Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kristofo Mmea Anokwafo—Onyankopɔn Asomfo A Wɔsom Bo

Kristofo Mmea Anokwafo—Onyankopɔn Asomfo A Wɔsom Bo

Kristofo Mmea Anokwafo—Onyankopɔn Asomfo A Wɔsom Bo

“Osoowayɛ yɛ nnaadaa, na ahoɔfɛ yɛ ahuhude; ɔbea a osuro [Yehowa, “NW”] na wobeyi no ayɛ.”—MMEBUSƐM 31:30.

1. Ɔkwan bɛn so na wɔde adwene a Yehowa kura wɔ ahoɔfɛ ho no toto wiase de ho?

WIASE no twe adwene si nipaduam ahoɔfɛ so kɛse, titiriw ɛdefa mmea ho. Nanso, Yehowa ani gye komam nipa ho titiriw, ade a ebetumi ayɛ fɛ kɛse mpo bere a obi nyin no. (Mmebusɛm 16:31) Enti, Bible tu mmea fo sɛ: “Mommma mo ahyehyɛde nnyɛ ɔhonam ani de, mmɛsawɔw ne sikahyɛ anaa ntadehyɛ mu, na mmom momma ɛnyɛ komam nipa a wahintaw no, honhom a edwo na ɛyɛ komm ade a ɛmporɔw mu. Ɛno na ne bo yɛ den Onyankopɔn anim.”—1 Petro 3:3, 4.

2, 3. Ɔkwan bɛn so na mmea boa maa asɛmpa no nyaa nkɔso wɔ afeha a edi kan mu, na ɔkwan bɛn so na wɔkaa eyi ho asɛm siei?

2 Mmea a wɔbɔɔ wɔn din wɔ Bible mu no mu pii daa su pa a ɛte saa adi. Wɔ afeha a edi kan mu no, eyinom mu binom nyaa hokwan som Yesu ne n’asomafo no. (Luka 8:1-3) Akyiri yi, Kristofo mmea bɛyɛɛ asɛmpakafo a wɔyɛ nsi; afoforo boaa Kristofo mmarima a na wodi anim no yiye, a na ɔsomafo Paulo ka ho; na ebinom daa ahɔhoyɛ su soronko adi, na wɔde wɔn afie mpo mae ma wɔyɛɛ asafo nhyiam ahorow wɔ hɔ.

3 Nokwasɛm a ɛne sɛ Yehowa de mmea bedi dwuma wɔ ɔkwan soronko so de adi n’atirimpɔw ho dwuma no yɛ biribi a wɔkaa ho asɛm siei wɔ Kyerɛwnsɛm no mu. Sɛ nhwɛso no, Yoel 2:28, 29 ka siei sɛ mmarima ne mmea, mmofra ne mpanyin nyinaa benya honhom kronkron no na wɔanya Ahenni ho asɛmpaka no mu kyɛfa. Saa nkɔmhyɛ no fii ase nyaa mmamu wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. mu. (Asomafo no Nnwuma 2:1-4, 16-18) Wɔde akyɛde a wɔde yɛ anwonwade, te sɛ adiyisɛnka akyɛde no, maa mmea a wɔde honhom sraa wɔn no binom. (Asomafo no Nnwuma 21:8, 9) Mmea anokwafo a wɔyɛ honhom mufo asafo kɛse yi nam nsi a wɔyɛe wɔ ɔsom adwuma no mu so boa maa Kristosom trɛwee ntɛmntɛm wɔ afeha a edi kan no mu. Nokwarem no, bɛyɛ afe 60 Y.B. mu no, ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ “wɔaka” asɛmpa no “wiase abɔde nyinaa mu.”—Kolosefo 1:23.

