Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Munkura Onyankopɔn Asɛm Mu Pɛpɛɛpɛ’

‘Munkura Onyankopɔn Asɛm Mu Pɛpɛɛpɛ’

‘Munkura Onyankopɔn Asɛm Mu Pɛpɛɛpɛ’

“Bɔ mmɔden fa wo ho gyina Onyankopɔn anim sɛ nea ɔfata, sɛ odwumayɛni a enhia sɛ ɔfɛre, na okura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ.”—2 TIMOTEO 2:15.

1, 2. (a) Dɛn nti na adwumayɛfo hia nnwinnade? (b) Adwuma bɛn na Kristofo reyɛ, na ɔkwan bɛn so na wɔda no adi sɛ wɔhwehwɛ Ahenni no kan?

ADWUMAYƐFO hia nnwinnade na aboa wɔn ma wɔayɛ wɔn nnwuma yiye. Nanso, adwinnade bi a odwumayɛni benya kɛkɛ no ara nnɔɔso. Odwumayɛni hia adwinnade a ɛfata, na ɛsɛ sɛ ɔde di dwuma ɔkwan a ɛfata so. Sɛ nhwɛso no, sɛ worebɔ apata na wopɛ sɛ wobɔ ntaboo abien fam ho a, wubehia biribi a ɛsen asae ne nnadewa ara kwa. Ebehia sɛ wuhu sɛnea wɔde dadewa bɔ dua mu a ɛnkoa. Sɛ woyɛ sɛ wode dadewa bɛbɔ dua mu na wunnim sɛnea wɔde asae di dwuma a, ɛbɛyɛ den yiye, na w’abam mpo betumi abu. Nanso, sɛ yɛde nnwinnade di dwuma yiye a, ɛboa ma yetumi yɛ adwuma pa.

2 Sɛ́ Kristofo no, yɛwɔ adwuma a ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Ɛyɛ adwuma a ɛho hia sen biara. Yesu Kristo hyɛɛ n’akyidifo nkuran sɛ ‘wɔnhwehwɛ ahenni no kan.’ (Mateo 6:33) Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa? Ɔkwan biako ne sɛ yɛbɛyɛ nsi wɔ Ahenni asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no mu. Ɔkwan foforo ne sɛ yɛbɛma yɛn som adwuma agyina Onyankopɔn Asɛm so pintinn. Abrabɔ pa ne ɔkwan a ɛto so abiɛsa. (Mateo 24:14; 28:19, 20; Asomafo no Nnwuma 8:25; 1 Petro 2:12) Sɛ yebetu mpɔn na yɛanya anigye wɔ Kristofo som adwuma yi mu a, yehia nnwinnade a ɛfata ne ɔkwan a yɛbɛfa so de adi dwuma yiye ho nimdeɛ. Wɔ eyi mu no, ɔsomafo Paulo yɛɛ nhwɛso a ɛda nsow sɛ Kristoni dwumayɛni, na ɔhyɛɛ mfɛfo gyidifo nkuran sɛ wonsuasua no. (1 Korintofo 11:1; 15:10) Ɛnde, dɛn na yebetumi asua afi Paulo, yɛn yɔnko dwumayɛni no hɔ?

Paulo—Ahenni Dawurubɔfo a Ɔyɛ Nsi

3. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ na ɔsomafo Paulo yɛ Ahenni dwumayɛni a ɔyɛ nsi?

3 Ná Paulo yɛ odwumayɛni bɛn? Akyinnye biara nni ho sɛ na ɔyɛ nsi. Paulo yeree ne ho denneennen trɛw asɛmpa no mu kɔɔ mmeae pii wɔ Mediterranea mpɔtam hɔ. Bere a ɔsomafo a ɔyɛ nsi yi rekyerɛkyerɛ nea enti a ɔde anigye kaa Ahenni ho asɛm no mu no, ɔkae sɛ: “Na sɛ meka asɛmpa no a, ɛnyɛ me ahohoahoa, na etwa me sɛ meka, na sɛ menka asɛmpa no a, anka minnue!” (1 Korintofo 9:16) So na Paulo ankasa nkwa a wobegye no nkutoo na ehia no? Dabi. Na ɔnyɛ pɛsɛmenkominya. Mmom no, na nea ɔpɛ ne sɛ afoforo nso benya asɛmpa no so mfaso. Ɔkyerɛwee sɛ: “Eyi nyinaa, asɛmpa no nti na meyɛ, na manya emu kyɛfa.”—1 Korintofo 9:23.

