Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nya Ɔma Honhom

Nya Ɔma Honhom

Nya Ɔma Honhom

OBIARA nni hɔ a wɔde ɔma honhom wo no. Akokoaa suban ne sɛ obenya nea ɔpɛ ne nea ohia, a n’adwene nni wɔn a wɔhwɛ no mpo no ahiade so. Nanso, bere kɔ so no, abofra no behu sɛ ɛnyɛ ɔno nkutoo na ɔwɔ ahiade. Ɛsɛ sɛ osusuw afoforo ho, na ɛsɛ sɛ osua sɛ ɔbɛyɛ obi a ɛnyɛ ade nko na obegye na mmom obi a ɔbɛma ade na wakyɛ ade nso. Ɛsɛ sɛ yenya ɔma honhom.

Ɛnyɛ nnipa a wɔma ade nyinaa—sɛ wofi ayamye mu mpo na ɛyɛ saa a—na wɔwɔ ɔma honhom. Mfaso a ebinom benya ankasa nti na wɔyɛ adɔe. Ebia afoforo nso bɛboa sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa beyi wɔn ayɛ. Nanso, nokware Kristofo adema yɛ soronko. Ɛnde, dɛn ne nneɛma bi a ɛda adi wɔ ɔma a Onyankopɔn Asɛm hyɛ ho nkuran no ho? Sɛnea afeha a edi kan no mu Kristofo maa ade no ho a yebesusuw kakra no bɛma yɛanya saa asɛmmisa no ho mmuae.

Kristofo Adema Ho Nhwɛso Ahorow

Ná Kristofo adema a wɔka ho asɛm wɔ Bible mu no yɛ ‘ade a wɔde kyɛ’ wɔn a na ahia wɔn ankasa no. (Hebrifo 13:16; Romafo 15:26) Na ɛnsɛ sɛ wɔyɛ no ɔhyɛ mu. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Sɛnea obiara asusuw ne komam no, ɔmma, ɛnyɛ amemmenemfe anaa ɔhyɛ mu; efisɛ nea ɔtew n’anim ma no na Onyankopɔn dɔ no.” (2 Korintofo 9:7) Na ɛnsɛ sɛ wɔma ade de hwehwɛ nnipa anim anuonyam nso. Anania ne Safira yɛɛ saa na wonyaa so akatua a enye koraa.—Asomafo no Nnwuma 5:1-10.

Adema ho behiae bere a Yudafo ne wɔn a wɔasakra wɔn som abɛyɛ Yudafo pii a wofi akyirikyiri hyiaam wɔ Yerusalem wɔ Pentekoste afahyɛ ase wɔ afe 33 Y.B. mu no. Ɛyɛ hɔ na ‘honhom kronkron yɛɛ’ Yesu akyidifo no “mama, na wofii ase kasaa kasa foforo” no. Nnipa pii betwaa wɔn ho hyiae na wɔtee kasa a ɛfa Yesu Kristo ho a ɛka koma a Petro mae no. Akyiri yi, nkurɔfo no huu sɛnea Petro ne Yohane saa obubuafo bi yare wɔ asɔrefie pon ano, na wɔtee sɛ Petro reka Yesu, ne hia a ehia sɛ wɔsakra wɔn adwene no, ho asɛm bio. Nnipa mpempem pii sakraa wɔn adwene na wɔbɔɔ wɔn asu sɛ Kristo akyidifo.—Asomafo no Nnwuma, ti 2 ne 3.

Gyidifo foforo no pɛe sɛ wɔkɔ so tra Yerusalem na wogye nkyerɛkyerɛ pii fi Yesu asomafo no hɔ. Nanso, na asomafo no bɛyɛ dɛn atumi ama saa ahɔho no nyinaa nsa aka wɔn ahiade? Bible kyerɛwtohɔ no ka kyerɛ yɛn sɛ: “Wɔn a wɔwɔ nsase anaa adan tontɔnee, na wɔde nea wɔtɔnee no ti ade bae de beguu asomafo no anan ase; na wɔkyekyɛɛ mu maa obiara sɛnea ehia no.” (Asomafo no Nnwuma 4:33-35) Nokwarem no, na asafo foforo a wɔahyehyɛ wɔ Yerusalem no wɔ ɔma honhom!

