Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Boa Afoforo Ma Wonnye Ahenni Asɛm No Ntom

Boa Afoforo Ma Wonnye Ahenni Asɛm No Ntom

Boa Afoforo Ma Wonnye Ahenni Asɛm No Ntom

“Agripa ka kyerɛɛ Paulo sɛ: Aka kakraa na woama madan okristoni.”—Asomafo No Nnwuma 26:28.

1, 2. Ɛyɛɛ dɛn na ɔsomafo Paulo begyinaa Amrado Festo ne Ɔhene Herode Agripa II anim?

WƆ KAESAREA wɔ afe 58 Y.B. mu no, Ɔhene Herode Agripa II ne ne nuabea Berenike kɔsraa Roma Amrado Porkio Festo. Amrado Festo too nsa frɛɛ wɔn ma, wɔde “ahokeka a ɛte apɔw bae, na wɔne asafohene ne kurom hɔ nnipa a wɔwɔ din kɔɔ nea wotie asɛm no.” Festo hyɛe ma wɔde Kristoni ɔsomafo Paulo baa wɔn anim. Ɛyɛɛ dɛn na Yesu Kristo kyidifo yi begyinaa Amrado Festo atemmu agua anim yi?—Asomafo no Nnwuma 25:13-23.

2 Nea Festo ka kyerɛɛ n’ahɔho no ma saa asɛmmisa no ho mmuae. Ɔkae sɛ: “Ɔhene Agripa ne mmarima a mo ne yɛn wɔ ha yi nyinaa, moahu nea Yudafo nyinaa de n’asɛm aba m’anim Yerusalem ne ɛha yi, na wɔka sɛ ɛnsɛ no sɛ ɔtra ase bio no. Mahu sɛ ɔnyɛɛ biribiara a ɛsɛ owu, nanso ɔno ankasa de asɛm no akɔdan otumfoɔ nti, mahyɛ sɛ mɛma wɔde no akɔ hɔ. Nanso minni ne ho asɛm pa bi a mɛkyerɛw makɔma owura; enti na mede no maba mo anim, ne titiriw no, ɔhene Agripa, anim, na sɛ wonya hu asɛm no mu a, manya biribi makyerɛw. Na ɛyɛ me sɛ enni ase sɛ mema wɔde ɔdeduani kɔ, na menkyerɛ asɛm ko a wɔde ato no so.”—Asomafo no Nnwuma 25:24-27.

3. Dɛn nti na nyamesom akannifo no bɔɔ Paulo sobo ahorow?

3 Festo nsɛm no kyerɛ sɛ na wɔadi atoro aka asɛm ato Paulo so sɛ otutu ɔman ase—bɔne a na ɛfata owu. (Asomafo no Nnwuma 25:11) Nanso, na Paulo ho nni asɛm. Nyamesom akannifo a wɔyɛ ahoɔyaw a wɔwɔ Yerusalem no na wɔbɔɔ sobo ahorow no. Wɔsɔre tiaa Paulo adwuma sɛ Ahenni dawurubɔfo no, na wonyaa ne ho menasepɔw denneennen sɛ ɔboaa afoforo ma wɔbɛyɛɛ Yesu Kristo akyidifo. Wɔmaa asraafo wɛn Paulo denneennen de no fii Yerusalem kɔɔ Kaesarea a ɛyɛ kurow a po so hyɛn gyinabea wɔ hɔ, baabi a ɔde asɛm no kɔdan Kaesare no. Na wɔde no befi hɔ akɔ Roma.

4. Asɛm a ɛyɛ nwonwa bɛn na Ɔhene Agripa kae?

4 Susuw ho hwɛ sɛ Paulo gyina amrado ahemfie wɔ nnipakuw a Roma Ahemman no fã a ɛho hia no sodifo ka ho anim. Ɔhene Agripa hwɛɛ Paulo kae sɛ: “Wɔama wo kwan sɛ ka w’asɛm.” Bere a Paulo kasae no, anwonwasɛm bi sii. Nea Paulo kae no fii ase nyaa ɔhene no so nkɛntɛnso. Nokwarem no, Ɔhene Agripa kae sɛ: “Aka kakraa na woama madan okristoni.”—Asomafo no Nnwuma 26:1-28.

