Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ka Asɛm No Fa Yɛ Asuafo

Ka Asɛm No Fa Yɛ Asuafo

Ka Asɛm No Fa Yɛ Asuafo

“Na Priskila ne Akwila tee no, wɔfaa [Apolo] baa wɔn nkyɛn, na wɔkyerɛɛ no Nyankopɔn kwan pɛpɛɛpɛ.”—Asomafo No Nnwuma 18:26.

1. Ɛwom sɛ na Apolo yɛ ‘den honhom fam’ de, nanso dɛn na na ohia?

AFEHA a edi kan no mu Kristofo awarefo bi, Priskila ne Akwila, hui sɛ Apolo rema ɔkasa wɔ hyiadan bi mu wɔ Efeso. Ná Apolo nam nsɛm a ɔde anotew ka ne nea wɔka ma ɛdan ti so akyere atiefo no adwene. Na ɔyɛ ‘den honhom fam,’ na na ‘ɔrekasa kyerɛkyerɛ Yesu ho nsɛm yiye.’ Nanso, ɛda adi sɛ ‘Yohane asubɔ nkutoo na na Apolo nim.’ Ná nea Apolo ka faa Kristo ho no yɛ nokware kosi baabi. Asɛm no ne sɛ na ɛnkɔ akyiri. Na ɛsɛ sɛ Apolo ma dwuma a Yesu Kristo di wɔ Yehowa atirimpɔw mu ho nimdeɛ a ɔwɔ no nya nkɔanim.—Asomafo no Nnwuma 18:24-26.

2. Asɛyɛde bɛn na Priskila ne Akwila gye too wɔn ho so?

2 Priskila ne Akwila yɛɛ ntɛm de wɔn ho mae boaa Apolo ma ɔbɛyɛɛ obi a obetumi adi nea Kristo ‘hyɛe nyinaa’ so. (Mateo 28:19, 20) Kyerɛwtohɔ no ka sɛ wɔfaa Apolo “baa wɔn nkyɛn, na wɔkyerɛɛ no Nyankopɔn kwan pɛpɛɛpɛ.” Nanso, na Apolo ho nokwasɛm bi wɔ hɔ a ɛmaa Kristofo binom twentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ no. Nokwasɛm bɛn? Na dɛn na yebetumi asua afi mmɔden a Priskila ne Akwila bɔe ne Apolo susuw Kyerɛwnsɛm no ho no mu? Ɔkwan bɛn so na abakɔsɛm kyerɛwtohɔ yi a yebesusuw ho no bɛboa yɛn ma yɛde yɛn adwene asi ofie Bible adesua ahorow a yebefi ase so?

Fa W’adwene Si Nnipa So

3. Dɛn nti na Apolo suahu no anyɛ akwanside amma Priskila ne Akwila sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ no?

3 Ɛwom sɛ wɔwoo Apolo sɛ Yudani de, nanso ɛda di sɛ wɔtetee no wɔ Aleksandria kurow mu. Saa bere no na Aleksandria yɛ Misraim ahenkurow ne sukuupɔn asoɛe, na na nhomakorabea a ɛwɔ hɔ no agye din. Na Yudafo ne nhomanimfo pii wɔ kurow no mu. Enti, wɔyɛɛ Hebri Kyerɛwnsɛm a wɔkyerɛɛ ase kɔɔ Hela kasa mu a wɔfrɛ no Septuagint no wɔ hɔ. Ɛnyɛ nwonwa sɛ na Apolo ‘yɛ den wɔ Kyerɛwnsɛm no mu’! Ná Akwila ne Priskila yɛ ntamadanyɛfo. So tew a na Apolo ano atew no hunahunaa wɔn? Dabi. Wofi ɔdɔ mu susuw onipa no, n’ahiade, ne sɛnea wobetumi aboa no ho.

4. Ɛhe ne ɔkwan bɛn so na Apolo nyaa mmoa a na ohia no?

