Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Kyerɛkyerɛɛ Me Fii Me Mmofraase

Yehowa Kyerɛkyerɛɛ Me Fii Me Mmofraase

Asetram Nsɛm

Yehowa Kyerɛkyerɛɛ Me Fii Me Mmofraase

SƐNEA RICHARD ABRAHAMSON KA KYERƐE

“Onyankopɔn, wo na wufi me mmofraase kyerɛkyerɛɛ me, na maka w’anwonwade no mabedu sesɛɛ.” Ma menkyerɛkyerɛ nea enti a saa nsɛm a ɛwɔ Dwom 71:17 no kyerɛ biribi titiriw ankasa ma me no mu.

WƆ AFE 1924 mu no, Bible Asuafo, sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo saa bere no, baa me Maame Fannie Abrahamson nkyɛn. Saa bere no, na madi afe pɛ. Sɛ wɔkyerɛkyerɛ Maame Bible mu nokwasɛm no a, na ɔyɛ ntɛm kɔ n’afipamfo nkyɛn kɔka nneɛma a wasua no kyerɛ wɔn, na ɔkyerɛkyerɛɛ me ne me nuabarima panyin ne me nuabea nso. Ansa na merehu akenkan no, na waboa me ma masua kyerɛw nsɛm a ɛfa nhyira a Onyankopɔn Ahenni no de bɛba ho no pii agu me tirim.

Wɔ 1920 mfe no mu hɔ no, na mmea ne mmofra kakraa bi pɛ na wɔwɔ Bible Asuafo kuw a na yɛwom wɔ Oregon kurow La Grande, U.S.A., faako a wɔwoo me tetee me no mu. Ɛwom sɛ na baabi a yɛwɔ no atew ne ho de, nanso na ahwɛfo akwantufo a na wɔfrɛ wɔn ɔsom ho akwantufo no bɛsra yɛn pɛnkoro anaa mprenu wɔ afe no mu. Saafo yi maa ɔkasa ahorow a ɛhyɛ nkuran, ne yɛn yɛɛ afie-afie asɛnka adwuma no na afei nso wofi komam kyerɛɛ mmofra ho anigye. Adɔfo yi mu bi ne Shield Toutjian, Gene Orrell, ne John Booth.

Yɛn kuw no muni biara nni hɔ a otumi kɔɔ ɔmantam nhyiam a wɔyɛɛ no afe 1931 mu wɔ Columbus, Ohio, baabi a Bible Asuafo no gyee edin Yehowa Adansefo toom no bi. Nanso saa August no, akuw, sɛnea na wɔfrɛ asafo ahorow saa bere no, ne akuw nketewa a ɛwɔ mmeae a atew ne ho a wɔn mu biara antumi ankɔ ɔmantam nhyiam no bi no hyiae wɔ faako a wɔte no yɛɛ tirimbɔ bi de penee edin no so. Yɛn kuw ketewa a na ɛwɔ La Grande no yɛɛ saa. Afei, misuaa Bible mu nsɛm a wɔka kyerɛ guu me tirim yɛɛ afie-afie asɛnka a na obiara nka me ho nea edi kan koraa wɔ afe 1933 mu ɔsatu a yɛyɛ de kyekyɛɛ nhomawa The Crisis no mu.

Na yɛrehyia ɔsɔretia a emu yɛ den wɔ yɛn adwuma no ho wɔ 1930 mfe no mu. Nea ɛbɛma yɛatumi agyina ano no, wɔkyekyɛɛ akuw no mu yɛɛ no nea wɔfrɛɛ no akuw nketewa, a wɔn nso yɛɛ nhyiam nketewa ne asɛnka adwuma a wɔfrɛɛ no akuw nketewa ɔsatu ahorow pɛnkoro anaa mprenu wɔ afe no mu. Wɔkyerɛkyerɛɛ yɛn akwan a yɛbɛfa so ayɛ asɛnka adwuma no ne sɛnea yɛne polisifo a na wotwitware yɛn ananmu no bedi nsɛm wɔ obu mu wɔ saa nhyiam ahorow yi ase. Esiane sɛ na wɔtaa de Adansefo kɔ polisifo atemmufo anim anaa asɛnnibea nti, na yɛtaa bobɔ nsɛm bi a wɔakyerɛw agu kratasin bi a wɔfrɛ no Asɛnni Ho Nhyehyɛe so so. Eyi siesiee yɛn ma yegyinaa ɔsɔretia ano.

