Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Ɛsɛ sɛ Kristofo bu ɔsram a wɔwo obi wom ho agyirahyɛde a wɔde di dwuma no dɛn?

Wɔ amammerɛ bi mu no, wɔde agyirahyɛde bi bata ɔsram a wɔwo obi wom no ho. Sɛ Kristoni bi bɛhyɛ kaa a agyirahyɛde bi wɔ so no yɛ n’ankasa gyinaesi. (Galatifo 6:5) Wɔ gyinaesi a ɛte saa mu no, nneɛma atitiriw bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ osusuw ho.

Encyclopaedia Britannica ka sɛ awoda ho agyirahyɛde yɛ “aboɔden bo a wɔde bata da a wɔde woo obi ho, a nnipa pii susuw sɛ ne hyɛ ma esi obi yiye anaa onya akwahosan.” Nhwehwɛmu nhoma yi de ka ho sɛ: “Efi bere tenten ni na nsoromma mu ahwɛfo aka sɛ aboɔden abo bi wɔ tumi a ɛboro nnipa de so.”

Nnipa pii gye dii wɔ tete mmere no mu titiriw sɛ awoda agyirahyɛde de yiyedi brɛ nea ɔhyɛ no. So nokware Kristoni gye eyi di? Dabi, efisɛ onim sɛ Yehowa buu wɔn a wogyaw No na wɔde wɔn ho too “siade bosom” so no fɔ.—Yesaia 65:11.

Wɔ Mfinimfini Mmere no mu no, na akɔmfo paw aboɔden bo ma ɔsram biara wɔ afe no mu. Wɔhyɛɛ nkurɔfo nkuran sɛ wɔmfa ɔsram a wɔwoo wɔn wom no agyirahyɛde nhyɛ, a na wɔkyerɛ sɛ ɛbɛbɔ nea ɔhyɛ no ho ban afi asiane mu. Nanso, Kyerɛwnsɛm no kyerɛ sɛ ɛyɛ mfomso sɛ Kristofo bedi asumanfo nsɛm akyi esiane sɛ Bible no kasa tia nti.—Deuteronomium 18:9-12.

Ɛbɛyɛ nea ɛmfata nso sɛ Kristofo de obu titiriw bi bɛbata kaa bi ho esiane sɛ agyirahyɛde bi da so nti. Yehowa Adansefo nni awoda. Nea enti a ɛte saa ne sɛ saa afahyɛ no de adwene si ankorankoro so kɛse na Bible kyerɛwtohɔ a ɛfa wɔn a wodii wɔn awoda ho no yɛ nea ɛfa atumfoɔ a na wɔnsom Onyankopɔn nkutoo ho.—Genesis 40:20; Mateo 14:6-10.

Nnipa binom susuw sɛ kaa a agyirahyɛde bi da so no nya nkɛntɛnso pa wɔ nea ɔhyɛ no nipasu so. Nanso, nokware Kristofo nnye eyi nni, efisɛ wohu sɛ wɔhyɛ ‘nipasu foforo’ no wɔ Onyankopɔn honhom kronkron no nkɛntɛnso ase ne denam Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm a wɔde di dwuma no so.—Efesofo 4:22-24.

Ade a ɛho hia wɔ eyi mu ne adwene a ɛwɔ akyi no. Sɛ Kristoni bi resi gyinae sɛ ɔbɛhyɛ kaa a agyirahyɛde bi da so a, obetumi abisa ne ho sɛ, ‘So agyiraehyɛde a ɛwɔ kaa yi so fɛ a ɛyɛ me nti na mepɛ sɛ mehyɛ, ɛmfa ho sɛ ɛne ɔsram a wɔwoo me no wɔ abusuabɔ? Anaasɛ gyidihunu adwene a nkurɔfo wɔ wɔ aboɔden bo ho no anya me so nkɛntɛnso wɔ ɔkwan bi so?’

Ɛsɛ sɛ Kristoni hwehwɛ ne koma mu sɛnea ɛbɛyɛ a obehu adwene a okura wɔ ho. Kyerɛwnsɛm no ka sɛ: “Kora wo koma so sen nea wode sie nyinaa, na emu na nneyɛe nyinaa fi.” (Mmebusɛm 4:23) Wɔ bere a Kristoni biara resi gyinae afa awoda agyirahyɛde ho no, ɛbɛyɛ papa sɛ osusuw n’adwene a ɔwɔ ne nkɛntɛnso a ebetumi anya wɔ ɔne afoforo so no ho.—Romafo 14:13.