Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Yebetumi Anya Obi Mu Ahotoso?

So Yebetumi Anya Obi Mu Ahotoso?

So Yebetumi Anya Obi Mu Ahotoso?

BERE a Berlin Ɔfasu no bui wɔ afe 1989 mu akyi no, ahintasɛm pii a wɔakora so yiye bɛdaa adi. Sɛ nhwɛso no, Lydia * behui sɛ bere a na Sohyialisfo di East Germany so no, na Stasi anaa Ɔman Bammɔ Kuw no, ayɛ ne kokoam dwumadi ahorow ho kyerɛwtohɔ. Sɛ ɛyɛɛ Lydia nwonwa sɛ ɔtee kyerɛwtohɔ no ho asɛm a, ɛnde ne ho dwiriw no sɛ ɔtee nea ɔde ho nsɛm maa Stasi no—ne kunu. Ná obi a anka ɛsɛ sɛ otumi nya ne mu ahotoso koraa no na wayi no ama yi.

The Times a wotintim wɔ London no bɔ amanneɛ sɛ ná Robert yɛ ɔbarima a n’ani afi a ɔwɔ “obu kɛse, nkamfo ne ahotoso” ma ne duruyɛfo. Ná wɔka oduruyɛfo no ho asɛm sɛ “obi a ɔwɔ ayamye ne tema.” Afei, Robert wui mpofirim. So ná ɛyɛ koma yare anaa yare a ɛma obi fã dwudwo? Dabi. Atumfoɔ no behui sɛ, oduruyɛfo no kɔsraa Robert wɔ ne fie, na ɔde awuduru bi wɔɔ no paane a na Robert ne n’abusuafo nnim. Ɛda adi sɛ obi a na Robert wɔ ne mu ahotoso koraa na okum no.

Afoforo mu ahotoso a na Lydia ne Robert wɔ no sɛee koraa ma ekowiee bɔne. Wɔ nsɛm foforo mu no, nea efi mu ba no nyɛ hu kɛse. Nanso, sɛ́ obi a yɛwɔ ne mu ahotoso bedi yɛn huammɔ no nyɛ asɛm a ɛyɛ nwonwa. Amanneɛbɔ bi a German nhwehwɛmu asuae Allensbacher Jahrbuch der Demoskopie 1998-2002, tintimii no daa no adi wɔ nhwehwɛmu biako mu sɛ, wɔn a wobisabisaa wɔn nsɛm no ɔha biara mu 86 yɛ wɔn a na afoforo a wɔwɔ wɔn mu ahotoso adi wɔn huammɔ. Ebia woanya osuahu a ɛte saa pɛn. Enti, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa sɛ Switzerland atesɛm krataa Neue Zürcher Zeitung bɔɔ amanneɛ wɔ afe 2002 mu sɛ “mfe pii ni na ahotoso a nkurɔfo wɔ wɔ wɔne wɔn ho wɔn ho abusuabɔ mu rekɔ fam wɔ Atɔe fam aman a wɔyɛ mfiridwuma wom no mu.”

Ne Nya Gye Bere, Nanso Ɛsɛe Ntɛmntɛm

Dɛn ne ahotoso? Sɛnea nsɛm asekyerɛ nhoma bi ka no, sɛ́ wubenya ahotoso wɔ afoforo mu no, kyerɛ sɛ “wubegye adi sɛ wodi nokware na wɔrenhyɛ da nyɛ biribi a ebepira wo.” Ahotoso nya gye bere nanso ebetumi asɛe ntɛm ara. Esiane sɛ nnipa pii rehu sɛ afoforo abu wɔn ani agu ahotoso a wɔwɔ wɔ wɔn mu so nti, so ɛyɛ nwonwa sɛ nnipa twetwe wɔn ho wɔ ahotoso a wobenya wɔ afoforo mu no ho? Sɛnea nhwehwɛmu bi a wotintimii wɔ Germany wɔ afe 2002 mu ka no, “mmabun a wɔwɔ nnipa foforo mu ahotoso kakra no nnu 3 biara mu 1.”

Yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘So obiara na yebetumi anya ne mu ahotoso ankasa? So eye sɛ yebenya obi mu ahotoso wɔ mmere ko a ebetumi aba sɛ obedi yɛn huammɔ no?’

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 2 Wɔasesa edin ahorow no.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 3]

Nhwehwɛmu biako daa no adi sɛ wɔn a wobisabisaa wɔn nsɛm no ɔha biara mu 86 yɛ wɔn a na afoforo a wɔwɔ wɔn mu ahotoso adi wɔn huammɔ