Bible Mu Nokware Ho Ntease a Minyae Me Mmofraase

Ná anisɔ a mewɔ ma Bible mu nokware no ne anidaso a ɛne sɛ mɛtra ase daa wɔ asase so wɔ Onyankopɔn soro Ahenni ase no mu reyɛ den. Saa bere no, na wonsi asubɔ so dua pii wɔ wɔn a wonni anidaso sɛ wɔne Kristo bedi ade wɔ ɔsoro no fam. (Adiyisɛm 5:10; 14:1, 3) Nanso, wɔka kyerɛɛ me sɛ sɛ masi me bo sɛ mɛyɛ Yehowa apɛde a, ɛnde na ɛbɛyɛ papa sɛ mebɔ asu. Meyɛɛ eyi wɔ August 1933 mu.

Bere a midii mfe 12 no, me kyerɛkyerɛfo hui sɛ mebɔ mmɔden wɔ baguam ɔkasa ho ma enti ɔhyɛɛ Maame nkuran sɛ ɔnyɛ ntetee foforo ho nhyehyɛe mma me. Maame susuwii sɛ eyi betumi aboa me ma masom Yehowa yiye. Ɛno nti, ɔnam me kyerɛkyerɛfo no nneɛma a ɔhoro maa no afe no so tuaa m’adesua no ho ka. Ntetee no boaa me yiye wɔ me som adwuma no mu. Bere a midii mfe 14 no, atiridii bi bɔɔ me maa mekaa dan mu bɛboro afe biako.

Bere nyinaa somfo bi a wɔfrɛ no Warren Henschel baa baabi a na yɛte no wɔ afe 1939 mu. * Honhom fam no, na ɔyɛ me nua panyin a na metaa ne no de nna pii yɛ asɛnka adwuma no. Ankyɛ na ɔboaa me ma mehyɛɛ akwamma akwampae adwuma, a na ɛte sɛ bere tiaa mu bere nyinaa som adwuma no ase. Saa ahohuru bere no, wɔyɛɛ yɛn kuw ketewa no asafo. Wɔpaw Warren sɛ kuw somfo, na wɔpaw me Ɔwɛn-Aban Adesua sohwɛfo. Bere a Warren fii hɔ kɔsom wɔ Betel, Yehowa Adansefo wiase nyinaa dwumadibea ti a ɛwɔ Brooklyn, New York no, mebɛyɛɛ kuw somfo.

Mifi Bere Nyinaa Som Adwuma Ase

Asɛyɛde ahorow a na ɛwɔ kuw somfo adwuma no mu no maa ɔpɛ a na mewɔ sɛ mɛyɛ bere nyinaa som adwuma a mifii ase bere a na madi mfe 17 a na mede mfe abiɛsa akɔ ntoaso sukuu awie no mu bɛyɛɛ den. Ɛwom sɛ na Paapa ne yɛn nni ɔsom mu gyidi biako de, nanso na ɔhwɛ yɛn yiye na na ɔyɛ ɔbarima a ɔde nnyinasosɛm pa yɛ adwuma. Na ɔpɛ sɛ mekɔ kɔlege. Nanso, ɔkae sɛ sɛ menhwɛ kwan sɛ ɔno na ɔbɛhwɛ me de a, ɛnde metumi ayɛ nea mapaw no. Enti mifii akwampae adwuma ase September 1, 1940.

Bere a merefi fie no, Maame ma mekenkanee Mmebusɛm 3:5, 6 a ɛka sɛ: “Fa wo koma nyinaa bata [Yehowa, NW] ho, na mfa wo ho ntweri wo nhumu. Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛteɛ w’akwan” no. Na nokwarem no, Yehowa a mede me ho to ne so bere nyinaa no aboa me yiye.