4 Ɛmfa ho sɛnea na Apolo ano atew afa no, na ohia akwankyerɛ. Na ɔrennya mmoa a ohia no wɔ sukuupɔn biara mu, mmom no na obenya afi ne mfɛfo a wɔwɔ Kristofo asafo no mu nkyɛn. Na Apolo rebenya mfaso afi nsɛm a na ɛbɛma wate nhyehyɛe a Onyankopɔn ayɛ ama nkwagye no ase yiye mu. Priskila ne Akwila ‘faa no baa wɔn nkyɛn, na wɔkyerɛɛ no Nyankopɔn kwan pɛpɛɛpɛ.’

5. Dɛn na wubetumi aka afa Priskila ne Akwila honhom fam tebea ho?

5 Ná Priskila ne Akwila yɛ den wɔ honhom fam, na na wɔn ase atim wɔ gyidi no mu. Ɛda adi paa sɛ na ‘wɔasiesie wɔn ho daa, sɛ wɔbɛkyerɛ obiara a obisa wɔn anidaso a ɛwɔ wɔn mu no ase,’ sɛ ebia onipa no yɛ ɔdefo, ohiani, nhomanimfo, anaa akoa no. (1 Petro 3:15) Akwila ne ne yere tumi ‘kuraa nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ.’ (2 Timoteo 2:15) Ɛda adi sɛ na wosua Kyerɛwnsɛm no anibere so. Akwankyerɛ a na egyina ‘Onyankopɔn asɛm a ɛwɔ nkwa, na ahoɔden wom’ so no kaa Apolo koma kɛse.—Hebrifo 4:12.

6. Yɛyɛ dɛn hu sɛ Apolo ani sɔɔ mmoa a onyae no?

6 Apolo ani sɔɔ n’akyerɛkyerɛfo no nhwɛso no, na ne ho kokwawee kɛse wɔ asuafoyɛ mu. Ɔde ne nimdeɛ no dii dwuma yiye wɔ asɛmpaka adwuma no mu, titiriw wɔ Yudafo mu. Ne titiriw no, na Apolo tumi ka Kristo ho asɛm ma Yudafo no gye di. ‘Esiane sɛ na ɔyɛ den wɔ Kyerɛwnsɛm no mu’ nti, otumi ma wohui sɛ tete adiyifo no nyinaa hwɛɛ Kristo ba no kwan. (Asomafo no Nnwuma 18:24, Kingdom Interlinear Translation) Kyerɛwtohɔ no toa so sɛ Apolo kɔɔ Akaia, baabi a “ɔboaa wɔn a wɔnam Onyankopɔn dom so agye adi no pii. Na ɔde n’asɛm kaa Yudafo no gui gua so nam kyerɛw nsɛm so kyerɛe pefee sɛ Yesu ne Kristo no.”—Asomafo no Nnwuma 18:27, 28.

Sua Biribi Fi Akyerɛkyerɛfo Foforo Nhwɛso Mu

7. Ɛyɛɛ dɛn na Akwila ne Priskila bɛyɛɛ akyerɛkyerɛfo a wɔn ho akokwaw?

7 Ɛyɛɛ dɛn na Akwila ne Priskila bɛyɛɛ Onyankopɔn Asɛm akyerɛkyerɛfo a wɔn ho akokwaw? Wɔn nsiyɛ wɔ kokoam adesua ho ne asafo nhyiamkɔ akyi no, ɛbɛyɛ sɛ abusuabɔ a emu yɛ den a wɔne ɔsomafo Paulo nyae no boaa wɔn kɛse. Paulo traa Priskila ne Akwila fie asram 18 wɔ Korinto. Wɔboom yɛɛ adwuma siesiee ntamadan. (Asomafo no Nnwuma 18:2, 3) Susuw Kyerɛwnsɛm mu nkɔmmɔbɔ a ɛkɔ akyiri a ɛbɛyɛ sɛ ɛkɔɔ so wɔ wɔn ntam no ho hwɛ. Na hwɛ sɛnea fekubɔ a ɛte saa a wɔne Paulo nyae no ma wonyaa honhom fam nkɔanim! Mmebusɛm 13:20 ka sɛ: “Wo ne anyansafo mmɔ, na dan onyansafo.” Fekubɔ pa no nyaa wɔn honhom fam su ahorow so nkɛntɛnso pa.—1 Korintofo 15:33.

