Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Onyankopɔn Asɛm Wɔ Tumi Ankasa!”

“Onyankopɔn Asɛm Wɔ Tumi Ankasa!”

“Onyankopɔn Asɛm Wɔ Tumi Ankasa!”

“ONYANKOPƆN asɛm wɔ nkwa, na ahoɔden wɔ mu.” (Hebrifo 4:12) Ɛredi Onyankopɔn Asɛm a ɛwɔ tumi a biribiara ntumi nsianka no ho adanse no, 2003 Calendar of Jehovah’s Witnesses no kaa nnipa baasia asetra mu osuahu a efi wiase nyinaa no ho asɛm. Wɔ asɛmti “Kan ne Akyiri Yi” ase no, kalenda no daa ɔkwan a Yehowa Adansefo nkyerɛkyerɛ adwuma no boa nnipa ma wɔn abrabɔ tu mpɔn, wogyae wɔn asetra akwan a epira wɔn no akyidi, hyɛ wɔn abusua asetra mu den, na wɔkɔ so ne Onyankopɔn nya abusuabɔ no adi.

Asafo ti no nsa aka nkrataa pii a wɔde rekyerɛ 2003 kalenda no ho anisɔ. Nsɛm a wɔkae no bi ni:

“Kalenda yi yɛ adanse ma nokware Kristofo sɛ nnipa afoforo a wɔte sɛ wɔn ara a na ɛsɛ sɛ wɔbɔ wɔn ho mmɔden paa pere gyidi no wɔ hɔ. Afei wobetumi ahwɛ mfonini ahorow no de akae nsakrae a ebinom ayɛ no.”—Steven, United States.

“Na mepɛ ankasa sɛ mɛkyerɛw nsɛntiaa yi mabrɛ mo na mama moahu sɛnea 2003 kalenda no aka me koma afa. Kalenda biara nnyaa me so nkɛntɛnso saa da. Mede saa asetram nsɛm yi bɛka nhoma a ɛhyɛ m’asɛnka bag mu no ho, sɛnea ɛbɛyɛ a mede afoforo ho adanse a ɛyɛ anigye a ɛkyerɛ nkɛntɛnso a Bible betumi anya wɔ ankorankoro so no bɛkyerɛ.”—Marc, Belgium.

“Kalenda no kaa me paa. Enyaa me nkate so tumi kɛse bere a mekenkanee na mihuu sɛnea Yehowa asakra saa nkurɔfo yi no. Esiane eyi nti, ahyɛ me nkuran sɛ mɛkɔ so ayɛ nsakrae wɔ m’asetra mu. Ɛnnɛ, mete nka ankasa sɛ meka wiase nyinaa anuanom no ho sen bere biara.”—Mary, United States.

“Nkurɔfo akuwakuw no honhom fam tebea no kaa Yesu paa. Meda mo ase sɛ musuasua Kristo nhwɛso no denam asetram nsɛm a mode baa yɛn 2003 kalenda no so no so. Ɛmmae da wɔ m’asetra mu sɛ kalenda bi bɛma nusu agu me saa.”—Cassandra, United States.

“Mifii ase nom sigaret bere a na madi mfe 11; akyiri yi menom nnubɔne. Masusuw ho mpɛn pii sɛ medi me ho dɔm. Bere a mibehuu Yehowa no, wɔboaa me ma migyaee saa suban no. Saa kalenda yi ho hia me yiye. Nhwɛso horow a ɛfa me nuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ wiase nyinaa ho no hyɛ me den. Afei de, minim sɛ ɛnyɛ me nkutoo na mereko saa ɔko yi na nea ɛho hia paa ne ɔdɔ ma Yehowa ne koma mu nyinaa a wofi de ɔsom ma no no.”—Margaret, Poland.

“Oo, Onyankopɔn Asɛm wɔ tumi ankasa! Bere a me nsa kaa 2003 kalenda no, mehyɛɛ me ho so sɛnea ɛbɛyɛ a merensu. Osuahu ahorow yi ne mfonini a ɛka ho no hyɛ gyidi den paa.”—Darlene, United States.

“Saa nkurɔfo yi binom kan asetra kwan ne me kan asetra di nsɛ paa. Yehowa ama me ahoɔden a mede begyae abrabɔ bɔne a na ɛte sɛ nea mintumi nni so no. Meda mo ase paa wɔ saa asetra mu osuahu ahorow yi ho.”—William, United States.