Ankyɛ na mekɔkaa Joe ne Margaret Hart ho wɔ ɔsom adwuma no mu wɔ Washington State anafo fam mfinimfini hɔ. Ná nneɛma a ɛwɔ asasesin no mu gu ahorow—baabi a wɔyɛn anantwi ne nguan, Indiafo nsase a wɔabɔ ho ban, ne afei nkurow nketewa ne nkuraa pii. Wɔpaw me sɛ kuw sohwɛfo wɔ asafo a na ɛwɔ Wenatchee, Washington no mu wɔ afe 1941 fefɛw bere mu.

Bere a yɛyɛɛ ɔmansin nhyiam bi wɔ Walla Walla a ɛwɔ Washington no, migyee ahɔho kyerɛɛ nhyiamfo no kwan kɔɔ nhyiam asa no so. Mihuu onua aberantewaa bi sɛ ɔrebɔ mmɔden biara ama akasam afiri no ayɛ adwuma nanso ontumi nyɛ. Enti mekae sɛ ɔmma memmɛyɛ n’adwuma no na ɔno nso mmɛyɛ me de no. Bere a Albert Hoffman, ɔmantam somfo no behui sɛ magyae m’adwuma no, ɔde serew kyerɛkyerɛɛ me hia a ɛho hia sɛ obi kɔ so yɛ adwuma a wɔde ahyɛ ne nsa kosi sɛ wɔbɛka akyerɛ no sɛ onnyae. Me werɛ mfii saa afotu yi da.

Yehowa Adansefo yɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛyɛ ɔmantam nhyiam kɛse bi wɔ St. Louis, Missouri, wɔ August 1941 mu. Joe ne Margaret Hart kataa wɔn kar a na akyi da hɔ no so de benkyi sisii mu. Yɛn akwampaefo baakron no traa saa kar no mu twaa saa kwan a na ne tenten yɛ kilomita 2,400 no kɔɔ St. Louis. Yɛn kɔ ne yɛn ba dii bɛyɛ adapɛn abien. Polisifo akontaabu kyerɛ sɛ nnipa dodow a ɛsen biara 115,000 na ɛbaa ɔmantam nhyiam no ase. Ɛwom sɛ ebia na nnipa no nnu saa de, nanso akyinnye biara nni ho sɛ na nhyiamfo no boro Adansefo bɛyɛ 65,000 a na wɔwɔ United States saa bere no. Na ɔmantam nhyiam no ma honhom mu denhyɛ.

Ɔsom Adwuma Wɔ Brooklyn Betel

Bere a mifii Wenatchee bae no, me nsa kaa krataa bi sɛ memmra Brooklyn Betel. Miduu hɔ October 27, 1941 no, wɔde me kɔɔ Nathan H. Knorr, nhoma tintimbea sohwɛfo no adwumayɛdan mu. Ofi ayamye mu kyerɛkyerɛɛ me sɛnea Betel te ankasa na osii so dua sɛ Yehowa a mede me ho bɛbata no no ho hia yiye na ama manya nkɔso wɔ hɔ. Afei, wɔde me kɔɔ Amanae Dwumadibea ma mifii adwuma ase wɔ hɔ sɛ obi a ɔkyekyere nnaka a wɔde nhoma gu mu mena ano.

Joseph Rutherford a saa bere no na odi Yehowa Adansefo anim wɔ wiase nyinaa no wui wɔ January 8, 1942 mu. Nnanum akyi no, Asafo ti no akwankyerɛfo paw Onua Knorr sɛ onsi n’ananmu. Bere a W. E. Van Amburgh, a na ɔde mmere pii asom sɛ Asafo ti no kyerɛwfo ne fotosanfo rebɔ Betel abusua no amanneɛ no, ɔkae sɛ: “Mekae bere a C. T. Russell wui [wɔ afe 1916 mu] na wɔde J. F. Rutherford sii n’ananmu no. Awurade kɔɔ so kyerɛɛ N’adwuma kwan ma enyaa nkɔso. Esiane sɛ adwuma no yɛ Awurade de na ɛnyɛ onipa bi de nti, mewɔ ahotoso a emu yɛ den sɛ seesei a Nathan H. Knorr abɛyɛ otitrani yi, adwuma no bɛkɔ so.”