5. Dɛn nti na Paulo nsɛm a ɔka kyerɛɛ Agripa no tuu mpɔn saa?

5 Wo de susuw ho hwɛ! Esiane ahokokwaw a Paulo de yii ne ho ano nti, Onyankopɔn Asɛm mu tumi a ehwirew nneɛma mu no wuraa sodifo bi mu. (Hebrifo 4:12) Dɛn na na ɛwɔ Paulo anoyi no mu a ɛmaa etuu mpɔn saa? Na dɛn na yebetumi asua afi Paulo hɔ a ebetumi aboa yɛn wɔ yɛn asuafoyɛ adwuma no mu? Sɛ yɛhwehwɛ n’anoyi no mu a, nneɛma abien na ɛda adi pefee: (1) Na Paulo kasa no tumi dan ti. (2) Ɔde Onyankopɔn Asɛm mu nimdeɛ a ɔwɔ no dii dwuma ahokokwaw so, sɛnea odwumfo de adwinnade di dwuma yiye no.

Kasa Ma Ɛnnan Afoforo Ti

6, 7. (a) Sɛnea wɔde dii dwuma wɔ Bible mu no, dɛn na “tidan” kyerɛ? (b) Dwuma bɛn na asɛm a wɔka ma ɛdan ti di wɔ afoforo a wɔboa wɔn ma wogye Bible nkyerɛkyerɛ tom no mu?

6 Wɔ Asomafo no Nnwuma no mu no, wɔde Hela nsɛmfua a egyina hɔ ma tidan no dii dwuma mpɛn pii bere a wɔreka Paulo ho asɛm no. Mfaso bɛn na eyi wɔ wɔ yɛn asuafoyɛ adwuma no mu?

7 Vine Expository Dictionary of New Testament Words ka sɛ, wɔ mfitiase kasa a wɔde dii dwuma wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu no, nea “tidan” kyerɛ ne “nya obi” anaa “ma obi nsesa n’adwene denam ntease a onya anaa abrabɔ ho nsɛm a osusuw ho so.” Asɛmfua no asekyerɛ ankasa a yɛbɛhwehwɛ mu no bɛma yɛanya ntease foforo. Ɛma obi nya ahotoso ho adwene. Enti sɛ wohyɛ obi nkuran ma ogye Bible nkyerɛkyerɛ tom a, na woama no anya asɛm no mu ahotoso, ma enti onya nokware a saa nkyerɛkyerɛ no yɛ no mu gyidi. Ɛda adi sɛ, ɛnnɔɔso sɛ wobɛka Bible mu asɛm akyerɛ obi na ɛno ara ama wanya emu gyidi na ɔde adi dwuma. Ɛsɛ sɛ wo tiefo no tumi gye di sɛ nea woka no yɛ nokware, sɛ́ onii no yɛ abofra, ofipamfo, yɔnko dwumayɛni, yɔnko sukuuni, anaa obusuani no.—2 Timoteo 3:14, 15.

8. Dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ na ama obi agye Kyerɛwnsɛm mu nokwasɛm atom?

8 Wobɛyɛ dɛn atumi ama obi agye adi sɛ Onyankopɔn Asɛm a woka kyerɛ no no yɛ nokware? Paulo nam nsɛm a ntease wom na emu da hɔ ne nkotɔsrɛ so bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma nnipa a ɔkasa kyerɛɛ wɔn no asakra wɔn adwene. * Enti, sɛ́ anka wobɛka sɛ asɛm bi yɛ nokware kɛkɛ no, ebehia sɛ wode adanse a ntease wom bɛfoa w’asɛm no so. Ɔkwan bɛn so na wubetumi ayɛ eyi? Hwɛ hu sɛ w’asɛm no gyina Onyankopɔn Asɛm so pintinn na ennyina w’ankasa w’adwene so. Afei nso, fa adanse foforo foa Kyerɛwnsɛm mu nsɛm a ɛka koma no so. (Mmebusɛm 16:23) Sɛ nhwɛso no, sɛ woda no adi sɛ adesamma asoɔmmerɛfo benya paradise asase so atra a, fa Kyerɛwnsɛm mu asɛm bi te sɛ Luka 23:43 anaa Yesaia 65:21-25 foa so. Wobɛyɛ dɛn atumi de biribi afoa Kyerɛwnsɛm mu asɛm no so? Wubetumi de nhwɛso ahorow a efi wo tiefo no asɛm a ɔka mu ayɛ adwuma. Wubetumi akae no anigyede a ɛka nni ho a obetumi anya afi awiatɔ a ɛyɛ fɛ, nhwiren huam, aduaba dɛ, anaa anomaa a ɔrema ne mma aduan a ɔbɛhwɛ mu. Boa no ma onhu sɛ anigyede a ɛtete saa no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Ɔbɔadeɛ no pɛ sɛ yɛn ani gye asase so asetra ho.—Ɔsɛnkafo 3:11, 12.

9. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ada ntease adi wɔ asɛnka adwuma no mu?

9 Sɛ woreboa obi ma wagye Bible mu nkyerɛkyerɛ bi atom a, hwɛ yiye sɛ anigye a woda no adi no mma wonyɛ sɛ obi a onni ntease, na woamma wo tiefo no anto n’adwene ne ne koma mu. Ɔsom Sukuu nhoma no de kɔkɔbɔ asɛm yi ma sɛ: “Sɛ mpo wode Kyerɛwnsɛm pii bata nokwasɛm ho ka nsɛm penpen de bɔ obi gyidi a onni ho agoru gu a, wɔntaa ntie. Sɛ nhwɛso no, sɛ wokasa tia afahyɛ bi a agye din sɛ efi abosonsom mu a, eyi rensesa adwene a ebinom kura wɔ ho no. Mpɛn pii no, sɛ woda ntease adi na wususuw nsɛm ho a, etumi sow aba.” Dɛn nti na ɛsɛ sɛ woyere wo ho paa da ntease adi? Nkyerɛkyerɛ nhoma no ka sɛ: “Nsɛm a wɔka ma wosusuw asɛm ho hyɛ nkɔmmɔbɔ ho nkuran, ɛma nkurɔfo nya biribi susuw ho akyiri yi, na ebue nkɔmmɔbɔ ho kwan ma bere foforo. Etumi dan ti wɔ ɔkwan a etu mpɔn so.”—Kolosefo 4:6.

Tidan a Ɛka Koma

10. Ɔkwan bɛn so na Paulo fii n’anoyi no ase wɔ Agripa anim?

10 Afei ma yɛnhwɛ Paulo anoyi nsɛm a ɛwɔ Asomafo no Nnwuma ti 26 no yiye. Hwɛ sɛnea ofii ne kasa no ase no. Paulo hwehwɛɛ asɛm bi a ɛfata gyinaa so kamfoo Agripa de fii n’asɛm no ase, ɛwom mpo sɛ na ɔhene no ne ne nuabea Berenike de wɔn ho ahyɛ abrabɔ bi a ɛyɛ aniwu mu de. Paulo kae sɛ: “Mibu sɛ ɛyɛ akraye ma me sɛ merebeyi m’ano nnɛ wo, ɔhene Agripa, anim, wɔ nneɛma a Yudafo de toto m’ano nyinaa ho, ne titiriw no, wunim amanne nyinaa ne akyinnyegyesɛm a ɛwɔ Yudafo mu; enti mesrɛ wo sɛ tɔ wo bo ase tie me.”—Asomafo no Nnwuma 26:2, 3.

11. Ɔkwan bɛn so na Paulo nsɛm a ɔka kyerɛɛ Agripa no daa obu adi, na mfaso bɛn na efii mu bae?

