Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mmea A Wɔmaa Yehowa Koma Ani Gyei

Mmea A Wɔmaa Yehowa Koma Ani Gyei

Mmea A Wɔmaa Yehowa Koma Ani Gyei

‘Yehowa nhyɛ wo wo nneyɛe ananmu na nya akatua mũ fi Yehowa nsam.’—RUT 2:12.

1, 2. Ɔkwan bɛn so na yebetumi anya mfaso bere a yesusuw Bible mu nhwɛso ahorow a ɛfa mmea a wɔmaa Yehowa koma ani gyei ho ho no?

ONYANKOPƆN ho suro kaa mmea baanu ma wobuu Farao bi mmara so. Gyidi kaa aguaman bi ma ɔde ne nkwa too asiane mu bɔɔ Israel akwansrafo baanu bi ho ban. Nyansa ne ahobrɛase a ɔbea bi daa no adi wɔ ɔhaw bi mu no boaa no ma ɔkoraa nnipa pii nkwa so, na osiankaa obi a Yehowa asra no ma wanni mogya ho fɔ. Yehowa Nyankopɔn mu gyidi ne ahɔhoyɛ su kaa ɛna bi a na ɔyɛ okunafo ma ɔde n’aduan a aka maa Onyankopɔn diyifo. Eyinom yɛ Kyerɛwnsɛm mu nhwɛso pii a ɛfa mmea a wɔmaa Yehowa koma ani gyei no mu kakraa bi pɛ ho.

2 Su a Yehowa daa no adi wɔ mmea a wɔte saa ho ne hyira a ohyiraa wɔn no kyerɛ sɛ nea n’ani gye ho sen biribi foforo biara ne honhom fam su horow a obi wɔ, na ɛnyɛ ne bɔbeasu. Wɔ nnɛ wiase a wɔtwe adwene si honam mu nneɛma so kɛse mu no, honhom fam su a obi de n’adwene besi so no yɛ asɛnnennen. Nanso yebetumi agyina saa asɛnnennen no ano, sɛnea mmea ɔpepem pii a wosuro Onyankopɔn a wɔyɛ Onyankopɔn nkurɔfo mu fã kɛse no ara da no adi nnɛ no. Kristofo mmea a wɔte saa no suasua gyidi, nyansa, ahɔhoyɛ su, ne su pa foforo a mmea a wosuro Nyankopɔn a wɔbɔ wɔn din wɔ Bible mu daa no adi no. Nokwarem no, Kristofo mmarima nso bɛpɛ sɛ wosuasua su a mmea a wɔyɛɛ nhwɛso pa wɔ tete mmere mu daa no adi no bi. Nea ɛbɛyɛ na yɛahu sɛnea yɛbɛyɛ saa akosi ase no, ma yensusuw Bible kyerɛwtohɔ a ɛfa mmea a yɛbobɔɔ wɔn din mfiase no ho nkɔ akyiri kakra.—Romafo 15:4; Yakobo 4:8.

Mmea a Wobuu Farao Bi Mmara So

3, 4. (a) Dɛn nti na Sifra ne Pua anni Farao ahyɛde so bere a ɔhyɛe sɛ wonkum Israelni abarimaa foforo biara a wɔbɛwo no no? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa tuaa awogyefo baanu no ka wɔ wɔn akokoduru ne Onyankopɔn ho suro no ho?

3 Wɔ Nuremberg asɛnni a ɛkɔɔ so wɔ Germany wɔ Wiase Ko II akyi ase no, nnipa pii a wobuu wɔn fɔ sɛ wɔadi awu kɛse no bɔɔ mmɔden yiyii wɔn ho ano sɛ wodii saa nsɛmmɔne no de dii ahyɛde ahorow so kɛkɛ. Afei, fa saa nnipa yi toto Israelfo awogyefo baanu, Sifra ne Pua, a wɔtraa ase wɔ tete Misraim bere a na Farao tirimɔdenfo bi a wɔammɔ ne din redi tumi no ho. Esiane sɛ na Farao suro sɛnea Hebrifo no redɔɔso yiye nti, ɔhyɛɛ awogyefo baanu no sɛ wɔnhwɛ nhu sɛ wobekum Hebrini abarimaa foforo biara a wɔbɛwo no no. Ɔkwan bɛn so na mmea no yɛɛ wɔn ade wɔ saa ahyɛde huhu no ho? ‘Wɔanyɛ sɛnea Misraim hene kyerɛɛ wɔn no, na mmom wogyee mmarimaa no nkwa.’ Dɛn nti na saa mmea yi annyae wɔn ho mu amma nnipa ho suro? Efisɛ ‘na wosuro nokware Nyankopɔn no.’—Exodus 1:15, 17; Genesis 9:6.

