Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Dɛn Na Mede Mɛhyɛ Yehowa Anan Mu?”

“Dɛn Na Mede Mɛhyɛ Yehowa Anan Mu?”

Asetram Nsɛm

“Dɛn Na Mede Mɛhyɛ Yehowa Anan Mu?”

SƐNEA MARIA KERASINIS KA KYERƐE

Midii mfe 18 no na m’awofo bu me sɛ magu wɔn anim ase paa, na m’abusuafo mpɛ m’asɛm, na na obiara di me ho fɛw wɔ m’akuraase hɔ. Wɔnam kyɛwpa, nhyɛso, ne ahunahuna so bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma magyae Onyankopɔn som—nanso anyɛ yiye. Na mewɔ awerɛhyem sɛ me ho a mede bɛbata Bible mu nokware ho no betumi ama manya honhom fam nhyira pii. Sɛ mitwa m’ani hwɛ bɛboro mfe 50 a mede asom Yehowa no a, me ne odwontofo no yɛ adwene sɛ: “Dɛn na mede mɛhyɛ [Yehowa, NW] anan mu, ne yiye a ɔyɛ me nyinaa ho?”—Dwom 116:12.

WƆWOO me wɔ afe 1930 mu wɔ Aggelokastro, akuraa bi a ɛbɛn Cenchreae a ɛda Corinth asasekɔn no apuei fam, faako a wɔtew nokware Kristofo asafo wɔ afeha a edi kan no mu no.—Asomafo no Nnwuma 18:18; Romafo 16:1.

Ná m’abusuafo mpɛ wɔn ho asɛm. Ná paapa na ɔyɛ akuraa no ase abusua panyin, na na wobu no paa. Ná me na meto so abiɛsa wɔ mmofra baanum mu. M’awofo tetee yɛn sɛ Greece Ortodɔks Asɔre no mufo mapa. Ná Kwasida biara mekɔ Mass. Mekotow ahoni kaa me bɔne kyerɛe, sosɔɔ kyɛnere wɔ asɔre ahorow a ɛwɔ nkuraa no ase mu, na midii mmuada nyinaa bi. Ná metaa susuw ho sɛ mɛyɛ ɔbea kokorani. Bere bi akyi no, me na midii kan dii m’awofo huammɔ wɔ abusua no mu.

Bible Mu Nokware Kanyan Me

Bere a midii bɛyɛ mfe 18 no, metee sɛ na me nuabea panyin akumaa, Katina, a na ɔte akuraa bi a ɛbɛn hɔ ase no rekenkan Yehowa Adansefo nhoma, na na wagyae asɔrekɔ. Eyi haw me yiye, enti misii gyinae sɛ mɛboa no ma wasan aba baabi a na misusuw sɛ ɛyɛ nokware kwan no so. Enti, bere a ɔbɛsraa yɛn no me ne no yɛɛ nhyehyɛe kotuu mpase, a atirimpɔw no ne sɛ yɛbɛfa ɔsɔfo no fie. Ɔsɔfo no fii ase dii Yehowa Adansefo ho fɛw pii, frɛɛ wɔn sɛ wɔyɛ ɔsom mu awaefo a wɔadaadaa Katina. Nkɔmmɔbɔ no toaa so nnansa anadwo biara. Katina siesiee ne ho yiye de Bible mu nsɛm bɔɔ ne nsɛm no nyinaa gui. Awiei koraa no, ɔsɔfo no ka kyerɛɛ no sɛ esiane sɛ ɔyɛ ababaa a ne ho yɛ fɛ na onim nyansa nti, ɔmma n’ani nnye wɔ ne mmabaabere mu sɛnea obetumi na sɛ onyin a wasom Onyankopɔn.

Manka nkɔmmɔbɔ no ho hwee ankyerɛ m’awofo, nanso Kwasida a edi hɔ no mankɔ asɔre. Eduu awiabere no, ntɛm ara na ɔsɔfo no baa yɛn sotɔɔ hɔ. Miyii me ho ano sɛ na ɛsɛ sɛ meboa Paapa wɔ sotɔɔ.

Ɔsɔfo no bisaa me sɛ, “So ɛyɛ saa ampa, anaa ababaa no na ɔdaadaa wo?”

Mekaa no pen sɛ, “Nkurɔfo yi gyidi ye sen yɛn de no.”