11 So wohyɛɛ no nsow sɛ Paulo gyee Agripa dibea kɛse a ɔwɔ no toom denam n’abodin, Ɔhene, a ɔde frɛɛ no so no? Eyi daa obu adi, na Paulo nam nsɛmfua a nyansa wom a ɔpawee no so dii Agripa ni. (1 Petro 2:17) Ɔsomafo no gye toom sɛ Agripa yɛ obi a onim Yudafo a odi wɔn so no amammerɛ ne wɔn mmara a ɛdɔɔso no, na ɔkae sɛ ɛyɛ no anigye sɛ ɔrebeyi n’ano wɔ sodifo a ɔwɔ nimdeɛ saa no anim. Paulo a ɔyɛ Kristoni no anyɛ n’ade sɛnea ɔkorɔn sen Agripa a na ɔnyɛ Kristoni no. (Filipifo 2:3) Mmom no, Paulo srɛɛ ɔhene no sɛ ɔntɔ ne bo ase ntie no. Enti, Paulo maa tebea a ebetumi ama Agripa ne atiefo a aka no nyinaa agye asɛm a na ɔrebɛka no atom bɛdaa hɔ. Na ɔreto fapem, nsɛm a wɔn nyinaa adwene behyia wɔ ho a obegyina so aka ne nsɛm no.

12. Ɔkwan bɛn so na yebetumi akanyan yɛn atiefo koma wɔ Ahenni asɛnka adwuma no mu?

12 Te sɛ Paulo a ogyina Agripa anim no, momma yɛmfa Ahenni asɛm no nkanyan nkurɔfo koma mfi yɛn asɛm mfiase nkosi n’awiei. Yebetumi ayɛ eyi denam obu a edi mũ a yɛbɛda no adi akyerɛ obi a yɛreka asɛm akyerɛ no so, na yɛnam so akyerɛ tebea a ɔwom anaa nsusuwii a okura ho anigye ankasa.—1 Korintofo 9:20-23.

Fa Onyankopɔn Asɛm Di Dwuma Ahokokwaw Mu

13. Te sɛ Paulo no, wobɛyɛ dɛn atumi akanyan w’atiefo koma?

13 Na nea Paulo pɛ ne sɛ ɔbɛkanyan n’atiefo ma wɔde asɛmpa no ayɛ adwuma. (1 Tesalonikafo 1:5-7) Ne saa nti, oduu wɔn sɛnkyerɛnne kwan so koma, nneyɛe nyinaa fibea, no mu. Sɛ yɛsan kosusuw Paulo ano a oyii wɔ Agripa anim no ho a, hyɛ sɛnea Paulo ‘kuraa Onyankopɔn asɛm mu pɛpɛɛpɛ’ denam Mose ne adiyifo no nsɛm a ɔtwee adwene sii so no so no nsow.—2 Timoteo 2:15.

14. Kyerɛkyerɛ sɛnea Paulo de asɛm a wɔka ma ɛdan ti dii dwuma bere a na ogyina Agripa anim no mu.

14 Na Paulo nim sɛ ɛda Agripa so kwa sɛ ɔyɛ Yudani. Bere a Paulo reka Yudasom ho nimdeɛ a Agripa wɔ ho asɛm no, ɔkae sɛ ɛdefa Mesia no wu ne ne wusɔre ho asɛm a ɔka ho ankasa no, ‘ɔnka biribiara sɛ nea adiyifo ne Mose kae sɛ ɛbɛba no.’ (Asomafo no Nnwuma 26:22, 23) Bere a Paulo rekasa akyerɛ Agripa tẽẽ no, obisae sɛ: “Ɔhene Agripa, wugye adiyifo no di anaa?” Ná Agripa nhu nea ɔnka. Sɛ ɔkae sɛ onnye adiyifo no nni a, anka din a wagye sɛ Yudani gyidini no ho bɛba asɛm. Na sɛ ɔkae nso sɛ ogye adiyifo no di a, na ɔreda no adi wɔ baguam sɛ ɔne ɔsomafo no yɛ adwene, na anka ɛno bɛma wɔafrɛ no Kristoni. Paulo ankasa buaa asɛm no nyansam sɛ: ‘Minim sɛ wugye di.’ Agripa koma kanyan no ma obuaa dɛn? Ɔkae sɛ: “Aka kakraa na woama madan okristoni.” (Asomafo no Nnwuma 26:27, 28) Ɛwom sɛ Agripa ammɛyɛ Kristoni de, nanso ɛda adi sɛ Paulo de n’asɛm no kanyan ne koma koduu baabi.—Hebrifo 4:12.

