Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wubetumi Agye Adi sɛ Paradise Asase Bi Bɛba

Wubetumi Agye Adi sɛ Paradise Asase Bi Bɛba

Wubetumi Agye Adi sɛ Paradise Asase Bi Bɛba

WƆ ABAKƆSƐM nyinaa mu no, nnipa ɔpepem pii agye adi sɛ bere bi bɛba a wobefi asase so akɔ soro. Ebinom te nka sɛ ɛnyɛ yɛn Bɔfo no atirimpɔw ne sɛ yɛbɛtra asase so daa. Ahotuafo ayɛ ade kɔ akyiri sen saa mpo. Wɔn mu pii fam no, asase no, ne honam fam nneɛma nyinaa yɛ abusude—akwanside a ɛmma obi nnya honhom fam abotɔyam ankasa na ɛmma ontumi mmɛn Nyankopɔn.

Ebia na wɔn a wɔhyehyɛɛ adwenkyerɛ a yɛaka ho asɛm no nnim nea Onyankopɔn ka faa paradise asase so asetra ho no anaasɛ wɔboapa na wɔpo. Nokwasɛm ne sɛ, ɛnnɛ, nnipa pii ani nnye ho sɛ wɔbɛyɛ nea Onyankopɔn de honhom kaa nnipa ma wɔkyerɛw faa asɛm yi ho wɔ N’asɛm, Bible, mu no mu nhwehwɛmu. (2 Timoteo 3:16, 17) Nanso so nyansa nnim sɛ yebenya Onyankopɔn Asɛm mu ahotoso mmom sen sɛ yebegye nnipa nkyerɛkyerɛ adi? (Romafo 3:4) Nokwarem no, ɛho hia sɛ yɛyɛ saa, efisɛ Bible bɔ yɛn kɔkɔ sɛ abɔde mumɔyɛfo bi a ɔwɔ tumi na aniwa nhu no afura nkurɔfo adwene ani wɔ honhom fam, na ‘ɔredaadaa amanaman nyinaa’ nnɛ.—Adiyisɛm 12:9; 2 Korintofo 4:4.

Dɛn Nti Ne Sakasakayɛ Yi?

Ɔkra ho adwenkyerɛ a egu ahorow no ama nnipa adwene atu afra wɔ Onyankopɔn atirimpɔw ma asase yi ho. Nnipa pii gye di sɛ yɛwɔ ɔkra bi a enwu da—biribi a ɛyɛ soronko wɔ nipadua no ho a ɛkɔ so tra ase wɔ owu akyi. Afoforo gye di sɛ na ɔkra no wɔ hɔ ansa na wɔrebɔ nipadua no. Sɛnea nhoma bi kyerɛ no, na Helani nyansapɛfo Plato kura adwene a ɛne sɛ “wɔde ɔkra no too afiase wɔ nipadua no mu de twee n’aso wɔ bɔne a ɔyɛe wɔ soro no ho.” Saa ara na afeha a ɛto so abiɛsa mu nyamekyerɛfo Origen kae sɛ “akra no yɛɛ bɔne [wɔ soro] ansa na wɔde wɔn hyɛɛ nipadua no mu” na wɔde wɔn “guu afiase wɔ [saa nipadua no mu wɔ asase so] de twee wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho.” Na nnipa ɔpepem pii gye di sɛ asase no yɛ beae bi a wɔsɔ onipa hwɛ kɛkɛ wɔ n’akwantu a ɔde rekɔ soro no mu.

Adwenkyerɛ ahorow a ɛfa nea ɛba ɔkra no so bere a onipa wu no ho nso wɔ hɔ. Sɛnea History of Western Philosophy nhoma no kyerɛ no, Misrifo nyaa adwene sɛ “awufo akra sian kɔ asase ase.” Nyansapɛfo dii anobaabae akyiri yi sɛ awufo akra nsiane nkɔ asase ase sum bi mu, na mmom wɔkɔ ahonhom atrae a ɛkorɔn ankasa. Wɔkyerɛ sɛ Helani nyansapɛfo Socrates nyaa adwene sɛ sɛ onipa wu a ɔkra no “kɔ beae [bi] a wonhu . . . na ɔne anyame no kɔtra daa.”

Dɛn na Bible no Ka?

Onyankopɔn Asɛm, Bible, a efi honhom mu, no mu baabiara nni hɔ a ɛka sɛ nnipa wɔ ɔkra a enwu da. W’ankasa kenkan kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Genesis 2:7 no. Ɛka sɛ: “[Yehowa, NW] Nyankopɔn de fam dɔte nwenee onipa, na ohuw nkwa home guu ne hwene mu, na onipa yɛɛ ɔkra teasefo.” Ɛno yɛ asɛm a emu da hɔ fann. Bere a Onyankopɔn bɔɔ onipa a odi kan, Adam no, Wamfa biribi a aniwa nhu anhyɛ ne mu. Dabi, efisɛ Bible ka sɛ “onipa yɛɛ ɔkra teasefo.” Ná onipa no nni ɔkra. Ná ɔyɛ ɔkra.