4 Yiw, awogyefo no de Yehowa yɛɛ wɔn guankɔbea, na ɔno nso yɛɛ “ɔkyɛm” maa wɔn, na ɔbɔɔ wɔn ho ban fii Farao abufuw ho. (2 Samuel 22:31; Exodus 1:18-20) Nanso Yehowa nhyira anso hɔ ara. Ɔmaa Sifra ne Pua nyaa wɔn ankasa mmusua. Ɔsan dii saa mmea yi ni, na ɔma wɔyɛɛ wɔn din ne wɔn nneyɛe ho kyerɛwtohɔ mpo wɔ N’asɛm a efi honhom mu no mu sɛnea ɛbɛyɛ a nkyirimma bɛkenkan, nanso saa Farao no de, ne din ayera koraa.—Exodus 1:21; 1 Samuel 2:30b; Mmebusɛm 10:7.

5. Ɔkwan bɛn so na Kristofo mmea a wɔwɔ hɔ nnɛ pii da su a ɛte sɛ Sifra ne Pua de no adi, na ɔkwan bɛn so na Yehowa behyira wɔn?

5 So mmea bi wɔ hɔ nnɛ a wɔte sɛ Sifra ne Pua? Yiw, ebi wɔ hɔ! Afe biara, mmeae a wɔte saa no mpempem pii de akokoduru ka Bible mu asɛm a egye nkwa no wɔ nsase a “ɔhene mmara” mma ho kwan so, na wɔnam saayɛ so de wɔn ahofadi anaasɛ wɔn nkwa mpo to asiane mu. (Hebrifo 11:23; Asomafo no Nnwuma 5:28, 29) Esiane ɔdɔ a mmea akokodurufo a wɔte saa wɔ ma Onyankopɔn ne mfɛfo nnipa nti, wɔmma obiara nsiw wɔn kwan sɛ wɔbɛka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm akyerɛ afoforo. Enti, Kristofo mmea pii gyina ɔsɔretia ne ɔtaa ano. (Marko 12:30, 31; 13:9-13) Te sɛ Sifra ne Pua no, Yehowa hu mmea akokodurufo a wɔda nsow yi nneyɛe yiye, na obeyi ne dɔ akyerɛ wɔn denam wɔn din a ɔbɛkora so wɔ ne “nkwa nhoma” mu, bere a wodi nokware kodu awiei no so.—Filipifo 4:3; Mateo 24:13.

Obi a na Ɔyɛ Aguaman Ma Yehowa Koma Ani Gye

6, 7. (a) Dɛn na na Rahab nim fa Yehowa ne ne nkurɔfo ho, na ɔkwan bɛn so na saa nimdeɛ yi kaa no? (b) Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn Asɛm di Rahab ni?

6 Wɔ afe 1473 A.Y.B. mu no, na aguaman bi a wɔfrɛ no Rahab te Kanaan kurow Yeriko mu. Ɛda adi sɛ, na Rahab yɛ obi a ɔwɔ nimdeɛ yiye. Bere a Israel akwansrafo baanu kohintaw ne fie no, otumi kaa anwonwakwan so akwantu a Israel de fii Misraim no ho nsɛm pɔtee bi, ɛmfa ho mpo sɛ na asi mfirihyia 40 a atwam no! Ná onim nkonim ahorow a Israelfo dii wɔ Amorifo Ahene Sihon ne Og, so a na ɛnkyɛe koraa no nso ho asɛm. Hyɛ sɛnea saa nimdeɛ no kaa no no nsow. Ɔka kyerɛɛ akwansrafo no sɛ: “Minim sɛ [Yehowa, NW] de asase yi ama mo, . . . efisɛ [Yehowa, NW] mo Nyankopɔn no, ɔno ne Nyankopɔn wɔ nyameso ɔsoro ne asase so ɛfam.” (Yosua 2:1, 9-11) Yiw, nea Rahab sua faa Yehowa ne nneɛma a ɔyɛ maa Israel ho no kaa ne koma yiye na ɛkanyan no ma ɔkyerɛɛ ne mu gyidi.—Romafo 10:10.