Akyiri yi, asafo afoforo daa ɔma honhom a ɛte saa ara adi. Sɛ nhwɛso no, ɛwom sɛ na Kristofo a wɔwɔ Makedonia no yɛ ahiafo de, nanso woyii ntoboa ma ɛboroo wɔn ahoɔden so de kɔmaa wɔn nuanom a na ahia wɔn wɔ Yudea no. (Romafo 15:26; 2 Korintofo 8:1-7) Filipi asafo no yɛɛ ade kɛse wɔ mmoa a wɔde maa Paulo wɔ ne som adwuma no mu no ho. (Filipifo 4:15, 16) Yerusalem asafo no nso kyekyɛɛ nnuan maa akunafo ahiafo, na asomafo no paw mmarima baason a wɔfata ma wɔhwɛe sɛ wɔremmu ani ngu akunafo a wɔfata no mu biara so.—Asomafo no Nnwuma 6:1-6.

Tete Kristofo asafo ahorow no yɛɛ ade ntɛm dii nneɛma ho dwuma hwɛɛ ahokyere mmere mpo kwan. Sɛ nhwɛso no, bere a odiyifo Agabo kaa ɔkɔm kɛse bi a na ɛreba ho asɛm no, asuafo a wɔwɔ Siria Antiokia no “bɔɔ wɔn tirim sɛ wɔn nyinaa mmiako mmiako de biribi bɛmema anuanom a wɔte Yudea no.” (Asomafo no Nnwuma 11:28, 29) Su pa bɛn ara na wɔdaa no adi wɔ afoforo ahiade ho sɛɛ yi!

Dɛn na ɛkaa tete Kristofo no ma wɔdaa ayamye ne ɔdɔ adi saa? Nokwarem no, ɛyɛ dɛn na obi nya ɔma honhom? Ɔhene Dawid nhwɛso a yebesusuw ho kakra no bɛma yɛatumi asua nneɛma pii.

Ayamye Mu a Dawid Fi Boaa Nokware Som

Bɛyɛ mfirihyia 500 no, na apam adaka—adaka kronkron a na ɛkyerɛ sɛ Yehowa wɔ hɔ—no nni baabi pɔtee a esi. Wɔde sii ntamadan a na wotu fi beae bi kɔ foforo mu wɔ bere a na Israel rekyinkyin wɔ sare so ne bere a afei wɔkɔɔ Bɔhyɛ Asase no so no. Ɔhene Dawid ani gyee ho kɛse sɛ obeyi adaka no afi ntamadan a na esi mu no mu na wasi ɔdan a ɛfata ama Yehowa na wɔde adaka kronkron no asi mu. Bere a Dawid rekasa akyerɛ odiyifo Natan no, ɔkae sɛ: “Hwɛ, me de, mete nkyeneduru dan mu, na [Yehowa, NW] apam adaka no wɔ ntama ase.”—1 Beresosɛm 17:1.

Nanso, na Dawid yɛ ɔbarima a wadi ako. Enti Yehowa hyɛe sɛ ne ba Salomo na obesi asɔrefie ma wɔde apam adaka no asi mu wɔ ne nniso a asomdwoe wom no mu. (1 Beresosɛm 22:7-10) Nanso, eyi anka Dawid ɔma honhom no anhyɛ. Ɔpaw adwumayɛfo kuw kɛse bi ma wɔboaboaa nneɛma a wɔde besi asɔrefie no ano. Akyiri yi ɔka kyerɛɛ Salomo sɛ: “Masiesie [Yehowa, NW] fi no ho sika dwetikɛse peha ne dwetɛ dwetikɛse pepem, na kɔbere ne dade de, enni nkarii, efisɛ ɛdɔɔso pii pa, na nnua ne abo nso, masiesie, na wode ebi aka ho.” (1 Beresosɛm 22:14) Bere a ɛno ara anyɛ nea ɛdɔɔso ma Dawid no, oyii n’ankasa ahode mu sika kɔkɔɔ ne dwetɛ a ne bo bɛyɛ nnɛyi $1,200,000,000 de boae. Afei, mmapɔmma no nso fi ayamye mu yii ntoboa. (1 Beresosɛm 29:3-9) Akyinnye biara nni ho sɛ, Dawid daa ayamye ne ɔma honhom adi!

Dɛn na ɛmaa Dawid fii ne pɛ mu yɛɛ adɔe saa? Ohui sɛ na nea wanya ne nea wayɛ no nyinaa yɛ Yehowa nhyira. Ɔkaa ho asɛm wɔ mpaebɔ mu sɛ: “[Yehowa, NW] yɛn Nyankopɔn, adekuw yi a yɛasiesie sɛ yɛde rebesi ofi ama wo din kronkron yi nyinaa, wo nsam na efi, na wo na ne nyinaa wɔ wo. Na minim, me Nyankopɔn, sɛ wo de, wosɔ koma hwɛ, na tẽeyɛ na ɛsɔ w’ani. Me de, me komam teeyɛ mu na mayi me yam mama eyinom nyinaa, na afei wo man a wohu wɔn ɛha yi nso, mede anigye mahu sɛ wɔn nso ayi wɔn yam ama wo ade.” (1 Beresosɛm 29:16, 17) Dawid ani sɔɔ ɔne Yehowa ntam abusuabɔ no kɛse. Ohuu hia a ehia sɛ ɔde ‘koma mũ ne ɔkra anisɔ’ som Onyankopɔn, na n’ani gyei saa a ɔyɛe no mu. (1 Beresosɛm 28:9) Saa su horow yi ara nso na ɛkaa tete Kristofo ma wɔdaa ɔma honhom adi no.