Wɔbɔɔ amanneɛ wɔ February 1942 mu sɛ wɔbɛhyɛ “Teokrase Ɔsom Ntoaso Sukuu” no ase. Wɔhyehyɛe na wɔde atete wɔn a wɔwɔ Betel no na ama wɔanya nkɔanim wɔ Bible mu nsɛm ho nhwehwɛmu a wɔyɛ no ho, aboa wɔn ma wɔatu mpɔn wɔ ɔkwan a wɔfa so hyehyɛ nsɛm no mu, na ama wɔatumi ada nsɛm no adi wɔ ɔkwampa so. Esiane ntetee a na manya dedaw wɔ baguam ɔkasa ho nti, minyaa nkɔanim ntɛmntɛm wɔ nhyehyɛe no mu.

Anni nna bi na wɔma mekɔyɛɛ adwuma wɔ Ɔsom Dwumadibea a ɛhwɛ Adansefo a wɔwɔ United States som adwuma so no. Akyiri yi wɔ saa afe no mu no, wosii gyinae sɛ wɔbɛyɛ nhyehyɛe ama asomfo akɔsrasra Adansefo akuw ahorow. Bere kɔɔ so no, wɔbɛfrɛɛ saa ahwɛfo akwantufo a na wɔfrɛ wɔn anuanom asomfo no sɛ amansin so ahwɛfo. Wɔyɛɛ sukuu bi wɔ Betel de tetee anuanom maa saa ɔsom adwuma yi wɔ afe 1942 ahohuru bere mu, na meka wɔn a wonyaa hokwan nyaa saa ntetee yi bi no ho. Mekae asɛm a akyerɛkyerɛfo no mu biako, Onua Knorr kae no yiye: “Mmɔ mmɔden sɛ wobɛsɔ nnipa ani. Akyiri yi wubehu sɛ woantumi ansɔ obiara ani. Yɛ nea ɛsɔ Yehowa ani na ɛbɛma woasɔ wɔn a wɔdɔ Yehowa no ani.”

Wofii akwantu adwuma no ase wɔ October 1942 mu. Yɛn a na yɛwɔ Betel no bi nyaa mu kyɛfa kɔsrasraa asafo ahorow a efi New York City rekɔ hɔ bɛyɛ kilomita 400 no wɔ adapɛn awiei bi. Yɛhwehwɛɛ asafo no asɛnka ne wɔn nhyiamkɔ ho kyerɛwtohɔ mu, ne wɔn a wɔwɔ asafo mu asɛyɛde ahorow yɛɛ nhyiam, maa ɔkasa biako anaa abien bi ne Adansefo a wɔwɔ hɔ no nso boom yɛɛ asɛnka adwuma.

Ná meka wɔn a wotuu wɔn fii Ɔsom Dwumadibea hɔ ma wɔkɔyɛɛ akwantu adwuma asram asia wɔ Delaware, Maryland, Pennsylvania, ne Virginia wɔ afe 1944 mu no ho. Akyiri yi, mede asram kakraa bi kɔsrasraa asafo ahorow a ɛwɔ Connecticut, Massachusetts, ne Rhode Island no. Bere a mesan baa Betel no, mede bere fã kɔyɛɛ adwuma wɔ Onua Knorr ne ne kyerɛwfo Milton Henschel adwumayɛdan mu, beae a mihuu yɛn wiase nyinaa adwuma no ani so yiye no. Mede bere fã nso yɛɛ adwuma wɔ Fotosanfo Adwumayɛdan a na W. E. Van Amburgh ne ne boafo Grant Suiter na ɛhwɛ so no mu. Afei, wɔ afe 1946 mu no, wɔpaw me sɛ Betel adwumayɛdan ahorow pii sohwɛfo.

