyerɛ taa yɛɛ nnaadaa, na ahotoso a obi benya wɔ “ahene” yi mu no betumi adan huammɔdi ntɛm ara.

Ɛwom, ɛnsɛ sɛ eyi ma yɛyɛ nkurɔfo a yenni obiara mu ahotoso. Nanso, sɛ yɛrepaw wɔn a yɛde yɛn ho bɛto wɔn so a, ɛda adi pefee sɛ ehia sɛ yɛyɛ nyiyim. Dɛn na ɛsɛ sɛ yegyina so de hwɛ? Tete Israel man no nhwɛso bi betumi aboa yɛn. Bere a ɛho behiae sɛ woyiyi ankorankoro na wodi asɛyɛde a emu yɛ duru ho dwuma wɔ Israel no, wotuu Mose fo sɛ ‘onyiyi ɔman no nyinaa mu mmarima a wɔyɛ den, wosuro Onyankopɔn, wɔyɛ anokwafo na wɔnyɛ sikanibere.’ (Exodus 18:21) Dɛn na yebetumi asua afi eyi mu?

Ná eyinom yɛ mmarima a wɔada su pa horow bi adi ansa na wɔrepaw wɔn ama wɔn dibea a asɛyɛde wom no. Ná wɔadi kan ada no adi sɛ wosuro Onyankopɔn; ná wɔwɔ obu a ɛfata ma Ɔbɔadeɛ no, na na wɔmpɛ sɛ wɔbɛyɛ biribi a ɔmpɛ. Ná obiara nim sɛ mmarima yi abɔ wɔn ho mmɔden sɛ wobedi Onyankopɔn gyinapɛn ahorow akyi. Ná wɔnyɛ sikanibere, a ɛkyerɛ sɛ na wɔwɔ suban pa a ɛremma tumi a wobenya no nsɛe wɔn. Wɔrenni tumi ɔkwammɔne so mfa nhwehwɛ wɔn ankasa mfaso anaa wɔn abusuafo anaa nnamfo de.

So ɛrenyɛ nea nyansa wom sɛ yɛn nso yɛbɛfa kwan a ɛte saa so apaw wɔn a yenya wɔn mu ahotoso nnɛ no? So yenim ankorankoro bi a wɔn suban da no adi sɛ wosuro Onyankopɔn? So wɔasi wɔn bo sɛ wɔde n’abrabɔ gyinapɛn ahorow bedi dwuma? So wodi mũ a ebetumi ama wɔatwe wɔn ho afi nneɛma a ɛnteɛ ho? So wodi nokware a ɛremma wɔmmfa hokwan bi nhwehwɛ wɔn ankasa mfaso anaasɛ wɔmmfa nyɛ nea wɔpɛ? Nokwarem no, ɛfata sɛ yenya mmarima ne mmea a wɔda su horow a ɛte saa adi no mu ahotoso.

Mma Huammɔdi a Ɛba Bere ne Bere Mu Mmmu W’abam

Esiane sɛ egye bere kakra na ama yɛatumi anya obi mu ahotoso nti, sɛ yɛrepaw obi a yebetumi anya ne mu ahotoso a, ɛsɛ sɛ yɛtɔ yɛn bo ase. Adeyɛ a nyansa wom ne sɛ yɛbɛma obi anya yɛn mu ahotoso nkakrankakra. Ɔkwan bɛn so? Wiɛ, yebetumi ahwɛ onipa no abrabɔ bere bi, na yɛahwɛ sɛnea ɔyɛ n’ade wɔ tebea horow bi mu. So onipa no di nokware wɔ nsɛm nketenkete mu? Sɛ nhwɛso no, so ɔsan de nneɛma a ɔfɛm ba sɛnea ɔhyɛɛ bɔ no, na so odi ne bere so? Sɛ saa a, ɛnde ebia yɛbɛte nka sɛ yebetumi anya ne mu ahotoso wɔ nsɛm a emu yɛ duru mu a yensuro. Eyi ne nnyinasosɛm a ɛka sɛ: “Nea odi ade ketewaa mu nokware no di pii mu nokware” no hyia. (Luka 16:10) Ebia sɛ yɛyɛ nyiyim na yɛtɔ yɛn bo ase a ɛbɛboa yɛn ma yɛakwati huammɔdi akɛse.

