Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kan Ne Akyiri Yi—Bible Nnyinasosɛm Ahorow na Edi Boaa No

Kan Ne Akyiri Yi—Bible Nnyinasosɛm Ahorow na Edi Boaa No

“Mommɛn Onyankopɔn, Na Ɔbɛbɛn Mo”

Kan Ne Akyiri Yi—Bible Nnyinasosɛm Ahorow na Edi Boaa No

BERE a Adrian yɛ aberante no, na ne bo taa fuw kɛse na onya afoforo ho menasepɔw. Ne bo a na efuw ntɛmntɛm no ma odii anuɔdensɛm pii. Ɔnom nsa, nom sigaret, na ɔde ne ho hyɛɛ ɔbrasɛe mu. Na wonim Adrian sɛ ɔkobɔfo, na ne ho a na wakurukyerɛw no daa adwene a na ɔwɔ wɔ basabasayɛ ho no adi. Ɔreka ne mmerantebere mu asɛm no, ɔka sɛ: “Miyii me ti nhwi te sɛ ɔkobɔfo, de mannɔ faa me ti nhwi no mu maa ɛsɔre gyinagyinae, na ɛtɔ mmere bi a mehyɛ no kɔla kɔkɔɔ anaa kɔla foforo.” Adrian bɔɔ ne hwene mu nso tokuru.

Adrian ne mmabun atuatewfo bi tu kɔtraa ɔdangow bi mu. Nea na wɔyɛ wɔ hɔ ne sɛ wɔbow nsa na wɔnom nnubɔne. Adrian ka sɛ: “Menom nnubɔne bi a na ɛma me ahoɔden ne anigye mmoroso, na bere koro no ara na mede Valium ne biribiara a me nsa bɛka wɔ me ho paane. Sɛ minni nnubɔne ne mannɔ a mɛtwe akɔ me mu a, metwe pɛtro fi nkurɔfo kar mu ma ɛbow me.” Esiane mmɔnten so basabasayɛ nti, Adrian ho bɛyɛɛ hu, na odii nsɛmmɔne kɔɔ akyiri. Na nnipa dodow no ara mpɛ sɛ wɔne no nya biribiara yɛ. Bere koro no ara no, ne subammɔne no ma ɔbɔɔ fekubɔne.

Nkakrankakra, Adrian behui sɛ ne “nnamfo” no ne no bɔ esiane mfaso a wonya wɔ ne ho nti. Bio nso, ohui sɛ “abufuw ne ne basabasayɛ no nyinaa amfa mfaso biara ammrɛ no.” Ɔtee nka sɛ n’asetra nni atirimpɔw na wahaw enti ɔtwee ne ho fii ne mfɛfo no ho. Bere a ohuu Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma bi wɔ baabi a na adansifo yɛ adwuma no, n’ani gyee Bible nkrasɛm a ɛwɔ mu no ho, na eyi maa ɔne Yehowa Adansefo fii Bible adesua ase. Adrian de anigye gyee ɔfrɛ a ese: “Mommɛn Onyankopɔn, na ɔbɛbɛn mo” no so. (Yakobo 4:8) Esiane eyi nti, ankyɛ na Adrian huu hia a ehia sɛ ofi ase de nnyinasosɛm a ɛwɔ Kyerɛw Kronkron no mu no di dwuma.

Bible nimdeɛ mu nkɔanim a Adrian nyae no nyaa n’ahonim so nkɛntɛnso pa ma ɔsesaa n’asetra kwan. Wɔboaa no ma ɔhyɛɛ ne bo a ɛnkyɛ fuw no so na onyaa ahosodi. Ɛdenam tumi a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu so no, Adrian nipasu sakrae koraa.—Hebrifo 4:12.

Nanso, ɔkwan bɛn so na Bible betumi anya yɛn so nkɛntɛnso kɛse saa? Kyerɛwnsɛm no mu nimdeɛ boa yɛn ma yɛhyɛ ‘nipasu foforo.’ (Efesofo 4:24) Yiw, sɛ yɛde Bible mu nokware nimdeɛ di dwuma a, yɛn nipasu sakra. Nanso ɔkwan bɛn so na saa nimdeɛ no sakra nkurɔfo?