Yehowa—Ɔmafo a Ɔsen Biara No

Ɛyɛ Yehowa mu na yehu ɔma ho nhwɛso a ɛsen biara. Ɔwɔ ɔdɔ ne tema araa ma “ɔma ne wia pue nnipa bɔne ne nnipa pa so, na ɔma osu tɔ gu wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ so.” (Mateo 5:45) Ɔma adesamma nyinaa “nkwa ne ɔhome ne ade nyinaa.” (Asomafo no Nnwuma 17:25) Nokwarem no, sɛnea osuani Yakob da no adi no, “akyɛde pa nyinaa ne adekyɛde a ɛyɛ pɛ nyinaa fi soro, efi hann agya no nkyɛn na ɛba.”—Yakobo 1:17.

Yehowa akyɛde a ɛsen biara a ɔde ama yɛn ne soma a ɔsomaa ne ‘ba a ɔwoo no koro no bae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa’ no. (Yohane 3:16) Obiara ntumi nka sɛ ɔfata akyɛde a ɛte saa, ‘efisɛ yɛn nyinaa ayɛ bɔne, na Onyankopɔn anuonyam abɔ yɛn.’ (Romafo 3:23, 24; 1 Yohane 4:9, 10) Kristo agyede no ne nnyinaso ne ɔkwan a Onyankopɔn nam so de ‘akyɛde a enni kabea,’ a ɛyɛ ‘Onyankopɔn dom a ɛboro so no’ ma. (2 Korintofo 9:14, 15) Anisɔ a Paulo wɔ ma Onyankopɔn akyɛde no nti, ɔde yɛɛ n’asetram adwuma titiriw ‘dii Onyankopɔn dom asɛmpa no ho adanse.’ (Asomafo no Nnwuma 20:24) Ohui sɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ “wogye nnipa nyinaa nkwa na wɔba nokware nimdeɛ mu.”—1 Timoteo 2:4.

Ɛnnɛ, wɔreyɛ eyi denam asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma kɛse a mprempren emu atrɛw akodu nsase 234 so wɔ wiase nyinaa no so. Yesu kaa ntrɛwmu yi ho asɛm siei bere a ɔkae sɛ: “Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba” no. (Mateo 24:14) Yiw, “etwa sɛ wɔka asɛmpa no kyerɛ amanaman nyinaa kan.” (Marko 13:10) Afe a etwaam no, asɛmpa no ho adawurubɔfo bɛboro ɔpepem asia de bɛboro nnɔnhwerew 1,202,381,302 yɛɛ adwuma yi, na wɔyɛɛ Bible adesua ahorow bɛboro 5,300,000. Bere a nnipa nkwa da asiane mu no, nkyerɛkyerɛ yi ne ade a ɛho hia sen biara.—Romafo 10:13-15; 1 Korintofo 1:21.

Wotintim nhoma ɔpepem pii—a nea ɛka ho bi ne Bible, nhoma akɛse, ne nhomawa—afe biara de boa wɔn a Bible mu nokware ho kɔm de wɔn no. Afei nso, wotintim Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma bɛboro ɔpepepem biako. Bere a nkurɔfo gye asɛmpa no tom no, wosisi Yehowa Adansefo Ahenni Asa ne Nhyiam Asa ahorow, mmeae a wogye Bible mu nkyerɛkyerɛ no pii. Wɔyɛ amansin nhyiam, da koro nhyiam titiriw, ne amantam nhyiam ahorow ho nhyehyɛe afe biara. Asɛmpatrɛwfo, ahwɛfo akwantufo, mpanyimfo, ne asafo mu asomfo ntetee nso yɛ nea ɛkɔ so bere nyinaa. Yɛda Yehowa ase sɛ ɔnam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so ayɛ nsiesiei ahorow yi nyinaa. (Mateo 24:45-47) Hwɛ sɛnea yɛn ani gye sɛ yɛbɛda anisɔ a yɛwɔ ma No adi!