Nsakrae Akɛse a Ɛbaa M’asetram

Bere a na meresom asafo ahorow wɔ afe 1945 mu no, mihyiaa Julia Charnauskas wɔ Providence, Rhode Island. Yesusuw aware ho wɔ afe 1947 mfinimfini mu hɔ. Ná mepɛ Betel som adwuma yiye, nanso saa bere no na nhyehyɛe biara nni hɔ a ɛma obi aware mu hokafo bɛka ne ho wɔ hɔ. Enti mifii Betel wɔ January 1948 mu kɔwaree Julia (Julie). Minyaa adwuma a wɔde bere fã yɛ wɔ aguadidan bi mu wɔ Providence ma enti yɛhyɛɛ akwampae adwuma ase.

Wɔtoo nsa frɛɛ me ma mekɔyɛɛ ɔmansin adwuma wɔ Wisconsin kusuu fam atɔe wɔ September 1949 mu. Na ɛyɛ nsakrae kɛse ma me ne Julie sɛ yɛbɛyɛ asɛnka adwuma dodow no ara wɔ nkurow nketewa ne nkuraase a wokyi nufusu wɔ hɔ no. Na awɔw bere no kyɛ na ano yɛ den, na adapɛn pii wɔ hɔ a awɔw ba denneennen na sukyerɛma tɔ pii. Na yenni kar. Nanso, na bere biara obi dom fa yɛn kɔ asafo a edi hɔ no mu.

Mehyɛɛ ɔmansin adwuma ase no, ankyɛ koraa na yɛyɛɛ ɔmansin nhyiam. Mekae sɛ mikyinkyin obiara so hwɛe sɛ ɔreyɛ n’adwuma yiye anaa, na ɛmaa ebinom yɛɛ basaa kakra. Enti Nicholas Kovalak, ɔmantam sohwɛfo no fi ayamye mu boaa me ma metee ase sɛ anuanom a wɔwɔ hɔ no nim sɛnea wɔyɛ nneɛma dedaw enti mma menyɛ ade nnkɔ akyiri saa. Saa afotu no aboa me ma matumi adi asɛyɛde afoforo pii ho dwuma de besi nnɛ.

Wɔmaa me bere tiaa mu dwumadi bi wɔ afe 1950 mu—sɛ menkɔhwɛ dabere ho nhyehyɛe a wɔreyɛ ama nhyiamfo a na wɔbɛba amantam nhyiam akɛse pii a na wɔbɛyɛ wɔ Yankee Stadium wɔ New York City no nea edi kan no so. Ɔmantam nhyiam a nnipa 123,707 fi aman 67 so bae no yɛɛ ahomeka fi mfiase kosii awiei! Nhyiam no akyi no, me ne Julie hyɛɛ yɛn akwantu adwuma no ase bio. Yɛn ani gyee ɔmansin adwuma no mu ankasa. Nanso, yɛtee nka sɛ ɛsɛ sɛ yɛkɔ so de yɛn ho bɔ afɔre. Enti na yɛkyerɛw Betel ne asɛmpatrɛw ho akwammisa nkrataa afe biara. Yɛn ani gyei bere a wɔtoo nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛnkɔ Ɔwɛn-Aban Gilead Bible Sukuu adesua a ɛto so 20 no bi wɔ afe 1952 mu, faako a yenyaa asɛmpatrɛw adwuma ho ntetee no.

Amannɔne Som Adwuma

Bere a yewiee yɛn adesua wɔ afe 1953 mu no, wɔde yɛn kɔɔ Britain ma mekɔyɛɛ ɔmantam adwuma wɔ England anafo fam. Me ne Julie amfa afe anyɛ adwuma a na yɛn ani gye ho saa no mpo wɔ hɔ na wɔmaa yɛn dwumadi foforo bi a ɛmaa yɛn ho dwiriw yɛn wɔ Denmark. Na ɛho abehia sɛ wonya obi ma ɔkɔhwɛ Denmark baa dwumadibea no so. Esiane sɛ na mebɛn hɔ na afei nso manya adwuma a ɛte saa ho ntetee wɔ Brooklyn nti, wɔde me kɔɔ hɔ sɛ menkɔboa. Yɛfaa ahyɛmma de kɔɔ Netherlands, na afei yɛfaa keteke fii hɔ de kɔɔ Copenhagen, Denmark. Yeduu hɔ August 9, 1954.