Wɔkamfo Wɔn Wɔ Wɔn Akokoduru, Nsiyɛ, ne Ahɔhoyɛ Su Ho

4. Dɛn nti na na ntease wom sɛ Paulo bɛkamfo mmea bi wɔ afeha a edi kan mu Kristofo asafo no mu?

4 Ná ɔsomafo Paulo yɛ obi a ɔkyerɛ ɔsom adwuma a mmea pɔtee bi yɛe no ho anisɔ—sɛnea ɔsom adwuma a mmea a wɔyɛ nsi yɛ som bo ma Kristofo ahwɛfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no ara. Mmea a Paulo bobɔɔ wɔn din no bi ne “Trifaina ne Trifosa a [na] wɔbɔ Awurade mu mmɔden,” ne “Persi a ɔbɔɔ Awurade mu mmɔden pii no.” (Romafo 16:12) Paulo kyerɛwee sɛ, Euodia ne Sintike ‘kaa ne ho peree asɛmpa no.’ (Filipifo 4:2, 3) Priska ne ne kunu Akwila nso kaa Paulo ho ne no somee. Priska ne Akwila mpo ‘de wɔn ankasa nkwa too asiane mu’ maa Paulo, na ɛkaa Paulo ma ɔkyerɛwee sɛ: “Ɛnyɛ me nko na meda wɔn ase, na mmom asafo a ɛwɔ amanaman nyinaa mu nso.”—Romafo 16:3, 4; Asomafo no Nnwuma 18:2.

5, 6. Akwan bɛn so na Priska yɛɛ nhwɛso pa maa anuanom mmea a wɔwɔ hɔ nnɛ?

5 Dɛn na ɛmaa Priska yɛɛ nsi, na onyaa akokoduru saa? Yehu ade biako wɔ Asomafo no Nnwuma 18:24-26, baabi a yɛkenkan sɛ ɔne ne kunu boaa Apolo, a na n’ano atew no, kyerɛkyerɛɛ no nokware no pɛpɛɛpɛ no. Ɛda adi sɛ saa bere no, na Priska nim Onyankopɔn Asɛm ne asomafo no nkyerɛkyerɛ yiye. Ne saa nti, onyaa su horow soronko a na ɛma ɔsom bo ma Onyankopɔn ne ne kunu ne tete Kristofo asafo no. Saa ara na Kristofo mmea pii a wɔwɔ hɔ nnɛ a wɔyɛ adwumaden na wɔde nsi sua Bible na wodi honhom fam aduan a Yehowa nam “ofiepanyin nokwafo” no so de ma no nso som bo.—Luka 12:42.

6 Ná Akwila ne Priska wɔ ahɔhoyɛ su soronko. Paulo traa wɔn fie bere a ɔne wɔn yɛɛ wɔn ntamadan adwuma wɔ Korinto no. (Asomafo no Nnwuma 18:1-3) Bere a awarefo no tu kɔɔ Efeso na wɔkɔɔ Roma akyiri yi no, wɔkɔɔ so daa Kristofo ahɔhoyɛ su adi, na wɔde wɔn fie mae ma wɔde yɛɛ asafo nhyiam ahorow mpo. (Asomafo no Nnwuma 18:18, 19; 1 Korintofo 16:8, 19) Saa ara na Nimfa ne Maria, a ɔyɛ Yohane a wɔfrɛ no Marko maame no nso de wɔn afie mae ma wɔyɛɛ asafo nhyiam ahorow wɔ hɔ.—Asomafo no Nnwuma 12:12; Kolosefo 4:15.

Wɔyɛ Agyapade a Wɔsom Bo Nnɛ

7, 8. Ɔsom kronn ho kyerɛwtohɔ a ɛfata nkamfo bɛn na Kristofo mmea a wɔwɔ hɔ nnɛ no pii wɔ, na dɛn na wobetumi anya ho awerɛhyem?

7 Te sɛ afeha a edi kan mu no, Kristofo mmea anokwafo a wɔwɔ hɔ nnɛ di dwuma titiriw wɔ Onyankopɔn atirimpɔw ho dwumadi mu, titiriw ɛdefa asɛmpaka adwuma no ho. Na hwɛ kyerɛwtohɔ pa ara a anuanom mmea yi wɔ! Susuw Gwen a ɔde bɛboro mfirihyia 50 som Yehowa nokwaredi mu kosii sɛ owui wɔ afe 2002 mu nhwɛso no ho hwɛ. Ne kunu ka sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ nsi a Gwen daa no adi sɛ ɔsɛmpakafo no yɛ biribi a kurom hɔfo nyinaa hui. Ne fam no, na onipa biara betumi abenya Yehowa dɔ ne ne bɔhyɛ ahorow so mfaso. Nokware a odii Onyankopɔn, n’ahyehyɛde no, ne yɛn abusua—a yɛrenka ɔdɔ mu a na ofi hyɛ yɛn nkuran bere a yɛabotow no—ayɛ me ne yɛn mma no mmoa kɛse wɔ yɛn nkwa nyinaa mu, na yɛanya nhyira ne anigye pii. Yɛahwere ade kɛse.” Gwen ne ne kunu waree mfirihyia 61.