Anisɔ a Yɛbɛkyerɛ Ama Yehowa

Sɛnea na ɛte wɔ asɔrefie no si ne tete Kristofo asafo ahorow no ahiade ho dwumadi mu no, wɔnam ntoboa ahorow a wofi wɔn pɛ mu yi nkutoo so na ɛbɔ eyinom nyinaa ho ka. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ, obiara nni hɔ a obetumi ama Yehowa, ade nyinaa Wura no, anya ne ho. (1 Beresosɛm 29:14; Hagai 2:8) Ɛnde, ntoboa ahorow a yeyi no yɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛma nokware som anya nkɔanim no ho adanse. Paulo ka sɛ, saa ayamyede ahorow yi “ma Onyankopɔn nya aseda.” (2 Korintofo 9:8-13) Yehowa hyɛ ɔma a ɛte saa ho nkuran efisɛ ɛda no adi sɛ yɛwɔ ɔma honhom a ɛfata ne koma pa wɔ ne ho. Yehowa behyira wɔn a wɔwɔ ayamye na wɔde wɔn ho to no so no, na wobedi yiye honhom fam. (Deuteronomium 11:13-15; Mmebusɛm 3:9, 10; 11:25) Yesu maa yɛn awerɛhyem sɛ yebenya anigye, na ɔkae sɛ: “Ɔma mu wɔ nhyira mmom sen ogye.”—Asomafo no Nnwuma 20:35.

Kristofo a wɔwɔ ɔma honhom no ntwɛn nkosi ahokyere bere mu. Mmom no, wɔhwehwɛ hokwan ahorow a ‘wɔde bɛyɛ nnipa nyinaa yiye, ne titiriw no wɔn a wɔyɛ gyidi fiefo no.’ (Galatifo 6:10) Bere a Paulo rehyɛ ayamye pa ho nkuran no, ɔkyerɛwee sɛ: “Yiyeyɛ ne adekyɛ na mommma mo ani mmpa so, efisɛ saa afɔrebɔ no sɔ Onyankopɔn ani.” (Hebrifo 13:16) Sɛ yɛde yɛn agyapade—yɛn bere, yɛn ahoɔden, yɛn sika—boa afoforo na yɛde ma nokware som nya nkɔanim a, ɛsɔ Yehowa Nyankopɔn ani yiye. Nokwarem no, n’ani gye ɔma honhom ho.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 28, 29

Akwan a Ebinom Fa So Yi Ntoboa

NTOBOA A WOYI BOA WIASE NYINAA ADWUMA NO

Nnipa pii yi sika to hɔ, anaa wɔyɛ nhyehyɛe de kɔto ntoboa nnaka a wɔakyerɛw ho “Ntoboa Ma Wiase Nyinaa Adwuma No—Mateo 24:14” no mu.

Ɔsram biara, asafo ahorow de sika yi mena Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛhwɛ wɔn aman dwumadi so no. Wubetumi de sika a wufi wo pɛ mu yi no nso amena Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania, c/o Office of the Secretary and Treasurer, 25 Columbia Heights, Brooklyn, New York 11201-2483 tẽẽ, anaa baa dwumadibea a ɛhwɛ wo man no dwumadi so no. Wobetumi de krataa a wɔde yi sika wɔ sikakorabea ama “Watch Tower” de atua. Wubetumi de agude anaa nneɛma foforo a ɛsom bo nso ama. Ɛsɛ sɛ wode krataa tiawa bi a ɛkyerɛ sɛ saa ntoboa yi yɛ akyɛde koraa ka ho.

NTOBOA A WƆDE MA KOSI BERE BI HO NHYEHYƐE

Obi betumi de sika ama ma wɔayɛ nhyehyɛe soronko bi wɔ ho, na sɛ ɛba sɛ nea ɔde mae no bisa a, ama wɔatumi asan de ama no. Sɛ wopɛ ho nsɛm pii a, yɛsrɛ sɛ wo ne Treasurer’s Office no nni nkitaho denam address a yɛaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no so.

ADƆE HO NHYEHYƐE

Wɔ sika a wɔde kyɛ koraa ne ntoboa a nhyehyɛe bi bata ho akyi no, akwan foforo wɔ hɔ a wubetumi afa so ayi bi ama de aboa wiase nyinaa Ahenni adwuma no. Ebi ne:

Insurance: Obi betumi ayɛ nhyehyɛe na sɛ owu a, wɔde ne Insurance sika anaa sika a sɛ ogyae adwuma anaa ɔkɔ pɛnhyen a, wɔde bɛma no no ama Ɔwɛn Aban Asafo no.