Nea edi kan no, Bible no kyerɛ yɛn nipasu a enye a ehia sɛ yeyi kyene no. (Mmebusɛm 6:16-19) Nea ɛto so abien no, Kyerɛwnsɛm no hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnna su pa a Onyankopɔn honhom kronkron no de ma no adi. Emu bi ne “ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, anidahɔ.”—Galatifo 5:22, 23.

Onyankopɔn ahwehwɛde ho ntease a ɛkɔ akyiri a Adrian nyae no boaa no ma ɔhwehwɛɛ ne ho mu ma ohuu nipasu a ehia sɛ onya ne nea ɛsɛ sɛ oyi kyene. (Yakobo 1:22-25) Nanso na ɛno yɛ mfiase ara kɛkɛ. Nea ɛka nimdeɛ ho no, na nkuranhyɛ ho hia—biribi a ɛbɛkanyan Adrian ma wasakra.

Adrian hui sɛ wɔanwene nipasu a ɛfata no wɔ ‘Nea ɔbɔɔ no no suban so.’ (Kolosefo 3:10) Obehui sɛ ɛsɛ sɛ Kristoni nipasu ne Onyankopɔn ankasa nipasu di nsɛ. (Efesofo 5:1) Adrian suaa sɛnea Yehowa ne adesamma di denam Bible adesua so na ɔhyɛɛ Onyankopɔn su horow a eye a ɛne ɔdɔ, ayamye, papayɛ, mmɔborohunu, ne trenee no nsow. Nimdeɛ a ɛte saa kaa Adrian ma ɔdɔɔ Onyankopɔn na ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ onipa a Yehowa ani gye ne ho.—Mateo 22:37.

Awiei koraa no, ɛdenam Onyankopɔn honhom kronkron no mmoa so no, Adrian tumi dii n’abufuhyew no so. Mprempren ɔne ne yere de Bible mu nimdeɛ reboa afoforo ma wɔayɛ nsakrae wɔ wɔn asetra mu a adagyew nnim koraa. Adrian ka sɛ: “Ɛnnɛ, mente sɛ me kan nnamfo a wɔn mu pii awuwu no, mewɔ nkwa mu na manya abusua asetra a anigye wom.” Adrian yɛ adanse pefee a ɛda tumi a Bible no wɔ sɛ etumi sakra nnipa asetra ma etu mpɔn no adi.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 25]

“Abufuw ne ne basabasayɛ no nyinaa amfa mfaso biara ammrɛ no”

[Adaka wɔ kratafa 25]

Bible Nnyinasosɛm Reyɛ Adwuma

Bible nnyinasosɛm ahorow a edidi so yi aboa nnipa pii a na wɔyɛ abufufafo na wɔpɛ basabasayɛ ma wɔabɛyɛ nnipa a wodwo:

“Mo ne nnipa nyinaa ntra asomdwoe mu. Adɔfo, munnnidi mo ho were, na mmom munnyaw mma [Onyankopɔn] abufuw!” (Romafo 12:18, 19) Ma Onyankopɔn nkyerɛ bere ne nea ɛsɛ sɛ wɔtɔ no so were. Obetumi ayɛ saa a onim nsɛm ho nokwasɛm nyinaa, ma enti asotwe biara a ebefi mu aba no bɛda n’atɛntrenee a ɛyɛ pɛ no adi.

“Mo bo mfuw, na monnyɛ bɔne! Mommma owia nnkɔtɔ mo abufuw so, na mommma ɔbonsam kwan!” (Efesofo 4:26, 27) Ɛtɔ bere bi a, obi bo betumi afuw ma afata. Sɛ ɛba saa a, ɛnsɛ sɛ ɔma “abufuw” no kyɛ. Dɛn ntia? Efisɛ eyi betumi aka no ma wayɛ bɔne, ma wama “ɔbonsam kwan” na ama wahwere Yehowa Nyankopɔn anim dom.

“Ma abufuw ntwa, na gyae bo bɔne yɛ, nhoran wo bo, na ebewie bɔne nko.” (Dwom 37:8) Nkate a wontumi nni so kowie nneyɛe a egye nsam mu. Sɛ obi ma abufuw ho kwan a, ebetumi ama waka nsɛm a ebepira obiara a asɛm no fa no ho.