15. Ɔkwan bɛn so na Paulo tumi hyehyɛɛ asafo wɔ Tesalonika?

15 So woahyɛ no nsow sɛ wɔ Paulo asɛmpaka no mu no na ɔka asɛm no kyerɛkyerɛ nneɛma mu sɛnea ɛbɛdan nkurɔfo ti? Esiane sɛ Paulo faa saa kwan no so na ‘okuraa Onyankopɔn asɛm mu pɛpɛɛpɛ’ nti, ebinom a wotiee no no ankɔ so anyɛ atiefo kɛkɛ na mmom wɔbɛyɛɛ gyidifo. Eyi baa saa wɔ Tesalonika, baabi a Paulo hwehwɛɛ Yudafo ne Amanaman mufo a wosuro Onyankopɔn wɔ hyiadan mu no. Kyerɛwtohɔ no ka wɔ Asomafo no Nnwuma 17:2-4 sɛ: “Sɛnea Paulo taa yɛ no, ɔkɔɔ wɔn nkyɛn homeda abiɛsa ne wɔn kɔkaa kyerɛw nsɛm no ho asɛm; ɔkyerɛkyerɛɛ mu dii ho adanse sɛ etwa sɛ Kristo no hu amane, na ɔsɔre fi awufo mu. . . . Na wɔn mu binom gye dii.” Na Paulo tumi kasa ma ɛdan nkurɔfo ti. Ɔnam Kyerɛwnsɛm no so susuw nsɛm ho kyerɛkyerɛɛ mu, na ɔdaa no adi sɛ Yesu ne Mesia a wɔhyɛɛ ne ho bɔ fi teteete no. Dɛn na efii mu bae? Wɔhyehyɛɛ gyidifo asafo wɔ hɔ.

16. Wobɛyɛ dɛn atumi anya anigye pii wɔ Ahenni ho dawurubɔ adwuma no mu?

16 So wubetumi ama wo ho akokwaw kɛse wɔ sɛnea wɔka asɛm de dan ti mu bere a worekyerɛkyerɛ Onyankopɔn Asɛm no? Sɛ ɛte saa a, wubenya nneɛma a wopɛ ne anigye wɔ w’asɛnka adwuma ne Onyankopɔn Ahenni ho nneɛma a wokyerɛkyerɛ nkurɔfo no mu. Eyi ne nea asɛmpa no ho adawurubɔfo a wɔde nyansahyɛ ahorow a ɛkyerɛ sɛ yɛmfa Bible no nni dwuma pii wɔ asɛnka mu ayɛ adwuma no anya.

17. Ka w’ankasa suahu fa kyerɛ sɛnea mfaso wɔ Bible a yɛde bedi dwuma wɔ asɛnka mu no so anaasɛ kyerɛ sɛnea nea wɔaka ho asɛm wɔ nkyekyɛm yi mu no ho hia.

17 Sɛ nhwɛso no, Yehowa Adansefo ɔhwɛfo kwantufo bi kyerɛwee sɛ: “Mprempren anuanom mmarima ne mmea pii de Bible kura wɔn nsam bere a wɔredi adanse wɔ afie afie no. Eyi aboa adawurubɔfo ma wɔkenkan kyerɛwsɛm bi kyerɛ nnipa pii a wohyia wɔn no. Aboa ofiewura no ne ɔdawurubɔfo no nyinaa ma wɔde Bible di dwuma wɔ asɛnka adwuma mu na ɛnyɛ nsɛmma nhoma ne nhoma nkutoo.” Nokwarem no, sɛ́ yebekura Bible wɔ yɛn nsam bere a yɛreyɛ asɛnka adwuma no begyina nneɛma pii so a ɛhɔnom amammerɛ ka ho. Nanso, ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛma wɔahu yɛn sɛ nkurɔfo a wɔde Onyankopɔn Asɛm di dwuma ahokokwaw mu de dan afoforo ti ma wogye Ahenni asɛm no tom.