7 Rahab gyidi no kaa no ma ɔyɛɛ ho biribi. Ogyee Israel akwansrafo no “asomdwoe so,” na otiee wɔn akwankyerɛ a na ɛbɛma wɔanya nkwa bere a Israel tow hyɛɛ Yeriko so no. (Hebrifo 11:31; Yosua 2:18-21) Akyinnye biara nni ho sɛ Rahab gyidi ho nnwuma no maa Yehowa koma ani gyei, efisɛ ɔde honhom kaa Kristoni suani Yakobo maa ɔkyerɛw Rahab din kaa Abraham a na ɔyɛ Onyankopɔn adamfo no de ho sɛ nhwɛso a Kristofo besuasua. Yakobo kyerɛwee sɛ: “Saa ara nso na ɛnyɛ nnwuma mu na wofi buu aguaman Rahab bem, sɛ ogyee abɔfo no na ɔma wɔfaa ɔkwan foforo so kɔe no?”—Yakobo 2:25.

8. Ɔkwan bɛn so na Yehowa hyiraa Rahab wɔ ne gyidi ne ne setie ho?

8 Yehowa hyiraa Rahab wɔ akwan pii so. Nhyira biako ne sɛ, ɔnam anwonwakwan so koraa ɔne wɔn a wɔbɛpɛɛ hintabea wɔ ne fie—a wɔne ‘n’agya ne nea ɔwɔ nyinaa’—no nkwa so. Afei ɔmaa saafo yi ‘traa Israelfo mu,’ baabi a na wobebu wɔn sɛ ɔmamma. (Yosua 2:13; 6:22-25; Leviticus 19:33, 34) Nanso na ɛnsae. Yehowa dii Rahab ni nso ma ɔbɛyɛɛ Yesu Kristo nenabea. Adɔeyɛ a ɛkyɛn so a wɔdaa no adi kyerɛɛ Kanaanni bea a bere bi na ɔsom ahoni bɛn ara ni! *Dwom 130:3, 4.

9. Ɔkwan bɛn so na su a Yehowa daa no adi kyerɛɛ Rahab ne Kristofo mmea bi a wɔtraa ase afeha a edi kan mu no betumi ahyɛ mmea bi nkuran nnɛ?

9 Te sɛ Rahab no, efi afeha a edi kan mu de besi nnɛ no, Kristofo mmea binom agyae ɔbrasɛe akyidi sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛsɔ Onyankopɔn ani. (1 Korintofo 6:9-11) Akyinnye biara nni ho sɛ wɔn mu binom nyinii wɔ tebea a yebetumi de atoto tebea a na ɛwɔ tete Kanaan no ho no mu, baabi a na ɔbrasɛe abu so na wobu no sɛ asɛm biara nni ho mpo no. Nanso, gyidi a egyina Kyerɛwnsɛm mu nokware nimdeɛ so kanyan wɔn ma wɔsesaa wɔn akwan. (Romafo 10:17) Enti, yebetumi aka afa mmea a wɔte saa nso ho sɛ “wɔn ho nyɛ Onyankopɔn aniwu sɛ wɔbɛfrɛ no wɔn Nyankopɔn.” (Hebrifo 11:16) Nidi bɛn ara ni!

Wohyiraa No Wɔ N’adwempa Ho

10, 11. Asɛm bɛn na esii Nabal ne Dawid ntam a ɛkaa Abigail ma ɔyɛɛ ho biribi?

10 Mmea anokwafo pii a wɔtraa ase tete no daa adwempa adi wɔ ɔkwan a ɛda nsow so, na ɛma wɔbɛyɛɛ agyapade a wɔsom bo ma Yehowa nkurɔfo. Ná mmea a wɔte saa no mu biako ne Abigail, a na ɔyɛ Israelni ɔdefo Nabal, a ɔyɛ asase wura no yere no. Abigail adwempa ma wɔkoraa nkurɔfo nkwa so, na esiankaa Dawid, nea na obedi Israel so hene daakye no ma wanni mogya ho fɔ. Yebetumi akenkan Abigail ho asɛm wɔ kyerɛwtohɔ a ɛwɔ 1 Samuel ti 25 no mu.