8. Dɛn na Priskila ne Akwila sua fii Paulo hɔ wɔ ne som adwuma no mu?

8 Bere a Priskila ne Akwila tiee Paulo sɛ Ahenni dawurubɔfo no, wohui sɛ ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo pa ankasa. Kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Asomafo no Nnwuma no ka Paulo ho asɛm sɛ “na daa homeda ɔkɔka asɛm hyiadan mu [wɔ Korinto] ma Yudafo ne Helafo gye di.” Akyiri yi, bere a Silas ne Timoteo bɛkaa Paulo ho no, Paulo “de nnam kaa asɛm no, na odii adanse kyerɛɛ Yudafo sɛ Yesu ne Kristo no.” Bere a hyiadan mufo no ankyerɛ asɛm no ho anigye ahe biara no, Priskila ne Akwila hui sɛ Paulo fii baabi a na ɔtaa ka asɛm no kɔɔ baabi a na nkurɔfo tie asɛm no yiye no, ofie bi a na ɛbɛn hyiadan no mu. Ɛhɔ no, Paulo tumi boaa Krispo, “hyiadan mu panyin” no ma ɔbɛyɛɛ osuani. Ɛda adi yiye sɛ, Priskila ne Akwila hui sɛ osuani biako a wɔyɛe no nyaa nkɛntɛnso kɛse wɔ asasesin no mu na ɛsow aba. Kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Krispo ne ne fifo nyinaa gyee Awurade dii, na Korintofo mu bebree a wɔtee no nso gye dii na wɔbɔɔ wɔn asu.”—Asomafo no Nnwuma 18:4-8.

9. Ɔkwan bɛn so na Priskila ne Akwila yɛɛ wɔn ade wɔ Paulo nhwɛso ho?

9 Ahenni adawurubɔfo foforo te sɛ Priskila ne Akwila suasuaa Paulo nhwɛso wɔ asɛnka adwuma no mu no. Ɔsomafo no tuu Kristofo foforo fo sɛ: “Monhwɛ me nsua me, sɛnea me nso mehwɛ Kristo misua no no.” (1 Korintofo 11:1) Nea ɛne Paulo nhwɛso no hyia no, Priskila ne Akwila boaa Apolo ma ɔtee Kristofo nkyerɛkyerɛ ase yiye. Ɔno nso boaa afoforo. Akyinnye biara nni ho sɛ Priskila ne Akwila boae ma wɔyɛɛ asuafo wɔ Roma, Korinto, ne Efeso.—Asomafo no Nnwuma 18:1, 2, 18, 19; Romafo 16:3-5.