Nya Onyankopɔn Adwene Wɔ Ɔsom Adwuma no Ho

18, 19. (a) Onyankopɔn bu yɛn som adwuma no dɛn, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ yenya n’adwene? (b) Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛadi yiye wɔ sankɔhwɛyɛ mu? (Hwɛ adaka a n’asɛmti ne “Sɛnea Wubedi Yiye Wɔ Sankɔhwɛyɛ Mu,” a ɛwɔ kratafa 16 no.)

18 Ɔkwan foforo a yebetumi afa so adu yɛn atiefo komam ne sɛ yebehu ɔsom adwuma no sɛnea Onyankopɔn hu no na yɛada boasetɔ adi. Onyankopɔn pɛ ne sɛ nnipa ahorow nyinaa ‘bɛba nokware nimdeɛ mu.’ (1 Timoteo 2:3, 4) So ɛnyɛ saa na yɛpɛ? Yehowa nso wɔ boasetɔ, na ne boasetɔ no ma nnipa pii nya hokwan ba adwensakra mu. (2 Petro 3:9) Enti sɛ yenya obi a ɔwɔ ɔpɛ sɛ obetie Ahenni asɛm no a, ebia ɛho behia sɛ yɛsan kɔ ne nkyɛn mpɛn pii na ama wanya ho anigye. Egye bere ne boasetɔ na wɔde ahwɛ nokware aba no ma anyin. (1 Korintofo 3:6) Adaka a ɛka asɛm yi ho a n’asɛmti ne “Sɛnea Wubedi Yiye Wɔ Sankɔhwɛyɛ Mu” no de nyansahyɛ ahorow a ɛbɛma woanya anigye a ɛte saa ma. Kae sɛ, nkurɔfo asetra—wɔn haw ne wɔn tebea ahorow—resesa bere nyinaa. Ebia wobɛbɔ mmɔden mpɛn pii ansa na woato wɔn wɔ fie, nanso mmɔden a wobɛbɔ no fata. Yɛpɛ sɛ yɛma wonya hokwan te Onyankopɔn nkwagye asɛm no. Enti, bɔ Yehowa Nyankopɔn mpae hwehwɛ nyansa a wode bɛma sɛnea woka asɛm ma ɛdan nkurɔfo ti no atu mpɔn wɔ boa a woboa afoforo ma wogye Ahenni asɛm tom no mu.

19 Sɛ yenya obi a ɔpɛ sɛ otie Ahenni asɛm no pii a, dɛn bio na yɛn a yɛyɛ Kristofo adwumayɛfo no betumi ayɛ? Asɛm a edi hɔ no bɛboa yɛn.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 8 Sɛ wopɛ nsɛm foforo pii afa nsɛm a wɔka ma ɛdan ti ho a, hwɛ Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua So Mfaso nhoma a Yehowa Adansefo tintimii no adesua 48 ne 49.

So Wokae?

• Dɛn na ɛmaa Paulo ano a oyii wɔ Ɔhene Agripa anim no tuu mpɔn?

• Ɛbɛyɛ dɛn na yɛn asɛm no betumi adu koma mu?

• Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛde Onyankopɔn Asɛm adi dwuma yiye ma adu koma mu?

• Yɛbɛyɛ dɛn atumi abu yɛn som adwuma no sɛnea Onyankopɔn bu no no?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 16]

Sɛnea Wubedi Yiye Wɔ Sankɔhwɛyɛ Mu

• Kyerɛ nokware anigye wɔ nkurɔfo ho.

• Paw Bible mu nsɛm a ɛyɛ anigye na mommɔ ho nkɔmmɔ.

• To fapem ma nsrahwɛ foforo biara a wobɛyɛ.

• Kɔ so susuw onipa no ho bere a woafi hɔ no.

• San kɔ hɔ ntɛm, ebia da koro anaa nnanu akyi, kɔtoa anigye a wanya no so.

• Kae sɛ wo botae ne sɛ wubefi ofie Bible adesua ase.

• Bɔ mpae sɛnea Yehowa bɛma anigye no ayɛ kɛse.

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Bere a Paulo gyina Amrado Festo ne Ɔhene Agripa anim no, ɔkaa asɛm no wɔ ɔkwan a etumi dan ti so