Bere a Yehowa bɔɔ asase ne adesamma abusua no, na ɛnyɛ n’atirimpɔw ne sɛ nnipa bewu. Ná Onyankopɔn atirimpɔw ne sɛ nnipa bɛtra asase so daa wɔ Paradise tebea mu. Adam wui esiane sɛ wanni Onyankopɔn mmara so nti. (Genesis 2:8, 15-17; 3:1-6; Yesaia 45:18) Bere a onipa a odi kan no wui no, so ɔkɔɔ ahonhom atrae bi? Dabi! Ɔno—ɔkra Adam—fii nkwa mu san kɔɔ dɔte hunu a woyii no fii mu no mu.—Genesis 3:17-19.

Yɛn nyinaa anya bɔne ne owu afi yɛn nana Adam hɔ. (Romafo 5:12) Saa owu yi yɛ nkwa mu a obi fi, sɛnea Adam fii nkwa mu no. (Dwom 146:3, 4) Nokwarem no, Bible no mfa asɛm “asetra a enni awiei” anaa “ade a ɛte hɔ daa” nni dwuma mma asɛmfua “ɔkra” wɔ ne nhoma 66 no biara mu. Nea ɛne no bɔ abira no, Kyerɛwnsɛm no ka no pefee sɛ ɔkra—onipa no—wu. Ɔkra wu.—Ɔsɛnkafo 9:5, 10; Hesekiel 18:4.

So Honam Fam Nneɛma Yɛ Abusude Ankasa?

Na adwene a ɛne sɛ honam fam nneɛma, a asase ka ho, yɛ abusude no nso ɛ? Manisom, nyamesom fekuw bi a ɔbarima bi a wɔfrɛ no Mani tewee wɔ Persia wɔ afeha a ɛto so abiɛsa Y.B. mu, no akyitaafo na na wokura saa adwene no. The New Encyclopædia Britannica ka sɛ: “Ahohia a ɛkɔ so wɔ nnipa asetram no na ɛma wɔtee Manisom.” Ná Mani gye di sɛ sɛ́ obi bɛyɛ onipa no yɛ biribi a “ɛnyɛ ne kwan so, wontumi nnyina ano, na ɛyɛ abusude ankasa.” Ɔsan kyerɛe sɛ ɔkwan biako pɛ a obi bɛfa so afi saa “ahohia” yi mu ne sɛ ne kra befi ne nipadua mu, afi asase so, na akonya honhom fam asetra wɔ ahonhom wiase.

Nea ɛne no bɔ abira no, Bible ka kyerɛ yɛn sɛ wɔ Onyankopɔn fam no, na “nea ɔyɛe nyinaa” bere a ɔbɔɔ asase ne adesamma no ‘ye papa.’ (Genesis 1:31) Saa bere no, na akwanside biara nna nnipa ne Onyankopɔn ntam. Adam ne Hawa ne Yehowa nyaa abusuabɔ a emu yɛ den, sɛnea onipa a ɔyɛ pɛ Yesu Kristo mpo ne ne soro Agya no nyaa abusuabɔ a emu yɛ den no.—Mateo 3:17.

Sɛ yɛn awofo a wodi kan, Adam ne Hawa, anyɛ bɔne a, anka wɔne Yehowa Nyankopɔn benya abusuabɔ a emu yɛ den daa wɔ paradise asase so. Wofii asetra ase wɔ Paradise, efisɛ Kyerɛwnsɛm no ka kyerɛ yɛn sɛ: “[Yehowa, NW] Nyankopɔn yɛɛ turo bi wɔ Eden a ɛwɔ apuei fam, na ɔde onipa a wɔnwenee no no traa hɔ.” (Genesis 2:8) Saa paradise tebea no mu na wɔbɔɔ Hawa toe. Sɛ Adam ne Hawa anyɛ bɔne a, anka wɔne wɔn mma a wɔyɛ pɛ betumi abom ayɛ adwuma kosi sɛ asase no nyinaa bɛdan paradise. (Genesis 2:21; 3:23, 24) Anka asase so Paradise no bɛyɛ adesamma fie daa.

Dɛn Nti na Ebinom Kɔ Soro?

‘Nanso,’ ebia wobɛka sɛ, ‘Bible no ka sɛ nnipa bi bɛkɔ soro, anaa ɛnte saa?’ Saa na ɛte. Bere a Adam yɛɛ bɔne no, Yehowa bɔɔ ne tirim sɛ ɔde ɔsoro Ahenni bi besi hɔ a emu no, Adam asefo bi ne Yesu Kristo ‘bedi asase so ahene.’ (Adiyisɛm 5:10; Romafo 8:17) Ná wobenyan wɔn akɔ asetra a enni awiei mu wɔ soro. Wɔn dodow yɛ 144,000, na wɔn mu nea wodi kan ne Yesu asuafo anokwafo a wɔtraa ase afeha a edi kan mu no.—Luka 12:32; 1 Korintofo 15:42-44; Adiyisɛm 14:1-5.