Na sɛ obi di yɛn huammɔ nso ɛ? Bible asuafo bɛkae sɛ Yesu Kristo asomafo no dii no huammɔ kɛse, anadwo a wɔkyere no no. Yuda Iskariot yii no mae, na ehu nti wɔn a aka no guanee. Petro mpo paa Yesu mprɛnsa. Nanso Yesu hui sɛ Yuda nkutoo na ɔboapa yɛe. Huammɔ a wodii Yesu wɔ bere a emu yɛ den sɛɛ mu no amma wannyae sɛ ɔbɛhyɛ ahotoso a ɔwɔ wɔ asomafo 11 a aka no mu no den wɔ nnawɔtwe kakra a edi hɔ no mu. (Mateo 26:45-47, 56, 69-75; 28:16-20) Saa ara na sɛ yɛte nka sɛ obi a yɛwɔ ne mu ahotoso adi yɛn huammɔ a, ɛsɛ sɛ yesusuw ho hwɛ sɛ sɛnea yɛte nka sɛ ɛyɛ huammɔdi no kyerɛ sɛ ɔyɛ obi a yentumi mfa yɛn ho nto no so anaasɛ ɛyɛ bere tiaa mu ɔhonam mmerɛwyɛ.

So Wobetumi De Ho Ato Me So?

Ɛsɛ sɛ obi a ɔpaw sɛ ɔbɛyɛ nyiyim wɔ obi a obenya ne mu ahotoso ho no bisa ne ho nokwarem sɛ: ‘So wobetumi de ho ato me so? Ahotoso mu gyinapɛn horow a ntease wom bɛn na ɛsɛ sɛ mehwɛ kwan wɔ m’ankasa ne afoforo ho?’

Ɛyɛ ampa sɛ obi a wotumi nya ne mu ahotoso ka nokware bere nyinaa. (Efesofo 4:25) Ɔnsakra ne nsɛm mu ma ɛmfata nea ɔne no rekasa wɔ bere bi mu sɛnea ɛbɛyɛ a obenya nea n’ankasa pɛ. Na sɛ obi a wotumi nya ne mu ahotoso no hyɛ bɔ a, ɔyɛ nea obetumi biara sɛ obedi n’asɛm so. (Mateo 5:37) Sɛ obi ka ne tirim asɛm kyerɛ obi a ɔwɔ ne mu ahotoso a, ɔkora asɛm no so na onni nseku. Obi a wotumi nya ne mu ahotoso no di n’aware mu hokafo nokware. Ɔnhwɛ nguamansɛm ho mfonini, ɔmfa n’adwene nsi nsusuwii hunu so, na onnya akɔnnɔ mma obi a ɛsono ne bɔbeasu. (Mateo 5:27, 28) Obi a ɔfata sɛ yenya ne mu ahotoso no yɛ adwuma den de hwɛ ne ho ne n’abusua, na ɔnhwehwɛ sɛ ɔbɛfa nkurɔfo so anya sika a ɔmmrɛ ho. (1 Timoteo 5:8) Gyinapɛn ahorow yi a ntease wom na egyina Kyerɛwnsɛm so a yɛbɛma atra yɛn adwenem no bɛboa yɛn ma yɛahu nnipa a yebetumi anya wɔn mu ahotoso. Bio nso, abrabɔ ho gyinapɛn horow a ɛte saa a yebedi akyi no bɛboa yɛn mu biara ma yɛafata sɛ afoforo benya yɛn mu ahotoso.

Ɛbɛyɛ anigye sɛ wobɛtra wiase bi a wubetumi anya nnipa a wɔwɔ hɔ nyinaa mu ahotoso na huammɔ a afoforo bedi wo denam wɔn bɔhyɛ so a wonni no bɛyɛ ade a atwam! So ɛyɛ adaeso ara kwa? Wɔ nnipa a wobu bɔhyɛ ahorow a ɛwɔ Bible no mu aniberesɛm no fam de ɛnte saa, efisɛ Onyankopɔn Asɛm hyɛ “asase foforo” a ɛreba na ɛyɛ fɛ a nnaadaa, atoro, ne nsisi nni hɔ, na awerɛhow, ɔyare, ne mpo owu nni hɔ ho nkɔm! (2 Petro 3:13; Dwom 37:11, 29; Adiyisɛm 21:3-5) So ɛrenyɛ nea mfaso wɔ so sɛ wobɛhwehwɛ pii afa bɔhyɛ yi ho? Yehowa Adansefo ani begye ho sɛ wɔbɛma wo eyi ne nsɛmti foforo a ehia ho nsɛm pii.

[Mfonini wɔ kratafa 4]

Afoforo a yɛrennye wɔn nni no remma yɛn ani nnye

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Yehowa na ɔfata koraa sɛ yenya ne mu ahotoso

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 7]

Yɛn nyinaa hia abusuabɔ a egyina ahotoso a yɛwɔ wɔ yɛn ho yɛn ho mu so