10. Dɛn na woasua afi Asomafo no Nnwuma ti 18 a ɛbɛboa wo wɔ asuafoyɛ adwuma no mu?

10 Dɛn na yebetumi asua afi Asomafo no Nnwuma ti 18 a yɛasusuw ho yi mu? Wiɛ, sɛnea ebetumi aba sɛ Akwila ne Priskila suaa biribi fii Paulo hɔ no, yebetumi ama tumi a yetumi yɛ asuafo no atu mpɔn denam Onyankopɔn Asɛm akyerɛkyerɛfo pa nhwɛso akyi a yebedi so. Yebetumi ne wɔn a ‘wɔde nnam ka asɛm no’ na “wodi adanse fefeefe” kyerɛ afoforo no abɔ. (Asomafo no Nnwuma 18:5, Kingdom Interlinear Translation) Yebetumi ahu sɛnea wɔnam nkyerɛkyerɛ kwan a etumi dan ti so du nkurɔfo komam no. Nimdeɛ a ɛte saa betumi aboa yɛn ma yɛayɛ asuafo. Sɛ yɛne obi resua Bible no a, yebetumi aka akyerɛ no sɛ ɔnto nsa mfrɛ n’abusuafo anaa n’afipamfo foforo ma wɔmmɛka adesua no ho. Anaasɛ yebetumi abisa no ma wakyerɛ yɛn afoforo a yebetumi ne wɔn ayɛ Bible adesua.—Asomafo no Nnwuma 18:6-8.

Hwehwɛ Hokwan Ahorow Fa Yɛ Asuafo

11. Ɛhe na yebetumi anya asuafo foforo?

11 Paulo ne ne mfɛfo Kristofo hwehwɛe sɛ wɔbɛyɛ asuafo denam asɛnka adwuma a wɔbɛyɛ wɔ afie afie, gua so, ne bere a na wɔretutu akwan—nokwarem no, baabiara, no so. Sɛ́ Ahenni odwumayɛni a woyɛ nsi a wopɛ sɛ woyɛ asuafo no, so wubetumi atrɛw w’asɛnka adwuma no mu? So wubetumi de hokwan ahorow adi dwuma de ahwehwɛ wɔn a wɔfata no na woaka asɛm no akyerɛ wɔn? Dɛn ne akwan bi a yɛn mfɛfo a wɔyɛ asɛmpa no ho adawurubɔfo afa so anya asuafo? Momma yenni kan nsusuw telefon a wɔde di adanse no ho.

12-14. Ka w’ankasa suahu anaa nea ɛwɔ saa nkyekyɛm yi mu bi fa kyerɛkyerɛ telefon so adansedi so mfaso mu.

12 Bere a Kristoni bi a yɛbɛfrɛ no Maria redi adanse wɔ afie afie wɔ Brazil no, ɔmaa ababaa bi a na ɔrefi adi afi fie kratawa. Bere a Maria de kratawa no asɛmti redi dwuma sɛ ne nnianim asɛm no, obisaa no sɛ, “So wobɛpɛ sɛ wuhu pii fa Bible no ho?” Ɔbea no buae sɛ: “M’ani begye ho. Asɛm no ne sɛ meyɛ ɔkyerɛkyerɛfo, na adekyerɛ no gye me bere nyinaa.” Maria kyerɛkyerɛɛ mu sɛ wobetumi asusuw Bible mu nsɛm ho wɔ telefon so. Ɔbea no de ne nɔma maa Maria, na saa anwummere no ara, ofii ase de Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? * nhomawa no fii adesua ase wɔ telefon so.

13 Bere a bere nyinaa somfo bi a ɔwɔ Ethiopia redi adanse wɔ telefon so no, ne ho dwiriw no bere a ɔkasa kyerɛɛ ɔbarima bi na ɔtee sɛ gyegyeegye bi rekɔ so wɔ hɔ no. Ɔbarima no ka kyerɛɛ no sɛ ɔmfrɛ akyiri yi. Bere a ɔfrɛe no, ɔpaa no kyɛw kae sɛ bere a ɔfrɛɛ nea edi kan no, na ɔne ne yere reham denneennen. Onuawa no de asɛm a ɔkae yi dii dwuma twee adwene kɔɔ Bible akwankyerɛ a nyansa wom a wɔde di abusua mu nsɛnnennen ho dwuma so. Ɔka kyerɛɛ no sɛ wɔde Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba, nhoma a Yehowa Adansefo tintimii no aboa mmusua pii. Bere a onuawa no de nhoma no bi kɔmaa no akyi nna kakraa bi no, ɔne ɔbarima no kasae wɔ telefon so bio. Ɔteɛɛm sɛ: “Nhoma yi ama m’aware ayɛ yiye!” Nokwarem no, na ɔne n’abusua no ayɛ nhyiam sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛka nneɛma pa a wakenkan afi nhoma no mu ho asɛm akyerɛ wɔn. Wofii ofie Bible adesua ase, na ankyɛ na ɔbarima no fii ase kɔɔ Kristofo nhyiam ahorow daa.