Sika a Wɔde Sie Wɔ Sikakorabea: Obi betumi de ne sika a ɛwɔ sikakorabea, sika kɛse a ɛda sikakorabea ho adanse krataa, anaa sika a sɛ ogyae adwuma a wobetua ama no no ato hɔ ama Ɔwɛn Aban Asafo no ahwɛ so anaa sɛ owu a wɔatua ama Ɔwɛn Aban Asafo no, sɛnea ɛne ne man mu sikakorabea ahwehwɛde hyia.

Adwuma Mu Kyɛfa ne Sika a Wɔde Bɔ Bosea: Obi betumi de adwuma a ɔyɛ mu kyɛfa a ɔwɔ ne sika a ɔde abɔ bosea a wɔbɛsan atua ama no no ama Ɔwɛn Aban Asafo no sɛ akyɛde koraa.

Adan ne Nsase: Obi betumi de adan anaa nsase a wotumi tɔn ama sɛ akyɛde koraa anaasɛ, ɛdefa adan ne nsase a ɛwɔ kurom ho no, wobetumi ayɛ ho nhyehyɛe sɛnea ɛbɛma nea ɔde mae no akɔ so atra mu bere a ɔte ase no. Ɛsɛ sɛ wo ne wo man mu baa dwumadibea di nkitaho ansa na wode adan anaa asase bi ama.

Akyɛde a Wɔde Ma na Wodidi Ho: Akyɛde a wɔde ma na wodidi ho yɛ nhyehyɛe a obi yɛ de sika anaa agyapade bi ma Ɔwɛn Aban Asafo no. Nea ɔde ma no anaa obi a nea ɔde ma no bɛpaw no no didi ho denam sika pɔtee bi a wotua ma no afe biara kosi sɛ obewu no so. Wɔtew tow a nea ɔde akyɛde a wodidi ho ma no tua no so wɔ afe a wɔyɛ ho nhyehyɛe no mu.

Nsamansew ne Sika a Wɔde Sie Ma Wɔhwɛ So: Obi betumi de agyapade anaa sika ama Ɔwɛn Aban Asafo no denam mmara kwan so nsamansew so, anaa obetumi ayɛ nhyehyɛe na sɛ owu a, wɔde sika bi a wɔde asie sɛ wɔnhwɛ so no ama Ɔwɛn Aban Asafo no. Wotumi tew tow a wotua wɔ sika a wɔde asie sɛ wɔnhwɛ so a wɔde ma nyamesom ahyehyɛde bi ho no so.

Sɛnea asɛm a ɛne “adɔe tirimbɔ” kyerɛ no, nea saa ntoboayi yi hwehwɛ ankasa ne sɛ nea ɔde ma no bɛbɔ ne tirim wɔ nneɛma bi ho. Nea ɛbɛyɛ na wɔaboa wɔn a wɔpɛ sɛ wɔboa Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwuma no denam adɔe tirimbɔ bi so no, Asafo ti no asiesie Engiresi ne Spania kasa mu nhomawa a wɔato din Charitable Planning to Benefit Kingdom Service Worldwide. Wɔkyerɛw nhomawa no de buaa nsɛmmisa pii a wɔn nsa ka faa akyɛde, nsamansew, ne sika a wɔde sie ma wɔhwɛ so ho no. Ɛsan kura adan ne nsase, sikasɛm ne towtua ho nhyehyɛe ho nsɛm foforo a mfaso wɔ so. Ɛma ankorankoro hu akwan horow a wobetumi afa so ama akyɛde mprempren anaasɛ agyapade a wobewu agyaw hɔ. Bere a nnipa pii akenkan nhomawa no na wɔne wɔn ankasa mmaranimfo anaa tow tua ho afotufo ne wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ Charitable Planning Office adi nkitaho no, wɔatumi aboa Yehowa Adansefo wɔ wiase afanan nyinaa, na bere koro ara no, wɔanya saa a wɔayɛ no ho mfaso kɛse wɔ tow a wotua a wɔatew so no ho. Wubetumi anya saa nhomawa yi bi denam Charitable Planning Office a wubebisa afi wɔn hɔ tẽẽ no so.

Sɛ wopɛ ho nsɛm pii a, wubetumi afa nkrataa-kyerɛw anaa telefon so de ase hɔ address no anaa Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛhwɛ wo man no dwumadi so no, ne Charitable Planning Office no adi nkitaho.

Charitable Planning Office

Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania

100 Watchtower Drive,

Patterson, New York 12563-9204

Telephone: (845) 306-0707

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Dɛn na ɛkanyan tete Kristofo no ma wɔdaa ayamye adi?