Ɔhaw ahorow a na ɛsɛ sɛ yedi ho dwuma no mu biako ne sɛ na wɔn a asɛyɛde hyehyɛ wɔn nsa no mu bi mpɛ sɛ wobedi akwankyerɛ a efi adwumayɛbea ti a ɛwɔ Brooklyn no so. Bio nso, nnipa baanan a wɔkyerɛ nhoma ase kɔ Denmark kasa mu no mu baasa fii Betel na akyiri yi mpo wɔne Yehowa Adansefo gyae abusuabɔ. Nanso Yehowa tiee yɛn mpaebɔ. Akwampaefo baanu bi, Jørgen ne Anna Larsen, a na wɔde bere fã kyerɛ kasa ase no de wɔn ho mae koraa bɛyɛɛ adwuma no bere nyinaa. Nsɛmma nhoma a na yɛkyerɛ ase kɔ Denmark kasa mu no kɔɔ so a amma da sɛ ebi wɔ hɔ a yɛn nsa anka. Jørgen ne Anna Larsen da so wɔ Betel wɔ Denmark, na seesei mpo Jørgen na ɔyɛ Baa Boayikuw no guamtrani.

Onua Knorr a na ɔtaa srasra yɛn wɔ saa mfe a na wɔrefi nneɛma ase wɔ hɔ no mu no yɛ ade a na ɛhyɛ yɛn nkuran ankasa. Na ogye bere ne wo kasa ka osuahu ahorow a ɛbɛma wo nhumu a wode bedi ɔhaw ahorow ho dwuma. Wɔ ne nsrahwɛ biako mu wɔ afe 1955 mu no, wosii gyinae sɛ yensi baa dwumadibea foforo a ɛwɔ mfiri a wɔde tintim nhoma na ama yɛatumi atintim nsɛmma nhoma ama Denmark. Wonyaa asase wɔ Copenhagen atifi fam kurotia baabi, na yetu kɔɔ ɔdan foforo no mu wɔ afe 1957 ahohuru bere mu. Harry Johnson ne ne yere Karin a wowiee Gilead adesua a ɛto so 26 a na wɔbaa Denmark nkyɛe no boa ma wɔhyehyɛɛ afiri a etintim nhoma no ma wɔde fii ase yɛɛ adwuma.

Yɛmaa yɛn amantam nhyiam akɛse a yɛyɛ wɔ Denmark ho nhyehyɛe no nyaa nkɔanim, na osuahu a minyae bere a na mereyɛ nhyiam ase adwuma wɔ United States no boae yiye. Nhyiamfo a wofi aman bɛboro 30 so na wɔbaa amanaman ntam nhyiam kɛse a yɛyɛe wɔ Copenhagen wɔ afe 1961 mu no bi. Nnipa dodow a ɛsen biara 33,513 na wɔbae. Wɔ afe 1969 mu no, yɛyɛɛ ɔmantam nhyiam a ɛbɛdaa adi sɛ ɛyɛ kɛse sen nea na wɔayɛ wɔ Scandinavia man biara so pɛn maa nnipa dodow a ɛsen biara 42,073 baa ase!

Wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ menkɔ Gilead adesua a ɛto so 38 no bi wɔ afe 1963 mu. Na ɛyɛ asram du ntetee a wɔayɛ mu nsakrae a wɔde tete baa dwumadibea adwumayɛfo titiriw. Na ɛyɛ anigye sɛ me ne Brooklyn Betel abusua no resan akonya abusuabɔ bio asan anya mfaso afi wɔn a na wɔde mfe pii ayɛ ɔhwɛ adwuma wɔ dwumadibea ti hɔ no nkyɛn.