14 Ahenni dawurubɔfo bi a ɔwɔ Denmark a ɔnam telefon so adansedi so fii Bible adesua ase no ka sɛ: “Ɔsom adwuma sohwɛfo no na ɔhyɛɛ me nkuran sɛ memfa me ho nhyɛ telefon so adansedi mu. Mfiase no metwentwɛn me nan ase kae sɛ: ‘M’ani nnye ho.’ Nanso, da bi, minyaa akokoduru, na mifii ase frɛɛ ofiewura a odi kan no. Sonja gyee so, na bere a yɛbɔɔ nkɔmmɔ kakraa no, ɔpenee so gyee Bible ho nhoma. Anwummere bi yesusuw adebɔ ho, na na ɔpɛ sɛ ɔkenkan Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation nhoma no. * Mekae sɛ sɛ yebetumi ahyia asusuw asɛm no ho a, anka ɛbɛyɛ anigye. Ɔpenee so. Bere a miduu hɔ no na Sonja asiesie ne ho ama adesua no, na efi saa bere no, yɛasua ade dapɛn biara.” Yɛn nuabea Kristoni no de ba awiei sɛ: “Mfirihyia pii na na mede abɔ Bible adesua a menya ho mpae, nanso manhwɛ kwan sɛ menam telefon so adansedi so benya bi.”

15, 16. Osuahu ahorow bɛn na wubetumi aka de akyerɛ sɛ mfaso wɔ so sɛ yɛbɛma yɛn ani ada hɔ wɔ akwan horow a yɛbɛfa so afi Bible adesua ahorow ase no ho?

15 Nnipa pii na wɔredi yiye esiane sɛ wɔde nyansahyɛ ahorow a ɛne sɛ wonni nkurɔfo adanse wɔ baabiara a wɔwɔ no redi dwuma nti. Kristoni bea bi a ɔwɔ United States de ne kar kosii kar bi a wɔde tɔn nneɛma nkyɛn wɔ baabi a wɔde kar sisi. Bere a ɔbea a ɔte kar a wɔde tɔn nneɛma mu no huu no no, onuawa no fii ase kyerɛkyerɛɛ Bible nkyerɛkyerɛ adwuma a yɛyɛ no mu. Ɔbea no tiei, fii kar no mu kɔɔ onuawa no kar no ho. Ɔkae sɛ: “Ɛyɛ me anigye pii sɛ wugyina ne me bɛkasae. Me nsa kaa mo Bible ho nhoma no bi akyɛ yiye. Afei nso, mepɛ sɛ mesan sua Bible no bio. So wo ne me besua ade?” Yɛn nuabea no nam saayɛ so hwehwɛɛ tebea a ɛfata de kaa asɛmpa no.

16 Onuawa bi a ɔwɔ United States nyaa osuahu a edi so yi bere a ɔkɔsraa wɔn a wɔn mfe akɔ anim ne ayarefo atrae no: Okohuu adwumam panyin bi a ɔhwɛ nnwuma bi so wɔ atrae hɔ no ka kyerɛɛ no sɛ ɔpɛ sɛ otu ne ho ma boa ma wɔn a wɔte hɔ no nsa ka wɔn honhom fam ahiade. Yɛn nuabea no de kaa ho sɛ n’ani begye ho sɛ ɔne wɔn a wɔpɛ nyinaa bɛyɛ Bible adesua dapɛn biara a wontua hwee. Ɔpanyin no maa no kwan sɛ ɔnkɔ atrae ahorow adan no mu nsrahwɛ. Ankyɛ, na ɔne ɛhɔfo a wɔn dodow yɛ 26 no reyɛ Bible adesua mprɛnsa dapɛn biara, na wɔn mu biako tumi ba yɛn asafo nhyiam ahorow no daa.