8 Kristofo mmea ɔpedudu pii, ahokwafo ne awarefo, asom sɛ akwampaefo ne asɛmpatrɛwfo, na wɔma wɔn ani sɔ asetram ahiade titiriw a wɔwɔ bere a wɔreka Ahenni ho asɛm wɔ nsasesin ahorow mu wɔ nkuropɔn akɛse mu ne mmeae a atew ne ho no. (Asomafo no Nnwuma 1:8) Wɔn mu pii de afie a wɔn ankasa benya ne awo abɔ afɔre na ama wɔanya bere pii de asom Yehowa. Ebinom nso de nokwaredi taa wɔn kununom akyi sɛ amansin so ahwɛfo, na mmea mpempem pii nso som wɔ Betel afie ahorow mu wɔ wiase nyinaa. Akyinnye biara nni ho sɛ, saa mmea a wɔde wɔn ho abɔ afɔre yi ka “amanaman nyinaa ade a wɔpɛ” a wɔde anuonyam hyɛ Yehowa fie mã no ho.—Hagai 2:7.

9, 10. Ɔkwan bɛn so na abusuafo binom akyerɛ Kristofo yerenom ne ɛnanom nhwɛso pa ho anisɔ?

9 Nokwarem no, Kristofo mmea pii wɔ abusua mu asɛyɛde ahorow a ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma; nanso wɔde Ahenni nneɛma di kan. (Mateo 6:33) Onuawa kwampaefo bi a ɔyɛ ɔhokwafo kyerɛwee sɛ: “Me maame gyidi a enhinhim ne ne nhwɛso pa ka ho bi titiriw na mebɛyɛɛ daa kwampaefo. Nokwarem no, na ɔyɛ m’akwampae adwuma mu ahokafo a wɔsen biara no biako.” Okunu bi ka ne yere a ɔwɔ mmabea baanum a wɔanyinyin no ho asɛm sɛ: “Ná yɛn fie hɔ tew na na ɛhɔ yɛ fɛ bere nyinaa. Bonnie amma ɛhɔ anyɛ kyenkyenenn ne basabasa sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn abusua no betumi de adwene asi honhom fam nneɛma so. Boa a ɔboa ma yɛtotoo yɛn sikasɛm yiye no ma mitumi de bere fã yɛɛ adwuma mfirihyia 32, na ɛma minyaa bere pii maa m’abusua ne honhom fam nneɛma. Me yere maa mmofra no huu mfaso a ɛwɔ adwumaden so nso. Minni biribiara ka sɛ meyi no ayɛ.” Ɛnnɛ okunu no ne ɔyere no nyinaa som wɔ Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwumayɛbea ti hɔ.

10 Okunu bi kyerɛw faa ne yere a ne mma anyinyin ho sɛ: “Su a m’ani gye ho titiriw wɔ Susan ho ne ɔdɔ a emu yɛ den a ɔwɔ ma Onyankopɔn ne nnipa, ne afei ntease, timmɔbɔ, ne nokwaredi su a ɔwɔ no. Adwene a okura bere nyinaa ne sɛ ɛfata sɛ yɛde nea edi mu sen biara ma Yehowa—nnyinasosɛm a n’ankasa de di dwuma sɛ Onyankopɔn somfo ne ɛnã no.” Ɛdenam ne yere mmoa so no, saa okunu yi atumi agye honhom fam hokwan pii atom, a emu bi ne som a ɔsom sɛ ɔpanyin, ɔkwampaefo, ɔmansin sohwɛfo nsiananmu, ne Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw muni no. Hwɛ sɛnea mmea a wɔte saa no som bo ma wɔn kununom, mfɛfo Kristofo, ne nea ɛsen ne nyinaa no, Yehowa!—Mmebusɛm 31:28, 30.

Mmea a Wɔsom Bo a Wonni Kununom

11. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa ada no adi sɛ odwen mmea anokwafo, titiriw akunafo, ho? (b) Awerɛhyem bɛn na Kristofo akunafo ne mmea anokwafo foforo a wonni kununom betumi anya?