Bere a yewiee saa ntetee no, mekɔɔ Denmark bio kɔtoaa asɛyɛde ahorow ho dwumadi so wɔ hɔ. Minyaa hokwan nso som sɛ dantaban sohwɛfo na mekɔsrasraa baa dwumadibea ahorow a ɛwɔ Europa atɔe ne atifi fam hyehyɛɛ adwumayɛfo a wɔwɔ hɔ no nkuran de mmoa a ɛbɛma wɔadi wɔn asɛyɛde ahorow ho dwuma maa wɔn. Mesan kɔyɛɛ saa adwuma yi bi nnansa yi ara wɔ Afrika Atɔe fam ne Caribbean.

Wɔ afe 1970 awiei hɔ no, anuanom a wɔwɔ Denmark no fii ase hwehwɛɛ baabi a wobetumi asisi adan akɛse ama kasa asekyerɛ ne nhoma tintim a na ɛrenya nkɔanim no. Wonyaa asase kama bi wɔ baabi a efi Copenhagen atɔe fam kɔ hɔ bɛyɛ kilomita 60. Bere a yɛyɛɛ sɛnea wobesi saa ɔdan yi ho mfonini no, na me ne Julie hwɛ kwan sɛ yɛne Betel abusua no bɛtra saa ofie foforo yi mu. Nanso amma saa.

Yɛsan Kɔ Brooklyn

Wɔtoo nsa frɛɛ me ne Julie sɛ yɛnkɔsom wɔ Brooklyn Betel wɔ November 1980 mu, na yeduu hɔ January 1981. Esiane sɛ na yɛreyɛ adi mfe 60, na yɛde yɛn nkwa nna mu fã kɛse no ara ne yɛn nuanom mmarima ne mmea adɔfo yi asom wɔ Denmark nti, na ɛnyɛ mmerɛw mma yɛn sɛ yɛbɛsan akɔ United States. Nanso yɛamfa yɛn adwene ansi faako a yɛpɛ sɛ yɛtra so, mmom yɛmaa yɛn adwene kɔɔ yɛn dwumadi foforo no ne nsɛnnennen a ebefi mu aba no so.

Yɛkɔbɔɔ atrase wɔ Brooklyn. Wɔmaa Julie kɔyɛɛ adwuma a na ɛte sɛ nea na ɔyɛ wɔ Denmark no ara pɛ wɔ sika ho ntotoe adwumayɛdan mu. Wɔma mekɔboae wɔ Akyerɛwfo Dwumadibea ma wɔyɛɛ bere a wɔde tintim nhoma ahorow ho nhyehyɛe. Wɔyɛɛ nsakrae ahorow wɔ ɔkwan a na wɔfa so yɛ adwuma wɔ Brooklyn no mu wɔ afe 1980 mfiase hɔ ma wogyaee akyerɛw afiri a na wɔde di dwuma ne sumpii a ɛyɛ hyew a wɔde gu afiri mu tintim nhoma no ma wɔde kɔmputa ne mfiri akɛse tintim nhoma. Na minnim kɔmputa ho hwee nanso na minim sɛnea wɔyɛ nneɛma ho nhyehyɛe ne sɛnea wɔne afoforo bom yɛ adwuma.

Esiane sɛ na yɛde kɔla ne mfonini ahorow rebɛyɛ yɛn nhoma nti, na ɛsɛ sɛ yɛyɛ nsakrae ahorow wɔ Mfoniniyɛ Dwumadibea hɔ. Ɛwom sɛ na minnyaa osuahu biara wɔ mfoniniyɛ mu da de, nanso na metumi aboa ma wɔayɛ ɛho nhyehyɛe. Ɛno nti, minyaa hokwan hwɛɛ saa dwumadibea no so mfe akron.