4. Adwinnade bɛn na ɛsom bo ma Kristofo adwumayɛfo sen biara?

4 Ná ɔsomafo Paulo yɛ odwumayɛni a ɔwɔ ahobrɛase a ohui sɛ ontumi mfa ne ho nto n’ankasa nimdeɛ so. Sɛnea duadwumfo hia asae no, saa ara na na Paulo hia adwinnade a ɛfata a ɔnam so de Onyankopɔn nokware no bedua n’atiefo koma mu. Adwinnade bɛn na ɔde dii dwuma titiriw? Ná ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm, Kyerɛw Kronkron no. Saa ara na Bible mũ no nyinaa yɛ adwinnade titiriw a yɛde di dwuma ma ɛboa yɛn ma yɛyɛ asuafo.

5. Sɛ yɛbɛyɛ asɛmpakafo a yetu mpɔn a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ ka kyerɛw nsɛm a yɛbɛfa aka asɛm no ho?

5 Na Paulo nim sɛ Onyankopɔn Asɛm a ɔde bedi dwuma yiye no kɔ akyiri sen emu nsɛm a ɔbɛfa aka ara kwa no. Ɔkaa asɛm wɔ ‘ɔkwan a etumi dan ti’ so. (Asomafo no Nnwuma 28:23) Ɔkwan bɛn so? Paulo de Onyankopɔn Asɛm a wɔakyerɛw no dii dwuma yiye de maa nnipa pii gyee Ahenni nokware no dii. Ɔne wɔn susuw nsɛm ho. Paulo de asram abiɛsa kɔɔ Efeso hyiadan mu ‘de nnam kaa asɛm, na ɔkaa Onyankopɔn ahenni ho asɛm.’ Bere a na “ebinom koma yɛ den, na wontie” no, afoforo tiei. Esiane asɛm a Paulo kae wɔ Efeso nti, “[Yehowa, NW] asɛm nam ahoɔden so nyinii na ɛyɛɛ den.”—Asomafo no Nnwuma 19:8, 9, 20.

6, 7. Ɔkwan bɛn so na Paulo kamfoo ne som, na yɛn nso yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa?

6 Sɛ́ Ahenni dawurubɔfo a ɔyɛ nsi no, Paulo ‘kamfoo ne som.’ (Romafo 11:13) Ɔkwan bɛn so? Na n’ani nnye ho sɛ ɔbɛkamfo ne ho akyerɛ; na saa ara nso na na ɛnyɛ no aniwu sɛ wobehu no wɔ baguam sɛ Onyankopɔn yɔnko adwumayɛfo no mu biako. Mmom no, obuu ne som adwuma no sɛ nea nidi wom sen biara. Paulo de Onyankopɔn Asɛm no dii dwuma ahokokwaw mu yiye. Ne dwumadi a ɛsow aba no hyɛɛ afoforo nkuran, na ɛkanyan wɔn ma wowiee wɔn som adwuma no koraa. Wɔkamfoo ne som wɔ saa kwan yi so nso.

7 Te sɛ Paulo no, yebetumi akamfo yɛn adwuma sɛ asomfo denam Onyankopɔn Asɛm no a yɛde bedi dwuma daa wɔ ɔkwan a etu mpɔn so no so. Wɔ yɛn asɛnka adwuma no afã nyinaa mu no, yɛn botae ne sɛ yɛbɛka Kyerɛwnsɛm no mu asɛm bi akyerɛ nnipa pii sɛnea yebetumi. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ eyi denam asɛm a wɔka ma ɛdan ti so? Susuw akwan abiɛsa a ɛho hia ho: (1) Twe adwene si Onyankopɔn Asɛm so wɔ ɔkwan a ɛbɛma wɔanya obu ama no so. (2) Fa anifere kyerɛkyerɛ nea Bible no ka mu na fa di dwuma. (3) Wo ne afoforo nsusuw Kyerɛwnsɛm no ho wɔ ɔkwan a ɛbɛma wɔagye adi so.