11 Sɛnea asɛm no fi ase no, na Dawid ne n’akyidifo abɔ nsra wɔ beae bi a ɛbɛn Nabal nguankuw, na wɔdaa ayamye adi kyerɛɛ wɔn nua Israelni Nabal, bɔɔ nguankuw no ho ban awia ne anadwo a wɔannye hwee. Bere a Dawid nnuan resa no, ɔsomaa mmerante du kɔɔ Nabal hɔ sɛ ɔmma no aduan. Afei na Nabal anya hokwan sɛ ɔbɛkyerɛ nea Dawid yɛe no ho anisɔ anaasɛ wadi no ni sɛ obi a Yehowa asra no. Nanso Nabal anyɛ saa. Ofi abufuhyew mu yeyaw Dawid na ɔpam mmerante no ma wɔde nsapan kɔe. Bere a Dawid tee eyi no, ɔboaboaa mmarima akofofo 400 ano sɛ wɔrekɔtɔ no so were. Abigail tee nkwaseade a ne kunu ayɛ no, ofii nyansam yɛɛ ho ade ntɛm so de dwudwoo Dawid koma denam nneɛma pii a ɔde kɔmaa no no so. Afei n’ankasa kɔɔ Dawid nkyɛn.—Nkyekyɛm 2-20.

12, 13. (a) Ɔkwan bɛn so na Abigail daa ne ho adi sɛ onyansafo ne obi a odi Yehowa ne nea wasra no no nokware? (b) Dɛn na Abigail yɛe bere a ɔsan baa fie no, na nsɛm kowiee no dɛn?

12 Bere a Abigail hyiaa Dawid no, ahobrɛase mu a ofi srɛe sɛ onhu no mmɔbɔ no daa no adi sɛ ɔwɔ obu kɛse ma onipa a Yehowa asra no no. Ɔkae sɛ, “[Yehowa, NW] bɛkyekye ofi a atim ama me wura, efisɛ me wura reko ama [Yehowa, NW],” na ɔde kaa ho sɛ, Yehowa de Dawid bɛyɛ Israel kannifo. (Nkyekyɛm 28-30) Bere koro no ara no, Abigail nyaa akokoduru kɛse ka kyerɛɛ Dawid sɛ sɛ wannyae ne weretɔ no a, ɛbɛma wadi mogya ho fɔ. (Nkyekyɛm 26, 31) Abigail nam n’ahobrɛase, obu a emu dɔ, ne ne nsusuwii a emu da hɔ no so maa Dawid ani baa ne ho so. Obuae sɛ: “Nhyira nka [Yehowa, NW], Israel Nyankopɔn a ɔsomaa wo behyiaa me nnɛ yi. Na nhyira nka w’adwempa, na nhyira nka wo sɛ woasianka me nnɛ da yi na mankodi mogya ho sõ.”—Nkyekyɛm 32, 33.

13 Bere a Abigail san baa fie no, ɔde akokoduru hwehwɛe sɛ ɔbɛka akyɛde a ɔde kɔmaa Dawid no ho asɛm akyerɛ ne kunu. Nanso, bere a ohuu no no, na ‘wanom nsa abow.’ Enti ɔtwɛn kosii sɛ n’ani so bɛtetew no, na afei waka nea asi akyerɛ no. Nabal yɛɛ n’ade dɛn? Ne ho dwiriw no araa ma ɔyɛe sɛ nea wadwudwo. Nnafua du akyi no, Onyankopɔn bɔɔ no kum no. Bere a Dawid tee sɛ Nabal awu no, ɔde too Abigail a ɛda adi sɛ na n’ani gye ne ho na ɔwɔ obu kɛse ma no no anim sɛ ɔbɛware no. Abigail penee Dawid abisade no so.—Nkyekyɛm 34-42.

So Wubetumi Ayɛ sɛ Abigail?

14. Abigail su ahorow bɛn na ebia yɛbɛpɛ sɛ yebenya no kɛse?

14 So muhu su bi wɔ Abigail mu a mo—mmarima ne mmea nyinaa—bɛpɛ sɛ munya no kɛse? Ebia wopɛ sɛ wode anifere ne nyansa pii yɛ w’ade bere a nsɛnnennen sɔre no. Anaasɛ ebia wopɛ sɛ wufi ntease mu kasa bɔkɔɔ bere a afoforo a wo ne wɔn redi nsɛm bo afuw no. Sɛ saa a, dɛn nti na wommɔ Yehowa mpae wɔ asɛm no ho? Ɔhyɛ bɔ sɛ ɔde nyansa, nhumu, ne adwempa bɛma wɔn a ‘wɔkɔ so bisa no gyidi mu’ no nyinaa.—Yakobo 1:5, 6; Mmebusɛm 2:1-6, 10, 11.