Wɔma mekɔboaa Sodikuw no Nhoma Tintim Boayikuw no wɔ afe 1992 mu na akyiri yi woyii me kɔɔ Fotosanfo Adwumayɛdan mu. Meda so boa wɔ ha ma wɔyɛ Yehowa Adansefo sikasɛm ho ntotoe.

Mifi Me Mmofraase Yɛɛ Ɔsom Adwuma No

Yehowa nam N’asɛm Bible no ne anuanom adɔfo a wɔwɔ n’ahyehyɛde mu so akyerɛkyerɛ me afi me mmofraase, na akɔ so wɔ mfirihyia 70 a mede asom no wɔ nokwaredi mu no nyinaa mu. Mede bɛboro mfe 63 na ayɛ bere nyinaa som adwuma no, na me ne me yere nokwafo Julie de emu bɛboro mfe 55 na abom asom. Nokwarem, mete nka sɛ Yehowa ahyira me ankasa.

Bere a mifii fie sɛ merekɔyɛ akwampae adwuma no wɔ afe 1940 mu no, paapa dii me ho fɛw kae sɛ: “Me ba, sɛ wufi fie kɔyɛ saa ade yi a, nsusuw sɛ wubetumi abɛhwehwɛ mmoa bi afi me nkyɛn.” Amma saa da wɔ mfe a abɛsen kɔ no nyinaa mu. Yehowa afi ayamye mu afa mfɛfo Kristofo so ama me nsa aka m’ahiade. Akyiri yi me papa benyaa obu maa yɛn adwuma no ma mpo onyaa nkɔso kakra wɔ Bible mu nokware no sua mu ansa na ɔrewu wɔ afe 1972 mu. Maame a na ɔwɔ ɔsorokɔ ho anidaso no kɔɔ so som Yehowa nokwaredi mu kosii sɛ owui bere a na wadi mfe 102 wɔ afe 1985 mu.

Ɛwom sɛ nsɛnnennen sɔre wɔ bere nyinaa som adwuma no mu de, nanso me ne Julie ansusuw ho da sɛ yɛde yɛn adwuma no bɛto hɔ. Yehowa akɔ so ahyɛ yɛn den wɔ saa gyinaesi yi mu. Mpo bere a na m’awofo mfe rekɔ anim na wohia mmoa no, me nuabea panyin Victoria Marlin fi ayamye mu kɔhwɛɛ wɔn. Yɛn ani sɔ mmoa kɛse a ɔyɛɛ yɛn ma enti yetumi kɔɔ so yɛɛ bere nyinaa som adwuma no.

Julie huu yɛn dwumadi ahorow no nyinaa sɛ n’ahosohyira ma Yehowa no fã ma enti ofi nokwaredi mu boaa me. Ɛwom sɛ seesei madi mfe 80 na minni ahoɔden papa de, nanso mete nka sɛ Yehowa ahyira me ankasa. Minya nkuranhyɛ pii fi odwontofo no a bere a ɔkae sɛ Onyankopɔn akyerɛkyerɛ no afi ne mmofraase no, ɔsan srɛe sɛ, ‘Onyankopɔn, nkwakoraabere mu nso nnyaw me, kosi sɛ mɛka wo tumi ho asɛm makyerɛ wɔn a wɔbɛba nyinaa’ no nkyɛn.—Dwom 71:17, 18.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 12 Na Warren yɛ onua Milton Henschel a ɔde mfe pii somee sɛ Yehowa Adansefo Sodikuw no muni no nua panyin.

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Me ne Maame wɔ afe 1940 mu, bere a mehyɛɛ akwampae adwuma ase no

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Me ne me mfɛfo akwampaefo, Joe ne Margaret Hart

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Da a yehyiaa ayeforo wɔ January 1948 mu

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Me ne me mfɛfo Gilead sukuufo wɔ afe 1953 mu. Efi benkum kɔ nifa: Don ne Virginia Ward, Geertruida Stegenga, Julie ne me

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Me ne Frederick W. Franz ne Nathan H. Knorr wɔ Copenhagen, Denmark wɔ afe 1961 mu

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Me ne Julie nnɛ