11 Yehowa adwen akunafo ho bere nyinaa. (Deuteronomium 27:19; Dwom 68:5; Yesaia 10:1, 2) Na ɔnsesae. Ɛnyɛ akunafo nko na ɔkɔ so kyerɛ wɔn ho anigye, na mmom ɛnanom a wonni kununom ne mmea a wɔn ankasa apaw sɛ wɔbɛyɛ ahokwafo anaasɛ wonnyaa okunu Kristoni a ɔfata nso, ho anigye kɛse. (Malaki 3:6; Yakobo 1:27) Sɛ woka wɔn a wɔde nokwaredi som Yehowa a wonni Kristofo ahokafo a wɔboa wɔn no ho a, wubetumi anya awerɛhyem sɛ wosom bo wɔ Onyankopɔn ani so.

12. (a) Ɔkwan bɛn so na Kristofo mmea binom di Yehowa nokware? (b) Nkate bɛn na yɛn nuanom mmea binom regyina ano?

12 Sɛ nhwɛso no, susuw yɛn Kristofo anuanom mmea a wɔnwaree esiane sɛ wɔde nokwaredi tie Yehowa afotu a ɛne sɛ wɔnware “Awurade mu nko” nti no ho hwɛ. (1 Korintofo 7:39; Mmebusɛm 3:1) Onyankopɔn Asɛm ma wɔn awerɛhyem sɛ: ‘Obi a odi mũ na Yehowa ne no bedi no mudi so.’ (2 Samuel 22:26) Nanso, wɔ wɔn mu pii fam no, sigya a wɔbɛkɔ so adi no yɛ asɛnnennen. Onuawa bi ka sɛ: “Masi me bo sɛ mɛware Awurade mu nko, nanso masu mpɛn pii bere a mihu sɛ me nnamfonom ware Kristofo mmarima a wodi mu nanso mekɔ so ara yɛ ankonam no.” Onuawa foforo ka sɛ: “Masom Yehowa mfirihyia 25 ni. Masi me bo sɛ mɛkɔ so adi no nokware, nanso mpɛn pii no, ankonamyɛ ma midi awerɛhow.” Ɔde ka ho sɛ: “Anuanom mmea te sɛ me hia nkuranhyɛ.” Yɛbɛyɛ dɛn atumi aboa nokwaredifo a wɔte saa no?

13. (a) Dɛn na yesua fi nhwɛso a wɔn a wɔkɔsraa Yefta babea yɛe no mu? (b) Akwan foforo bɛn bio so na yebetumi akyerɛ sɛ yedwen anuanom mmea ahokwafo a wɔwɔ yɛn asafo mu no ho?

13 Yehu ɔkwan biako wɔ tete nhwɛso bi mu. Bere a Yefta babea poo hokwan a ɔwɔ sɛ obenya kunu no, nkurɔfo no hui sɛ ɔrebɔ afɔre. Dɛn na wɔyɛ de hyɛɛ no nkuran? ‘Daa afirihyia Israel mmabea kɔ kɔkamfo Gileadni Yefta babea no afe mu nnannan.’ (Atemmufo 11:30-40) Saa ara na ɛsɛ sɛ yefi komam kamfo anuanom mmea anokwafo a wɔde nokwaredi di Onyankopɔn mmara so no. * Ɔkwan foforo bɛn bio na yebetumi afa so akyerɛ sɛ yesusuw wɔn ho? Ɛsɛ sɛ yɛsrɛ Yehowa wɔ yɛn mpaebɔ mu sɛ ɔmmoa anuanom mmea anokwafo a wɔsom bo saa no mma wɔnkɔ so nni nokware wɔ wɔn som mu. Ɛfata sɛ yɛhyɛ wɔn nkuran sɛ, Yehowa ne Kristofo asafo mũ no nyinaa dɔ wɔn yiye, na wɔkyerɛ wɔn ho anisɔ ankasa.—Dwom 37:28.

Sɛnea Awofo a Wonni Ahokafo Tumi Tete Wɔn Mma

14, 15. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ ɛnanom a wonni ahokafo kɔ Yehowa nkyɛn kɔhwehwɛ mmoa? (b) Ɔkwan bɛn so na awofo a wonni ahokafo betumi ayɛ ade ma ɛne wɔn mpaebɔ ahyia?