Ɔsɔfo no hwɛɛ me papa ka kyerɛɛ no sɛ: “Owura Economos, ma wo busuani no nkɔ ntɛm ara; efisɛ ɔde w’abusua no ato asiane mu.”

M’abusuafo Sɔre Tia Me

Ná eyi yɛ 1940 mfe no awiei bere a na ɔmanko rekɔ so wɔ Greece no. Esiane sɛ na Paapa suro sɛ wɔn a wɔne aban redi ako no bɛkyere me nti, ɔyɛɛ nhyehyɛe ma mifii yɛn akuraase hɔ kɔɔ me nuabea fie wɔ akuraa a na Katina te no. Asram abien a metraa hɔ no, mibehuu nea Bible no ka wɔ nsɛm pii ho. Ɛyɛɛ me yaw sɛ mihui sɛ Ortodɔks Asɔre no nkyerɛkyerɛ pii nnyina Bible no so. Mihui sɛ Onyankopɔn mpene ahoni a wɔde di dwuma wɔ ɔsom mu so, na nyamesom mu atetesɛm—te sɛ nidi a wɔde ma mmeamudua—nyɛ Kristofo nkyerɛkyerɛ, na sɛ obi bɛsɔ Onyankopɔn ani a ɛsɛ sɛ ɔsom no wɔ “honhom ne nokware mu.” (Yohane 4:23; Exodus 20:4, 5) Nea ɛsen ne nyinaa no, mihui sɛ Bible no ma yenya daa nkwa wɔ asase so ho anidaso! Bible mu nokware ahorow yi ka mfaso horow a midii kan nya fii Yehowa hɔ no ho.

Saa bere no na me nuabea ne ne kunu ahu sɛ, sɛ meredidi a menyɛ mmeamudua ho sɛnkyerɛnne no, na menkotow ɔsom mu ahoni anim mmɔ mpae nso. Anadwo bi wɔn baanu nyinaa boroo me. Ade kyee no misii gyinae sɛ mefi wɔn fie hɔ, na mekɔɔ me maame nuabea fie. Me nuabea kunu no kɔbɔɔ me papa amanneɛ. Ankyɛ biara na Paapa de nusũ bae bɛbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛsesa m’adwene. Me nuabea kunu no buu nkotodwe paa me kyɛw na mede kyɛɛ no. Sɛnea ɛbɛyɛ na asɛm no to atwa no wɔka kyerɛɛ me sɛ mensan mmra asɔre, nanso migyinaa pintinn.

Mekɔɔ so hyiaa nhyɛso bere a mesan kɔɔ me Papa akuraa ase no. Na ɔkwan biara nni hɔ a mɛfa so ne Katina adi nkitaho, na na minni nhoma biara a mɛkenkan, ne Bible mpo. M’ani gyei bere a me papa nua ba biako bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛboa me no. Ohuu Ɔdansefo bi wɔ Corinth, na ɔde “Let God Be True” nhoma ne Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no bi brɛɛ me, na mifii ase kenkan no kokoam.

Nsakrae Ba M’asetra Mu Bere a na Menhwɛ Kwan

Mihyiaa ɔsɔretia a emu yɛ den mfe abiɛsa. Ná me ne Adansefo no nni nkitaho biara, na na me nsa nka nhoma biara nso. Nanso na nsakrae akɛse rebesisi m’asetra mu a minnim.

Paapa ka kyerɛ me sɛ ɛsɛ sɛ mekɔ me wɔfa hɔ wɔ Thessalonica. Ansa na merebɛkɔ Thessalonica no, mekɔɔ ɔdepamfo bi sotɔɔ mu wɔ Corinth sɛ merekɔpam atade. Hwɛ sɛnea me ho dwiriw me bere a mihui sɛ Katina yɛ adwuma wɔ hɔ no! Yɛn ani gyei sɛ yɛsan huu yɛn ho wɔ bere tenten a ɛte saa akyi. Bere a yɛn baanu refi sotɔɔ hɔ akɔ no, yehyiaa aberante hoɔfɛfo bi a ɔte baesekre so a ofi adwumam rekɔ fie. Ná ne din de Charalambos. Bere a yehuu yɛn ho akyi no, yesii gyinae sɛ yɛbɛware. Bɛyɛ sɛ saa bere yi mu nso na mebɔɔ asu de yɛɛ m’ahosohyira ma Yehowa no ho sɛnkyerɛnne wɔ January 9, 1952.

