Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Mihui sɛ Wɔwɔ Adamfofa Su, Wɔdodɔ Wɔn Ho, na Wɔboa Wɔn Ho”

“Mihui sɛ Wɔwɔ Adamfofa Su, Wɔdodɔ Wɔn Ho, na Wɔboa Wɔn Ho”

“Mihui sɛ Wɔwɔ Adamfofa Su, Wɔdodɔ Wɔn Ho, na Wɔboa Wɔn Ho”

“SƐ MODODƆ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.” (Yohane 13:35) Sɛnea Yesu kae no, ɔdɔ bɛyɛɛ ade titiriw a na wɔde hu tete Kristofo anuanom no. Bere a na Tertullian rekyerɛw ho asɛm wɔ Kristo wu akyi bɛboro mfirihyia ɔha no, ɔkae sɛ na nkurɔfo ka sɛ: ‘Hwɛ sɛnea wɔdɔ wɔn ho ne sɛnea wɔayɛ krado sɛ wobewu ama wɔn ho.’

So ɔdɔ a ɛte saa da so ara wɔ wiase nnɛ? Yiw. Sɛ nhwɛso no, susuw krataa bi a Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Brazil nyae no ho hwɛ. Ɔbea a wɔfrɛ no Marília a ɔkyerɛw krataa no kyerɛwee sɛ:

“Bere a na mete Villa Mercedes, Argentina no, me maame a ɔyɛ Yehowa Dansefo no nyaa ɔkwaha a ɛma apɔw so gugow, na ɛma odwudwoe fi ne sisi kosi ne nan ase. Asram awotwe a edi kan a ɔyaree no, ɛyɛ Adansefo a wɔwɔ Villa Mercedes no na wofi ɔdɔ mu hwɛɛ no. Wɔyɛɛ biribiara, siesiee ne fie noaa aduan maa no. Bere a na Maame da ayaresabea mpo no, na bere nyinaa obi te ne ho, awia ne anadwo.

“Me ne Maame asan aba Brazil, baabi a ne ho retɔ no nkakrankakra. Adansefo a wɔwɔ baabi a yɛte mprempren no reyɛ nea wobetumi biara de aboa Maame ma ne ho atɔ no.”

Marília de ne krataa no ba awiei sɛ: “Sɛ mɛka nokware a, m’ankasa menyɛ Ɔdansefo, nanso mihui sɛ Adansefo no wɔ adamfofa su, wɔdodɔ wɔn ho, na wɔboa wɔn ho wɔn ho.”

Yiw, nnipa bi da so ara wɔ hɔ a wɔda nokware Kristofo dɔ adi. Ɛdenam saayɛ so no, wɔma tumi a Yesu nkyerɛkyerɛ betumi anya wɔ yɛn asetra so no da adi.