14 Kristofo mmea a wɔyɛ awofo a wonni ahokafo no nso hyia nsɛnnennen pii. Nanso, wobetumi akɔ Yehowa nkyɛn akɔhwehwɛ mmoa a wɔde bɛtete wɔn mma ma ɛne Bible nnyinasosɛm ahorow ahyia. Ampa, sɛ woyɛ ɔwofo a wunni ɔhokafo a, wuntumi nyɛ wo ho ɛna ne agya wɔ nneɛma nyinaa mu. Nanso, sɛ wufi gyidi mu hwehwɛ Yehowa hɔ mmoa a, ɔbɛboa wo ma woadi w’asɛyɛde pii no ho dwuma. Sɛ mfatoho no: Fa no sɛ woso bankye pii retwa kwan tenten fi afum reba fie. Sɛ w’adamfo bi a okura kar bɛto wo na ɔka sɛ foro kar no ma ɔmfa wo nkɔ fie a, so anka woremforo? Wobɛforo! Saa ara, na mmɔ mmɔden sɛ wo nkutoo bɛsoa nkate fam adesoa a emu yɛ duru bere a wubetumi asrɛ Yehowa ma waboa wo no. Nokwarem no, ɔto nsa frɛ wo sɛ bra ne nkyɛn. Dwom 68:19 ka sɛ: ‘Nhyira nka Yehowa a ɔsoa yɛn adesoa ma yɛn daa no.’ Saa ara, na 1 Petro 5:7 to nsa frɛ wo sɛ fa wo dadwen nyinaa to Yehowa so, ‘efisɛ odwen wo ho.’ Enti sɛ ɔhaw ne dadwen hyɛ wo so a, dan to wo soro Agya no so ‘daa.’—1 Tesalonikafo 5:17; Dwom 18:6; 55:22.

15 Sɛ nhwɛso no, sɛ woyɛ ɛna a, akyinnye biara nni ho sɛ wudwen nkɛntɛnso a ebia wo mma atipɛnfo benya wɔ wɔn so wɔ sukuu mu, anaa wɔn nokwaredi ho sɔhwɛ a wobehyia no ho. (1 Korintofo 15:33) Eyi yɛ dadwen a ɛfata. Nanso, ɛsan yɛ nneɛma a ɛsɛ sɛ wobɔ ho mpae. Nokwarem no, dɛn nti na wo ne wo mma no mmɔ nneɛma a ɛte saa ho mpae ansa na wɔakɔ sukuu, ebia bere a moasusuw daa asɛm ho awie no? Mpaebɔ a efi komam a wɔka nsɛm pɔtee wom no betumi anya mmofra adwene so tumi kɛse. Nea ɛsen ne nyinaa no, wunya Yehowa nhyira bere a wufi boasetɔ mu bɔ mmɔden sɛ wode N’asɛm bɛhyɛ wo mma koma mu no. (Deuteronomium 6:6, 7; Mmebusɛm 22:6) Kae sɛ, “[Yehowa, NW] ani wɔ wɔn a wɔteɛ so, na n’aso abue ama wɔn adesrɛ.”—1 Petro 3:12; Filipifo 4:6, 7.

16, 17. (a) Dɛn na ɔbabarima bi ka faa ɔdɔ a ne maame daa no adi no ho? (b) Ɔkwan bɛn so na ɛnã no honhom fam su pa nyaa ne mma so nkɛntɛnso?

16 Susuw, Olivia, ɛna a ɔwɔ mma baasia, nhwɛso no ho hwɛ. Ne kunu a ɔnyɛ gyidini no gyaw abusua no bere a ɔwoo ne ba a otwa to akyi bere tiaa bi no, nanso ɔde yɛɛ n’asɛyɛde ntɛm ara sɛ ɔbɛtete ne mma no wɔ Onyankopɔn akwan so. Saa bere no, na Olivia babarima Darren, a wadi mfe 31 seesei na ɔresom sɛ Kristoni panyin ne ɔkwampaefo no, adi bɛyɛ mfe 5. Nea ɛmaa Olivia dadwen yɛɛ kɛse koraa ne sɛ, Darren nyaa yare bi a ano yɛ den a ɛda so ara haw no. Bere a Darren resusuw ne mmofraberem ho no, ɔkyerɛw sɛ: “Meda so ara kae sɛnea na metra m’ayaresabea mpa so de ahopere twɛn Maame no. Ná ɔbɛtra me nkyɛn kenkan Bible kyerɛ me da biara. Afei na ɔto Ahenni dwom ‘Yɛda W’ase, Yehowa.’ * Ɛde besi nnɛ no, eyi ne Ahenni dwom a mepɛ paa.”