Ná Charalambos abɔ asu dedaw. Ɔno nso abusuafo sɔre tiaa no. Ná Charalambos yɛ nsi. Ɔsomee sɛ asafo mu somfo boafo na ɔyɛɛ Bible adesua pii. Ankyɛ na ne nuabarimanom gyee nokware no, na ɛnnɛ wɔn abusuafo dodow no ara nso som Yehowa.

Ná me papa pɛ Charalambos asɛm paa, enti ɔpenee aware no so, nanso na Maame ani nnye ho. Ɛmfa ho eyinom nyinaa no, me ne Charalambos waree wɔ March 29, 1952. Me nuabarima panyin nkutoo ne me papa nuabarima ba biako na ɛbaa ayeforo no. Saa bere no na minnim sɛ Charalambos bɛyɛ nhyira—akyɛde ankasa a efi Yehowa hɔ—saa ama me! Sɛ́ ne hokafo no, mitumi de m’asetra nyinaa som Yehowa.

Yɛn Nuanom a Yɛhyɛ Wɔn Den

Wɔ afe 1953 mu no, me ne Charalambos sii gyinae sɛ yebetu akɔ Athens. Esiane sɛ na Charalambos pɛ sɛ ɔyɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu nti, ogyaee adwuma a na ɔne n’abusua yɛ no, na onyaa adwuma a wɔde bere fã yɛ. Ná yɛbom yɛ Kristofo som adwuma no ne Bible adesua ahorow pii awiabere.

Esiane sɛ na wɔabara yɛn asɛnka adwuma no nti, na ɛsɛ sɛ yɛyɛ anifere. Sɛ nhwɛso no, yɛyɛɛ sɛ yɛde Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no biako bɛhyɛ sotɔɔ bi a ɛwɔ Athens mfinimfini mpomma ano, baabi a na me kunu de bere fa yɛ adwuma no. Polisini panyin bi ka kyerɛɛ yɛn sɛ wɔabara nsɛmma nhoma no. Nanso, obisae sɛ obenya bi de akɔ bammɔ adwumayɛbea hɔ akobisa ho asɛm anaa. Bere a bammɔ adwumayɛfo no ka kyerɛɛ no sɛ wɔmmaraa nsɛmma nhoma no ɔsan bae bɛka kyerɛɛ yɛn. Bere a anuanom foforo a wɔwɔ sotɔɔ tee no, ntɛm ara na wɔn nso fii ase de Ɔwɛn-Aban no bi hyehyɛɛ wɔn mpomma ano. Ɔbarima bi gyee Ɔwɛn-Aban no bi wɔ yɛn sotɔɔ hɔ, na ɔbɛyɛɛ Ɔdansefo, na seesei ɔsom sɛ ɔpanyin.

Yɛn ani gyei nso sɛ me nuabarima kumaa suaa nokware no. Ná waba Athens rebesua ade wɔ po so hyɛn adwumayɛfo suabea hɔ, na yɛne no kɔɔ ɔmantam nhyiam. Ná yɛyɛ yɛn nhyiam ahorow no wɔ sum ase wɔ kwae mu. N’ani gyee nea ɔtee no ho, nanso ɛno akyi bere tiaa bi na ofii ase tutuu akwan. N’akwantu no biako de no kɔɔ Argentina po so hyɛn gyinabea. Ɔsɛmpatrɛwfo bi foroo hyɛn no wɔ hɔ kaa asɛmpa no, na me nuabarima no bisaa no sɛ ɔmma no yɛn nsɛmma nhoma no bi. Yɛn ani gyee mmoroso bere a yɛn nsa kaa ne krataa a ɔkae sɛ: “Mahu nokware no. Monkra nsɛmma nhoma mma me.” Ɛnnɛ, ɔne n’abusua de nokwaredi resom Yehowa.

Wɔ afe 1958 mu no, wɔtoo nsa frɛɛ me kunu sɛ ɔnkɔsom sɛ ɔhwɛfo kwantufo. Esiane sɛ na wɔabara yɛn adwuma no na nsɛm tebea mu yɛ den yiye nti, na ahwɛfo akwantufo ntaa ne wɔn yerenom nkɔsom. Wɔ October 1959 mu no, yebisaa anuanom a asɛyɛde hyehyɛ wɔn nsa wɔ baa dwumadibea hɔ sɛ metumi ne me kunu akɔ anaa. Wɔpenee so. Ná ɛsɛ sɛ yɛkɔsra asafo ahorow a ɛwɔ Greece mfinimfini ne atifi fam na yɛhyɛ wɔn den.