8. Ahenni asɛnka nnwinnade bɛn na yɛwɔ nnɛ, na ɔkwan bɛn so na wode adi dwuma?

8 Ɛnnɛyi Ahenni adawurubɔfo wɔ nnwinnade a na Paulo nni bi bere a na ɔreyɛ ne som adwuma no. Eyinom mu bi ne nhoma, nsɛmma nhoma, nhomawa, nsaano nkrataa, nkratawa, ne kasɛt ne video. Afeha a etwaam no, wɔde adansedi nkratasin, gramafon, kar a akasam afiri sisi so, ne radio nso dii dwuma. Nokwarem no, yɛn adwinnade a ɛsen biara ne Bible, na ɛsɛ sɛ yɛde adwinnade a ɛho hia yi di dwuma yiye wɔ ɔkwan a ɛfata so.

Ɛsɛ sɛ Yɛn Som Adwuma Gyina Onyankopɔn Asɛm So

9, 10. Ɛdefa Onyankopɔn Asɛm a wɔde di dwuma ho no, dɛn na yebetumi asua afi Paulo afotu a ɔde kɔmaa Timoteo no mu?

9 Ɔkwan bɛn so na yebetumi de Onyankopɔn Asɛm adi dwuma sɛ adwinnade a etu mpɔn? Denam tie a yebetie Paulo nsɛm a ɔka kyerɛɛ ne yɔnko dwumayɛni Timoteo no so: “Bɔ mmɔden fa wo ho gyina Onyankopɔn anim sɛ nea ɔfata, sɛ odwumayɛni a enhia sɛ ɔfɛre, na okura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ.” (2 Timoteo 2:15) ‘Nokwasɛm no a yebekura mu pɛpɛɛpɛ’ no kyerɛ dɛn?

10 Nea Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase ‘kura mu pɛpɛɛpɛ’ no kyerɛ ankasa ne “twa ma ɛnteɛ” anaa “sɛ́ wotwa ɔsa ma ɛteɛ.” Paulo afotu a ɔde kɔmaa Timoteo no mu nkutoo na wɔde asɛmfua no dii dwuma wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu. Wobetumi de asɛnkoro no ara adi dwuma de akyerɛkyerɛ akã a wotwitwa to afuw mu ma ɛteɛ mu. Akyinnye biara nni ho sɛ ɛbɛyɛ animguase ama okuafo a ne ho akokwaw sɛ obetwa akã ma akyeakyea. Wɔkaee Timoteo sɛ sɛ ɔbɛyɛ “odwumayɛni a enhia sɛ ɔfɛre” a, ɛnsɛ sɛ ɔman fi Onyankopɔn Asɛm mu nokware nkyerɛkyerɛ ho. Ná ɛnsɛ sɛ Timoteo gyina n’ankasa nsusuwii so kyerɛkyerɛ. Na ɛsɛ sɛ ɔde n’asɛnka ne ne nkyerɛkyerɛ gyina Kyerɛwnsɛm no so denneennen. (2 Timoteo 4:2-4) Na ɔnam saa kwan yi so bɛma nkurɔfo anya Yehowa adwene wɔ nneɛma ho, na amma wiase nyansapɛ amfa wɔn nnommum. (Kolosefo 2:4, 8) Saa ara na ɛte nnɛ.

Ɛsɛ sɛ Yɛbɔ Ɔbra Pa

11, 12. Nkɛntɛnso bɛn na yɛn abrabɔ nya wɔ Onyankopɔn Asɛm a yebekura mu pɛpɛɛpɛ no so?

