Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Dɛn nti na Elisa bisae sɛ wɔmma no Elia honhom “abupɛn abien”?

Aka bere tiaa bi ma Elia awie n’adwuma sɛ odiyifo wɔ Israel no, odiyifo kumaa Elisa ka kyerɛɛ no sɛ: “Ma wo honhom abupɛn abien mmra me so.” (2 Ahene 2:9) Honhom fam no, ɛda adi sɛ na Elisa rebisa abupɛn abien te sɛ nea na wɔde ma ɔbabarima a ɔyɛ abakan no. (Deuteronomium 21:17) Asɛm yi a yebesusuw ho kakra no bɛma eyi mu ada hɔ na ɛbɛboa yɛn ma yɛasua biribi afi nea esii no mu.

Nea ɛne Yehowa akwankyerɛ hyia no, na odiyifo Elia asra Elisa sɛ nea obedi n’ade. (1 Ahene 19:19-21) Elisa de nokwaredi som Elia bɛyɛ mfe asia, na na wasi ne bo sɛ ɔbɛyɛ eyi akosi awiei. Elia da a etwa to sɛ odiyifo wɔ Israel mpo no, Elisa annyae ne kyerɛkyerɛfo no akyidi. Ɛwom sɛ Elia hyɛɛ Elisa sɛ onnyae n’akyi di de, nanso odiyifo kumaa no kaa no mprɛnsa sɛ: “Merennyaw wo.” (2 Ahene 2:2, 4, 6; 3:11) Nokwarem no, Elisa buu odiyifo a na ne mfe akɔ anim no sɛ n’agya.—2 Ahene 2:12.

Nanso na ɛnyɛ Elisa nkutoo ne Elia honhom fam ba. Na mmarima kuw bi a wɔfrɛ wɔn “adiyifo mma” ka Elia ne Elisa ho. (2 Ahene 2:3) Asɛm a ɛwɔ Ahene Nhoma a Ɛto so Abien no kyerɛ sɛ na saa “mma” yi nso ne wɔn honhom fam agya, Elia, wɔ abusuabɔ a emu yɛ den. (2 Ahene 2:3, 5, 7, 15-17) Nanso, sɛ obi a na wɔasra no sɛ obedi Elia ade no, na Elisa ne Elia honhom fam mma no mu nea odi kan—na ɔte sɛ abakan. Wɔ tete Israel no, na obi a ɔyɛ abakan ankasa no nya n’agya agyapade mu abupɛn abien, bere a na ne mmabarima afoforo no nya abupɛn biako no. Enti na Elisa bisaa Elia honhom fam agyapade mu abupɛn abien no.

Dɛn nti na Elisa bisaa eyi wɔ saa bere pɔtee no mu? Efisɛ na ɔrebegye asɛyɛde kɛse a ɛne sɛ obedi Elia ade sɛ Israel diyifo no ato ne ho so. Elisa hui sɛ nea ɛbɛyɛ na watumi adi asɛyɛde a ɛwɔ adwuma kɛse yi ho ho dwuma yiye no, na ohia honhom fam ahoɔden a ɛsen nea n’ankasa betumi ayɛ, tumi a na Yehowa nkutoo na obetumi de ama. Na ehia sɛ onya akokoduru te sɛ Elia. (2 Ahene 1:3, 4, 15, 16) Ne saa nti, obisaa Elia honhom, akokoduru ne ‘ninkunu a na ɔtwe ma Yehowa’—su horow a eye a Onyankopɔn honhom na ɛma wonya—no mu abupɛn abien. (1 Ahene 19:10, 14) Dɛn na Elia yɛe wɔ ho?

Na Elia nim sɛ Elisa abisa no biribi a ɛnyɛ ɔno na ɛsɛ sɛ ɔde ma no, na mmom Onyankopɔn nkutoo. Enti Elia fi odwo mu buae sɛ: “Woabisa ade a ɛyɛ den; nanso sɛ wuhu me sɛ wɔrefa me afi wo nkyɛn a, ɛbɛyɛ saa ama wo.” (2 Ahene 2:10) Na nokwarem no, Yehowa maa Elisa huu Elia sɛ ahum refa no akɔ soro. (2 Ahene 2:11, 12) Elisa nsa kaa n’abisade no. Yehowa maa no honhom a na ohia a ɔde befi n’adwuma foforo no ase, na watumi agyina sɔhwɛ ahorow a na obehyia no ano.

Ɛnnɛ, Kristofo a wɔasra wɔn (ɛtɔ mmere bi a wɔfrɛ wɔn Elia kuw) no ne Onyankopɔn asomfo nyinaa betumi anya nkuranhyɛ pii afi Bible mu asɛm yi mu. Ɛtɔ mmere bi a ebia yɛbɛte nka sɛ dwumadi bi a wɔde ama yɛn no boro yɛn so na yɛrentumi nyɛ, anaasɛ ebia na akokoduru a yɛde bɛyɛ yɛn Ahenni asɛnka adwuma no rebrɛ ase esiane anibiannaso ne ɔsɔretia kɛse a yehyia wɔ yɛn asasesin mu nti. Nanso sɛ yɛsrɛ Yehowa hɔ mmoa a, ɔbɛma yɛn honhom kronkron a yehia na yɛde agyina nsɛnnennen ne nsɛm tebea a ɛkɔ so sakra no ano. (Luka 11:13; 2 Korintofo 4:7; Filipifo 4:13) Yiw, sɛnea Yehowa hyɛɛ Elisa den maa asɛyɛde a na emu yɛ duru no, saa ara na ɛbɛboa yɛn, mpanyin ne mmofra nyinaa, ma yɛawie yɛn som adwuma no.—2 Timoteo 4:5.