Nanso, na ɛnyɛ Onyankopɔn mfitiase atirimpɔw ne sɛ treneefo befi asase so akɔ soro. Nokwarem no, bere a Yesu wɔ asase so no, ɔkae sɛ: “Obi mforoo soro, gye nea ofi soro sianee no, onipa ba a ɔwɔ soro no.” (Yohane 3:13) Onyankopɔn nam “onipa ba,” Yesu Kristo, so de agyede mae a ɛbɛma wɔn a wonya Yesu afɔrebɔ no mu gyidi nyinaa anya daa nkwa. (Romafo 5:8) Nanso ɛhe na saa nnipa ɔpepem pii no bɛtra daa?

Onyankopɔn Mfitiase Atirimpɔw Bɛbam

Ɛwom sɛ Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ obeyi nnipa bi afi adesamma abusua no mu ma wɔne Yesu Kristo akɔsom sɛ ahene wɔ ɔsoro Ahenni no mu de, nanso ɛno nkyerɛ sɛ nnipa pa nyinaa bɛkɔ soro. Yehowa bɔɔ asase sɛ ɛnyɛ Paradise fie mma adesamma abusua no. Ɛrenkyɛ koraa, Onyankopɔn bɛma saa mfitiase atirimpɔw no abam.—Mateo 6:9, 10.

Wɔ Yesu Kristo ne ne soro yɔnkodifo no nniso ase no, asomdwoe ne anigye bɛyɛ asase so ma. (Dwom 37:9-11) Wobenyan wɔn a wɔwɔ Onyankopɔn nkae mu no aba akwahosan a ɛyɛ pɛ mu. (Asomafo no Nnwuma 24:15) Adesamma asoɔmmerɛfo nam Onyankopɔn a wodi no nokware so benya nea yɛn awofo a wodi kan hweree no—daa nkwa wɔ nnipa pɛyɛ mu wɔ paradise asase so.—Adiyisɛm 21:3, 4.

Yehowa Nyankopɔn ma nea ɔbɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ bam bere nyinaa. Ɔnam ne diyifo Yesaia so kae sɛ: “Sɛnea osu ne sukyerɛma fi soro gu fam na ɛnsan nkɔ hɔ bio, gye sɛ ɛfɔw asase ansa ma ɛba aduan na ɛsow aba, na ɛde aba ma ogufo ne aduan ma odifo no, saa ara na m’asɛm a efi m’anom bɛyɛ: ɛrensan mma me nkyɛn kwa, gye sɛ ɛyɛ nea mepɛ na ewie nea enti a mesomae no.”—Yesaia 55:10, 11.

Wɔ Bible mu nhoma a ɛne Yesaia mu no, yenya sɛnea asetra bɛyɛ wɔ Paradise asase so no ho mfonini. Paradise no muni biara renka sɛ, “Magurow!” (Yesaia 33:24) Mmoa renhaw nnipa bio. (Yesaia 11:6-9) Nkurɔfo besisi afie a ɛyɛ fɛ atra mu na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu aba. (Yesaia 65:21-25) Bio nso, Onyankopɔn ‘bɛmene owu akosi daa, na Yehowa bɛbopa ani nyinaa so nusu.’—Yesaia 25:8.

Adesamma asoɔmmerɛfo benya saa tebea a ɛyɛ anigye yi nnansa yi ara. ‘Wɔbɛfa wɔn ho adi afi ɔsom a ɛsom porɔwee mu akɔ Onyankopɔn mma anuonyam adehyedi mu.’ (Romafo 8:21) Hwɛ anigye ara a ɛbɛyɛ sɛ yɛbɛtra ase daa wɔ asase so Paradise a wɔahyɛ ho bɔ no mu! (Luka 23:43) Sɛ wode nokware nimdeɛ a woanya afi Kyerɛwnsɛm no mu di dwuma na wunya Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo mu gyidi a, wubetumi akɔ hɔ bi. Na wubetumi anya awerɛhyem sɛ nyansa wom sɛ wubegye adi sɛ paradise asase bi bɛba.

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Wɔbɔɔ Adam ne Hawa sɛ wɔntra ase daa wɔ paradise asase so

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Wɔ asase so Paradise no mu no . . .

wobesisi afie

wɔbɛyeyɛ bobe nturo

Yehowa behyira wɔn

[Mfonini wɔ kratafa 4]

U.S. Fish & Wildlife Service, Washington, D.C./NASA