Ná saa akwantu ahorow no nna fam. Ná akwan a eye no nnɔɔso, na na ntam twetwe. Esiane sɛ na yenni kar nti, na yɛtaa de ɔmanfo kar anaa kar a akyi da hɔ a nkokɔ ne aguade foforo wom na etu kwan. Ná yɛhyɛ rɔba mpaboa sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi afa akwan a ayɛ atɛkyɛ so. Esiane sɛ ná akofo a wɔnhyɛ asraafo ntade wɔ akuraa biara ase nti, na ɛsɛ sɛ yɛkɔ nkuraa no ase anadwofa sɛnea ɛbɛyɛ a wommisabisa yɛn nsɛm.

Anuanom ani sɔɔ nsrahwɛ yi yiye. Ɛmfa ho sɛ na dodow no ara yɛ adwuma wɔ wɔn mfuw mu no, wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛkɔ nhyiam a na wɔyɛ no anadwo dasu mu wɔ afie ahorow mu no. Anuanom daa ahɔhoyɛ su nso adi kyerɛɛ yɛn, ɛmfa ho sɛ na wonni bi no, wɔde nea eye sen biara a na wɔwɔ no maa yɛn. Ɛtɔ da bi a, na yɛne abusua mũ no nyinaa da dan koro mu. Anuanom no gyidi, wɔn boasetɔ, ne sɛnea wɔyɛ nsi no bɛyɛɛ mfaso foforo maa yɛn.

Yɛn Som Adwuma a Yɛtrɛw Mu

Wɔ February 1961 mu, bere a yɛkɔɔ Athens baa dwumadibea no, wobisaa yɛn sɛ yɛbɛpɛ sɛ yɛsom wɔ Betel anaa. Yɛde Yesaia nsɛm buae sɛ: “Mini, soma me!” (Yesaia 6:8) Asram abien akyi no, yɛn nsa kaa krataa a ɛkyerɛɛ sɛ yɛmmra Betel ntɛm ara. Enti, yefii ase som wɔ Betel wɔ May 27, 1961.

Ná yɛn ani gye yɛn dwumadi foforo no ho, enti ankyɛ koraa na yɛn ani kaa hɔ. Me kunu yɛɛ adwuma wɔ dwumadibea a ɛhwɛ Ɔsom Adwuma ne Nsɛmma Nhoma Kra so no, na akyiri yi ɔsomee sɛ Baa Boayikuw no muni kosii bere bi. Meyɛɛ nnwuma pii wɔ dwumadibea a wɔyɛ ofie nnwuma no. Saa bere no na Betel abusua no mufo yɛ 18, nanso bɛyɛ mfe anum mu no, na nnipa bɛyɛ 40 na wɔwɔ hɔ esiane sɛ na wɔreyɛ mpanyimfo sukuu wɔ Betel nti. Sɛ edu anɔpa a na mehohoro nkyɛnsee mu, boa nea ɔnoa aduan no, tow mpa 12, na matow pon ama aduan a wobedi no awia no. Edu awia a, na metow nneɛma, siesie agyananbea ne adan mu. Na meyɛ adwuma wɔ baabi a wɔhoro nneɛma nso pɛnkoro nnawɔtwe biara. Na adwuma no dɔɔso, nanso m’ani gyei sɛ mitumi boae.

Yɛyɛɛ pii wɔ yɛn Betel adwuma ne asɛnka adwuma mu nso. Ná yɛtaa yɛ Bible adesua ahorow ason. Sɛ edu nnawɔtwe awiei na Charalambos kɔma baguam ɔkasa wɔ asafo ahorow mu a, na me ne no kɔ. Na yɛbom yɛ ade bere nyinaa.