17 Ahotoso ne ɔdɔ a Olivia nya maa Yehowa no boa ma odii yiye sɛ ɛna a onni hokafo. (Mmebusɛm 3:5, 6) Ne suban pa no daa adi wɔ botae ahorow a ɔde sisii ne mma anim no mu. Darren ka sɛ: “Bere nyinaa na Maame hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmfa bere nyinaa som adwuma no nsi yɛn ani so. Ne saa nti, me ne me nuabeanom baanum no mu baanan yɛɛ bere nyinaa som adwuma no. Nanso, Maame amfa eyi anhoahoa ne ho ankyerɛ afoforo. Mebɔ mmɔden paa sɛ mesuasua ne suban pa no.” Ɛwom, ɛnyɛ mmofra nyinaa na wonyin bɛsom Onyankopɔn sɛnea Olivia mma no yɛe no. Nanso sɛ ɛnã yɛ nea obetumi nyinaa de Bible nnyinasosɛm ahorow bɔ ne bra a, obetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛkyerɛ no kwan, na wafi ɔdɔ mu aboa no.—Dwom 32:8.

18. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ada no adi sɛ yɛn ani sɔ Yehowa nsiesiei a ɛne Kristofo asafo no?

18 Onyankopɔn de ne mmoa no mu fã kɛse no ara ma denam Kristofo asafo no ne honhom fam aduan ho nhyehyɛe a wɔyɛ no daa, Kristofo nuayɛkuw, ne ‘nnipa mu akyɛde’ a wɔn ho akokwaw wɔ honhom fam no so. (Efesofo 4:8) Mpanyimfo anokwafo yɛ adwumaden de hyɛ asafo no mufo nyinaa den, na wɔde adwene si “nyisaa ne akunafo” so titiriw wɔ “wɔn ahohia mu.” (Yakobo 1:27) Enti, wo ne Onyankopɔn nkurɔfo mmɔ, na ntew wo ho da.—Mmebusɛm 18:1; Romafo 14:7.

Ahobrɛase Ho Ade a Ɛyɛ Fɛ

19. Dɛn nti na ɔyere ahobrɛase nkyerɛ sɛ ɔba fam, na Bible mu nhwɛso bɛn na ɛfoa eyi so?

19 Yehowa bɔɔ ɔbea sɛ ɔbarima boafo. (Genesis 2:18) Enti, brɛ a ɔyere brɛ ne ho ase hyɛ ne kunu ase no nkyerɛ ɔkwan biara so sɛ ɔba fam. Mmom no, edi ɔbea no ni, na ɛma ɔde ne dom akyɛde pii a ɔwɔ no di dwuma ma ɛne Onyankopɔn apɛde hyia. Mmebusɛm ti 31 ka nnwuma pii a na ɔyepa a ɔwɔ tete Israel yɛ no ho asɛm. Ɔboaa ahiafo, yɛɛ bobe nturo, totɔɔ mfuw. Yiw, na “ne kunu koma da no so, na siade ade nhia no.”—Nkyekyɛm 11, 16, 20.

20. (a) Ɛsɛ sɛ Kristoni bea bu ne mmɔdenbɔ anaa ɔdom akyɛde ahorow a Onyankopɔn de ama no no dɛn? (b) Su pa horow bɛn na Ester daa no adi, ma enti ɔkwan bɛn so na Yehowa de no dii dwuma?

20 Ɔbea a osuro Nyankopɔn na ɔbrɛ ne ho ase no mfi anuonyampɛ mu mma ne ho so anaasɛ ɔne ne kunu nsi akan. (Mmebusɛm 16:18) Ɔnhwehwɛ n’ankasa yiyedi denam honam fam nneɛma so, na mmom ɔde ne dom akyɛde a Onyankopɔn de ama no no di dwuma de som afoforo titiriw—n’abusua, mfɛfo Kristofo, afipamfo, ne nea ɛsen ne nyinaa no, Yehowa. (Galatifo 6:10; Tito 2:3-5) Susuw Bible mu nhwɛso a ɛfa Ɔhemmaa Ester ho no ho hwɛ. Ɛwom sɛ na ne ho yɛ fɛ nipaduam de, nanso na odwo na na ɔbrɛ ne ho ase. (Ester 2:13, 15) Bere a ɔwaree no, ɔdaa obu a emu dɔ adi kyerɛɛ ne kunu, Ɔhene Ahasweros, ade a ɔhene no yere a odi kan, Wasti, anyɛ. (Ester 1:10-12; 2:16, 17) Ester daa obu adi kyerɛɛ ne wɔfa Mordekai nso wɔ nsɛm atitiriw mu—bere a ɔbɛyɛɛ ɔhemmaa mpo no. Nanso na eyi nkyerɛ mmerɛwyɛ! Ɔde akokoduru paa Haman, ɔbarima tirimɔdenfo a na ɔwɔ tumi a ɔbɔɔ pɔw sɛ ɔbɛtɔre Yudafo ase, no ho ntama. Yehowa de Ester dii dwuma kɛse de koraa ne nkurɔfo so.—Ester 3:8–4:17; 7:1-10; 9:13.