11 Ɛsɛ sɛ yɛyɛ pii sen Onyankopɔn Asɛm a yebekura mu pɛpɛɛpɛ denam emu nokware ahorow a yɛbɛka so. Ɛsɛ sɛ yɛn abrabɔ ne no hyia. “Yɛyɛ Onyankopɔn adwumayɛboafo,” enti ɛnsɛ sɛ yɛyɛ adwumayɛfo a yɛyɛ nyaatwom. (1 Korintofo 3:9) Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Afei wo a wokyerɛkyerɛ obi no, wonkyerɛkyerɛ wo ho? Wo a woka sɛ wonnwia ade no, wuwia ade? Wo a wuse wɔnnsɛe aware no, wosɛe aware? Wo a wukyi ohoni no, wofow asɔrefi nneɛma?” (Romafo 2:21, 22) Enti, sɛ́ Onyankopɔn nnɛyi adwumayɛfo no, ɔkwan biako a yɛfa so kura Onyankopɔn Asɛm mu pɛpɛɛpɛ ne saa afotu yi a yetie no: “Fa wo koma nyinaa bata [Yehowa, NW] ho, na mfa wo ho ntweri wo nhumu. Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛteɛ w’akwan.”—Mmebusɛm 3:5, 6.

12 Dɛn na yebetumi ahwɛ kwan sɛ ebefi Onyankopɔn Asɛm mu a yebekura pɛpɛɛpɛ no mu aba? Susuw tumi a Onyankopɔn Asɛm betumi anya wɔ nnipa komapafo asetra so no ho hwɛ.

Onyankopɔn Asɛm Wɔ Tumi a Ɛde Sakra

13. Dɛn na ebetumi afi Onyankopɔn Asɛm a obi de bedi dwuma no mu aba?

13 Sɛ wogye Onyankopɔn Asɛm tom sɛ asɛm a ahoɔden wom a ɛwɔ nkɛntɛnso a, ɛboa nkurɔfo ma wɔyɛ nsakrae a ɛyɛ nwonwa wɔ wɔn asetra mu. Ná Paulo ahu dwuma a Onyankopɔn asɛm di, na na wahu nkɛntɛnso pa a anya wɔ wɔn a na wɔabɛyɛ Kristofo wɔ tete Tesalonika no so. Enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yɛda Onyankopɔn ase daa, efisɛ munyaa Onyankopɔn kaseɛ asɛm no yɛn nkyɛn no, mugyei, ɛnyɛ sɛ nnipa asɛm, na mmom sɛ Onyankopɔn asɛm, sɛnea ɛte ampa, ɔno nso na ɔyɛ mo a mugye di no mu adwuma.” (1 Tesalonikafo 2:13) Wɔ saa Kristofo no fam no—nokwarem no, wɔ Kristo akyidifo anokwafo nyinaa fam no—wontumi mfa onipa nyansa a esua koraa no ntoto Onyankopɔn nyansa a ɛkorɔn no ho koraa. (Yesaia 55:9) Tesalonikafo no ‘gyee asɛm no ahohia pii mu,’ na wɔbɛyɛɛ nhwɛso maa gyidifo afoforo.—1 Tesalonikafo 1:5-7.

14, 15. Tumi bɛn na Onyankopɔn Asɛm mu nkrasɛm wɔ, na dɛn ntia?

14 Onyankopɔn Asɛm wɔ tumi, efisɛ ne Fibea ne Yehowa. Efi “Nyankopɔn teasefo,” nea wɔnam n’asɛm so ‘yɛɛ ɔsoro’ no hɔ, na saa asɛm no ‘wie nea enti a wɔsomae no’ bere nyinaa. (Hebrifo 3:12; Dwom 33:6; Yesaia 55:11) Bible ho ɔbenfo bi kae sɛ: “Onyankopɔn ntwe ne ho mfi N’asɛm ho. Onnyae akyidi te sɛ nea ebia ɛyɛ biribi foforo bi wɔ n’ani so. . . . Enti ɛnyɛ asɛm a ne bere atwam, a nea ɛbɛyɛ biara mfa ne ho da; efisɛ ɛbata Onyankopɔn teasefo no ho.”

15 Tumi bɛn na nkrasɛm a efi Onyankopɔn Asɛm mu ba no wɔ? Ɛwɔ tumi kɛse. Ɛfata sɛ Paulo kyerɛwee sɛ: “Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na ahoɔden wɔ mu, na ano yɛ nnam sen nkrante anofanu biara, na ehwirew mu kodu sɛ ɛpaapae ɔkra ne honhom, akwaa ne hon mu, na ɛyɛ koma nsusuwii ne adwene temmufo.”—Hebrifo 4:12.

16. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn Asɛm betumi asakra obi koraa?

16 Onyankopɔn Asɛm mu nkrasɛm no “ano yɛ nnam sen nkrante anofanu biara.” Enti, ɛwɔ tumi a ɛde hwirow nneɛma mu sen nnipa adwinnade biara. Onyankopɔn Asɛm hyɛn onipa mu tɔnn, na etumi sakra no komam, ɛka sɛnea osusuw nneɛma ho ne sɛnea ɔda ɔdɔ adi, na ɛma ɔbɛyɛ odwumayɛni pa a ɔfata. Adwinnade a ɛwɔ tumi bɛn ara ni!

17. Kyerɛkyerɛ Onyankopɔn Asɛm mu tumi a ɛsakra nnipa no mu.

17 Onyankopɔn Asɛm da nea ɛwɔ onipa komam ankasa adi sen nea osusuw sɛ ɔte anaa sɛnea ɔma afoforo hu no no. (1 Samuel 16:7) Ɛtɔ mmere bi a onipa bɔne mpo tumi de ne suban ankasa sie da ne ho adi sɛ ɔyamyefo anaa obi a osuro Onyankopɔn. Abɔnefo yɛ wɔn ho sɛ nnipa pa de yɛ nneɛma bɔne. Ahantanfo yɛ wɔn ho sɛ ahobrɛasefo bere a wɔpɛ sɛ nnipa kamfo wɔn no. Nanso, sɛ Onyankopɔn Asɛm da nea ɛwɔ obi komam ankasa adi a, ɛma ɔhobrɛasefo tumi yi nipasu dedaw no kyene, na ‘ɔhyɛ nipasu foforo a wɔbɔɔ no Onyankopɔn so, nokware trenee ne ahotew mu’ no. (Efesofo 4:22-24) Onyankopɔn Asɛm mu nkyerɛkyerɛ nso tumi ma ahufo bɛyɛ Yehowa Adansefo akokodurufo ne Ahenni adawurubɔfo a wɔyɛ nsi.—Yeremia 1:6-9.

18, 19. Gyina osuahu a ɛwɔ saa nkyekyɛm yi mu anaa nea woanya wɔ asɛnka mu so kyerɛ sɛnea Kyerɛwnsɛm mu nokware no tumi sakra obi suban.

18 Onyankopɔn Asɛm mu tumi a ɛsakra no nya nnipa so nkɛntɛnso pa wɔ mmaa nyinaa. Sɛ nhwɛso no, Ahenni adawurubɔfo a wofi Phnom Penh, Cambodia, kɔkaa asɛm no mprenu ɔsram biara wɔ Kompong Cham mantam mu. Bere a ɛhɔnom sɔfo bea bi tee sɛ asɔfo foforo rekasa tia Yehowa Adansefo no, ɔyɛɛ nhyehyɛe hyiaa Adansefo no wɔ bere foforo a wɔbaa ɔmantam no mu no. Obisabisaa wɔn nsɛm pii faa nnapɔnnadi ho, na ɔyɛɛ aso tiee wɔn yiye bere a wofi Kyerɛwnsɛm mu ne no susuw nsɛm ho no. Afei ɔteɛɛm sɛ: “Ɛnnɛ na mahu sɛ nea me mfɛfo asɔfo no ka faa mo ho no nyɛ nokware! Wɔkae sɛ momfa Bible nni dwuma, nanso ɛno ara na mode adi dwuma anɔpa yi!”

19 Ɔbea yi kɔɔ so ne Adansefo no susuw Bible no ho, na wamma huna a wohunahunaa no sɛ wobeyi no afi asɔfodi mu no ammɔ no hu. Ɔkaa Kyerɛwnsɛm mu nkɔmmɔbɔ no ho asɛm kyerɛɛ n’adamfo bi, na ɔno nso fii ase ne Adansefo no suaa Bible no. N’adamfo no ani begyee nea na ɔresua no ho araa ma bere bi a na wɔreyɛ asɔre wɔ n’asɔre mu no, ɔkae sɛ, “Mommra, mo ne Yehowa Adansefo mmesua Bible no!” Ɛno akyi bere tiaa bi no, kan sɔfo no ne afoforo nso fii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible no.