Yɛne awarefo bi a na wɔyɛ Greece Ortodɔks Asɔre no mufo mapa a na wɔn adamfo nso ne ɔsɔfo a na odi fekuw a wɔko tia ɔsom mu awaefo no anim wɔ asɔre no mu no yɛɛ Bible adesua. Ná wɔwɔ ɔdan bi wɔ wɔn fie a ahoni ayɛ mu ma, a wɔhyew aduhuam na wɔbɔ ɔsom mu nnwom wɔ hɔ daa. Wɔ bere bi mu no, na yɛne wɔn kosua Bible no Yawda biara, na wɔn adamfo sɔfo no nso kɔsra wɔn Fida biara. Da koro bi wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛmmra wɔn fie ɔkwan biara so efisɛ wɔwɔ biribi soronko de ma yɛn. Ade a edi kan a wɔde kyerɛɛ yɛn ne saa dan no. Ná wɔayiyi ahoni no nyinaa afi hɔ asiesie mu foforo. Awarefo yi nyaa nkɔso pii na wɔbɔɔ asu. Wɔ ne nyinaa mu no, yɛn ani agye sɛ nnipa a yɛne wɔn yɛɛ Bible adesua no mu bɛyɛ 50 ahyira wɔn ho so ama Yehowa na wɔabɔ asu.

Anuanom a wɔasra wɔn a me ne wɔn bɔe no yɛ mfaso titiriw a minyae. Sodikuw no mufo te sɛ Onua Knorr, Franz, ne Henschel nsrahwɛ hyɛɛ me nkuran kɛse. Bɛboro mfe 40 akyi no, meda so ara te nka sɛ ɛyɛ nidi ne hokwan kɛse sɛ meresom wɔ Betel.

Yare ne Owu a Migyina Ano

Wɔ afe 1982 mu no, Alzheimer (yare a ɛma obi yɛ bɔmm) ho sɛnkyerɛnne fii ase daa adi wɔ me kunu ho. Ebeduu afe 1990 no, na ne yare no mu ayɛ den ma nti na ehia sɛ ani kɔ ne ho bere nyinaa. Wɔ ne mfe awotwe a etwa to wɔ n’asetra mu no, yɛantumi amfi Betel ankɔ baabiara. Anuanom adɔfo pii a wɔwɔ Betel abusua no mu ne ahwɛfo a asɛyɛde hyehyɛ wɔn nsa no yɛɛ nhyehyɛe de boaa yɛn. Nanso, ayamye mu a wofi boaa yɛn nyinaa akyi no, na ɛsɛ sɛ mede nnɔnhwerew pii hwɛ no awia ne anadwo. Ɛtɔ mmere bi a, na tebea no mu yɛ den yiye, na na mintumi nna anadwo.

Wɔ July 1998 mu no, me kunu a medɔ no no wui. Ɛwom sɛ m’ani gyina no paa de, nanso mewɔ awerɛhyem sɛ Yehowa werɛ mfii no, na minim sɛ ɔbɛkae ɔne afoforo pii wɔ owusɔre no mu.—Yohane 5:28, 29.

M’ani Sɔ Nea Yehowa Ayɛ Ama Me Nyinaa

Ɛwom sɛ mehweree me kunu de, nanso menyɛ ankonam. Meda so ara wɔ hokwan sɛ mesom wɔ Betel, na Betel abusua mũ no nyinaa kyerɛ me ho anigye na wɔdɔ me. Wɔn a wɔabɛka m’abusua santen no ho nso ne honhom fam anuanom mmarima ne mmea a wofi Greece afã horow nyinaa no. Ɛmfa ho mpo sɛ seesei madi boro mfe 70 no, mitumi yɛ adwuma da mũ no nyinaa wɔ gyaade ne adididan mu.

Wɔ afe 1999 mu no, ade a mahwɛ kwan m’asetra nyinaa mu no baa mu bere a mekɔɔ Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwumayɛbea ti wɔ New York no. Minhu sɛnea menkyerɛkyerɛ anigye a minyae no mu. Ɛyɛ osuahu a ɛhyɛ nkuran na me werɛ remfi da.

Sɛ mehwɛ m’akyi a, mihu sɛ mede m’asetra ayɛ ade pa a ɛsen biara. Adwuma a eye sen biara a obi betumi ayɛ ne sɛ ɔde ne bere nyinaa bɛsom Yehowa. Metumi afi ahotoso mu aka sɛ biribiara nhiaa me da. Yehowa fi ɔdɔ mu hwɛɛ me ne me kunu wɔ honhom ne honam fam nyinaa. M’ankasa me suahu ama mate nea enti a odwontofo no bisae sɛ: “Dɛn na mede mɛhyɛ [Yehowa, NW] anan mu?” no ase.—Dwom 116:12.

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Na me ne Charalambos bom yɛ ade bere nyinaa

[Mfonini wɔ kratafa 27]

Me kunu wɔ n’adwumam wɔ baa dwumadibea

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Mete nka sɛ ɛyɛ nidi kɛse sɛ meresom wɔ Betel