15. Tebea ahorow bɛn mu na ɛho hia titiriw sɛ Kristofo mmea da su horow a Abigail daa no adi no bi adi?

15 Su pa a ɛtete saa no ho hia titiriw ma ɔbea a ne kunu nyɛ gyidini na ɔmfa Bible nnyinasosɛm nni dwuma no. Ebia ɔbow nsa mpo. Anidaso wɔ hɔ sɛ mmarima a wɔte saa bɛsakra wɔn akwan. Mmarima pii ayɛ saa—na mpɛn pii no, wɔyɛ saa bere a wɔn yerenom da odwo, obu a emu dɔ, ne abrabɔ pa adi no.—1 Petro 3:1, 2, 4.

16. Ɛmfa ho sɛnea Kristoni bea tebea te wɔ fie no, ɔkwan bɛn so na ɔbɛkyerɛ sɛ obu ɔne Yehowa ntam abusuabɔ sɛ ɛsom bo sen ade nyinaa?

16 Ɛmfa ho nsɛnnennen biara a ebia wubehyia wɔ fie no, kae sɛ Yehowa ayɛ krado bere nyinaa sɛ ɔbɛboa wo. (1 Petro 3:12) Enti bɔ mmɔden sɛ wobɛhyɛ wo ho den wɔ honhom fam. Bɔ mpae srɛ nyansa ne koma a edwo. Yiw, bɛn Yehowa denam Bible adesua, mpaebɔ, nsɛm ho dwen, ne mfɛfo Kristofo a wo ne wɔn bɛbɔ fekuw daa so. Abigail amma kwan amma honhom fam nneɛma ho anigye a ne kunu ankyerɛ no annya ɔdɔ a na ɔwɔ ma Onyankopɔn, ne su a na okura wɔ onii a Yehowa asra no ho no so nkɛntɛnso. Ɔde trenee nnyinasosɛm yɛɛ adwuma. Wɔ ofie a okunu no yɛ Onyankopɔn somfo a ɔyɛ nhwɛso pa mu mpo no, ɔyere Kristoni hu sɛ ɛsɛ sɛ n’ankasa kɔ so yɛ adwumaden de di ne honhom fam yiyedi ho dwuma na okura mu. Ɛwom, ne kunu wɔ Kyerɛwnsɛm mu asɛyɛde sɛ ɔhwɛ no wɔ honhom ne honam fam de, nanso awiei koraa no, ɛsɛ sɛ ‘ɔde osuro ne ahopopo yɛ n’ankasa nkwagye ho adwuma.’—Filipifo 2:12; 1 Timoteo 5:8.

Onyaa “Odiyifo Akatua”

17, 18. (a) Gyidi ho sɔhwɛ a ɛda nsow bɛn na Sarefat ɔbea kunafo no hyiae? (b) Ɔbea kunafo no yɛɛ n’ade dɛn wɔ Elia adesrɛ no ho, na ɔkwan bɛn so na Yehowa hyiraa no wɔ eyi ho?

17 Sɛnea Yehowa hwɛɛ okunafo hiani bi wɔ odiyifo Elia bere so no kyerɛ sɛ n’ani sɔ wɔn a wɔde wɔn ho ne wɔn ahode ma de boa nokware som no kɛse. Esiane ɔpɛ bi a esii bere tenten wɔ Elia bere so nti, ɔkɔm kaa nnipa pii, a na ɔbea kunafo bi ne ne ba abarimaa a wɔte Sarefat ka ho. Bere a ɛkaa wɔn aduan a etwa to koraa no, ɔhɔho bi baa wɔn nkyɛn—odiyifo Elia. Ɔde adesrɛ bi too wɔn anim a na ɛyɛ nwonwa ankasa. Ɛmfa ho sɛ na onim ɔbea no tebea no, ɔsrɛɛ no sɛ ɔmfa ne ngo ne esiam a etwa to no nyɛ “ɔfam ketewaa bi” mma no. Na ɔde kaa ho sɛ: “Sɛ [Yehowa, NW] Israel Nyankopɔn se ni: Asikresiam kuruwa no so renhuan, na ngo pɔre no so rentew de bɛkɔ akosi da a [Yehowa, NW] bɛma osu atɔ agu asase so.”—1 Ahene 17:8-14.