17. Mpɛn pii no, ɔkwan a etu mpɔn bɛn na yɛfa so fi ofie Bible adesua ahorow ase?

17 Wɔ Ahenni adawurubɔfo no bi fam no, Bible adesua ho asɛm a wɔka no tẽẽ no sow aba pa. Da koro anɔpa bi, asafo a emu adawurubɔfo yɛ 105 bɔɔ mmɔden soronko kaa Bible adesua ho asɛm kyerɛɛ ofiewura biara a wohyiaa no. Adawurubɔfo 86 na wɔde wɔn ho hyɛɛ asɛnka adwuma no mu, na wodii nnɔnhwerew abien wɔ asɛnka mu no, wohui sɛ anyɛ yiye koraa no, wofii Bible adesua foforo 15 ase.

Kɔ So Hwehwɛ Wɔn a Wɔfata No

18, 19. Yesu akwankyerɛ a ɛho hia bɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwenem, na ne saa nti dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ?

18 Sɛ́ Ahenni dawurubɔfo no, ebia wobɛpɛ sɛ wufi ase sɔ nyansahyɛ ahorow a wɔaka ho asɛm wɔ asɛm yi mu no hwɛ. Nokwarem no, ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ wubesusuw mo hɔnom amammerɛ ho bere a woresusuw akwan a wɔfa so di adanse ho no. Nea ɛsen ne nyinaa no, momma yɛmma Yesu akwankyerɛ a ɛne sɛ yɛnhwehwɛ wɔn a wɔfata na yɛmmoa wɔn mma wɔmmɛyɛ asuafo no ntra yɛn adwenem.—Mateo 10:11; 28:19.

19 Ne saa nti, ɛmmra sɛ ‘yebekura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ.’ Yebetumi ayɛ saa denam nsɛm a yɛka ma ɛdan ti a egyina Kyerɛwnsɛm no so pintinn no so. Eyi bɛboa yɛn ma yɛadu komapafo no komam na akanyan wɔn ma wɔayɛ ho biribi. Bere a yɛnam mpaebɔ so de yɛn ho to Yehowa so no, yebetumi aboa ebinom ma wɔabɛyɛ Yesu Kristo asuafo. Na hwɛ sɛnea akatua wɔ saa adwuma yi so! Enti momma ‘yɛmmɔ mmɔden mfa yɛn ho nnyina Onyankopɔn anim sɛ wɔn a wɔfata,’ na yɛnkɔ so nhyɛ Yehowa anuonyam sɛ Ahenni adawurubɔfo a wɔyɛ nsi a wɔn atirimpɔw ne sɛ wɔbɛyɛ asuafo bere nyinaa.—2 Timoteo 2:15.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 12 Yehowa Adansefo na wotintimii.

^ nky. 14 Yehowa Adansefo na wotintimii.

So Wokae?

• Dɛn nti na na ɛsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ Apolo Onyankopɔn kwan pɛpɛɛpɛ?

• Akwan bɛn so na Priskila ne Akwila suaa biribi fii ɔsomafo Paulo hɔ?

• Asuafoyɛ adwuma no ho ade bɛn na woasua afi Asomafo no Nnwuma ti 18?

• Wobɛyɛ dɛn atumi ahwehwɛ hokwan ahorow de ayɛ asuafo?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Priskila ne Akwila ‘kyerɛkyerɛɛ Apolo Nyankopɔn kwan pɛpɛɛpɛ’

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Apolo ho kokwawee wɔ asuafoyɛ mu

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Paulo kaa asɛm no wɔ baabiara a ɔkɔe

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 23]

Hwehwɛ hokwan ahorow fa ka asɛm no