21. Ɔkwan bɛn so na Kristoni bea betumi abɛyɛ obi a ɔsom bo kɛse ma Yehowa daa?

21 Ɛda adi pefee sɛ, wɔ tete ne nnɛ nyinaa no, mmea a wosuro Onyankopɔn ada ahofama adi ama Yehowa ne ne som. Enti, mmea a wosuro Onyankopɔn no som bo wɔ Yehowa ani so. Kristofo mmea, momma Yehowa mfa ne honhom nnwene mo nkakrankakra ma monyɛ ‘anwenne’ a wobu no kɛse, nea “wɔasiesie de reyɛ adwuma pa biara.” (2 Timoteo 2:21; Romafo 12:2) Ɛdefa asomfo a wɔsom bo saa ho no, Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Momma no ne nsa ano aba bi, na ne nneyɛe nyi no ayɛ kurow apon mu.” (Mmebusɛm 31:31) Ɛmmra sɛ ɛbɛba saa wɔ mo mu biara fam.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 13 Ɛdefa sɛnea yɛde nkamfo a ɛte saa bɛma ho no, hwɛ March 15, 2002, Ɔwɛn-Aban, kratafa 26-8.

^ nky. 16 Dwom 212 a ɛwɔ Monto Ayeyi Nnwom mma Yehowa, a Yehowa Adansefo na wotintimii mu no.

So Wokae?

• Ɔkwan bɛn so na afeha a edi kan mu Kristofo mmea binom daa no adi sɛ wɔsom bo wɔ Yehowa ani so?

• Ɔkwan bɛn so na mmea pii ada wɔn ho adi sɛ wɔsom bo ma Onyankopɔn nnɛ?

• Akwan bɛn so na Yehowa boa ɛnanom ne anuanom mmea foforo a wonni ahokafo no?

• Ɔkwan bɛn so na ɔbea betumi afi komam akyerɛ obu ama tiyɛ nhyehyɛe no?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Adaka wɔ kratafa 17]

NHWƐSO AHOROW A ƐSƐ SƐ YESUSUW HO

So wobɛpɛ sɛ wususuw mmea gyidifo foforo a wɔbɔɔ wɔn din wɔ Bible mu no nhwɛso ahorow ho? Sɛ saa a, ɛnde kenkan kyerɛw nsɛm a ɛwɔ ase hɔ no. Bere a wususuw ankorankoro a wɔbobɔɔ wɔn din ho no, bɔ mmɔden sɛ wubehu nnyinasosɛm a wubetumi de adi dwuma kɛse wɔ w’asetram no.—Romafo 15:4.

Sara: Genesis 12:1, 5; 13:18a; 21:9-12; 1 Petro 3:5, 6.

Israelfo mmea ayamyefo: Exodus 35:5, 22, 25, 26; 36:3-7; Luka 21:1-4.

Debora: Atemmufo 4:1–5:31.

Rut: Rut 1:4, 5, 16, 17; 2:2, 3, 11-13; 4:15.

Sunemni bea no: 2 Ahene 4:8-37.

Foinikeni bea no: Mateo 15:22-28.

Marta ne Maria: Marko 14:3-9; Luka 10:38-42; Yohane 11:17-29; 12:1-8.

Tabita: Asomafo no Nnwuma 9:36-41.

Filipo mmabea baanan no: Asomafo no Nnwuma 21:9.

Foibe: Romafo 16:1, 2.

[Mfonini wɔ kratafa 15]

So wokamfo anuanom mmea a wonni ahokafo a wɔde nokwaredi di Onyankopɔn mmara so no?

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Abisade ahorow pɔtee bɛn na wubetumi aka ho asɛm wɔ mpaebɔ mu ansa na wo mma akɔ sukuu?