20. Ɔkwan bɛn so na ɔbea bi a ɔwɔ Ghana suahu no da tumi a Onyankopɔn Asɛm wɔ no adi?

20 Tumi a Onyankopɔn Asɛm wɔ no da adi nso wɔ Paulina, ɔbea bi a ofi Ghana, asɛm no mu. Bere nyinaa Ahenni dawurubɔfo bi ne no suaa Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma no. * Ná Paulina tɔ aware so, na ohui sɛ ehia sɛ ɔyɛ nsakrae, nanso ne kunu ne n’abusuafo nyinaa sɔre tiaa no denneennen. Ne nanabarima a ɔyɛ ɔtemmufo wɔ asɛnnibea kɛse mu ne asɔre panyin no bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛdan n’adwene denam Mateo 19:4-6 a ɔde dii dwuma ɔkwammɔne so no so. Ɔtemmufo no kasae te sɛ nea asɛm a ɔreka no yɛ nokware, nanso ntɛm ara na Paulina hui sɛ eyi te sɛ ɔkwan a Satan faa so kyinkyim Kyerɛwnsɛm no bere a ɔsɔɔ Yesu Kristo hwɛe no pɛpɛɛpɛ. (Mateo 4:5-7) Ɔkaee Yesu asɛm a ɛfa aware ho no pefee sɛ, nnipa a Onyankopɔn bɔɔ wɔn no yɛ ɔbarima ne ɔbea, na ɛnyɛ ɔbarima ne mmea, afei nso nnipa baanu na wɔbɛyɛ ɔhonam koro, ɛnyɛ nnipa baasa. Okuraa ne gyinaesi no mu pintinn, na awiei koraa no, ogyaee aware a na ɔto so no wɔ amammerɛ kwan so. Ankyɛ na ɔbɛyɛɛ Ahenni dawurubɔfo a wabɔ asu a ɔwɔ anigye.

Monkɔ So Nkura Onyankopɔn Asɛm Mu Pɛpɛɛpɛ

21, 22. (a) Gyinae bɛn na yɛpɛ sɛ yesi sɛ Ahenni adawurubɔfo? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu?

21 Nokwarem no, Onyankopɔn Asɛm a wɔakyerɛw no yɛ adwinnade a tumi wom a yɛde bedi dwuma de aboa afoforo ma wɔayɛ nsakrae wɔ wɔn asetram ama wɔatumi abɛn Yehowa. (Yakobo 4:8) Sɛnea adwumayɛfo a wɔn ho akokwaw de nnwinnade yɛ adwuma pa no, ɛmmra sɛ yebesi gyinae ayere yɛn ho de Onyankopɔn Asɛm, Bible no, adi dwuma ahokokwaw so wɔ adwuma a Onyankopɔn de ama yɛn sɛ Ahenni adawurubɔfo no mu.

22 Ɔkwan bɛn so na yebetumi de Kyerɛwnsɛm no adi dwuma wɔ ɔkwan a etu mpɔn kɛse so wɔ yɛn asuafoyɛ adwuma no mu? Ɔkwan biako ne sɛ yebenya nkɔso sɛ akyerɛkyerɛfo a yetumi ka asɛm ma nkurɔfo gye di. Yɛsrɛ sɛ fa w’adwene kɔ asɛm a edi hɔ no so, efisɛ ɛkyerɛ akwan a yɛbɛfa so akyerɛkyerɛ na yɛaboa afoforo ma wɔagye Ahenni asɛm no atom.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 20 Yehowa Adansefo na wotintimii.

So Wokae?

• Nnwinnade bɛn na Ahenni adawurubɔfo wɔ?

• Akwan bɛn so na Paulo yɛɛ nhwɛso sɛ Ahenni dwumayɛni?

• Dɛn na Onyankopɔn Asɛm a yɛde bedi dwuma ɔkwan a ɛfata so no hwehwɛ?

• Ɔkwan bɛn so na Yehowa Asɛm a wɔakyerɛw no yɛ adwinnade a tumi wom?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 10]

Nnwinnade bi a Kristofo de yɛ Ahenni asɛnka adwuma no