18 Sɛ ɛyɛ wo a, anka wobɛyɛ w’ade dɛn wɔ adesrɛ nwonwaso no ho? Sarefat ɔbea kunafo no, a ɛda adi sɛ ohui sɛ Elia yɛ Yehowa diyifo no, “kɔyɛe sɛ Elia ka kyerɛɛ no no.” Ɔkwan bɛn so na Yehowa nam yɛɛ n’ahɔhoyɛ su no ho biribi? Ɔnam anwonwakwan so maa ɔbea no, ne babarima no, ne Elia aduan wɔ ɔpɛ bere no mu. (1 Ahene 17:15, 16) Yiw, Yehowa maa Sarefat ɔbea kunafo no “odiyifo akatua,” ɛmfa ho mpo sɛ na ɔnyɛ Israelni no. (Mateo 10:41) Onyankopɔn Ba no nso dii okunafo yi ni bere a ɔkae sɛ ne kurom Nasaretfo a wonni gyidi nsuasua ɔbea no nhwɛso no.—Luka 4:24-26.

19. Akwan bɛn so na Kristofo mmea pii a wɔwɔ hɔ nnɛ da honhom a Sarefat ɔbea kunafo no daa no adi no bi adi, na Yehowa te nka dɛn wɔ saafo yi ho?

19 Ɛnnɛ, Kristofo mmea pii da honhom a Sarefat ɔbea kunafo no daa no adi no bi adi. Sɛ nhwɛso no, dapɛn biara, Kristofo mmea a wɔda ayamye adi—a wɔn mu pii di hia na wɔwɔ mmusua hwɛ wɔn—no da ahɔhoyɛ su adi kyerɛ ahwɛfo akwantufo ne wɔn yerenom. Afoforo ne bere nyinaa asomfo a wɔwɔ wɔn asafo mu kyɛ wɔn nnuan, wɔboa wɔn a ahia wɔn, anaasɛ wɔ ɔkwan foforo bi so no, wɔde wɔn ho ne wɔn nneɛma ma de boa Ahenni adwuma no. (Luka 21:4) So Yehowa hu afɔrebɔ a ɛte saa? Yiw! “Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ a ne werɛ befi mo adwuma ne mo dɔ mmɔden a mobɔe ne din ho, sɛ mosom ahotefo na moda so som wɔn.”—Hebrifo 6:10.

20. Dɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu?

20 Wɔ afeha a edi kan mu no, mmea a wosuro Onyankopɔn pii nyaa hokwan som Yesu ne n’asomafo no. Wɔ asɛm a edi hɔ mu no, yebesusuw sɛnea saa mmea yi maa Yehowa koma ani gyei no ho, na yebesusuw nhwɛso a mmea a wɔwɔ hɔ nnɛ a wofi koma nyinaa mu som Yehowa no ayɛ wɔ tebea a emu yɛ den mpo mu no ho.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 8 Yesu anato no bɔ mmea baanan din sɛnea Mateo yɛɛ ho kyerɛwtohɔ no—Tamar, Rahab, Rut, ne Maria. Wodi wɔn nyinaa ni kɛse wɔ Onyankopɔn Asɛm mu.—Mateo 1:3, 5, 16.

Ntĩmu

• Ɔkwan bɛn so na mmea a wodidi so yi maa Yehowa koma ani gyei?

• Sifra ne Pua

• Rahab

• Abigail

• Sarefat ɔbea kunafo no

• Ɔkwan bɛn so na saa mmeae yi nhwɛso a yebesusuw ho no bɛboa yɛn ankasa? Kyerɛkyerɛ mu.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 9]

Mmea anokwafo pii asom Onyankopɔn ɛmfa ho “ɔhene mmara”

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Dɛn nti na Rahab nhwɛso no yɛ gyidi a emu yɛ den ho nhwɛso pa?

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Su horow a Abigail daa no adi bɛn na wopɛ sɛ wusuasua?

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Kristofo mmea pii a wɔwɔ hɔ nnɛ da honhom a tete Sarefat ɔbea kunafo no daa no adi no bi adi